Nea Kristoman Agu wɔ Afrika
WƆ 1867 mu no, Franseni Katolekni Charles Lavigerie baa Afrika sɛ Algiers ɔsɔfopɔn a wɔapaw no foforo. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn apaw France sɛ ɛmfa Algeria nyɛ Kristofo man kɛse bi mfiase wɔ Afrika.”
Ná Lavigerie adaeso no kɔ akyiri sen Algeria. Nokwarem no, ɔsomaa asɛmpatrɛwfo kɔɔ anhweatam no so a na wɔn botae ne sɛ “wɔbɛka Afrika Mfinimfini Fam ne Kusuu Fam abom aka Kristoman asetra ho.”
Saa bere no, na Protestant asɛmpatrɛwfo afi ase reyɛ adwuma dedaw wɔ asasepɔn no atɔe fam, kesee fam, ne apuei fam. Wohyiaa nsɛnnennen pii, te sɛ atiridiinini a na ɛtaa ka wɔn, a ɛma wɔpopo, wɔtew fifiri, na wɔn adwenem ne wɔn kasa yɛ basabasa no. Nhimahobea nyarewa a ɛma wɔyɛ bɛtɛɛ ntɛmntɛm no kunkum pii wɔ ɛhɔ a wodui akyi bere tiaa bi. Nanso afoforo kɔɔ so bae. Adlai Stevenson kae sɛ: “Obiara a otu kwan fa Afrika no hu asɛmpatrɛwfo akatakyisɛm ho nkae bere nyinaa. . . . Wɔko tiaa atiridii, konkoruwa, mmoawa a wɔma nyarewa na . . . mihuu . . . wɔn ada—wɔ Afrika nyinaa.
Aba a Asɛmpatrɛwfo Asow
Bere a asɛmpatrɛwfo kɔɔ Afrika no, wokohui sɛ mmusua no dodow ara nnim akenkan ne akyerɛw. Ram Desai kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Christianity in Africa as Seen by Africans mu sɛ: “[Afrikafo] kasa ahorow bɛyɛ ahanwɔtwe no mu anan pɛ na na wotumi kyerɛw ansa na asɛmpatrɛwfo no reba.” Enti asɛmpatrɛwfo bɔree ho nyaa ɔkwan bi a wɔbɛfa so akyerɛw kasa ahorow a na wɔnkyerɛw no. Afei wɔkyerɛwee osua-nhoma ahorow na wofii ase kyerɛɛ nnipa no akenkan. Eyi ma wosisii sukuu wɔ Afrika nyinaa.
Asɛmpatrɛwfo no sisii ayaresabea ahorow nso. Ram Desai gye tom sɛ: “Kuw foforo biara nni hɔ a wɔyɛɛ adwuma a ɛbɛto nnipa yiyedi ho adwuma a wɔyɛe no.” Ayaresa akyi no, na Afrikafo hwehwɛ honam fam nneɛma a efi Europa no. Asɛmpatrɛwfo binom hyehyɛɛ aguadi nnwuma ahorow, efisɛ wogye dii sɛ eyi bɛtwetwe nnipa a wobetumi asakra wɔn. Sɛ nhwɛso no, Basel Asɔre a efi Switzerland no hyehyɛɛ aguadi adwumakuw bi wɔ Ghana. Wohui sɛ cocoa nnua tumi yɛ yiye wɔ hɔ, na nnɛ, Ghana ne ɔman a ɛto so abiɛsa a wɔtɔn coooa a ɛdɔɔso sen biara wɔ wiase.
Kristoman asɛmpatrɛwfo dwuma a wɔatumi adi a ɛda nsow yiye ne Bible no a wɔkyerɛɛ ase no. Nanso Bible nkrasɛm no mu trɛw no kura asɛyɛde foforo bi a anibere wom. Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea eyi yɛ denam asɛm a obisae yi so sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade?” Bible no bɔ kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Kristosom no ankasa nso tra ase ma ɛne nnyinasosɛm pa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia.—Romafo 2:21, 24.
Na Kristoman dwumadi wɔ Afrika no nso ɛ? So adi Bible Nyankopɔn no ni, anaa ɛne Kristofo nkyerɛkyerɛ abɔ abira?