“Mfinimfini Ahemman” No Mu Nsrahwɛ
“Mfinimfini Ahemman” no aka nnipa pii sen sɛnea wohu
MFE pii ni a masusuw “Mfinimfini Ahemman” no mu nsrahwɛ ho. Wubisa sɛ ‘Ɛno wɔ he?’ “Mfinimfini Ahemman” ne din a Chinafo de frɛ China. Ɛda Chinafo ankasa adwene wɔ China ho, sɛ wiase mfinimfini, a aman afoforo a aka no nyinaa atwa ho ahyia no adi.
“Mfinimfini Ahemman” no aka nnipa pii sen sɛnea wohu. Chinafo ne nnipa a wodii kan de krataa a wɔkyerɛw so ne nhoma tintim bae. Ade a mmofra yɛ a mframa bɔ de kɔ wim nohoaa a ɛma wɔn ani gye a wɔfrɛ no ɔsansa no yɛ nea Chinafo na wodii kan yɛe. Chinafo na wodii kan dii nnuan bi te se spaghetti ne ravioli, bere a prɛte ahorow a ɛyɛ fɛ ne nea wɔde yɛ atuduru no yɛ nneɛma afoforo a “Mfinimfini Ahemman” no na ɛmaa wiase a aka no nsa kae.
Me ne me yere yɛɛ asɛmpatrɛwfo wo Taiwan mfirihyia anan, nanso na bere nyinaa misusuw asase no nyinaa ankasa ho. Awiei koraa no hokwan no bae sɛ medi saa akwanhwɛ no ho dwuma bere a wɔ 1978 awiei no, China aban no maa me nsa kaa akwantu tumi krataa sɛ memmra wɔn man no mu wɔ adwuma ho akwantu bi mu no. Mede wimhyɛn tuu saa kwan tenten no nam Pasifik Po no so, na bere a wimhyɛn no bɛn Peking no, me koma fii ase bɔɔ ntɛmntɛm kakra bere a misusuw ho sɛ ɛrenkyɛ medi Pekingfo aduan, akyinkyim Ɔfasu Kɛse no ho, na mahu ɔman a emufo dodow yɛ adesamma abusua no nkyem anan mu baako no kakra no. Awiei koraa no, afei de na merebɛn “Mfinimfini Ahemman” no.
Nnipa Ɔpepepem Biako No
Mfe kakra atwam fi bere a mekɔɔ hɔ nea edi kan no. Nanso nna a midii wɔ Ming Tombs ne Forbidden City no yɛ nea me werɛ remfi da. Nsu ani akwantu wɔ Yangtze Asubɔnten no so ne bepɔw-foro wɔ Himalayas so yɛ nneɛma nso a menyɛɛ bi da wɔ m’asetra mu a meyɛe. Nanso, wɔ tetee asase yi so no, mihuu biribi a ɛda adi kɛse sen Bepɔw Everest a ɛwɔ kesee fam no anaasɛ Ɔfasu Kɛse a ɛwɔ kusuu fam no. Ná ɛyɛ biribi a ɛwɔ saa nkaede abien no ntam: “Mfinimfini Ahemman” no mu nnipa ɔpepepem biako no.
Wɔ mfe pii mu no, na Chinafo ne ahɔho kakraa bi a wɔma wɔn kwan ma waba ɔman no mu no ntaa nkasa. Ná ɛnyɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa. Fi awo mu no, Chinafo wɔ adamfo su na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Nanso, amammui tebea no ma wɔyɛɛ ahufo. Nea ɛyɛ anigye no, saa’bere no atwam kɔ. Anwummere adidi akyi mpasetu kakraa wɔ mmɔnten so dan adeyɛ kɛse ntɛm ara. Simma kakraa bi mu no, nnipadɔm pii ba bɛhwɛ ɔhɔho no na wɔne no kasa. Ntɛm ara ɔhɔho a ɔrehwehwɛ mmeae ahorow no ankasa bɛyɛ obi a worehwɛ no.
Biribiara nyɛ nnipadɔm yi anigye wɔ nnamfo afoforo yi ho te sɛ Polaroid afiri a wɔde twitwa wɔn mfoni a woyi wɔ hɔ ara no. Sɛ ade a ɛhyɛ w’afiri no mu a etwa mfonini no sa a, siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ nea aba no mu akyerɛ Chinafo bɛyɛ 400 a wɔn werɛ ahow.
Anadwo bi wɔ Szeehwan Mansin mu no, me ne m’adamfo no bɔɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ akɔhwɛ sini—mmom ɛyɛ Chinafo de. Bere a yeduu hɔ no, mihui sɛ manhwɛ saa sini no pɛn. Esiane sɛ na minim sɛ obiara de n’adwene bɛkɔ beae a woyi sini no nti, mebɔɔ me tirim sɛ mɛtra akyi wɔ ɔfasu tiaa bi so na mahwɛ kurom hɔfo a wɔrehwɛ sini no. Bere a mehwɛɛ wɔn anim a ɛtew, ne wɔn anim serewserew no, nea mitumi yɛe ara ne sɛ mekaee wɔn dedaw mu a wɔasi no. Wɔn afa mmere bi a emu yɛ den yiye mu, na wɔda so ara yɛ ahiafo. Nanso wogye di sɛ nneɛma bɛyɛ yiye. Wɔde toto mfe kakra a abetwam no ho a wɔte nka sɛ woye koraa.
Ankyɛ na ntoaso sukuuni bi ba bɛkae sɛ: “Owura, mepa wo kyɛw, Ɛhe na wufi bae?” Mekyerɛɛ no, na ɔkɔɔ so kaa sɛnea ɛyɛ n’anigye sɛ yɛatumi aba China ne Sɛnea Chinafo ani gye kɛse sɛ wobehu yɛn wɔ wɔn man no mu ho asɛm, ɔkae sɛ yɛn ani a egye wɔn amanne ahorow ho no hyɛ wɔn anuonyam
Ɛwom sɛ meretwa nkɔmmɔbɔ tenten a ɛyɛ anigye tiaa de, nanso na aberante no nokwaredi no ka koma. Yɛn nkɔmmɔbɔ no ankyɛ koraa, nanso ɔkae sɛ gye sɛ wabrɛ me tii hyew bi ansa
Nkɔmmɔbɔ Ahorow a Mekae
Ɛwom sɛ mpɛn pii ɛyɛ den ma obi a wabɛsra “Mfinimfini Ahemman” no mu sɛ ɔne nnipa no bɛkasa akɔ akyiri ankasa de, nanso wubetumi ayɛ. Hokwan ahorow a eye taa sɔre wɔ adidibere—ɛnyɛ wɔ pon a wɔahyɛ da atow ase na mmom wɔ mmere horow a wo ne nnipa kakraa bi redi aduan bi ara kɛkɛ wɔ beae a wɔntaa nkɔ hɔ.
Mekae nkɔmmɔbɔ bi a m’ani gyee ho wɔ awɔw bere bi mu wɔ bepɔw bi atifi wɔ China mfinimfini. Ná yɛn nnipa kakraa no aforo da mu no nyinaa, na anadwo no yɛkɔsoɛɛ Budhafo asɔredan bi a wɔntaa nkɔ mu mu. Na Tibetfo a wɔnantew fi akyirikyiri baabi ne wɔn a wokura saa gyidi no mu nkaefo kakraa bi a aban no agyaw wɔn wɔ hɔ na nnakoro nnakoro bi wɔba asɔredan no mu bɛsom. Bere a nea ɔhwɛ hɔ no akyia yɛn akyi no, ɔde ahoɔhare siesiee aduan bi a ne yɛ nyɛ den nanso ɛyɛ dɛ, na yɛn kuw no fii ase bɔɔ nkɔmmɔ.
Yɛkaa nneɛma pii ho asɛm, nanso nkɔmmɔbɔ ahorow no mu nea na ɛyɛ anigye kɛse no fa Bible no ho. Ná amammuisɛm ayɛ osuani kumaa bi a na ɔwɔ yɛn kuw no mu ma, na ɔkɔɔ so woro guu hɔ bere biara a nkɔmmɔbɔ no reyɛ adan afi nyamesom so no. Bere a afei de ne nsɛm nyinaa asa no, obiara nso nyaa kwan kasae, bisabisaa nsɛm.
Ná ɛyɛ anigye sɛ mitumi kaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ saa nnipa no. Na mpanyimfo no nim sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa ansa na Komunistfo ɔman anidan no reba. Dɛn ntia? Efisɛ Chinafo Bible no de Onyankopɔn din no di dwuma mpɛn mpempem pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Na ɛyɛ nwonwa sɛ wubehu wɔn anigye bere a yɛkaa biribi a wɔmmɔɔ ho nkɔmmɔ mfe pii no ho asɛm wɔ petee mu no.
Mibehui sɛ wobetumi ne ahɔhɔ a wɔwɔ China no abɔ nkɔmmɔ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛte saa ara bi, titiriw wɔn a wɔte hɔ ankasa no. Bebree yɛ aban ahorow ananmusifo Ebinom yɛ abenfo a wɔyɛ nnwuma ahorow ma aban no. Nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea no wɔ n’amanneɛbɔfo ahorow ahorow, na ampa nnipa a wɔyɛ nnwuma ahorow a wɔadi afra wɔ hɔ.
Wɔayeyɛ mmeae ahorow kakraa bi a wɔnom kɔfe wɔ hɔ wɔ Peking ne Shanghai ama ahɔho, na esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ anigyede biara nni hɔ anadwo nti, ahɔho pii behyia wɔ hɔ anadwo biara. Edu anwummere a kɔfe aguadidan ahorow no te sɛ nea gyama sini mu nnipa bi na abɛyɛ hɔ ma! Ɛkame ayɛ sɛ bere biara wubehu Texasni a ɔyɛ petrol ho adwuma a ɔhyɛ nantwi kãfo kyɛw ne mpaboa. India Sikhfo a wɔn abotiri akɛse akɛse, ne Abibifo a wɔhyehyɛ ntade ahorow ahorow wɔ hɔ. Minyaa osuahu bi a ɛyɛ anigye bere a mekɔkaa nnipa ahorow ahorow a wɔte sɛɛ ho anadwo bi wɔ Shanghai Peace Hotel a agye din no mu no.
Peace yɛ ahɔhodan fɛfɛ a akyɛ a adwinne ayɛ mu ma a ɛkae obi tete no, bere a na Shanghai ne Paris, Rome ne New York na ɛbɔ so wɔ ne fɛ mu no. Rusiafo akɛse baanu baa kɔfe aguadidan no mu, na esiane sɛ na me nkyɛn na nkongua abien pɛ a aka no sisi nti, mefrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtra ase. Ɛbɛdaa adi sa wɔyɛ Rusia aban ananmusifo atitiriw a wɔwɔ China. Kasa a na yɛn nyinaa te ne Chinafo kasa, enti yefii nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ase.
Bere a wɔahu me ho nsɛm kakraa no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ asɔre ko a mekɔ, a enni mitumi somee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Taiwan bere bi mu wɔ m’asetra mu, na afei me ne wɔn a wobuu wɔn sɛ saa man no atamfo no ayɛ adwuma akyiri yi no ho. Osuahu a wɔanya akyerɛ wɔn sɛ nnipa a wɔwɔ nyamesom mu gyidi ahorow a ɛyɛ den no pii wɔ amansɛm mu gyidi ahorow a ɛyɛ den nso, na wontumi nyɛ nsakrae ahorow a ɛte saa.
Meka kyerɛɛ wɔn sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na enti sɛ ɛba nsɛm a ɛfa amammui ho mu a, minni afã biara koraa. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ mewɔ ɔdɔ ma nnipa a wɔwɔ Taiwan ne wɔn a wɔwɔ mmeae afoforo a aka wɔ China no. Wobuae sɛ: “Bɔ w’asɔre no din kyerɛ yɛn bio, na mmom wɔ Engiresi mu afei.” Meyɛɛ saa, na wɔkɔɔ so sɛ: “O, yiw, yɛwɔ wo nkurɔfo no pii wɔ yɛn man mu. Afei, ka pii kyerɛ yɛn. Kyerɛ yɛn nsonoe a ɛda mo ne Baptistfo ntam no mu.”
Nnɔnhwerew abien nkɔmmɔbɔ, a nkɔmmɔbɔ tenten a ɛfa Kristofo dɔ ne afã biara a wonni ho ka ho akyi no, saa aban ananmusifo yi kae sɛ: “Yenhu sɛnea yɛnna wo ase sɛ woakyerɛkyerɛ eyi mu akyerɛ yɛn. Eyi ne nea edi kan a yɛate Yehowa Adansefo gyinabea no ase yiye.” Afei de na ɛkame ayɛ sɛ anadwo dumien abɔ. Bere a wofi anigye mu ato nsa afrɛ me sɛ memmra Rusia aban ananmusini no atrae mmedidi akyi no, mekraa wɔn fii adi kɔpɛɛ kar san kɔɔ m’atrae.
“Ɛyɛ Anigye Sen Ɔfasu Kɛse No”
Ɛyɛ den sɛ wobɛka nnɛyi China ho asɛm bebree a wonyɛ obi a ɔpɛ aban no asɛm anaasɛ ɔsɔre tia. Mmom menyɛ wɔn mu biara bi de. Nanso, anyɛ yiye koraa no nneɛma pa abien wɔ hɔ a ɛda adi.
Ɛwom sɛ China ayɛ ɔman a wɔyɛ kua wɔ so wɔ mfe mpempem pii mu de, nanso eye sɛ wubehu mmɔden kɛse a ɔman no rebɔ sɛ wobenya aduan pii, na wɔakwati ɔkɔm akɛse a ɛtaa sisi wɔ China no. Nea ɛka ho no, wɔatete ɔman nnuruyɛfo mpempem pii a wɔhwɛ ɔmanfo no, yɛ wɔn aduru. Wɔ me fam no, mmɔden ahorow abien a wɔabɔ wɔ aduan ne akwahosan ho yi yɛ nneɛma akɛse a ɛsen biara a China ayɛ wɔ nnɛ bere yi mu, a ɛyɛ anigye koraa sen ɔfasu Kɛse no, na ampa ɛho hia kɛse sen krataa a wɔkyerɛw so ne ɔsansa a mmofra yɛ de di agoru a wɔde bae no.
China yɛ anigye Efi Marco Polo bere so no, ayɛ beae a nnipa a wɔwɔ Atɔe fam no kɔn dɔ sɛ wobehu hɔ. Awiei koraa no minyaa hokwan sɛ mɛkɔ akɔsra “‘Mfinimfini Ahemman” no mu, nanso mihui sɛ madu asase a nnipa dɔɔso na wɔkyere so no so na m’ani gyei nso. Ama ntease a mewɔ wɔ adesamma ho no mu adɔ kɛse. Minnye nni sɛ sɛnea na misusuw nneɛma ho no bɛyɛ saa bio.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 20, 21 mfoni]
“Mfinimfini Ahemman” no aka nnipa pii sen sɛnea wohu