Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 2/8 kr. 4-9
  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwofo Ɔsadweam​—Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
    Nyan!—1992
  • Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu​—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nyan!—1983
  • Abusua No Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Nyan!—1992
  • Ɛsodi Betumi Ayɛ Yiye
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 2/8 kr. 4-9

Asanom Bebrebe​—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware

Wɔn mu hena na ɔyɛ ɔsadweam ankasa?

1 2 3 4 (See pictures in publication)

SO WOFAA No. 4? Ebia asɛm a ɛnyɛ nokware koraa a waka wɔ asanom bebrebe ho ne sɛ, obi a bere nyinaa wabow titãa a ontumi nyɛ ne ho hwee no ne ɔsadweam ankasa. Nokwarem, nnipa a woyɛ asadweam no mu kakraa bi a wonnu ɔha biara mu 5 na wubetumi ahu wɔn a woabow a woyɛ wɔn ho hwee a ɛnyɛ yiye wɔ nkurow akɛse mu. Wɔn a aka no ɛ? Wɔrehwɛ mmofra no wɔ fie, wɔrehwɛ ayarefo, wɔreyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea.

Wo nyarewa akɛse nyinaa mu no, ebia ebiara nni ho a wɔaka nsɛm a ɛnyɛ nokware wɔ ho sen asanom bebrebe. Enti nokwasɛm ahorow no ne dɛn? Sɛ wɔbɛsa yare no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wohu nokwasɛm ahorow no. Na wobetumi asa ama ayɛ yiye.

● Dɛn Ne Asadweam?

Sɛnea Marty Mann a ɔtew National Council on Alcoholism (Ɔman Bagua wɔ Asanom Bebrebe Ho) na ɔyɛ ɛso panyin no kyerɛ no, “ɔsadweam ne obi a asanom kɔ so yɛ ɔhaw a emu yɛ den wɔ n’asetra nyinaa mu.” Asɛntitiriw no ne “kɔ so.” Sɛ nhwɛso no: Sɛ na asanom rehaw obi a ɔnom no sɛnea obiara nom no no, wɔ ne fie asetra anaa adwuma mu a, obetumi atew so, ɛwom mpo sɛ ebia ebehia sɛ omia n’ani ankasa de. Nanso wɔ obi a ɔyɛ ɔsadweam fam de ɛyɛ soronko. O, ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtew so. Nanso ɛmfa ho sɛ mmɔden bɛn ara na ɔbɛbɔ, sɛ ofi ase sɛ ɔrenom a, ontumi nni ne ho so, na enti asanom “kɔ so” yɛ ɔhaw wɔ n’asetra mu.

● Dɛn Nti Na Wɔfrɛ Asanom Bebrebe “Ɔyare”?

Sɛnea ɛte no, wɔtaa kyerɛ ɔyare ase sɛ “akwaa anaa nipadua no fã bi a biribi haw no. a ɛwɔ sɛnkyerɛnne ahorow bi a wode hu.” So saa nkyerɛkyerɛmu no fata asanom bebrebe? Sɛnea American Medical Association (Amerika Nnuruyɛfo Kuw) , World Health Organization (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) ne nnuruyɛ ne aban ahyehyɛde afoforo pii kyerɛ no, ɛte saa.

Ɔkwan bɛn so na “biribi haw” obi a ɔyɛ ɔsadweam wɔ ne nipadua mu? Ɛne sɛ, nsa a ano yɛ den ka no wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko so wɔ ɔkwan a ɛka nnipa afoforo no ho. Mfiase no ɔtaa nom nsa a ano yɛ den pii a ɔmmow. Afei nso, ebia n’adwene betu afra, a efi ɛno akyi no ɔrenkae nea ɔkae anaa ɔyɛe bere a ɔrenom nsa no, ɛwom sɛ na n’ani so da hɔ a afoforo hu sɛ ɔmmoe de. Na sɛnea yebehu no, sɛnkyerɛnne ahorow a wɔde hu wɔ hɔ.

Asanom bebrebe nyɛ nea ɛde ɔhaw ba wɔ ɔhonam mu nko. Ɛkã obi a ɔyɛ ɔsadweam no wɔ adwene, nkate ne honhom mu nso, na ɛsɛ sɛ wosusuw nokwasɛm ahorow yi ho wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa no no mu.

● So Wɔde Asanom Bebrebe Wo Nnipa Binom?

Adanse ahorow a ɛredɔɔso wɔ hɔ sɛ ebia saa na asɛm no te. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Denmark wɔ 1970 ne 1976 ntam hɔ no daa no adi sɛ asadweamfo mma betumi ayɛ asadweam mpɛn anan sen mmofra a wɔn awofo nyɛ asadweam. Na na eyi te saa, ɛwom mpo sɛ awofo afoforo a wɔnyɛ asadweam na wɔtetee mmofra no.

Wɔ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ Washington Sukuupɔn mu wɔ Seattle no, wohui sɛ mmerante a ná wɔnom nsa bebrebe wɔ wɔn mmusua mu no nya nea wɔfrɛ no borɔfo mu acetaldehydea pii wɔ wɔn mogya mu bere a wɔanom nsa no. Science Digest kyerɛ sɛ “acetaldehyde a ɛdɔɔso no betumi ama ɔbow nka a wɔte ne anigye a nsa a ano yɛ den de ba no anya nkɔanim, na ɛdenam saa yɛ so no, ɛbɛyɛ ade a ano yɛ den a ɛkanyan obi ma ɔnom kɛse.”

Nanso, nhwehwɛmu ahorow a ada adi yi nyɛ nea esi no pi, na mmom nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nsa a ebinom nom no bebree no betumi ayɛ nea efi awosu mu.

● So Wobetumi Agyae Asanom Bebrebe?

Sɛ ‘gyae’ no kyerɛ, sɛ́ wobetumi adi wɔn ho so, anom no sɛnea afoforo nyinaa yɛ no no de a, eyi yɛ nea ɛntaa mma ma enti abenfo pii bɛma mmuae sɛ, Dabi! Ɔbenfo Sheila Blume, New York Ɔman Asanom Bebrebe ne Nsa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So Dwumadibea no kwankyerɛfo panyin no ka no sɛɛ se: “Meka kyerɛ me nnipa (asadweamfo) no sɛ, wɔmfa no sɛ wɔwɔ Long Island Sound afã ha na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wonguare ntwa asu a oboodede ayɛ mu ma nkɔ Connecticut. Wɔ asuguarefo ɔhaha pii mu no, ebia biako anaa baanu na wɔbɛyɛ​—nanso so wobɛtom?”

Nanso, asanom bebrebe yɛ nea wotumi di so, na ɛho afotufo ne asadweamfo a wɔagyae pii gye tom sɛ, wobetumi adi so ankasa denam gyae a wobegyae koraa no so.

● So Ɛno Ara ne Asabow?

Dabi. Asabow kyerɛ nea efi nsa a wɔnom ma ɛtra so mu ba​—honam no ne adwene no tumi a wontumi nni so wɔ bere tiaa bi mu. Nanso ɛnyɛ obiara a ɔbow nsa na ɔyɛ ɔsadweam. Na ɛnyɛ asadweamfo nyinaa na wɔbow. Sɛ nhwɛso no, ebia asadweamfo a ɔregyae rennom nsa koraa. Nanso ɔda so ara yɛ ɔsadweam; sɛ ofi ase nom a, awiei koraa no ɔrentumi nni ne ho so.

Bible no kasa tia asanom pii ne asabow nyinaa sɛ enye. (Mmebusɛm 23:20, 21; 1 Korintofo 5:11-13; 6:9, 10) Nanso ɛho nhia sɛ obi a ɔyɛ ɔsadweam no bow. Obetumi atra hɔ komm denam nsa a ɔrennom no so. Nanso, sɛ onim sɛnea ne tebea te no yiye na ɔkɔ so nom nsa na ɔkɔ so bow a, ɛnde na ɔwɔ abrabɔ mu ɔhaw​—asabow.

● So Ɔpɛ a Emu Yɛ Den Ara Kwa Na Wonni?

“Asadweamfo pii wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sen sɛnea wosusuw,” saa na Marty Mann ma mmuae. “Wɔbɛsɔre akɔ adwuma bere a sɛ obi foforo na ɔte nka sɛnea wɔte no a, anka ɔbɛda ma wɔafrɛ oduruyɛfo abrɛ no.” Sɛ ɔpɛ a emu yɛ den ara kwa na asadweamfo nni a, ɛnde anka akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu pii bɛyɛ akɔwensafo a wɔnyɛ adwuma.

Ebia asɛm a ɛnyɛ nokware a ɛfa asadweamfo ho a ɛne sɛ wonni ɔpɛ a emu yɛ den no fi nea ɛba bere wɔnom no​—wontumi nni wɔn ho so. Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ ɔsadweam no fi ne pɛ mu twe ne ho fi nea edi kan a ɔbɛnom no ho.

● Na Nnuru Ahorow Nso Ɛ?

Ebia asadweamfo a onyan a ne ho wosow na ɔmpɛ sɛ ɔnom nsa anɔpa no bɛnom aduru a ɛbɛma ne ho atɔ no kakra. Nanso ebia nea ɔrenhu ne sɛ ne nipadua no nnim nsonoe a ɛda mu. Nsa a ano yɛ den sakra tebea a obi wom, te sɛ nea nnuru a edwodwo ɛyaw ano, nea wonom a ɛma wo da, ne mpo nnuru a wɔde sa ɔpakum anaa ɔpapu, sakra tebea a obi wom no. Na ade a ɛsakra tebea a obi wom biara betumi apira obi a ɔyɛ ɔsadweam.

Enti, sɛ obi betumi akɔ so agyae a, abenfo pii hyɛ nyansa sɛ ɛnyɛ nsa a ano yɛ den nko na ɛsɛ sɛ asadweamfo twe wɔn ho fi ho na mmom nnuru a ɛsakra tebea a obi wom nyinaa.

● Ɔkwan Bɛn So na Ɛsono Asadweamfo Asanom wɔ Sɛnea Obiara Nom no no Ho?

Obi a ɔyɛ ɔsadweam asanom no kɔ akyiri sen nea wɔagye atom sɛ nnipa nyina yɛ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a wunim no fi ase wia ne ho kɔhyɛ sum mu baabi nom milk a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛka sɛ biribi atõto. Ɛnyɛ sɛnea wɔyɛ no nen. Nanso asadweamfo taa wia wɔn ho nom nsa, na mpo wɔde bi sie a akyiri yi wɔbɛnom. Wɔn a wɔnom no sɛnea nnipa nyinaa yɛ no nyɛ saa.

Nanso, nsonoe kɛse a ɛda asadweamfo asanom ne wɔn a wɔnom no sɛnea obiara yɛ no no ntam ne ahosodi. Wɔn a wɔnom nsa pii no mpo taa tumi kyerɛ bere ne dodow a wɔbɛnom. Obi a ɔyɛ ɔsadweam rentumi. Ɔkɔ so ara nom tra nea ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛnom no so.

So wo nsanom no abɛyɛ nea ɛho asɛm kɔ so ara haw afoforo? Ka nokware. Ebia wobɛka sɛ, ‘Mitumi gyae bere biara a mepɛ sɛ migyae.’ Na ebia nea woka no yɛ nokware. Nanso sɛ́ wubegyae no nyɛ nea ɛyɛ den, efisɛ asadweamfo a wɔadu akyiri yiye no mpo, ɛtɔ bere bi a wotumi yɛ saa wɔ bere tiaa bi mu. Afei nso, wote nka dɛn bere a woagyae no​—bɔkɔɔ a wo ho atɔ wo anaa woyɛ basaa a wunhu nea woyɛ? Kae, nea ehia titiriw ne ahosodi. Enti nhoma Alcoholics Anonymous ka sɛ: “Sɛ bere a worenom nsa no, ahosodi kakraa bi na wowɔ wɔ dodow a wonom no mu a, ɛnde ebia woyɛ ɔsadweam.”

● Dɛn Nti na Ɔsadweamfo no Nhu Nea Ɛreba Ne So No?

Bere a ne tebea no mu kɔ so yɛ den no, obu a obi a ɔyɛ ɔsadweam wɔ ma ne ho no kɔ fam na nea ebesi ananmu ne dadwen, afobu, aniwu ne ahoyeraw. Sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtɔ no no, bere a n’ani nna hɔ no, ɔde anoyi ahorow pii ma.

Anoyi: Ɔde anoyi ahorow ma wɔ nsa a ɔnom ne nea ɛde ba no ho: “Mayɛ basaa,” “mabotow,” “mede yafumpan na ɛnomee.”

Sobo: Ɔde ɛyaw nka a ɔte no to afoforo so. Afei ohu afoforo sɛ “wokyi no,” “wɔtan no,” “wobu no nipa hunu,” “wɔmpɛ n’asɛm.”

Ahohyɛso: Oyi asanom no mu amanehunu ahorow no fi n’adwene mu, ogye ne ho di ankasa sɛ biribi a ɛte saa ansi. Enti, bere a nsa a ɔnomee nnɛra anadwo no ahaw ne yere no, ebia obetwa ne ho abisa sɛ: ‘So biribi haw wo anɔpa yi anaa?’ Na ɛma ne yere ho dwiriw no!

Nea Ɛyɛ No Anigye a Ɔkae: Ɛtɔ bere bi a nsa a ɔnomee ne nneɛma ahorow a ɔyɛe ma ne ho sɛpɛw no anaasɛ onya anigye. Enti ebia ɔbɛka sɛ, ‘Yiw, mitwaa kakra nnɛra anadwo, na ɛmaa m’ani gyei’​—bere a nokwarem no, ɛnyɛ nea n’ani gyei. Nsa asɛe n’adwene.

Saa anoyi ahorow yi siw obi a ɔyɛ ɔsadweam no kwan ma onhu nea ɛreba ne so no. Ohia mmoa.b

● Mmoa Bɛn na Ohia?

‘Nea ohia nyinaa ne mmoa a ɛbɛma wagyae asanom,’ ebia saa na wubesusuw. Nanso ohia nea ɛsen saa.

Honam Fam: Ɛsɛ sɛ wɔde nkakrankakra ma nsa bɔre no fi ne mu. Ebia eyi behia sɛ wɔde no kɔto ayaresabea sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asa honam mu nyarewa ahorow a asanom bebrebe de aba no nso. Nanso ahoɔden a obenya wɔ honam fam no nkutoo nnɔɔso. Anyɛ saa a, bere a ɔte nka sɛ ne ho reyɛ no den no, ebia obesusuw sɛ, ‘Afei de metumi anom no wɔ ɔkwan pa so.’

Adwene Mu: Ɛsɛ sɛ osua nokwasɛm ahorow a ɛfa asanom bebrebe ho no, na ohu nea enti a nyansa wom ma no sɛ ɔtwe ne ho fi ho no, na ogye tom. Saa nimdeɛ yi bɛboa no wɔ mmɔden a ɔbɛbɔ wɔ ne nkwa nna nyinaa mu sɛ ɔbɛma n’ani ada hɔ no mu.

Asetra Mu: Ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔno ankasa, ne ɔne afoforo, bɛtra wɔ asomdwoe mu.

Nkate Mu: Ɛsɛ sɛ osua sɛ obetumi agyina dadwen ne nkate afoforo a enye a ɛwɔ ne mu no ano. Ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔbɛma n’ani agye bere a ɔnnom nsa.

Honhom Mu: Esiane sɛ ama wabɛyɛ onipa hunu ne obi a ehu aka no nti, ohia mmoa a ɛbɛkanyan no ma wanya anidaso, ahotoso ne awerɛhyem.

● Ɛhe na Obetumi Anya Mmoa a Ɛte Sɛɛ?

Bere a akwan horow a wɔfa so sa wɔ hɔ no, ade biako da adi sɛ ɛyɛ nea etwa sɛ wɔyɛ​—obi a ɔwɔ ho nimdeɛ na ɔte nka ma no a obenya no ma wakasa akyerɛ no, ebia obi a wayɛ bi pɛn agyae. Eyi betumi akanyan no ma wanya anidaso, efisɛ ɛma asadweamfo no hu sɛ ɔno nso betumi agyae, anya ahoɔden.

Wɔaboa asadweamfo pii wɔ mmeae a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde mmoa bɛma wɔn a asanom bebrebe de wɔn ayɛ nkoa. Saa mmeae yi yɛ baabi a ebia nnipa te sɛ nnuruyɛfo, adwene ho abenfo ne animdefo afoforo yɛ adwuma. Wɔde ntetee ahorow a ɛho hia ma asadweamfo no wɔ ha na ɛma osua asanom bebrebe ho ade wɔ ɔkwan a obetumi agye atom so.

Afei nso, ebia kuw ahorow a ɔfotufo a ne ho akokwaw di wɔn anim de nkuranhyɛ ankasa bɛma ɔsadweamfo no wɔ ne haw no ho na wɔaboa no ma waka nea ɛhaw no, na wahu anoyi ahorow a n’ani nna hɔ a ɔde ma no. Esiane sɛ ɔrentumi nsakra nea ontumi nhu nti, nneɛma a ɛte sɛɛ a obehu no yɛ mmoa wɔ ahoɔden a obenya mu. Nanso ayaresa biara a wɔde bɛma mu no, botae titiriw no ne sɛ wɔbɛboa asadweamfo no ma wasua sɛ obegyina nkate ahorow no ano a ɔnnom nsa.

Nanso, bere a ɔsadweamfo a ne ho reyɛ no den no fi saa aduyɛ no mu no, ebia obehyia tebea anaa nneɛma ahorow a ɛma ɔnom nsa no bio ankasa. Ebia obenya nkate ahorow a enye wɔ n’ankasa ho, abusua mu nsɛm anaa ne ti a ɛkeka wɔ adwuma mu. Ampa, ohia mmoa a wɔkɔ so de ma na watumi agyina ano. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mmoa a ɛte sɛɛ no, ebinom dan kɔ asadweamfo a wɔagyae atuho-akyɛ akuw horow a wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho no so.c

Nanso, mmoa fibea foforo wɔ hɔ, nea ebetumi ama asadweamfo a ne ho rebae no ahoɔden “a ɛboro so” wɔ mmɔden a ɔbɔ da biara sɛ obegyina asetra ano na wakura anidahɔ mu no mu. Ɛno ne dɛn?​—2 Korintofo 4:7, 8.

Ɔsadweamfo bi a ne ho rebae no se: “Me nkonimdi no gyina me gyidi wɔ Yehowa mu, tumi a mpaebɔ wɔ ne mmoa a me nuanom Kristofo de maa me no so. Sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka sesɛɛ meda gɔta mu, ana mawu, esiane asanom bebrebe nti.” Yiw, ɛyɛ Bible no a ɔne Yehowa Adansefo suae, ne Kristofo nhyiam horow a ɔkɔe na ɛmaa ɔbarima yi nyaa gyidi ankasa wɔ Onyankopɔn ne Kristofo ayɔnkofo a wɔwɔ ɔdɔ mu no. Nanso ɔkwan bɛn so na eyi betumi aboa?

Yiw, Onyankopɔn Asɛm no a asadweamfo a ne ho rebae no besua no betumi aboa no ma wasesa ɔkwan a ɔfa so susuw nneɛma ho no. (Romafo 12:1, 2) Afobu ne abasamtu nka a ɔte no ano brɛ ase bere a ɔba behu Yehowa sɛ mmɔborohunufo, Onyankopɔn a ɔwɔ fafiri no. (Exodus 34:6, 7) Afei nso, Bible nnyinasosɛm ahorow kyerɛ no sɛnea ɔbɛma abusua asetra anya nkɔso, sɛnea ɔbɛyɛ odwumayɛni a adwumawura biara ani begye ne ho, ne sɛnea obekwati nsusuwii ne nneyɛe ahorow a ɛde dadwen ne haw a ɛho nni mfaso ba no.​—Efesofo 5:22-33; Mmebusɛm 10:4; 13:4; Mateo 6:25-34.

Bere a ɔne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den no, osua sɛ ɔde ne ho ne n’adesoa bɛhyɛ Yehowa nsa ahotoso mu wɔ mpaebɔ mu. Ɛdenam Kristofo nnamfo a wɔwɔ ɔdɔ mmoa so no, osua sɛ ɔbɛda ne nkate ne ahiade ahorow adi pefee, na obehu sɛ obetumi abɛn afoforo a osuro biara nni mu. Abusuabɔ ahorow a ɛte sɛɛ kanyan ahobammɔ nka a wɔte ne obu a wonya ma wɔn ho a ɔsadweamfo a ne ho rebae no hia kɛse no. ​—Dwom 55:22; 65:2; Mmebusɛm 17:17; 18:24.

Enti, so wasanom no ho asɛm abɛyɛ nea ɛhaw wo anaa afoforo? So asanom de ɔhaw ahorow aba w’asetra mu baabi anaa? Ɛnde yɛ ho biribi! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so kura biribi a ebetumi de ɛyaw ne ɔhaw pii abrɛ wo mu? Ɛdenam nokwasɛm ahorow no (ɛnyɛ nea ɛnyɛ nokware no) a wubehu na woayɛ sɛnea ɛkyerɛ no so no, ebetumi ayɛ yiye sɛ wo ho bɛbae wo wɔ asanom bebrebe mu, na woabɔ bra a anigye wom na mfaso wɔ so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Acetaldehyde yɛ ade a ɛba bere a nsa ama nipadua no ntumi nyɛ hwee no.

b Asɛm a ɛfa nea abusua no betumi ayɛ ho bepue wɔ Nyan! no mu akyiri yi.

c Ampa, ɛho hia sɛ onipa a ɔpɛ sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow tra ase no hwɛ yiye wɔ mmoa a ɔhwehwɛ no mu. Ɔrempɛ sɛ ɔde ne ho yɛ ahyehyɛde bi a wɔ ɔkwan biara so no ɛbɛma, anaasɛ ɛbɛhyɛ no nkuran ma wagyae ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow mu no ayaresa anaa dwumadi ahorow mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Mmoa fibea bi wɔ hɔ a ebetumi de ahoɔden “a ɛboro so” ama

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

So asanom rehaw adwene wɔ w’asetra mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so kura biribi a ebetumi de ɛyaw ne ɔhaw pii aba mu?

[Kratafa 5 adaka]

Asanom Bebrebe ho Sɛnkyerɛnne Ahorow

(Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ eyinom yɛ asanom bebrebe ho sɛnkyerɛnne ahorow no bi, ne sɛ ebetumi asono sɛnkyerɛnne ahorow yi mfiase wɔ ankorankoro ho.)

Sɛnkyerɛnne ahorow a ebetumi adi kan

● Nsa a ɔnom no fuu (“Afoforo nom no nkakrankakra”)

● Nsa a owia ne ho nom

● Odi kan nom bi (“Ebia obetwa bi ansa na apontow no adu so”)

● Dodow a otumi nom no kɔ anim

● Ɔbow Ahorow (“Ɛyɛɛ dɛn na miduu fie nnɛra anadwo?”)

Sɛnkyerɛnne ahorow a ebetumi adi hɔ

● Ofi ase yɛ obi a onni ahosodi

● Onnye ɔhaw ntom

● Ɔsesa nsa a ɔnom (“Eye sɛ mɛdan akɔ nsafufu so. Ɛyɛ akpeteshie na mintumi”)

● Ɔbɔ mmɔden sɛ obegyae nom

● Ne nkutoo nom

Sɛnkyerɛnne ahorow a ebetumi adi akyiri

● Ɔbɛyɛ obi a onni ahosodi koraa

● Asabow bɛyɛ ntoatoaso na emu kɔ so yɛ den

● Ɔnom kakraa bi a na wabow

● Ehu ne dadwen ahorow a nyansa nnim

● Adwene mu basaayɛ

[Kratafa 6 mfoni]

So ne nipadua nim nsonoe a ɛdam?

[Kratafa 7 mfoni]

So wɔn a wɔnom no sɛnea obiara nom no yɛ eyi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena