Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
ƆTƆ NTINTAN, ɔbrɛ ansa na wadu fie bere a wakɔnom nsa anwummere no akyi, na ɔkyea ne ho to asa no so da. Ɛhaw ne yere na ɔyɛ basaa. Nanso, ɔbɔ mmɔden ma ne so, popa ne ho na ɔde no kɔto mpa so. Ne kunu yɛ ɔsadweam.a
Ade kye a ɔhyɛ bɔ sɛ ɛremma saa bio da. Ɛtɔ bere bi a ɔnkae nea esii anadwo a etwaam no biara. Nanso ne yere kae! ‘Merenka ho asɛm biara,’ saa na ɔka wɔ ne tirim, efisɛ osuro sɛ ɔka a, ne bo befuw na wafi ase anom bio. Esiane sɛ ɛnyɛ nea ɔbarima no betumi akɔ adwuma nti, ne yere frɛ n’adwuma mu panyin wɔ telefon so na ɔsrɛ kwan ma no.
Ɔbea no nya anidaso sɛ ɔbarima no rennom no kɛse bio. Nokwarem, ɔbea no bɔ mmɔden denneennen sɛ obedi ne kunu asanom no so. Enti ɔde nsa no sie anaasɛ ɔtow kyene.
Ɔbea no to wɔn fekubɔ ahorow ano hye, efisɛ ɔmpɛ animguase a n’asanom de ba no. Na ɔne afoforo mmɔ fekuw bere a ɔbarima no nka ho, efisɛ osuro sɛ anhwɛ a ne bo befuw na wanom nsa no kɛse mpo.
Nanso, wɔ eyi nyinaa akyi no, ɔkɔ so ara nom nsa! Dɛn ntia? So ɔbea no nyɛ nea obetumi nyinaa mfa mmoa no? Nokwarem, bere a ɔbea no nhu no, wama gyae a obegyae no ayɛ den kɛse. Ɛnyɛ ne kunu nkutoo na ohia mmoa—ɔno nso hia bi!
So asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no fa abusua bi a wunim ho, ebia w’ankasa de no mpo? Sɛ saa a, ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na moka sɛ ɔyere no nso betumi ahia mmoa?’
Sɛnea Ɛkã Abusua No
Asanom bebrebe kã abusua mu no nyinaa kɛse wɔ nkate mu. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii ɔyere no na asadweamfo no nneyɛe ka no kɛse.
Sɛ nhwɛso no, sɛnkyerɛnne kɛse a ɛfa asanom bebrebe ho ne pow a wɔpow sɛ wobegye asanom ho ɔhaw a ɛwɔ hɔ no atom. Nanso, mpɛn pii abusua no mufo nso pow sɛ wobegye atom, ebia esiane sɛ wosuro animguase nti. Enti sɛ wo hokafo no wɔ ɔhaw wɔ asanom mu a, so wuhu wo ho sɛ wunya “anoyi ahorow” ma nsa biara a ɔnom ma ɛtra so?
Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Esiane sɛ mmɔden ahorow a wobɔ sɛ wubedi wo hokafo asanom no so no nyɛ yiye bere nyinaa nti, ebia wote nka wo wɔ mu sɛ nea woyɛ no nnɔɔso na ɛma adwennwen tɔ wo so. Anaa nea ɛsen saa mpo no—so wote ɛyaw ne awerɛhow nka wɔ wo mu? “Mete nka mpɛn pii sɛ me yam a anka wawu,” saa na ɔyere bi a n’ani abere kae.
Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ebia wubenya nkate ne adwene horow a enye a asadweamfo no nya no ara bi—dadwen, ehu, abufuw, afobu, basaayɛ, abasamtu ne obu ma wɔn ho a ɛkɔ fam. Yiw, ɔyere no nso taa hia mmoa.
Na mmofra no nso ɛ? Ɛyɛ awerɛhow sɛ wubesusuw nkate mu etwã a ebia wobenya a ɛremfi hɔ da no ho. Hwɛ nea asadweamfo mma bi ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi.
“Ná bere nyinaa mewɔ mfinimfini. Bere bi a na madi bɛyɛ mfirihyia akron no, na Mama nom nsa na ɔne Papa nyaa akasakasa kɛse bi. Mama sɔree sɛ ɔrefi adi akɔ. M’ani beree, na misoo n’atade mu, srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ.”
“Ná obiara nim. Mitumi kae bere a na menam rekɔ sukuu a mete sɛ mmarimaa no reserew na wɔreteɛm sɛ, ‘W’agya yɛ ɔwee!’ no.”
“Mete nka sɛ memfra. Mede ho asodi no too m’ankasa so.”
“Meda so ara te nka kɛse sɛ minni ahotɔ, minnye me ho nni, mibu me ho sɛ memfata na m’ani nnye m’ankasa ho.”
Ɛnyɛ den sɛ wubehu nea enti a ebia mmofra a wɔte sɛɛ yɛ basaa, wɔtwe wɔn ho na wɔmpɛ kasa pii no. Mpɛn pii wɔtotow abufuw, ehu, huammɔdi ne ankonamyɛ ase na wonnye ntom. Sɛ wɔanyɛ saa a epira wɔn dodo. Yiw, ebia mmofra no nso behia mmoa.
Enti, ebia wo—sɛ abusua no muni no—wubehia mmoa (1) ma woakɔ so akura w’ankasa wo adwene mu nkate pa no mu na (2) woasua ɔkwan a eye a wobɛfa so adi asadweamfo no ho dwuma.
Sua Nokwasɛm Ahorow No
Fi ase denam nsɛm ahorow a ɛfa asanom bebrebe ho a wubehu no so. Ebia ɔman nhomakorabea (Library) anaa beae a wɔde asanom bebrebe ho nsɛm ma betumi de nneɛma a ɛboa ama. Afoforo a wɔahyia ɔhaw a ɛte saa ara a wo ne wɔn bɛkasa betumi ama woanya nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho nyansahyɛ ahorow a eye.
Ebia asemmisa kɛse a ɛwɔ w’adwene mu ne sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa ɔsadweamfo no?’ Nanso ansa na wubetumi aboa ɔsadweamfo no, ebia wubehia mmoa na ama woayi w’ankasa nkate ne adwene horow a enye no afi hɔ. Enti nea edi kan no, sua sɛnea n’asanom bebrebe no akã wo. Sɛ anyɛ saa a, worentumi mmoa asadweamfo no!
Afei, sua ɔkwan a eye a wɔfa so di ɔsadweamfo no ho dwuma. Ebia mfiase no woyɛɛ wo ade te sɛ ɔyere a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Nanso mmɔdenbɔ ahorow a ɛte sɛɛ taa boa ma asanom bebrebe nya nkɔso mmom sen sɛ ebegyae. Dɛn ntia? Efisɛ ɛmma asadweamfo no nhu aniberesɛm a ne tebea no yɛ no. Ɛmma onnye ntom. Enti kata a wobɛkata nea efi n’asanom no mu ba so no taa ma otumi kɔ so ara gye ɔhaw no ho kyim na ɔkɔ so ara nom.
Ɔsadweamfo no a Wobɛkyerɛ no Kwan Akɔ Mmoa Ho
Ɛwom sɛ wurentumi nhyɛ asadweamfo sɛ ɔnkɔ mma wɔnyɛ no aduru de, nanso wubetumi ama wayɛ obi a ɔpɛ mmoa. Na ɔkwan bɛn so?
Titiriw no, akwan ahorow abien wɔ hɔ: (1) ma onhu nea efi nsa a ɔnom mu ba no na (2) fa nokwasɛm ahorow a ɛfa n’asanom ho no si n’anim tẽe. Bere a wabow paa mpo no, ɔsadweamfo no tumi gye nokwasɛm kakra bi tom, sɛ wɔka kyerɛ no wɔ ɔkwan a obetumi agye atom so a!
Nanso, ansa na yɛbɛka ɔkwan no mu biara ho asɛm no, kɔkɔbɔ bi nni: Eyi a wobɛyɛ no hia sɛ wɔkyerɛ wo nneɛma ahorow fa asanom bebrebe ho na wunya nkate mu ahoɔden sɛ wode saa nimdeɛ no bedi dwuma.
Afei, dɛn na sɛ́ wobɛma asadweamfo no ate nea efi n’asanom mu ba nka no kyerɛ? Ɛnkyerɛ twe a wobɛtwe n’aso, na mmom ɛhwehwɛ sɛ wobɛyɛ den. Sɛ nhwɛso no, ma yɛnnan nkɔ ɔyere a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no so. Hyɛ nea Ɔbenfo Winnie Sprenkle a ayɛ akwankyerɛfo wɔ beae a wɔde afotu ma wɔ faako a wotumi sa asanom bebrebe yare no hyɛɛ ho nyansa wɔ nsɛm bi a Nyan! kyerɛwfo bisabisaa no mu no nsow.
· Dɛn na obetumi ayɛ bere a ne kunu kyea ne ho to fam da no? “Ne nyinaa mu no, ɛho hia yiye sɛ abusua no renkata ɔhaw no so a ɛremma asadweamfo no nhu nea ɛkɔɔ so no. Enti sɛ ɔkyea ne ho da fam na onyan anɔpa a ɔda ne mpa so a ofura ne ntama anaa ɔhyɛ n’atade a ɔde da a, ɔrenhu nea esii no.” Enti bere a egyina tebea horow so no, obetumi ama wada hɔ ara. Bere a onyan anɔpa a ɔda fam no, obehu nokware a ne tebea no yɛ no.
· Bere a ɔnkae sɛnea ɔyɛɛ n’ade da a etwaam no, dɛn na ɔbea no betumi ayɛ? “Ka nokware no kyerɛ no, nanso ɛnyɛ abufuw so. ‘Nea esii nnɛra anadwo ni, na sɛnea ɛkãa me ni.’” Ɛwom sɛ ebia ne bo befuw de, nanso na ɔreboa no ma wahu sɛ ne nneyɛe no nyɛ nea ɛkɔ so wɔ mmusua a wɔwɔ anigye mu.
· Na sɛ ɔbea no tew ne ho nso ɛ? “Misusuw sɛ ade a ɛho hia titiriw ne sɛ abusua no bɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so sɛnea wobetumi. Nkakrankakra asadweamfo no ba behu nsonsonoe kɛse a ɛda ɔne abusua no mufo a aka ntam no. Mpɛn pii nea ɛno de ba ne ka a awiei koraa ɔka sɛ, ‘Hwɛ, biribi haw me na ehia sɛ minya mmoa bi!’” Enti, sɛ ɔbea no ne afoforo bɔ fekuw bere a ɔnka ho a, obetumi ama wahu wɔ ayamye mu sɛ ne yam a anka wabɛka ne ho, nanso n’asanom no na esiw ho kwan.
Na ɔkwan a ɛto so abien a ɛne si a wɔde besi n’anim, no nso ɛ? Wɔ I’ll Quit Tomorrow mu no, Vernon E. Johnson kamfo nea edidi so yi kyerɛ:
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde si n’anim no yɛ nnipa a obu wɔn kɛse wɔ n’asetra mu. Ɛdenam ɔfotufo a ne ho akokwaw mmoa so no, wɔn mu biara kyerɛw nsɛm a ɛfa asadweamfo no nneyɛe ho nyinaa gu krataa so. Wahyɛ da ne bere a ɛda adi sɛ ebia asadweamfo no bɛyɛ aso. Afei wɔ ɔkwan a ɛda sɛnea ɛhaw wɔn kɛse adi so no, wɔn mu biara kenkan asɛm a wakyerɛw agu krataa so no ma ɔte. Ɛwom sɛ ebia mfiase no asadweamfo no beyi ne ho ano de, nanso wogyina pintinn na wɔkɔ so. Botae no ne sɛ wɔbɛma asadweamfo no agye nokwasɛm ahorow bi atom na wahu hia a ɛho hia sɛ onya mmoa no.
Ɛhe Na Wobetumi Anya Mmoa?
Abusua no mufo bi ne asadweamfo no dan kɔhwehwɛ mmoa wɔ faako a wɔyɛ nnipa a wanom nsa bebrebe aduru, baabi a ebia wabɛyɛ aduyɛ ho nhyehyɛe ama abusua no mufo no nso. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aboa? Ebedu saa bere yi no, ebia abusua no mufo kae nneɛma ahorow a ɛyɛ yaw, na wɔanya nkate ahorow a enye. Esiane sɛ ɛnyɛ wɔn ankasa nkate na ɛkã wɔn nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte ɔsadweamfo no ase. Enti, mpɛn pii aduru no botae atitiriw ne: sɛ obi behu n’ankasa nkate ahorow na wagye atom (sɛ wobetumi adi nkate horow a enye so a, ɛsɛ sɛ wodi kan gye tom) ; ɛsɛ sɛ ɔte onipa foforo no nkate horow ase ne sɛnea obi nneyɛe ka no wɔ adwene mu; na ɔde saa nhumu yi adi dwuma, na ɔnam eyi so asua ɔkwan a eye a ɔbɛfa so ayɛ ade.
Wubisa sɛ, ‘Na sɛ asadweamfo no pow sɛ ɔbɛkɔ akogye mmoa nso ɛ?’ Sɛ ɔsadweamfo no kɔ o, sɛ wankɔ o, ebia ɛbɛyɛ nea wuhia mmoa na ama woagye w’ankasa nkate horow a enye no atom na woadi so. Wɔ mmoa a ɛte sɛɛ ho no, mmusua binom dan kɔ mmusua a emufo bi yɛ asadweamfo akuw a ɛwɔ mpɔtam hɔ so. Akuw horow a ɛte sɛɛ bɔ mmɔden sɛ wɔde asadweamfo a wɔne no tra ɔhaw ahorow no ho ntease ne nhumu bɛma. Ɛwom, akuw a ɛtete sɛɛ bi nni wiase afanan nyinaa.b Afoforo nso, bere a wohu sɛ wohia mmoa wɔ adwene mu no, wɔdan kɔ beae foforo.
“Nokware a ɛwɔ Bible mu a mihui no ne nea ɛboa me ma migyina ano,” saa na Ann a ɔne ne hokafo a onnye nni a ɔyɛ ɔsadweamfo atra mfirihyia 30 no ka. Sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, osua Bible no daa na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde bedi dwuma wɔ ne tebea no mu. Bere a eyi mma ɔhaw ahorow no mfi hɔ no, ɛboa no ma onya anigye wɔ eyi nyinaa akyi. Na ebetumi aboa wo nso. Ɔkwan bɛn so?
Ade biako ne sɛ, Bible nnyinasosɛm ahorow a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woadi nkate ne adwen horow a enye no so na ama woanya anigye a wo tebea no mfa ho. Nanso, sɛ́ wobɛyɛ eyi no hwehwɛ gyidi a ɛyɛ den sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea wahyɛ ho bɔ no. (Hebrifo 11:1, 6) Susuw nhwɛso ahorow bi ho.
Adwennwen: So wuhyia sika fam ahokyere esiane wo dɔfo no asanom no nti, na so sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛkɔ mo ano ayɛ dadwen kɛse ama wo? “Munnnwinnwen,”c ɛno ne afotu a Yesu de ma wɔ asetra mu ahiade ahorow ho. “Mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo” na obetumi ama wɔn a wɔde ne som di kan wɔ wɔn asetra mu no nsa aka, na ɔbɛma wɔn nsa aka nso. (Mateo 6:25-34) Afei Yesu de nyansahyɛ a eye sen biara a wɔde di adwennwen so ma—yɛ nea wuhia nnɛ ho adwuma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode ɔkyena adwennwen ka nnɛ de ho? Afei nso, sɛnea Bible osuani bi kae no: “Nea ɛbɛba daakye ankasa ntaa nyɛ hu sɛ ehu a yɛwɔ wɔ daakye ho no.”
Nanso, Yesu asɛm no ara kwa a wubehu remma adwennwen no mfi hɔ. Ɛsɛ sɛ wode di dwuma, na ɛhɔ na gyidi ankasa no ba. Onyankopɔn tumi ne bɔhyɛ sɛ ɔbɛma n’asomfo nsa aka nea wohia no yɛ nokware. Asemmisa koro a ɛwɔ hɔ ne sɛ: So yɛwɔ ahotoso koraa sɛ bere dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de no Onyankopɔn nso bɛyɛ ne fam de?
Afobu: So nkate ne su horow a enye ama wote afobu nka? Ampa, wowɔ sintɔ ahorow, na Onyankopɔn mpene su bɔne ahorow so. Nanso Bible no ma yɛn awerɛhyem wɔ ɔdɔ mu sɛ: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ [Onyankopɔn] a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn.” (1 Yohane 1:9; Mmebusɛm 28:13) So ntease ankasa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn renyɛ saa wɔ wo fam, bere a woyɛ wo fam de no? Sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no ɔbɛyɛ. Nanso wo ho rentɔ wo gye sɛ wugye ɛno di kɛse.
Onyankopɔn Asɛm no sua nso betumi aboa wo ma woanya Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa. Na saa honhom no betumi ama su pa ahorow te sɛ ‘ɔdɔ,.anigye, asomdwoe, ayamye, odwo ne ahosodi’ ayɛ wo ma. (Galatifo 5:22, 23) Mmoa a ano yɛ den a wɔde di nkate horow a enye so bɛn ara ni! Nanso, ɛsɛ sɛ ‘wokɔ so bisa’ Onyankopɔn na ɔma wo ne honhom no. (Luka 11:5-13) Na, ɛha nso egye gyidi a emu yɛ den. Sɛnea Yesu kae no: “Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ ama mo.”—Marko 11:24.
So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea wonya saa gyidi no? Yehowa Adansefo fi anigye mu bɛboa wo. Ebia wubehu mpo sɛ wɔ wɔn mu no nnipa a wɔagyina ɔhaw koro no ara a wuwom no ano na enti wobetumi de mmoa a ntease wom ama fi Kyerɛwnsɛm no mu wɔ hɔ. Kae sɛ ɛho asɛm a wɔde ano ka no brɛ nkate horow a enye no ase. Enti wo nkate horow no ho asɛm a wobɛka no pefee akyerɛ obi a ɔwɔ wo tebea no ho ntease betumi ayɛ mmoa kɛse.
Sɛ wode wo ho abɔ Yehowa Adansefo dedaw na wuhia mmoa na ama wo gyidi ayɛ den a, dɛn nti na wonka nkyerɛ ɔhwɛfo Kristoni bi na ɔmmoa wo? Saa mmarima a wɔde wɔn ho ama yi wɔ ‘ɔpɛ’ ne ‘anigye’ sɛ wɔbɛboa wɔn mfɛfo Kristofo wɔ ɔkwan biara a wobetumi so.—1 Petro 5:1-3.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ampa, ɔyere nso tumi yɛ ɔsadweam saa ara. Nanso yɛde tebea yi di dwuma sɛ nhwɛso.
b SƐ́ wɔbɛhwehwɛ akuw a ɛte sɛɛ hɔ mmoa anaa dabi no yɛ ankorankoro gyinaesi. Ampa, onipa a ɔpɛ sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow tra ase bɛpɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wamfa ne ho anhyɛ dwumadi ahorow a wɔ ɔkwan biara so no ɛbɛma anaasɛ ɛbɛhyɛ no nkuran ma wagyae Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɔde tra ase no mu. Afei nso, obi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no bedi kan ahu wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔfata wɔ honhom mu sɛ wɔboa wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no.
c Nea mfitiase Hela asɛmfua merimnao no kyerɛ ara ne “sɛ wobɛdan adwene no ani.” Sɛnea Yesu de dii dwuma no, ɛnyɛ nea ɛfa nsusuwii pa ho, na mmom osuro ho ɔhaw a ‘ɛdan’ anaasɛ ɛma adwene no mu kyɛ, a ɛmma wonnya anigye wɔ asetra mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Asadweamfo a wɔkata wɔn nneyɛe no so anaasɛ wɔbɔ wɔn ho ban taa ma wɔkɔ so gye ɔhaw no ho kyim na wɔkɔ so ara nom
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
“Misusuw sɛ ade a ɛho hia titiriw ne sɛ abusua no bɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so sɛnea wobetumi”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Nokware a ɛwɔ Bible mu a mihui no ne nea ɛboa me ma migyina ano”
[Kratafa 19 adaka]
Sɛ wo dɔfo pene so sɛ ɔbɛma wɔaboa no a, ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wɔ ayaresa no mu?
Nea ɛsɛ sɛ woyɛ . . .
● Nya boasetɔ, ayamye ne obu
● Ma w’ani nnye na yɛ obi a ɔhyɛ nkuran
● Ma ɔsadweamfo no kwan ma onni asɛyɛde ho dwuma bere a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ saa no
● Ka wo dɔfo no tebea no mu nokwasɛm kyerɛ wo mma no
Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ . . .
● Mfa asɛm a atwam mma
● Nhyɛ ɔsadweamfo no so te sɛ nea worewɛn no
● Mmɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ ne ho ban afi tebea horow a ɛma ɔnom nsa no ho
● Mma wo koma ntu, sɛ emu bɛyɛ den a; wo dɔfo no behia wo mmoa a efi ayamhyehye mu
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 15]
Bible mu nnyinasosɛm a wode bedi dwuma betumi ahyɛ wo den na aboa wo
Sɛ wote nka sɛ . . . Ɛnde kenkan. . .
Wo bo afuw a Mmebusɛm 14:17, 29;15:1;
Wo nidi akɔ fam, na wote afobu nka a ——- 1 Petro 5:6, 7; Dwom 103:9-14;130:3, 4
Wo werɛ ahow na wudi yaw a—————Efesofo 4:32; Colossians 3:13, 14
Woayɛ ankonam a ——————————- Mmebusɛm 17:17; 18:1, 24; Hebrews 10:24, 25
Ehu aka wo a ——————————- Dwom 9:9, 10; Filipifo 4:6, 7, 13