Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 21-23
  • Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyame Biako a Ɛbɛba Abɛka ho Anaa Ebefi mu no Sɛe Dɛn?
  • Wɔantumi Annya Nkɛntɛnso a Ɛtra hɔ Kyɛ
  • Nkurɔfo a Wɔsakra Wɔn wɔ Mmeae Afoforo
  • Nea Ɛbɛda Adi Daakye
  • Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ
    Nyan!—1995
  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?
    Nyan!—1995
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asɛmpatrɛwfo—Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 21-23

Asɛmpatrɛwfo Hann Adwumayɛfo Anaa Esum De?—Ɔfã 3

Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No

ASIA ne beae a edi kan a adesamma trae. Ɛhɔ na Ɔbɔadeɛ no de ɔsom a ɛho tew sii. Ɛwom sɛ ɛno akyi pɛɛ na nnipa de atoro som sii ananmu wɔ ɔkwan a nyansa nnim so de, nanso awiei koraa wɔsan fii nokware som ase wɔ Asia wɔ tete Israel, ne afei Kristosom mu. Enti bere a Kristoman asɛmpatrɛwfo a wofi Europa no de wɔn asɛm no kɔɔ Asia no, wɔkɔɔ asasepɔn a nnipa asetra ne nokware som fii ase wɔ hɔ no so. So na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ hann adwumayɛfo anaa esum kabii de?—Genesis 2:10-17.

Onyame Biako a Ɛbɛba Abɛka ho Anaa Ebefi mu no Sɛe Dɛn?

Wontumi nkyerɛ bere ne ɔkwan pɔtee a Kristofo gyidi faa so baa India bere a edi kan. Afeha a ɛto so anan no mu nyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius ka sɛ Kristoni ɔsomafo Toma na ɔde kɔɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu. Afoforo ka sɛ wɔde “Kristosom” kɔɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so abien ne anan ntam hɔ. Bere a Portugalfo nhwehwɛmufo kɔɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so 15 no awiei no, wɔkɔtoo “Kristofo a na wogye wɔn tom na wobu wɔn wɔ Indiafo mu.”—The Encyclopedia of Religion.

Spainni sɔfo Francis Xavier kɔɔ India asasepɔn no so wɔ 1542 mu. Ná ne yɔnko ne Ignatius a ofi Loyola, a ɔde nyamesom ahyehyɛde a ɛne Yesu Kuw a wɔtaa frɛ wɔn Jesuitfo no sii hɔ no. The New Encyclopædia Britannica ka Xavier ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɛnnɛ bere yi mu Roma Katolek ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara,” na ɛfrɛɛ no “nea ɔboae kɛse maa wɔhyehyɛɛ Kristosom wɔ India, Malay Nsupɔw no so, ne Japan.”

Ɛmfa ho sɛ Xavier annyin pii—owui wɔ 1552 mu bere a na wadi mfe 46—no, ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ asɛmpatrɛw adwuma a ɔde mfe du yɛe no mu. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔhyɛɛ asɛmpatrɛwfo nkuran sɛ wonsua nkurɔfo a wɔresom wɔn no amammerɛ ne wɔn kasa ahorow no.

Protestantfo asɛmpatrɛwfo a wodi kan a wɔkɔɔ India no kɔɔ hɔ afe 1706, bɛyɛ mfe 85 ansa na William Carey retintim An Enquiry Into the Obligations of Christians to Use Means for the Conversion of the Heathens. Wɔaka nhoma yi tintim ho asɛm sɛ “Kristofo abakɔsɛm mu ade titiriw.” Bere a Carey kyerɛw wiei no, ɔde mfe 40 somee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ India.

Bere kɔɔ so no, Kristoman asɛmpatrɛwfo kɔɔ ɔman no afã horow nyinaa. Esiane sɛ nnipa mpapahwekwaa a na wɔwɔ Hindusom mu, titiriw wɔn a wonni kuw biara mu no nni daakye a eye ho anidaso biara nti, wofii ase dan kɔɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Nanso The Encyclopedia of Religion ka sɛ “asɛmpatrɛwfo pii ne India Kristofo mpanyimfo a wɔyɛ nhomanimfo dodow no ara ani annye” ade a na ɛrekɔ so no ho.

Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant reka sɛnea Kristoman antumi antu mpɔn wɔ wɔn dwumadi mu ho asɛm no, ɔkyerɛw sɛ: “Ɛnnɛ, India gye anyame a wɔahwɛ ɔman no hia ne n’ahohia a ɔwom no dinn bere tenteenten a wɔnyɛ ho hwee no di kɛse te sɛ bere a atwam no ara pɛ. . . . Bere a gyidi afoforo ne ananafo anyame begyee din kɛse ma ɛbɛyɛɛ asiane no, [Brahmafo no] maa ho kwan, na afei wogye baa Hindufo gyidi a na egye nneɛma pii tom no mu; ná onyame biako a ɛbɛba abɛka ho anaa ebefi mu no nsɛe hwee wɔ India.” Manfred Barthel ka wɔ ne nhoma The Jesuits a otintim no 1984 no mu sɛ: “Awiei koraa, Indiafo bataa wɔn anantwi kronkron no ho; Hindusom traa hɔ kyɛe sen Jesuitfo ne Mogulfo no nyinaa, na ɛnnɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛde n’anyame a aboro so no remana Atɔe Famfo a wɔyɛ Kristofo no.”

Wɔantumi Annya Nkɛntɛnso a Ɛtra hɔ Kyɛ

Tete Kristoman a na emu apaapae dedaw ama wɔanya Atɔe Fam ne Apuei Fam asɔre no mu paapaee bio wɔ afeha a ɛto so anum no mu. Nestorius a ɔyɛ tete agya a ofi Constantinople no de ne ho hyɛɛ ntawntawdi bi mu, na nea ɛkowiei ne kuw bi a atew ne ho afi Apuei Fam asɔre no ho a wobenyae a ɛne Nestoriusfo Asɔre no.

Nestoriusfo no sii asɛmpatrɛw adwuma so dua. Ɛte sɛ nea wɔn asɛmpatrɛwfo no biako, Alopen na ɔde Nestoriusfo gyidi kɔɔ China wɔ afe 635 Y.B. mu. Nanso Atɔe Fam asɔre no annu China kosi bɛyɛ afe 1294 mu, bere a Fransisni kokorani John a ofi Monte Corvino de asɛmpatrɛw adwuma sii hɔ no.

Nanso ɛkame ayɛ sɛ asɛmpatrɛw dwumadi amfi ase wɔ China kosii sɛ Italy Jesuitni Matteo Ricci baa hɔ 1580 mfe no mu. Bere a na Protestantsom ntumi nnyaa nnyinaso wɔ Europa wɔ Ɔsesɛw bere no akyi no, na Katoleksom resakra nkurɔfo denneennen wɔ Europa akyi. Nsase afoforo a Portugal ne Spain, a ɛyɛ aman a wɔyɛ Katolekfo denneennen kɔhwehwɛɛ so no boaa mmɔden a asɔre no bɔe sɛ ɛbɛyɛ saa no kɛse.

Nea enti a ebia mfeha a ɛto so 17 ne 18 mu asɛmpatrɛwfo no dwumadi nyaa nkɔanim kakra ne sɛ sɛnea The Cambridge History of China ka no, “[wɔn] mu pii (Jesuitfo titiriw) benyaa nneɛma ho koma kɛse.” Chinafo abakɔsɛm ho ɔbenfo Hans H. A. Bielenstein ka sɛ: “[Jesuitfo no] sii nneɛma a edi nsɛ wɔ Kristosom ne Konfusiosom mu so dua, de Kristofo Nyankopɔn no totoo Chinafo Sorokɔ no ho, na wɔansiw ɔsom a wɔde ma nananom kwan. Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a Jesuitfo no sakraa nnipa wɔ mmeae bi, ne nea enti a ne nyinaa akyi no, wɔantumi annya nkɛntɛnso a ɛtra hɔ kyɛ biara no mu.”

Wɔ afe 1724 mu no, China ɔhempɔn no pow Kristoman mu asɔre ahorow no na ɔpamoo asɛmpatrɛwfo a wofi amannɔne no dodow no ara. Bere a hokwan bae no, Katolek asɛmpatrɛwfo san baa hɔ. Protestant asɛmpatrɛwfo bɛkaa wɔn ho, na na Robert Morrison a ofi London Asɛmpatrɛw Kuw mu no ka wɔn a wodii kan bae wɔ afe 1807 mu no ho. Ɔde kɔlege bi sii hɔ a ɛnyɛ sɛ ɔde trɛw ne gyidi no mu nko, na mmom ɔde kyerɛɛ Chinafo Atɔe Famfo amammerɛ ne Atɔe Fam adesuafo Apuei Famfo amammerɛ nso. Eduu 1819 no, na Morrison nam William Milne mmoa so akyerɛ Bible mũ no ase awie.

Asɛmpatrɛwfo bi tuu wɔn ho sii hɔ sɛ wɔde hann foforo bi bɛma. Oduruyɛfo Peter Parker bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo duruyɛfo a odii kan kɔɔ China, na ɔboa maa wɔhyehyɛɛ Asɛmpatrɛwfo Aduruyɛfo Kuw a wɔde sii hɔ 1838 wɔ Canton no. Asɛmpatrɛwfo afoforo tuu wɔn ho sii hɔ dii nhomasua ho dwuma, boaa nnipa yiyedi ho nhyehyɛe ahorow, anaa wodii asetram nsɛnnennen ho dwuma. Sɛnea The Cambridge History of China kyerɛ no, nhoma a asɛmpatrɛwfo kyerɛɛ ase no bi “boaa Chinafo adwene a Europafo benya mmom sen sɛ ɛbɛkanyan Chinafo ma wɔagye Kristosom atom.”

Afei nso Kristoman asɛmpatrɛwfo antumi anyɛ Kristofo biakoyɛ ne onuayɛ ho nhwɛso ankyerɛ Chinafo. Protestantfo titiriw na na wɔn mu apaapae. Wɔ mfe aduanan mu no, wɔn asɛmpatrɛwfo dodow nyaa nkɔanim fii 189 koduu 3,445. Eduu 1905 no, na asɛmpatrɛwfo akuw 60 ne akyiri no biara reka n’ankasa Kristosom nkyerɛkyerɛ pɔtee bi ho asɛm kyerɛ. Katolek asɛmpatrɛwfo nso amma nkurɔfo annya nea ɛsɛ sɛ Kristosom yɛ ho adwempa. The Cambridge History of China ka “wɔn ho a wɔde gyegyee ɛhɔ amammui ne atemmu nsɛm mu denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asakra nkurɔfo” ho asɛm.

Nkurɔfo a Wɔsakra Wɔn wɔ Mmeae Afoforo

Bere a Portugalni nhwehwɛmufo Ferdinand Magellan dii kan kɔɔ Philippines Nsupɔw no so wɔ 1521 mu no, annu afeha biako na ɛhɔ Katolek asɛmpatrɛwfo bɔɔ nnipa bɛyɛ ɔpepem abien asu. Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ hɔ no ɔha biara mu 84 yɛ Roma Katolekfo. Akyinnye biara nni ho sɛ nhomasua nhyehyɛe a asɔre no de sii hɔ no kyerɛkyerɛ nea ɛmaa wotumi nyaa nkɔanim sɛɛ yi mu. Nanso ɔkyerɛwfo bi ka sɛ ade foforo a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne sɛ asɛmpatrɛwfo no “maa wɔn a wɔsakraa wɔn no kɔɔ so kuraa wɔn nyamesom gyidi ne nneyɛe no pii mu.”

Asɔre no annya nkɔanim wɔ mmeae afoforo. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Japan no, Japanfo ankasa ɔha biara mu 0.3 pɛ na wɔyɛ Katolekfo. Wɔ Republic of Korea no, aka kakra ansa na dodow no adu ɔha biara mu 6.

Bere a edi kan a Europafo baa Japan yɛ 1542 mu. Wɔ 1549 mu no, wɔde animtew gyee Jesuitni ɔsɛmpatrɛwfo Francis Xavier ne ne mfɛfo binom. Abakɔsɛm ho ɔbenfo J. Mason Gentzler kyerɛw sɛ ankyɛ na anigye a wodii kan nyae no ano brɛɛ ase bere a Japan sodifo no “fii ase nyaa adwene sɛ Europa asɛmpatrɛw adwuma no betumi akowie di a Spain hene no bedi wɔn so mu (sɛnea na wonim sɛ aba wɔ Philippines) no.”

Wɔ 1614 mu no, sɛ yeyi aninyanne afoforo to nkyɛn a, “wɔbaraa asɛmpatrɛwfo no sɛ wɔyɛ ɔman no atamfo, na ɔhempɔn no hyɛe sɛ ɔremma Kristosom ho kwan bio wɔ n’asase so. . . . Wɔsensɛn nnipa a wɔasakra aba mu a wɔannyae ɔsom foforo no ɔpedudu pii . . . , na asotwe a ɛyɛ hu sen saa na wɔde baa asɛmpatrɛwfo no so . . . a wɔhyew wɔn animono so, twitwaa wɔn akwaa bi, too wɔn guu amena ahorow a awɔ a wɔn ano yɛ bɔre ayɛ mu ma mu.”—The Jesuits.

Wɔde Katoleksom kɔɔ Korea wɔ afe 1784 mu, na Protestantsom duu hɔ afeha akyi. Time nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ nea edi akyiri no “nyaa nkɔanim ntɛmntɛm efisɛ ɛnyɛ Asɛmpa no nko na Amerika asɛmpatrɛwfo de bae, na mmom nhomasua, nnuru ne mfiridwuma nso.” Ɛda adi sɛ adwene a ɛne sɛ wɔbɛfa akwan afoforo so asakra nkurɔfo asen nyamesom nkyerɛkyerɛ nkutoo no da so ara yɛ adwuma. Wɔkyerɛ sɛ nyansapɛ ho ɔbenfo Son Bong Ho a ofi Seoul Ɔman Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Asɔre ahorow a wɔde wɔn ani asi honam fam nhyira horow so no anya nkɔanim ntɛmntɛm asen asɔre akɛse no.”

Nea Ɛbɛda Adi Daakye

Ɛsɛ sɛ yebu Kristoman tete asɛmpatrɛwfo no dɛn? Nea wɔde mae no nyɛ ɔsom a ɛho tew a Yesu de sii hɔ no. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn mu pii wɔ koma pa. Anyɛ hwee mpo no, wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ amamfo no kasa ahorow pii mu, na anyɛ yiye koraa no wɔkyerɛkyerɛɛ Bible gyidi ahorow bi.

Na Kristoman asɛmpatrɛwfo a wɔkɔɔ Afrika a wɔafrɛ hɔ Esum Asasepɔn no nso ɛ? Kenkan eyi ho asɛm wɔ nea ɛbɛba no mu asɛm a ese “Honhom mu Hann ma ‘Esum Asasepɔn’ No”? mu.

[Kratafa 23 adaka]

“Yehowa” wɔ China Kasa mu Bible Mu

John W. Davis, afeha a ɛto so 19 no mu ɔsɛmpatrɛwfo ne nsɛm asekyerɛfo, kae sɛ: “Sɛ Honhom Kronkron no ka Yehowa wɔ Hebri mu wɔ ɔfã bi a, dɛn nti na nsɛm asekyerɛfo no nka no Yehowa wɔ Engiresi anaa Chinafo kasa mu? Hokwan bɛn na ɔwɔ sɛ ɔbɛka sɛ, Mede Yehowa bedi dwuma wɔ ha na mede biribi asi ananmu wɔ ɔfã foforo? . . . Sɛ baabi wɔ hɔ a ɛnteɛ sɛ wɔde Yehowa bedi dwuma wɔ nkyerɛase no mu a, ɛnde dɛn nti na ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no de dii dwuma wɔ mfiase de no mu?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena