Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 5-7
  • Wiase a Akodi Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Akodi Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomdwoe a Efi Ase wɔ Adwene Mu
  • Sɛnea Onyankopɔn De Asomdwoe Bɛba
  • Nyamesom mu Akwanside a Woyi Fi Hɔ
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Asomdwoe Wɔ Asase So—Adaeso Ara Kwa?
    Nyan!—1986
  • Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akodi Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 5-7

Wiase a Akodi Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!

WƆ DECEMBER 24, 1914 no, Britania sraani kumaa bi a wɔfrɛ no Jim Prince nantew twaam wɔ asase a ɛda wɔne Germanfo asraafo ntam no so kɔkasa kyerɛɛ Germanni ɔsraani bi. Germanni no kae sɛ: “Meyɛ Germanni. Wo nso woyɛ Engiresi-Germanni. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko?” Mfe bi akyi no, Prince gye toom sɛ: “Minnya nhuu saa asemmisa no ho mmuae.”

Britain ne Germany asraafo bɔe dapɛn biako maa ɛyɛɛ nwonwa wɔ 1914 mu, na wɔbɔɔ bɔɔl, memaa wɔn ho wɔn ho Buronya akyɛde mpo. Nanso, ɛnyɛ wɔn aban mpanyimfo na ɛhyɛe sɛ wonnyae ɔko saa dapɛn no. Ná asahene no mpɛ sɛ wɔn asraafo no hu sɛ “ɔtamfo” no ho nyɛ hu sɛnea akodi ho nsɛm kyerɛ no. Akyiri yi Britaniani sraani Albert Moren kae sɛ: “Sɛ adamfofa no toaa so dapɛn biako bio kaa ho a, anka ɛbɛyɛ den sɛ yebetumi afi ɔko no ase bio.”

Gyae a wogyaee ɔko no mpofirim no kyerɛ sɛ asraafo pii a wɔatete wɔn ama akodi mpo hwehwɛ asomdwoe mmom sen ɔko. Asraafo dodow no ara a wɔahu ɔko mu ahude gye Spainfo bɛ yi atom: “Ma nea onnim dekode a ɔko yɛ no nkɔ ɔko.” Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wɔrebisabisa nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa adwene a, anka ɛbɛda adi sɛ nnipa a wɔdɔɔso yiye na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ asomdwoe sen ɔko. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe a obiara pɛ yi atumi de wiase a akodi nnim aba?

Sɛ wobetumi agyae ɔko a, gye sɛ su horow sakra ansa. Ɛwɔ Amanaman Nkabom no ahyehyɛde a ɛhwɛ nhomasua, nyansahu, ne amammerɛ so mmara mu sɛ: “Esiane sɛ akodi fi ase wɔ nnipa adwenem nti, ɛyɛ nnipa adwene mu na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asomdwoe ho nhyehyɛe biara.” Nanso ɛnnɛ wiase a nnipa pii nni afoforo mu ahotoso na nitan abu so wom no, basabasayɛ na ɛredɔɔso na ɛnyɛ asomdwoe.

Nanso, Onyankopɔn ankasa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde asomdwoe bɛhyɛ nnipa a wɔdɔ trenee adwenem da bi. Ɔnam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “[Onyankopɔn bebu] amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

Asomdwoe a Efi Ase wɔ Adwene Mu

So nsusuwii mu nsakrae a ɛyɛ nwonwa saa betumi aba? So bere bi bɛba a nnipa besua sɛ wobegyina asomdwoe akyi asen sɛ wɔbɛhyɛ ɔko ho nkuran? Susuw Wolfgang Kusserow nhwɛso no ho hwɛ. Nasifo twaa saa Germanni a na wadi mfe 20 no ti wɔ 1942 mu esiane sɛ ‘na ɔrensua akodi’ nti. Dɛn nti na ɔpaw sɛ obewu? Wɔ n’asɛm a ɔkyerɛwee mu no, ɔfaa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow te sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” ne “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu” mu nsɛm kae. (Mateo 22:39; 26:52) Afei ɔde akokoduru bisae sɛ: “So yɛn Bɔfo no maa wɔkyerɛw eyinom nyinaa maa nnua?”

“Ahoɔden wɔ” Onyankopɔn asɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no mu, na ɛkanyan saa Yehowa Dansefo kumaa yi ma ɔhwehwɛɛ asomdwoe, ɛmfa ho nea na ebefi mu aba biara. (Hebrifo 4:12; 1 Petro 3:11) Nanso ɛnyɛ Wolfgang Kusserow nko ne obi a ɔhwehwɛɛ asomdwoe na odii akyi saa. Wɔ nhoma The Nazi Persecution of the Churches 1933-45 mu no, J. S. Conway ka Nasifo tete nneɛma akorae ahorow a edi adanse sɛ, sɛ́ kuw no, Yehowa Adansefo powee sɛ wobedi ako no ho asɛm. Sɛnea Conway da no adi no, ɛkame ayɛ sɛ akokoduru a wɔde yɛɛ wɔn ade sɛɛ no kyerɛe sɛ wɔn ankasa de wɔn nsa ahyɛ krataa ase sɛ wonkum wɔn.

Yehowa Adansefo kɔ so di asomdwoe akyi nnɛ, ɛmfa ho abusua anaa ɔman a wofi mu. Dɛn ntia? Efisɛ wɔasua afi Bible mu sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo de wɔn nkrante bobɔ nsɔw. Alejandro, Argentinani aberante kumaa bi a otu kɔtraa Israel wɔ 1987 mu no betumi adi nokwasɛm yi ho adanse.

Alejandro de mfe abiɛsa traa beae a nnipa ahorow ahorow te, bere a na osua ade wɔ sukuupɔn bi mu na ɔyɛ adwuma wɔ ahɔhodan ne adidibea ahorow no. Saa bere yi mu na ofii ase kenkan Bible no na ɔhwehwɛɛ asetra mu atirimpɔw. Nea ɛsen biara no, ne kɔn dɔe sɛ obehu wiase bi a nnipa betumi anya asomdwoe ne atɛntrenee wom. Alejandro—a ɔyɛ Yudani—ne Yudafo ne Arabfo boom yɛɛ adwuma nanso wampɛ sɛ ɔbɛkyerɛ ɔfã bi ho anigye asen ɔfoforo.

Wɔ 1990 mu no Alejandro adamfo bi a na ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no too nsa frɛɛ no kɔɔ Haifa da koro nhyiam bi ase. Esiane sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu Yudafo ne Arabfo 600 sɛ wɔne wɔn ho bɔ anigye mu wɔ nhyiam no ase nti, ɔkae wɔ ne tiri mu sɛ, ‘Eyi ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ nnipa fa so tra ase.’ Anni asram asia na n’ankasa bɛyɛɛ Ɔdansefo, na mprempren ɔde ne bere fã kɛse ka asomdwoe nkrasɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ.

Sɛnea Onyankopɔn De Asomdwoe Bɛba

Eyinom yɛ nhwɛso a ɛyɛ anigye de, nanso ɛntaa nsi wɔ wiase nnɛ. Ɛwom sɛ ɛnnɛ wiase akannifo ka sɛ wɔpɛ asomdwoe de, nanso wɔhyɛ akodi ho nkuran. So wobɛpɛ sɛ wobɛtra borɔn bi a ɛhɔfo sɛe wɔn akatua mu ɔha biara mu nkyem 7 kosi 16 wɔ atuo ne nneɛma a wɔde bɔ wɔn afie ho ban ho so? Ɛkame ayɛ sɛ, saa na amanaman no nam sika a wɔsɛe no sraadi ho so reyɛ nnansa yi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɛnyɛ adesamma nyinaa na wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw kosi sɛ Onyankopɔn ‘bebu nkurɔfo bebree atɛn.’ Ɔkwan bɛn so na ɔnam bɛyɛ saa?

Yehowa Nyankopɔn Ahenni no ne ade titiriw a ɔnam so besiesie nsɛm. Odiyifo Daniel ka siei sɛ ‘ɔsoro Nyankopɔn de ahenni a wɔrensɛe no da bi besi hɔ.’ Ɔde ka ho sɛ saa Ahenni no ‘bebubu wiase nniso horow no nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.’ (Daniel 2:44) Saa nsɛm yi da no adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi tumi koraa wɔ asase nyinaa so. Ahenni no nam aman ahye a ebeyiyi afi hɔ so beyi akansi ahorow nyinaa afi hɔ. Bio nso, esiane sɛ wɔn a ebedi wɔn so no bɛyɛ ‘nkurɔfo a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔ’ nti, wɔn asomdwoe “bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra” no!—Mateo 6:10.

Nyamesom mu Akwanside a Woyi Fi Hɔ

Onyankopɔn beyi nyamesom mu akwanside ahorow a ɛmma asomdwoe mma nyinaa nso afi hɔ. Ná nyamesom hyɛ ɔko a ɛkyɛ sen biara wɔ abakɔsɛm mu no—Crusades, anaa “Akodi Kronkron,” a Paapa Urban II de bae wɔ 1095 Y.B. mu no—akyi.a Wɔ yɛn afeha yi mu no, asɔfo ayi wɔn anim akanyan nkurɔfo ma wɔtaa akodi ahorow a ebi mpo mfa nyamesom ho akyi.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Paul Johnson reka dwuma a asɔre ahorow a wose wɔyɛ Kristofo dii wɔ Wiase Ko I mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Asɔfo antumi amfa Kristofo gyidi anni wɔn man ho dɔ so, na mpɛn pii no, na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ saa. Wɔn mu dodow no ara yɛɛ nea wɔn ho bɛtɔ wɔn na wɔfaa ɔman ho dɔ sɛ ɛka Kristosom ho. Wotuu Kristofo asraafo a wɔwɔ asɔre ahorow nyinaa mu fo sɛ wonkunkum wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn Agyenkwa no din mu.”

Nyamesom ayɛ pii de akanyan akodi sen asomdwoe. Nokwarem no, Bible no ka atorosom ho asɛm sɛ ‘oguamanfo’ a ɔne wiase ahene abɔ aguaman. (Adiyisɛm 17:1, 2) Onyankopɔn de wɔn a wɔahwie wɔn mogya agu wɔ asase so nyinaa ho asodi to ne so titiriw. (Adiyisɛm 18:24) Enti, Yehowa Nyankopɔn beyi saa akwanside a ɛmma asomdwoe mma yi afi hɔ prɛko.—Adiyisɛm 18:4, 5, 8.

Sɛ woyi nneɛma a ɛde mpaapaemu ba te sɛ amammuisɛm ne atoro som fi hɔ mpo a, wɔrentumi nya asomdwoe da gye sɛ woyi ɔko farebae kɛse no—Satan Ɔbonsam fi hɔ. Ɛno ne nea etwa to a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ ne nhyehyɛe a ɛnam so de asomdwoe a edi mũ bɛba asase so no mu. Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘wɔbɛkyere’ Satan na ‘wakyekyere’ no ‘atow no akyene bun no mu’ na ‘wankɔdaadaa amanaman bio.’ Ɛno akyi no wɔbɛsɛe no koraa.—Adiyisɛm 20:2, 3, 10.

Bible no bɔhyɛ a ɛfa akodi a ɛbɛba awiei ho no nyɛ anidaso hunu. Yehowa Nyankopɔn afi ne nhyehyɛe a ɛde asomdwoe bɛba no ase dedaw. Ɔde n’Ahenni no asi hɔ wɔ soro na ayɛ krado sɛ ɛbɛyɛ nneɛma afoforo a ɛde wiase nyinaa asomdwoe bɛba. Saa bere yi, Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔyɛ saa ɔsoro ahenni yi akyitaafo no asua sɛ wɔde asomdwoe bɛtra ase.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ yɛwɔ nea yebetumi agyina so agye adi sɛ wobetumi agyae akodi. Nea ɛsen saa no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛda a Yehowa bɛma akodi agyae akosi daa no bɛba nnansa yi ara. (Dwom 46:9) Ɔbɛhwɛ ma wiase a ɔko nnim aba nnansa yi ara.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛtɔ da bi a nyamesom akannifo no ankasa bɛyɛ akofo. Wɔ Hastings Ko mu (1066) no, Katolek sɔfopɔn Odo nam aporibaa a ɔde dii dwuma mmom sen nkrante so buu ne ho bem wɔ ɔko no a ɔde ne ho hyɛɛ mu denneennen no ho. Ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn nnipa betumi adi awu ma afata bere a onhwie mogya ngu. Mfe ahanum akyi no, Ɔsɔfopɔn Ximenes ankasa dii tua a Spain tuaa Afrika Atifi fam no anim.

[Kratafa 7 mfonini]

Wubetumi atra wiase foforo a akodi nnim mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena