Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 11/8 kr. 19-22
  • Wɔkɔ Atɔe Fam Kodu Europa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkɔ Atɔe Fam Kodu Europa
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkɔ Europa Akyirikyiri Tɔnn
  • Asɛmpatrɛwfo Wɔ Ofie a Emu Apaapae Mu
  • Asɛmpatrɛw Adwuma a Wɔyɛɛ no Kɛse
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?
    Nyan!—1995
  • Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No
    Nyan!—1994
  • Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 11/8 kr. 19-22

Asɛmpatrɛwfo—Hann Adwumayɛfo Anaa Esum De?—Ɔfã 2

Wɔkɔ Atɔe Fam Kodu Europa

SƐ WƆBƐYƐ Yesu asɛmpatrɛw adwuma no a, na ɛsɛ sɛ wɔde Kristosom ho asɛm no du nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nkyɛn. (Mateo 28:19; Asomafo no Nnwuma 1:8) Wosii nokwasɛm yi so dua bere a ɔsomafo Paulo nyaa anisoadehu bi wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu abiɛsa no mu nea ɛto so abien a emu na wɔde adesrɛ yi too n’anim no mu: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.”—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Paulo gyee saa nsa a wɔto frɛɛ no no so, na ɔkɔɔ hɔ kɔkaa asɛm no wɔ Europa kurow Filipi mu wɔ bɛyɛ 50 Y.B. mu. Lidia ne ne fiefo bɛyɛɛ gyidifo, na wɔhyehyɛɛ asafo. Ɛne beae a edi kan ara kwa a wɔde Kristosom kɔe bere a ɛtrɛw kɔɔ Europa nyinaa no. Akyiri yi Paulo ankasa kaa asɛm wɔ Italy, ne ebia Spain mpo.—Asomafo no Nnwuma 16:9-15; Romafo 15:23, 24.

Nanso na ɛnyɛ Paulo nkutoo ne Kristosom ho ɔsɛmpatrɛwfo. Nhoma kyerɛwfo J. Herbert Kane ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na afoforo pii ka ho, na wɔankyerɛw wɔn din anto hɔ. . . . Asomafo no Nnwuma nka biribiara ho asɛm nkyerɛ.”—A Global View of Christian Missions From Pentecost to the Present.

Nanso, yennim faako a Yesu akyidifo afoforo no som kodui wɔ amannɔne nsase so sɛ asɛmpatrɛwfo. Wontumi nkyerɛ sɛ atetesɛm a ɛne sɛ Toma kɔɔ India na ɔsɛmpakafo Marko kɔɔ Misraim no yɛ nokware. Nea yenim mmom ne sɛ na Kristo nokware asuafo no nyinaa wɔ asɛmpatrɛw honhom, na anyɛ yiye koraa no wɔn nyinaa yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ wɔn man mu. Sɛnea Kane ka no: “Saa abakɔsɛm mu asɛm titiriw [Pentekoste] yi na efii Kristofo asɔre no ne asɛmpatrɛw adwuma no ase, efisɛ asɛmpatrɛw adwuma titiriw na na asɔre no yɛ wɔ saa bere no mu.”

Wɔkɔ Europa Akyirikyiri Tɔnn

Ná Yudafo no gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn koro pɛ. Wɔde wɔn ani too Mesia bi a na wɔahyɛ ne ho bɔ so. Wogyee Hebri Kyerɛwnsɛm no toom sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware. Enti, ɛbɛyɛ sɛ na aman a Yudafo no hwete kɔɔ mu no mufo nim gyidi horow yi wɔ ɔkwan bi so. Esiane sɛ na eyi ne ɔsom afã horow a Kristofo ne Yudafo nyinaa gye tom nti, bere a Kristosom ho asɛm daa adi no, na ɛnyɛ foforo koraa. Sɛnea Kane kyerɛ no “nneɛma yi boaa Kristofo asɛmpatrɛwfo no kɛse bere a wokyinkyinii Roma ahemman no mu nyinaa kaa asɛmpa no hyehyɛɛ asɔre ahorow no.”

Enti, Yudafo a wɔhwetee no siesiee kwan mu maa Kristosom. Kristosom trɛw ntɛmntɛm efisɛ na Kristofo wɔ asɛmpatrɛw honhom. Kane ka sɛ: “Asɔremma no na wɔkaa asɛmpa no. Wɔde anigye kaa wɔn gyidi foforo a wɔanya no ho asɛm kyerɛɛ nnamfo, afipamfo, ne ahɔho wɔ baabiara a wɔkɔe.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔsakrae no de yɛɛ n’adwuma sɛ ɔde nnamyɛ te sɛ ɔman nidanfo de bɛka asɛm.”

Eduu 300 Y.B. no, na Kristosom bi a aporɔw atrɛw wɔ Roma Ahemman no mu nyinaa. Ná wɔaka ɔporɔw a ɛte saa, nokware som a wɔtwe wɔn ho fi ho, ho asɛm asie. (2 Tesalonikafo 2:3-10) Ɔwae bae ankasa. Durant kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kristosom ansɛe abosonsom; egye toom.”

Bere a wɔn a wose wɔyɛ Kristofo kɔɔ so twee wɔn ho fii nokware Kristosom ho no, wɔn mu dodow no ara hweree wɔn asɛmpatrɛw honhom no. Nanso, Katolekfo bi woo abofra bi a na ɔwɔ asɛmpatrɛw honhom wɔ Britania wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so anan no awiei. Ná wɔfrɛ no Patrick, na wonim no sɛ ɔde Kristo asɛm no kɔɔ Europa atɔe fam tɔnn—koduu Ireland—faako a atetesɛm kyerɛ sɛ ɔsakraa nnipa mpempem pii hyehyɛɛ asɔre ɔhaha pii no.

Ankyɛ na Ireland bedii asɛmpatrɛw adwuma no anim. Sɛnea Kane kyerɛ no, “n’asɛmpatrɛwfo de nnamyɛ kɛse ko tiaa abosonsom.” Ná asɛmpatrɛwfo yi mu biako ne Columba, a ɛda adi sɛ odii akoten wɔ Scotlandfo a wɔsakraa wɔn no mu no. Wɔ bɛyɛ 563 Y.B. no, ɔne ne mfɛfo 12 hyehyɛɛ nkokorafi bi wɔ Iona, supɔw bi a ɛwɔ Scotland mpoano atɔe fam, a ɛbɛyɛɛ beae titiriw ma asɛmpatrɛw adwuma no. Columba wui bere tiaa bi ansa na 600 Y.B. reba, nanso wɔkɔɔ so somaa asɛmpatrɛwfo fii Iona kɔɔ Britania Nsupɔw ne Europa afã horow nyinaa wɔ mfe 200 a edii hɔ no mu.

Bere a nea wose ɛyɛ Kristosom trɛw kɔɔ England akyi no, Engiresifo bi a wɔsakrae no suasuaa Irelandfo asɛmpatrɛw honhom no na wɔn ankasa bɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo. Sɛ́ nhwɛso no, Willibrord a ofi Northumbria, tete Anglo-Saxon ahemman bi a na ɛwɔ England kusuu fam, ne ne mfɛfo 11 bɛyɛɛ Engiresifo asɛmpatrɛwfo a wodi kan a wɔkɔɔ Netherlands, Belgium, ne Luxembourg wɔ 692 Y.B. mu.

Wɔ afeha a ɛto so awotwe mfiase mu hɔ no, Boniface, Engiresini Benedict kokorani bi, de n’adwene sii Germany so. Kane ka sɛ Boniface “asɛmpatrɛw adwuma pa a ɛboro mfe aduanan no ma onyaa abodin sɛ Ɔsomafo ma Germany,” na ɛboa ma ɔyɛɛ “Esum Mmere no mu ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara.” Bere a Boniface dii mfe bɛboro 70 no, Frieslandfo a wonnye nni kunkum ɔne ne mfɛfo bɛyɛ 50.

The Encyclopedia of Religion ka ɔkwan bi a Boniface faa so tumi sakraa nkurɔfo baa Katoleksom mu ho asɛm: “Wɔ Geismar [a ɛbɛn Göttingen, Germany] no, ɔde akokoduru buu Thor odum kronkron no hwee fam. . . . [Bere a] ɛhɔnom Germanfo nyame no anyɛ no hwee no, ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn a na ɔka ne ho asɛm no ne nokware Nyankopɔn a ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no di no ni.”

Asɛmpatrɛwfo bi faa akwan afoforo so, na adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wosusuwii sɛ ɔkwan biara a wɔbɛfa so adu wɔn botae ho no ye. Kane gye tom sɛ “wɔnam asraafo nkonimdi so” na ɛsakraa Germany Saxonfo no, na “ɛnyɛ abrabɔ anaa nyamesom nkyerɛkyerɛ so.” Ɔde ka ho sɛ: “Asɔre no ne ɔman no ntam ayɔnkofa a ɛho ntew . . . maa asɔre no faa wiase no akwan so nyaa nea wɔpɛ wɔ honhom fam. Nhyehyɛe yi amfa asiane kɛse amma wɔ baabiara te sɛ Kristofo asɛmpatrɛw adwuma no mu, ne titiriw wɔ Saxonfo mu. . . . Wɔyɛɛ atirimɔdenne.” Na wɔka kyerɛ yɛn sɛ bere a asɛmpatrɛwfo kɔɔ Scandinavia no, “nsakrae no mu fã kɛse kɔɔ so wɔ asomdwoe mu; Norway nkutoo na wɔde ɔhyɛ dii dwuma.”

So wɔde ɔhyɛ dii dwuma? So wɔyɛɛ atirimɔdenne? So wɔfaa wiase no akwan so nyaa nea wɔpɛ wɔ honhom fam? So eyi na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan fi asɛmpatrɛwfo a wɔsom sɛ hann adwumayɛfo nkyɛn?

Asɛmpatrɛwfo Wɔ Ofie a Emu Apaapae Mu

Nea wose ɛyɛ Kristosom ahorow abien a na ɛwɔ Roma ne Constantinople no biara yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma Bulgariafo adan “Kristofo” no de basabasayɛ a ɛtaa kɔ so wɔ ofie a emufo nni nyamesom biako mu bae. Bulgaria sodifo, Boris I, sakra yɛɛ Helafo Ortodoks asɔre no muni. Nanso, bere a ohui sɛ Constantinople ato Bulgaria asɔre no ahofadi ano hye kɛse no, ɔdan kɔɔ Apuei Fam, na ɔmaa Germanfo asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ Roma ananmusifo kwan ma wɔde wɔn Kristosom no baa hɔ. Eduu 870 Y.B. mu no, na ɛda adi sɛ Atɔe Fam asɔre no yɛ katee kɛse sen Apuei Fam de no mpo, enti ɔpamoo Germanfo no, na Bulgariafo de wɔn ho kɔbɔɔ Apuei Fam Ortodoksfo no bio, na wɔakɔ so ayɛ saa ara wɔ nyamesom fam de besi nnɛ.

Ná Atɔe Fam asɛmpatrɛwfo de “Kristosom” rekɔ Hungary wɔ bɛyɛ saa bere no ara mu. Eyi nyinaa rekɔ so no, na “Kristosom” ahorow abien no renya nnyinaso wɔ Poland. Sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛ no, “na Polandfo asɔre no hyɛ Atɔe Famfo ase, na bere koro no ara na Apuei Fam nkɛntɛnso da adi kɛse wom.” Ná Lithuania, Latvia, ne Estonia nso “adi asensɛnmu wɔ Atɔe Fam ne Apuei Fam ntam akansi no ne nea afi asɔre no mu aba no nyinaa mu.” Na bere a Finland gyee “Kristosom” toom wɔ afeha a ɛto so 11 awiei mu hɔ ne nea ɛto so 12 mfiase mu hɔ no, ɛno nso dii asensɛnmu wɔ Apuei Fam ne Atɔe Fam asɔre no akansi no mu.

Wɔ afeha a ɛto so akron no mu no, anuanom baanu a wofi Helafo abusua bi a ɛwɔ din kɛse a na ɛwɔ Tesalonika mu no de Byzantium “Kristosom” kɔɔ Slavfo aman mu wɔ Europa ne Asia. Wɔbɛfrɛɛ Cyril a wɔsan frɛ no Constantine ne Methodius sɛ “asomafo ma Slavfo.”

Nneɛma a Cyril yɛe no biako ne sɛ ɔmaa Slavfo nyaa kasa a wɔkyerɛw. Wɔfrɛ ne nkyerɛwde a egyina Hebri ne Hela nkyerɛwde so no sɛ Cyril nkyerɛwde, na wɔda so ara de di dwuma wɔ aman te sɛ Russia, Ukraine, Bulgaria, ne Serbia kasa mu. Anuanom baanu yi kyerɛɛ Bible no afã horow ase kɔɔ kasa foforo a wɔkyerɛw no mu, na afei nso wɔde Slavfo kasa kyerɛw asɔre no gyidi. Ná eyi ne Atɔe Fam asɔre no a na ɛpɛ sɛ asɔre no gyidi tra Latin, Hela, ne Hebri kasa mu no nhyehyɛe bɔ abira. Nhoma kyerɛwfo Kane ka sɛ: “Ɔman bi mu kasa a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu, a Constantinople hyɛɛ ho nkuran nanso Roma kasa tiae no yɛ adeyɛ foforo, na ɛyɛɛ nhwɛsode a wogye toom koraa wɔ mfeha a ɛto so dunkron ne aduonu no asɛmpatrɛw adwuma a wɔyɛ no nnɛ mu.”

Eduu afeha a ɛto so du no awiei no, na wɔde Kristosom a edin no da so kɛkɛ akɔ mmeae a nnɛ wɔfrɛ no kan Soviet Union no nso. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, wɔbɔɔ Prince Vladimir a ofi Kiev, Ukraine, asu wɔ 988 Y.B. mu. Wose ɔpaw Byzantium “Kristosom” no pow Yudasom ne Nkramosom esiane n’amanne akɛse no nti, na ɛnyɛ anidaso ne nokware ho asɛm bi a ɛka.

Nokwarem no, Keeping the Faiths—Religion and Ideology in the Soviet Union ka sɛ: “Bere a Vladimir sakrae no kyerɛ sɛ ɔpaw ɔsom foforo no de dii n’amammuisɛm ho dwuma, ma enti efii amanne bi a ɛkame ayɛ sɛ akɔ so wɔ Russiafo Ortodoks Asɔre no mu fi saa bere no abedu nnɛ ase.” Afei nhoma no de asɛm a ɛsɛ sɛ wosusuw ho anibere so yi ka ho: “Mpɛn pii no asɔre no wɔ ɔpɛ sɛ ɛbɛyɛ nea aban no pɛ, sɛ aban no bu nea asɔre no pɛ so mpo a.”

Vladimir hyɛɛ mmara sɛ wɔmmɔ ne manfo asu sɛ Kristofo; na ɛyɛ ɔhyɛ sɛ wɔyɛ saa. Paul Steeves ka sɛ bere a “wonya gyee Ortodoks som toom sɛ ɔman no som no, ofii dwumadi bi ase de guu Slavfo mmusuakuw tete nyamesom nneyɛe no ase.” Sɛ́ nhwɛso no, osisii asɔre adan wɔ mmeae a kan na nnipa no bɔ afɔre ma abosom no. Steeves de ka ho sɛ: “Nanso, abosonsom no bi traa hɔ mfehaha pii, na awiei no wɔangu ase na mmom wogye kɔɔ Russiafo som mu.”

Fapem a na ehinhim yi nyinaa akyi no, Russia Ortodoks Asɔre no de nnamyɛ gyinaa asɛmpatrɛw adwuma akyi. Thomas Hopko a ɔwɔ Ɔhotefo Vladimir Ortodoks Nyamekyerɛ Asuae no ka sɛ: “Wɔkyerɛɛ asɔre no kyerɛw nsɛm ne ɔsom dwumadi ahorow ase kɔɔ Siberia ne Alaska kasa pii mu, bere a wɔkɔtraa ahemman no fã a ɛwɔ Apuei Fam kaa asɛmpa wɔ hɔ no.”

Asɛmpatrɛw Adwuma a Wɔyɛɛ no Kɛse

Afeha a ɛto so 16 no mu Ɔsesɛw no maa honhom fam gya bi dɛwee wɔ Europa nyinaa. Wɔtoo nhyɛase maa “Kristofo” asɛmpatrɛw adwuma a wɔyɛɛ no kɛse, bere a Protestantfo akannifo mu biara faa wɔn ankasa kwan so maa ɔmanfo san nyaa nyamesom ho anigye. Bible no a Luther kyerɛɛ ase kɔɔ German kasa mu no yɛ adeyɛ titiriw, sɛnea na Bible no a William Tyndale ne Miles Coverdale kyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi kasa mu te no.

Afei, wɔ afeha a ɛto so 17 mu no, wɔtew kuw bi wɔ Germany a na wɔfrɛ no Pietism. Esii Bible adesua ne osuahu a obi ankasa nya wɔ nyamesom mu so dua. The Encyclopedia of Religion kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Hu a wohui sɛ adesamma hia Kristo asɛmpa no ma wofii asɛmpatrɛw adwuma ase wɔ wɔn man mu ne amannɔne na wɔma ɛtrɛwee ntɛmntɛm.”

Ɛnnɛ, yebetumi ahu sɛ ɛyɛ awerɛhow sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo antumi amma nnipa a wɔsakraa wɔn wɔ Europa no annya Kristofo gyidi ne anidaso a ɛyɛ den yiye na asiw Komunism a ennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne kankabi amammui adwenhorow afoforo a wɔde bae wɔ afeha a ɛto so 20 mu no ano. Efi bere a Komunism gui wɔ aman bi mu no, asɛmpatrɛwfo asan afi wɔn dwumadi ase, nanso Roma Katolekfo, Ortodoks Katolekfo, ne Protestantfo nyɛ biako wɔ Kristofo gyidi a wɔkyerɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ no mu.

Croatfo a wɔyɛ Roma Katolekfo ne Serbfo a wɔyɛ Ortodoksfo yɛ aba a Kristoman asɛmpatrɛw adwuma no asow no bi. Dɛn na ɛyɛ fie a emu apaapae ho mfatoho sen nea ɛda adi wɔ Kristoman mu no? Kristofo “anuanom” bɛn na wodi kan totow wɔn ho atuo na afei wɔyɛ biako na wɔtotow wɔn yɔnkonom a wɔnyɛ Kristofo atuo? Atoro Kristofo nkutoo na wobetumi abu saa bra a ɛne Kristosom bɔ abira no.—Mateo 5:43-45; 1 Yohane 3:10-12.

So Kristoman asɛmpatrɛwfo nyinaa adi nkogu? Ma yɛntoa yɛn nhwehwɛmu no so bere a yɛhwɛ nea wɔyɛe wɔ Asia no. Kenkan asɛm a ɛwɔ nea ɛbɛba no mu a asɛmti no ne sɛ “Kristoman Asɛmpatrɛwfo San Kɔ Faako a Wofii Ase Koraa No.”

[Kratafa 21 mfonini]

Wɔkyerɛ sɛ Boniface daa no adi sɛ abosonsomfo anyame nni tumi biara

[Asɛm Fibea]

Mfonini a efi nhoma Die Geschichte der deutschen Kirche und kirchlichen Kunst im Wandel der Jahrhunderte mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena