Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 1/8 kr. 23-26
  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asase no so Asɛmpatrɛwfo Dii Kan Yii Hann a Ɛnkɔ Akyiri Adi
  • Europa Asɛmpatrɛwfo Ba
  • Abirɛmpɔnsɛmdi Ho Adwumayɛfo?
  • Asɛnka—Ɛyɛ Ade a Edi Kan?
  • ‘Sɛ Hann a Ɛwɔ Wo Mu no Yɛ Sum A . . .’
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ
    Nyan!—1995
  • Asɛmpatrɛwfo—Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ?
    Nyan!—1994
  • Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 1/8 kr. 23-26

Asɛmpatrɛwfo—Hann Adwumayɛfo Anaa Esum De?—Ɔfã 4

Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?

“BƐYƐ nea ennu mfe 100 a atwam ni no, wɔfrɛɛ Afrika Esum Asasepɔn esiane sɛ na Europafo nnim ho ade pii nti.” Nea na The World Book Encyclopedia kyerɛ wɔ ha no nyɛ Afrika sum, na mmom, Europa sum—ɛyɛ nimdeɛ a na Europa nni wɔ asasepɔn a wonkyinii so kɛse no ho. Enti, ɛnyɛ abirabɔ sɛ ebetumi aba sɛ Afrika nyaa ne din no fii Latin asɛmfua aprica, a ɛkyerɛ “owia hann” mu.

Wɔ ntease koro mu no, ná Afrika da so ara wɔ sum mu—ɛwɔ sum a ɛfa Bible mu nimdeɛ ho mu. Donald Coggan, kan Canterbury sɔfo Panyin no, frɛ Afrika ne Asia sɛ “nsasepɔn akɛse abien a emu na Atɔe Fam Asɔre ahorow no de wɔn ahoɔden ne sika adi dwuma wɔ mfe ahanu no mu fa kɛse no ara.”

Akyinnye biara nni ho sɛ na Kristoman asɛmpatrɛwfo no mu pii yɛ nokwaredifo. Ebinom mpo de wɔn nkwa bɔɔ afɔre wɔ adwumayɛ mu. Ná wɔn nkɛntɛnso wɔ Afrikafo asetra so no yɛ kɛse. Nanso, so “wɔnam asɛmpa no so . . . yii hann adi,” ma enti woyii nea wɔfrɛ no Esum Asasepɔn no fii ne honhom mu sum no mu, te sɛ nea Kristo yɛe no?—2 Timoteo 1:10.

Asase no so Asɛmpatrɛwfo Dii Kan Yii Hann a Ɛnkɔ Akyiri Adi

Kristoni a odi kan a wɔayɛ ne ho kyerɛwtohɔ sɛ ɔkaa asɛm wɔ Afrika no ankasa yɛ Afrikani, Ethiopiani piani no a wɔabɔ ne din wɔ Bible mu wɔ Asomafo no Nnwuma ti 8 no. Sɛ́ obi a wasakra abɛyɛ Yudani no, Filipo maa no sakra bɛyɛɛ Kristoni bere a na wakɔsom wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ na ɔnam kwan so rekɔ ne fie no. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a saa Ethiopiani yi bataa nsi a na tete Kristofo no wɔ ho no, ɔkaa asɛmpa a na wate no ho asɛm nnam so akyiri yi, na ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ n’ankasa asase so.

Nanso, abakɔsɛm akyerɛwfo nnye ntom sɛ ebia eyi ne ɔkwan a Kristosom nam so baa Ethiopia. Ethiopia Ortodɔks Asɔre no fii ase wɔ afeha a ɛto so anan mu, bere a Athanasius, a ɔyɛ Coptic Asɔre a ɛwɔ Alexandria no sɔfo no hyɛɛ Syriani nyansapɛ ho suani bi a wɔfrɛ no Frumentius sɔfopɔn maa Ethiopia “Kristofo” no.

Coptic Asɔre no—wonyaa Copt fii Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “Egyptni” mu—kyerɛ sɛ na ne nhyɛasefo ne agya a odi kan ne Ɔsɛmpatrɛwfo Marko. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, ɔkaa asɛm no wɔ Egypt ansa na wɔredu afeha a edi kan no mfinimfini. Ɔkwan biara so no, “Kristosom” trɛw kɔɔ Afrika ntɛm, a mmarima te sɛ Origen ne Augustine dii mu akoten. Ɔkyerɛsuasɛm sukuu a ɛwɔ Alexandria, Egypt, no bɛyɛɛ “Kristofo” nhomasuabea a agye din, a Pantaenus ne ne titrani a odi kan. Nanso, wɔ Pantaenus ɔdedifo Clement a ofi Alexandria bere so no, ɛda adi sɛ na ɔwae anya so nkɛntɛnso bɔne dedaw. The Encyclopedia of Religion da no adi sɛ Clement “gyinaa Kristofo nkyerɛkyerɛ ne Bible no ne Hela nyansapɛ a wɔde afrafra no akyi.”

Coptic Asɔre no yɛɛ asɛmpatrɛw ho ɔsatu a ɛkɔ akyiri, titiriw wɔ Libya apuei fam. Fam a wotutu hwehwɛ tete nneɛma wɔ Nubia ne Sudan ahye so no nso da Copt nkɛntɛnso adi.

Europa Asɛmpatrɛwfo Ba

Europafo anyɛ asɛmpatrɛw adwuma titiriw biara wɔ Afrika ansa na afeha a ɛto so 16 kosi 18 reba, na Katolekfo dii nkonim bi saa bere no. Protestant asɔre ahorow no amma kosi afeha a ɛto so 19 mfiase no mu, bere a Sierra Leone bɛyɛɛ Atɔe Fam man a edi kan a wɔn asɛmpatrɛwfo duu hɔ. Ɛwom sɛ Protestantfo no bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wobedi nkonim saa ara de, nanso, nnɛ, sɛ yeyi kakra bi fi mu a, Afrika ɔman biara a ɛde “Kristofo” dodow hoahoa ne ho no wɔ Katolekfo pii sen Protestantfo.

Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow a wɔwɔ Gabon no mu ɔha biara mu 96 na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Bere tiaa bi ansa na Wiase Ko I reba no, Albert Schweitzer, a ɔyɛ Lutherni no, sii asɔre ayaresabea bi wɔ hɔ, na akyiri yi ɔde akwatafo de kaa ho. Ɛmfa ho sɛ ne mfe 40 Protestantfo asɛmpatrɛw adwuma no nyaa ɔman no so tumi kɛse no, Katolekfo da so ara dɔɔso sen Protestantni 1 biara so 3.

Nanso, ɛdenam kyɛfa kɛse a Protestantfo nyae wɔ Afrika asɛmpatrɛw no mu nti, enyaa tumi kɛse. Adrian Hastings a ɔwɔ Leeds Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Agyapade a na ɛho hia saa bere yi mu [afeha a ɛto so 19 no fã a ɛto so abien] ne Bible no a wofii ase kyerɛɛ ase titiriw kɔɔ Afrika kasa ahorow pii mu no.”

Bible no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ ɔmanfo no kasa mu no ma wonyaa ade a wobegyina so atrɛw “Kristosom” mu, ade a na wonni no kan no. Afrikafo pii nyaa gyidi wɔ adaeso ne anisoadehu mu, wobuu yare biara sɛ ahonhommɔne na wɔde ba, na wɔde wɔn ho hyɛɛ aware dodow mu. Bible no a wonyaa no ɔmanfo no kasa mu no maa Kristoman asɛmpatrɛwfo no nyaa hokwan de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ saa nsɛm yi mu. Nanso sɛnea Hastings kyerɛ no, “mpɛn pii na Afrikafo annye saa nsɛm yi anni.” Dɛn na efi mu bae? “Efi afeha a ɛto so dunkron no awiei reba no, asɔre ahorow a atew ne ho pii fii ase sɔree, nea edi kan, wɔ South Africa ne Nigeria, ne afei, asasepɔn no so afã afoforo pii a na asɛmpatrɛwfo no wɔ hɔ kɛse dedaw no.”

Nokwarem no, ɛnnɛ, bɛyɛ ɔsom fekuw ahorow 7,000 foforo a nnipa bɛboro 32,000,000 na wɔwom na ɛwɔ Afrika Sahara anafo fam. Sɛnea Encyclopedia of Religion kyerɛ no, “saa fekuw ahorow yi asɔre titiriw wɔ mmeae a Kristofo asɛmpatrɛwfo no abɔ mmɔden kɛse wɔ hɔ no.” Ɛda adi sɛ asɛmpatrɛwfo no antumi amma wɔn nkurɔfo a wɔasakra no anyɛ biako wɔ “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako” a ɔsɛmpatrɛwfo Paulo kaa ho asɛm no mu.—Efesofo 4:5.

Dɛn ntia? Nhoma a wɔbɔɔ din wɔ atifi hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ na efi “huammɔ a asɔre ahorow no ne nneɛma a Kristosom de ba dii ɛhɔfo a wɔasakra no . . . , mpaapaemu a wohu wɔ Kristosom asɔre ahorow mu ne ɔmanfo ahiade ho dwuma a antumi anni [ne] nkogu a asɛmpatrɛw Kristosom dii wɔ yi a ebeyi asetra ne amammerɛ mu ntawntawdi afi hɔ na ɛde ɔmanfo biakoyɛ aba mu no.”

Honhom mu “hann” a Kristoman asɛmpatrɛwfo daa no adi wɔ “Esum Asasepɔn” no so no nyɛ ahe biara. Enti, na ano yɛ mmerɛw dodo sɛ ebeyi Bible mu nimdeɛ a wonni no ho sum afi hɔ.

Abirɛmpɔnsɛmdi Ho Adwumayɛfo?

Ɛmfa ho sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo no mu bi yɛɛ ade pa no, The Encyclopedia of Religion no mpɛ nanso egye tom sɛ: “Asɛmpatrɛwfo hyɛɛ abirɛmpɔnsɛmdi ho nkuran, na wɔsan nso boae, enti, ɛtɔ mmere bi a na Kristosom ne abirɛmpɔnsɛmdi betumi ayɛ te sɛ ade koro. Mpɛn pii na ɛnnɛyi abirɛmpɔnsɛmdi ho akasatiafo abɔ Afrika Kristosom ahohora a nokware bi wom sɛ ɛyɛ abirɛmpɔnsɛmdi bɔneyɛ boafo.”

The Collins Atlas of World History de nhumu ma, bere a ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ gyidi bi a na Atɔe Fam aman wɔ sɛ “aman no so abirɛmpɔnsɛm a wobedi no bɛma mmusuakuw a ɛwɔ kwaem a wosusuw sɛ wɔn ani mmuei no anya ntease, kwasafo man ho nnyinasosɛm horow ne nyansahu ne aduruyɛ mu mfaso horow no na ɛhyɛɛ wɔn nkuran.” Na The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ayɛ den ama Roma asɔre no sɛ ɛbɛtwe ne ho afi abirɛmpɔnsɛmdi ho, na na asɛmpatrɛwfo no pii mpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho.”

Ɛnde, ntease wom sɛ, bere tenten a Kristoman asɛmpatrɛwfo kaa kwasafo amammui ho asɛm na wɔkamfoo mfaso horow a ɛwɔ Atɔe Fam nyansahu ne nnuruyɛ mu nkɔso kyerɛe no, wɔdaa wɔn ho adi sɛ abirɛmpɔnsɛmdi ho adwumayɛfo. Bere a nkurɔfo ankyerɛ aman a edii abirɛmpɔnsɛm no sikasɛm, amammuisɛm ne asetra mu dwumadi ahorow ho anisɔ no, wɔhweree Europa ɔsom ahorow mu gyidi.

Asɛnka—Ɛyɛ Ade a Edi Kan?

Bere biara a wɔbɛka Protestant asɛmpatrɛwfo a wɔbaa Afrika ho asɛm no, wɔtaa bɔ David Livingstone din. Wɔwoo no wɔ Scotland wɔ 1813 mu, na ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo ɔsɛmpatrɛwfo, na otuu kwan kɔɔ Afrika akyirikyiri baabiara. Ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma “Esum Asasepɔn” no ne nneɛma a ohui no ho anigye ma onyaa nkuranhyɛ foforo nso. The New Encyclopædia Britannica ka “Kristosom, aguadi, ne anibue” ho asɛm sɛ “ade abiɛsa a onyaa gyidi sɛ ɛbɛma Afrika ani abue.”

Ná nneɛma a ɛsɛ sɛ Livingstone di ho dwuma no dɔɔso. Nanso, ɛda adi sɛ, na ɛnyɛ asɛmpa no ne ade a edi kan. Britannica no ka ne mfe 30 mu asɛmpatrɛw adwuma wɔ “Afrika kesee, mfinimfini, ne apuei fam—a mpɛn pii no mmeae a na Europani biara nnii kan nkɔɔ hɔ” no nyinaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ebia Livingstone de Atɔe Fam nneyɛe horow no nyaa Afrika so nkɛntɛnso sen onipa foforo biara a odi n’anim anaa n’akyi. Nneɛma afoforo a ohui—asase ho nsɛm, mfiridwuma, nnuruyɛ ne asetra mu nsɛm—no de nimdeɛ a emu dɔ a wɔda so ara hwehwɛ mu bae. . . . Livingstone fii koma nyinaa mu nyaa tumi a na Afrika betumi de atu mpɔn abedu nnɛ wiase no mu gyidi. Wɔ ntease yi mu no, na ɛnyɛ sɛ ɔne obi a odii kan wɔ Europa tumidi wɔ Afrika mu nko, na mmom, Afrikafo ɔmampɛ mu nso.” Livingstone daa ahummɔbɔ kɛse adi kyerɛɛ Afrikafo no.

Esiane sɛ asɛmpatrɛwfo no bi na wɔboae anaa anyɛ yiye koraa no, wɔpenee nkoatɔ so nti, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ wɔn sobo sɛ wɔn nyinaa yɛɛ saa. Nanso, sɛ́ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobekura Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa nnipa anim a ɔnhwɛ ne nnipa nyinaa a obu wɔn pɛ ho mu anaasɛ atenka pa a wɔn ankasa wɔ wɔ ankorankoro yiyedi ho na ɛkaa wɔn mu pii ma wɔdaa ahummɔbɔ adi anaasɛ ɛnte saa no, sɛnea yɛbɛka no no, ɛyɛ den sɛ yebehu.

Nanso, nea edi akyiri yi so na ɛbɛyɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no mu pii gyina dii ahiade atitiriw ho dwuma. Nhoma Christianity in Africa as Seen by Africans gye tom sɛ obiara rentumi “mfa ne ho ntoto wɔn kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn asetra mu yiyedi dwumadi ho ho.” Nanso, ayaresabea ne sukuu ahorow a wosisii no kyerɛe sɛ na wɔde nnipa honam fam ahiade ahorow redi Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛka na wɔde ahwehwɛ yiyedi afi Onyankopɔn hɔ no anim. Asɛmpatrɛwfo no mu binom mpo sisii aguadidan ahorow a ɛbɛma Afrikafo anya Europafo honam fam nneɛma pii, na ama wɔn asetra atu mpɔn.

Wɔ ntease pa mu no, Afrikafo pii kyerɛ anisɔ wɔ honam fam mfaso horow a Kristoman asɛmpatrɛwfo no ma wonyae no ho nnɛ. Sɛnea Adrian Hastings kyerɛ no: “Bere a Afrika amammuifo kasa tia asɛmpatrɛwfo ne asɔre ahorow mpo no, wɔtaa kyerɛ anisɔ wɔ ntoaso sukuu ahorow a wosisii no ho.”

‘Sɛ Hann a Ɛwɔ Wo Mu no Yɛ Sum A . . .’

Sɛnea Hastings kyerɛ no, ansa na nnansa yi mfehaha no reba no, na Afrika yɛ “asasepɔn a Kristosom antumi antra mu ankyɛ.” Nokwarem no, wɔ afeha a ɛto so 18 ntam hɔ no, anka Katolek asɔre no reyɛ agu koraa, na ɛmaa ɔkyerɛwfo J. Herbert Kane bisaa nea ɛyɛe a “nkogudi kɛse a ɛte saa” tumi bae. Ade biako ne sɛ, na asɛmpatrɛwfo no dodow a wowuwu no dɔɔso. Ade foforo ne Portugalfo ho a wɔde hyɛɛ nkoatɔ mu no. Esiane sɛ na Katolek asɛmpatrɛwfo no nyinaa yɛ Portugalfo nti, eyi “ma wonyaa adwemmɔne wɔ Kristosom ho.” Nanso, Kane de ka ho sɛ: “Ade titiriw ne nea ebia na tumi wom kɛse ne asɛmpatrɛwfo no akwan a emu nnɔ a wɔnam so maa nnipa pii ‘sakraa’ ntɛmntɛm na wogyee asubɔ no.”

Kristoman asɛmpatrɛwfo no dii nkogu wɔ kanyan a wɔbɛkanyan Afrikafo no ma wɔde asɛmpatrɛwfo no nkyerɛkyerɛ asi wɔn som ahorow no ananmu mu. Nsakrae no kyerɛɛ ɔsom ho agyiraehyɛde a wɔsesae, na na ɛnyɛ gyidi ne nneyɛe ahorow ankasa. Eleanor M. Preston-Whyte a ɔwɔ Natal Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Wɔde Zulu wiase adwene horow no ahyehyɛ Zulu Kristosom nsusuwii mu wɔ anifere kwan bebree so.” Na Bennetta Jules-Rosette a ɔwɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ San Diego no ka sɛ, ɛnnɛyi Afrikafo som ahorow no “de Afrika tete nyamesom nneyɛe no frafra ɔsom ahorow a aba, Kristosom ne Nkramosom mu.”

Sɛnea Dwom 119:130 kyerɛ no, “wo [Onyankopɔn] nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.” Esiane sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo no mma Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛka akyerɛ nyɛ wɔn ahiasɛm koraa nti, dɛn hann na wobetumi de ama? Ntetekwaa kɔɔ so traa ase a wɔannya ntease.

Kristoman asɛmpatrɛwfo “hann” a wɔde mae mfeha a atwam no, wɔn “nnwuma pa” no pue fii wiase a ɛda sum mu no mu. Ɛmfa ho nea wɔkyerɛe sɛ wɔatumi ayɛ biara no, wɔanna nokware hann adi. Yesu kae sɛ: “Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru dɛn ara.”—Mateo 6:23.

Bere koro no ara mu no, na asɛmpatrɛwfo no rekɔ so dɛn wɔ Amerika, Wiase Foforo no mu? Yɛn nsɛm a edidi so no fã a ɛto so anum no bebua.

[Kratafa 24 mfonini]

Asɛmpatrɛwfo binom de wɔn nkwa mpo bɔɔ afɔre wɔ wɔn adwumayɛ mu

[Kratafa 24 mfonini]

Efi nhoma Die Heiligkeit der Gesellschaft Jesu mu

[Kratafa 25 mfonini]

Kristoman asɛmpatrɛwfo, te sɛ Livingstone, amfa asɛnka no anni kan bere nyinaa

[Kratafa 25 mfonini]

Efi nhoma Geschichte des Christentums mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena