Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 10/8 kr. 16-17
  • Nokware Som—Tumi Ma Asomdwoe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Som—Tumi Ma Asomdwoe
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomdwoe Akyi a Wodi mu Mfaso Ahorow
  • Nokwaredi Ho Kyerɛwtohɔ
    Nyan!—1981
  • Cubafo Hwehwɛ Atrae Foforo
    Nyan!—1981
  • Cuba Aguanfo Ka Wɔn Asɛm
    Nyan!—1981
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 10/8 kr. 16-17

Nokware Som​—Tumi Ma Asomdwoe

ƐNYƐ nsɛm a wɔde ano ka nko na Bible no de hyɛ asomdwoe ho nkuran. Wɔ wɔn a wodi ne nkyerɛkyerɛ akyi no fam no, ɛyɛ tumi a ano yɛ den ma asomdwoe.

Tete Kristofo no anka asomdwoe ho asɛm nko, na mmom, na wonim wɔn wɔ wɔn ho a wɔmfa nhyɛ sraadi ne amansɛn mu no mu ne wɔ ɔhaw a wogyinaa mu esiane ɛno nti no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo Roland Bainton a ɔwɔ Yale Sukuupɔn mu no kyerɛwee sɛ:

“Efi Apam Foforo bere no awiei besi mfe du a ɛyɛ 170-180 mu no adanse biara nni hɔ sɛ Kristofo de mu ho hyɛɛ sraadi mu.” Guy Franklin Herchberger de ka ho sɛ: “Emu da hɔ pefee sɛ ansa na bɛyɛ Y.B. 174 reba no na ɛyɛ den sɛ wubenya Kristofo ho asɛm aka sɛ wɔyɛ asraafo.”

Na yɛn bere yi mu nso ɛ? So Bible no da so ara yɛ tumi ma asomdwoe wɔ wɔn a wofi koma nyinaa mu di ne nkyerɛkyerɛ ahorow akyi no asetra mu?

Wɔ ne nhoma A History of Christianity mu no, Paul Johnson kyerɛw faa asɔre ahorow no nneyɛe ho wɔ Nazi Germany wɔ Wiase Ko II bere no mu na ɔkae sɛ: “Ná wɔn a wɔyɛ akokodurufo paa ne Yehowa Adansefo a wɔbɔɔ wɔn nyamesom mu gyinabea a ɛsɔre tia no ho dawuru fi mfiase na wohuu amane saa ara no. . . . Wobuu bebree kumfɔ sɛ wɔpowee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ sraadi mu anaasɛ wɔde wɔn koguu Dachau anaasɛ abɔdamfo atrae ahorow. Wokunkum wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako ankasa; wɔtaa ɔha biara mu aduɔkron ason wɔ akwan horow so.

Nnansa yi ara na asɛm a edi so yi puei wɔ atesɛm krataa bi a agye din yiye mu wɔ Ke​—see fam Amerika ɔman bi mu: “Wɔde nyamesom mu ahofadi kame Yehowa Adansefo mpempem bebree wɔ ɔman yi mu esiane sɛ wɔn nyamesom mma wɔn kwan mma wonkyia frankaa, ntow ɔman dwom anaasɛ mma atuo so nti. Ɛno nti wɔakyekyere nnipa a wɔyɛ Yehowa Adansefo, wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔahwe wɔn na wɔayi wɔn mma adi afi sukuu ahorow mu na wɔde nhomasua kame wɔn.”

April 1981 Arkansas Gazette no de asɛm bi too gua a ɛfa Cuba aguanfo no ho wɔ Fort Chaffee, Arkansas. Sɛnea ɛkyerɛ no, bere a wobisaa oguanfo biako nea enti a wɔyɛ Yehowa Adansefo sɛ nnipa a wɔapow wɔn no, obuae sɛ: “Minnim Ɔdansefo biara wɔ Cuba na ɔwɔ sraadi mu. Ɛnte saa wɔ nyamesom foforo biara ho wɔ Cuba.” Ɔkae nso sɛ nea enti a Adansefo no huu amane kɛse no yɛ “afã biara a wonni no.”

Asomdwoe Akyi a Wodi mu Mfaso Ahorow

Bere a wakenkan asɛm bi a ɛfa Yehowa Adansefo ho wɔ Nazi adwumayɛban ahorow mu akyi no, Yudani kyerɛkyerɛfo bi a onyaa nkwa wɔ Sachsenhausen ban mu no kyerɛwee sɛ: “Hu a mihui sɛ ná mmarima ne mmea [Yehowa Adansefo] wɔ hɔ a wɔpaw owu mmom sen sɛ wɔde gyidi a ɛwɔ wɔn mu a wokura mu denneennen no bɛbɔ afɔre no bɛkɔ so ayɛ osuahu ahorow a ɛkanyan ankasa na anuonyam wom wɔ m’asetra mu no biako daa.

London Times tintim krataa bi a efi Ɔbenfo Bryan Wilson a ɔwɔ Oxford Sukuupɔn mu no hɔ a ɛfa afã biara a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Zambia ne Abibiman afoforo so nni no ho. Wɔ ne fã bi no, Ɔbenfo Wilson kae sɛ: “Yehowa Adansefo ka ɔman mma a wɔn ho nni asɛm koraa na wɔbɔ mmɔden wɔ Abibiman ahorow so no ho. Sɛ wɔde abrabɔ pa a wodi ho adanse na wɔtra ase ma ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ no di dwuma kɛse wɔ Afrika a, anka asetra mu ɔhaw akɛse a ɛma Abibiman hu amane no ano bɛbrɛ ase kakra.”

Ɛdefa Cuba Adansefo a wɔyɛ aguanfo wɔ Fort Chaffee no ho no, amanneɛbɔ a ɛwɔ Arkansas Gazette mu no kae sɛ: “Wɔne nnipa a wodii kan nyaa baabi trae wɔ afie afoforo mu efisɛ wɔn ‘nuanom mmarima ne mmea’ a wɔyɛ Amerikafo​—mfɛfo Yehowa Adansefo​—bɛhwehwɛɛ wɔn . . . Sɛ Adansefo frɛ wɔn honhom mu mfɛfo a. wɔwɔ asase biara so ‘onua barima anaa onuabea’ a, na ɛyɛ ampa.”

Ɛdenam hyɛ a wɔde wɔn werɛ hyɛ Onyankopɔn ahenni no mu so no, Yehowa Adansefo di nokwasɛm no ho adanse sɛ nokware som a egyina Bible so yɛ tumi a ano yɛ den ma asomdwoe bere a wodi akyi pɛpɛɛpɛ no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

“Yɛn sa . . . akode nyɛ ɔhonam mu de.”​—2 Korintofo 10:4

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena