Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
CHARLES LAVIGERIE adaeso a ɛne sɛ ɔbɛsakra Algeria ayɛ no “Kristofo man” no yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ—adaeso. Ɛnnɛ, Algeriafo ɔha biara mu nkyem 99 yɛ Nkramofo, na Kristoman nkɛntɛnso mu agow wɔ Afrika Kusuu Fam mmeae pii. Na asasepɔn no mmeae afoforo a aka no nso ɛ?
Ɔbenfo J. H. Kane ka wɔ nhoma A Concise History of the Christian World Mission mu sɛ: “Kristosom atumi asakra nnipa pii wɔ Afrika Abibirim sen Aman a Afei na Wɔrenya Nkɔso nkae no mu de nyinaa a wɔaka abom.” Nanso, so wɔn a wɔasakra wɔn yi yɛ Kristofo ampa? Ɔbenfo Kane gye tom sɛ: “Afrikafo asɔre no mu asiane kɛse biako ne Kristosom ne abosonsom nsusuwii ne nneyɛe a adi afra no.” Bio nso, asɛm “Afrikafo asɔre” a ɔde dii dwuma no mfata. Afrikafo asɔre ahorow ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ ankasa a wɔn mu biara wɔ ɔkwan a wɔfa so som. Dɛn ntia?
Wogu Mpaapaemu Aba
Woguu mpaapaemu aba mpo ansa na asɛmpatrɛwfo sii kwan so sɛ wɔrefa po ani aba Afrika. London Missionary Society no pawee nsɔre ahorow mufo, na ɔkyerɛkyerɛ mu akyinnye a emu yɛ den kɔɔ so wɔ asɛmpatrɛwfo no ntam bere a wɔnam kwan so rekɔ mmeae a wɔrekɔyɛ adwuma no. Ná nea ɛte biara no, ntawntawdi no mu bɛyɛ den bere a wɔakosisi wɔn nsɔre no awie no akyi.
Ɔbenfo Robert Rotberg kyerɛw wɔ ne nhoma Christian Missionaries and the Creation of Northern Rhodesia 1880-1924 no mu sɛ: “Asɛmpatrɛwfo no ne wɔn ho wɔn ho ne wɔn mpanyimfo a wɔwɔ amannɔne no koe denneennen, na mpɛn pii no, ɛsɛee wɔn asɛmpaka mu botae ahorow no. . . . Ɛte sɛ nea asɛmpatrɛwfo de bere ne ahoɔden dodow a wɔde bɛhwehwɛ nnipa asakra wɔn koro no ara kyerɛw wɔn akasakasa no ho nsɛm.”
Ná ɛtɔ mmere bi a, asɛmpatrɛwfo ntam akasakasa ma wɔtew nsɔre afoforo de tia wɔn ho wɔn ho. Katolekfo ne Protestantfo nsɔre ahorow sii wɔn a wobenya wɔn asakra wɔn ho kane anibere so. Ná nea ɛte biara no, mpaapaemu yi bɛda adi wɔ wɔn a wɔasakra wɔn no mu. Bere bi akyi no, Afrikafo pii fii amannɔne nsɔre no mu kɔtew wɔn ankasa nsɔre ahorow.
Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo Ɔbenfo Kane kyerɛw sɛ: “Wohu Afrikafo Nsɔre a Wɔatew Wɔn Ho no wɔ Afrika nyinaa . . . Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, nsɔre ahorow bɛyɛ mpemnson na wɔwɔ saa kuw yi mu.” Ɛnyɛ asɛmpatrɛwfo a wokura gyidi horow a enhyia ntam akansi nkutoo na ɛde eyi bae. Geoffrey Moorhouse kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Missionaries mu sɛ ade foforo a ɛde “abibifo ho a wɔtew fii amannɔne nsɔre no ho” bae ne “aborɔfo korɔn a wose wɔkorɔn no ho abufuw.”
Kristofo Anaasɛ Europafo a Wɔyɛ Mmusua mu Nyiyim?
Ɔbenfo Kane gye tom sɛ: “Ná asɛmpatrɛwfo no susuw sɛ wɔkorɔn sen afoforo.” Adrian Hastings ka wɔ ne nhoma African Christianity mu sɛ na “wogye di sɛ Europa amammerɛ ne wɔn akanni na ɛsɛ sɛ ɛne Kristofo ɔsom no kɔ.”
Franseni Charles Lavigerie yɛ asɛmpatrɛwfo panyin bi a na okura saa adwene no. Ɔfoforo nso ne John Philip a na ɔhwɛ London Missionary Society no nsɔre a ɛwɔ Afrika kesee fam no so no. Ɔhoahoaa ne ho wɔ 1828 mu sɛ: “Yɛn asɛmpatrɛwfo no . . . retrɛw Britania nneɛma, Britania nkɛntɛnso, ne Britania ahemman no mu. Baabiara a ɔsɛmpatrɛwfo no befi ase ahwehwɛ wɔn a ɔbɛsakra wɔn wɔ mmusua a wɔn ani mmuei mu no, amannɔne aban no ho adwemmɔne a wokura no nyinaa fi hɔ; nneɛma a wɔma wɔte nka sɛ wohia no ma wɔde wɔn ho to tubraman no so kɛse; . . . nnwuma ahorow, aguadi, ne kuayɛ ba hɔ ntɛm ara; na wɔn mu obiara a wasakra ampa no . . . bɛyɛ amannɔne aban no akyigyinafo ne adamfo.”
Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ Europa aban ahorow hui sɛ wobetumi afa asɛmpatrɛwfo yi so atrɛw wɔn atubrafo aman mu anaa? Asɛmpatrɛwfo no fam no, na wɔn ani gye Afrika a wɔbɛfa ayɛ no atubraman no ho. Sɛnea wɔpaee mu kae wɔ 1910 Wiase Nyinaa Asɛmpatrɛwfo Nhyiam a wɔyɛe wɔ Edinburgh ase no: “Ɛbɛyɛ . . . den bere nyinaa sɛ wobetumi de nsonsonoe ato ɔsɛmpatrɛwfo atirimpɔw ne Aban no atirimpɔw ntam.”
Wodii Tumi sɛ Ahemfo wɔ Afrika
Nea ɛbɛyɛ na wɔanya tumi no, asɛmpatrɛwfo binom de wɔn ho too amanɔnne aban asraafo tumi so. Ná ɛtɔ mmere bi a, Britania po so akohyɛn buruw mpoano nkurow binom esiane sɛ akuraase hɔfo no powee sɛ wobegye asɛmpatrɛwfo no tumi atom nti. Wɔ 1898 mu no, Dennis Kemp a ɔyɛ Wesley asɔre no ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika Atɔe Fam no kaa “gyidi a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn de Britania Asraafo ne Po so Asraafo di N’atirimpɔw ho dwuma nnɛ” no ho asɛm.
Sɛ asɛmpatrɛwfo no ase tim a, na ɛtɔ mmere bi a wogye mmusua ahorow mu ahemfo no tumidi fa. Ɔbenfo Rotberg kyerɛw sɛ: “Ná London asɛmpatrɛwfo no taa de ɔhyɛ di dwuma na ama wɔadi wɔn teokrase mmara so. Ná ade a wɔtaa de twe nkurɔfo aso ne cikoti a ɛyɛ abaa tenten bi a wɔde susono nhoma a wɔahyɛ no aduru ayɛ no. Wɔde hwee Afrikafo wɔ ɛkame ayɛ sɛ biribiara a wɔyɛ ho.” David Lamb kyerɛw wɔ ne nhoma The Africans mu sɛ: “Afrikani bi a ɔsakrae no kae Anglikan ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Uganda a na wɔfrɛ no Owura Botri a na ɔtaa si fi n’asɛnka agua so bɛbɔ Afrikafo a wɔka akyi ba asɔre mmaa bere a asɔre rekɔ so no.”
Ɔsɛmpatrɛwfo James Mackay a nneyɛe a ɛtete sɛɛ no maa ne ho dwiriw no no kɔbɔɔ London Missionary Society mpanyimfo no amanneɛ. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ́ anka wobebu yɛn sɛ aborɔfo a wɔde Onyankopɔn dɔ ho nsɛmpa brɛ wɔn no, wɔahu yɛn na wosuro yɛn mmom.”
Wiase Ko Ahorow No
Nhoma The Missionaries ka sɛ: “Wɔ afeha biako ne nea ɛboro saa mu no, wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ [Afrikafo] mpɛn pii ne anibere so sɛ mfaso biara nni akodi ne basabasayɛ su bɔne a ɛkanyan wɔ nnipa mu no nyinaa so na ɛyɛ bɔne.” Afei, wɔ 1914 mu no, Wiase Ko I sii wɔ Europa aman a wɔfrɛ wɔn Kristofo no ntam.
Moorhouse kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔmaa asɛmpatrɛwfo a wofi ɛkame ayɛ sɛ ɔman biara so de wɔn ho hyɛɛ Ɔko Kɛse no mu.” Nea ɛyɛ aniwu ne sɛ asɛmpatrɛwfo hyɛɛ Afrikafo a wɔsakraa wɔn no ma wɔkɔɔ wɔn afã. Asɛmpatrɛwfo binom mpo dii Afrikafo asraafo anim kɔɔ ɔsa. Ɔbenfo Stephen Neill ka nkɛntɛnso a ɔko no de bae ho asɛm yiye wɔ ne nhoma History of Christian Missions mu sɛ: “Europa aman no a wɔkaa no denneennen sɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ Kristosom ne anibuei so tumi no, de ahoɔhare ne adwenem baasaayɛ de wɔn ho kɔhyɛɛ ɔmanko bi a ɛmaa wɔn ho kyeree wɔn wɔ sika fam na wɔhweree obu biara a wɔwɔ no mu a wɔanhwɛ nneɛma yiye.” Neill toa so sɛ: “Wiase Ko II no wiee ade a nea edi kan no fii ase yɛe no ara kɛkɛ. Ɛdaa adi sɛ abrabɔ pa a Atɔe Famfo yɛɛ wɔn ho sɛ wɔwɔ no yɛ nnaadaa; wɔpaa ‘Kristoman’ ho ntama sɛ ɛyɛ atoro ara kwa. Antumi anyɛ yiye bio sɛ wɔbɛka wɔn ho asɛm sɛ ‘Atɔe Famfo Kristofo.’”
Ɔkwan a ntease wom so no, abibifo ho a wɔtew fii amannɔne nsɔre no ho no mu yɛɛ den wɔ Wiase Ko I akyi. Na Afrikafo a wɔkɔɔ so traa Kristoman nsɔre no mu no nso ɛ? So wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nokware a efi Bible no mu no wɔ ɛno akyi anaa?
Afrikafo Gyidi Horow a Wonya Fii Wɔn Nenanom a Wɔawuwu Hɔ
Kristoman asɛmpatrɛwfo no kasa tiaa Afrikafo ɔsom mu nneyɛe ahorow, te sɛ adebisafo nkyɛn a wɔkɔ kɔpata wɔn nananom a wɔawuwu no. Bere koro no ara mu no, asɛmpatrɛwfo no kae sɛ nnipa nyinaa wɔ ɔkra a enwu da. Wɔhyɛɛ Maria ne “ahotefo” som ho nkuran. Nkyerɛkyerɛ ahorow yi sii gyidi a Afrikafo wɔ sɛ wɔn nananom a wɔawuwu no te ase no so dua. Bio nso, ɛdenam nyamesom ahoni te sɛ mmeamudua a wɔsom no so no, asɛmpatrɛwfo no maa ɛyɛɛ sɛ nea nsɛbɛ a Afrikafo de di dwuma sɛ ɔkwan a wɔnam so bɔ wɔn ho ban fi ahonhommɔne ho no yɛ adepa.
Ɔbenfo C. G. Baëta kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Christianity in Tropical Africa mu sɛ: “Afrikani betumi de anigye ato dwom wɔ Asɔre sɛ, ‘Minni guankɔbea foforo biara’, bere a sɛbɛ bi da so ara hyɛ ne ho baabi, anaasɛ obetumi afi Asɔre akɔ nea obisa ne hɔ ade nkyɛn tee, a ɔnte nka sɛ ɔrebu nnyinasosɛm biara so.”—Fa toto Deuteronomium 18:10-12 ne 1 Yohane 5:21 ho.
Asɛmpatrɛwfo pii ka kyerɛɛ Afrikafo sɛ wɔreyɛ wɔn nananom abosonsomfo no ayayade wɔ hell bi a ogya dɛw wɔ hɔ mu ne sɛ, sɛ wɔannye asɛmpatrɛwfo nkyerɛkyerɛ antom a, ade koro no ara na ɛbɛba wɔn so. Nanso daa ayayadeyɛ ho ɔkyerɛkyerɛ no ne Bible koro no ara a asɛmpatrɛwfo yeree wɔn ho kyerɛɛ ase kɔɔ Afrikafo kasa horow mu no mu nsɛm a emu da hɔ pefee no nhyia.—Genesis 3:19; Yeremia 19:5; Romafo 6:23.
Nokwarem no, Bible no ka sɛ nnipa akra a wɔyɛ bɔne no wu ne sɛ ‘awufo nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Afrikafo a wɔannya hokwan ante Bible mu nokware ho asɛm biara no de, wɔn anidaso ne sɛ wɔde wɔn bɛka “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre” a ɛreba no ho. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wɔbɛkyerɛkyerɛ saafo a wɔanyan wɔn yi Onyankopɔn nsiesiei ma nkwagye no ho ade. Afei, sɛ wɔkyerɛ Onyankopɔn dɔ no ho anisɔ a, wɔde daa nkwa wɔ paradise asase so bɛma wɔn sɛ akyɛde.—Dwom 37:29; Luka 23:43; Yohane 3:16.
Sɛ́ anka Kristoman bɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokware ahorow a ɛyɛ anigye yi mmom no, wɔnam atoro nkyerɛkyerɛ ne nyamesom mu nyaatwomyɛ so adaadaa Afrikafo pii. Nokwarem no, Kristoman asɛmpatrɛwfo dwuma a wodii wɔ Afrika a wɔfa yɛɛ atubrafo aman no mu no nni akyigyina biara wɔ Bible mu. Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu kae sɛ n’ahenni no ‘nnyɛ wiase no fã’ ne sɛ ne nokware akyidifo nso ‘renyɛ wiase no fã.’ (Yohane 15:19; 18:36) Ná tete Kristofo yɛ Yesu Kristo ahemmɔfo, na ɛnyɛ wiase nniso horow de.—2 Korintofo 5:20.
Enti, Kristoman aba a wɔatwa wɔ Afrika nyinaa no nyɛ anigye, na ɛyɛ mpaapaemu, wɔn ho wɔn ho a wonnye nni, ne “Kristosom ne abosonsom nsusuwii ne nneyɛe a adi afra” ma ɛyɛ ahodwiriw. Nokwarem no, basabasayɛ a ɛwɔ Afrika mmeae pii a “Kristofo” wɔ hɔ no ne “Asomdwoe Hene” no nkyerɛkyerɛ nhyia. (Yesaia 9:6) Aba a Kristoman dwumadi wɔ Afrika asow no ne Yesu nsɛm a ɔka faa ne nokware akyidifo ho no bɔ abira koraa. Bere a Yesu rebɔ ne soro Agya no mpae no, ɔsrɛe sɛ “[wonwie] pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me.”—Yohane 17:20, 23; 1 Korintofo 1:10.
So eyi kyerɛ sɛ asɛmpatrɛwfo nyinaa dwumadi wɔ Afrika adi huammɔ anaa? Dabida. Wɔbɛka aba pa a nokware Kristofo asɛmpatrɛw adwuma asow wɔ Afrika ne wiase nyinaa no ho nsɛm pii wɔ nsɛm a efi ase wɔ kratafa 10 no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Ná afeha a etwaam no mu asɛmpatrɛwfo mpanyimfo, te sɛ John Philip, gye di sɛ Europa anibuei ne Kristosom yɛ ade koro no ara
[Mfonini Fibea]
Cape Archives M450
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Kristoman asɛmpatrɛwfo hyɛɛ gyidi horow a Afrikafo nya fii wɔn nananom a wɔawuwu nkyɛn no ho nkuran denam nkyerɛkyerɛ a enni Bible mu, te sɛ ɔkra a enwu da a wɔkyerɛkyerɛe no so
[Mfonini Fibea]
Africana tete nneɛma korabea a ɛwɔ Johannesburg na wɔde mae