Mmofra Bisa Sɛ . . .
Yɛn Daakye Bɛyɛ Dɛn?
NÁ WADI mfirihyia dunson, na na ɔrekasa akyerɛ ne man panyin wɔ ɔman no television so. Ɔka kyerɛɛ ɔmansɛmdifo a ne ho akokwaw a ɔte n’anim no sɛ: “Misuro nea ɛbɛba daakye, daakye wɔ wiase bi a nuklea akode ho hu ayɛ no ma mu. . . . Misuro mo amammuisɛm no nso.”
Mmofra pii wɔ daakye ho suro a ɛte saa ara. Wo nso wusuro? Sɛ wusuro a, ɛyɛ nea ntease wom, esiane ɔhaw ahorow a ɛsɛ sɛ mmofra hyia nnɛ no nti.
Sɛ nhwɛso no, tete kwan a wonim a wɔnam so siesie wɔn ho ma daakye a anidaso wom ne sɛ wobɛkɔ sukuu adu akyiri. Nanso nnɛ mfitiase nhomasua a ɛho hia no mpo, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubenya. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kae sɛ: “Sɛ yɛbɛka nokware a, obiara nni hɔ a n’ani gye sukuu ahorow no ho bio, akyerɛkyerɛfo ani nnye ho, sukuufo ani nnye ho na nea ɛsen ne nyinaa no, awofo ani nnye ho.” Wohu sɛe a sukuu ahorow pii resɛe no wɔ sukuufo pii a wowie sukuu a wonni nneɛma ho nimdeɛ atitiriw a wohia mpo no mu. So eyi rehaw wo sukuu no?
Na sɛ wopɛ sɛ wotoa wo nhomasua so a, ɛnde dɛn? Wɔ nsase ahorow bi so no eyi reyɛ ayɛ nea ɛho yɛ den. Wɔ Germany no, wobu akontaa sɛ, ebedu 1985 no, wɔrentumi nnye mmofra 260,000 a afe biara wɔhwehwɛ kwan wɔ sukuupɔn ahorow bi mu no. Eyi ma sukuuni a wannya kwan no ne afoforo abasam tu.
Obi a ɔhwɛ nhomasua so kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wonnya sukuupɔn mu kwan no “kɔyɛ nnwuma a wɔn a wɔsen wɔn wɔ nhomasua mu hwehwɛ ayɛ no, na ɛno hyɛ saafo no ma wɔn nso wɔyɛ nnwuma a ɛba fam sen wɔn nhomasua no koraa mpo. Awiei koraa no, wopia wɔn a wɔankɔ sukuu annu akyiri pii a wɔhwehwɛ nnwuma a ennye nimdeɛ pii no fi hɔ a wonnya adwuma nyɛ koraa.” Wɔn daakye bɛyɛ dɛn?
Wɔn a wɔn de yɛ yiye ma wonya nea wɔpɛ no mpo da so ara wɔ daakye ho suro. Adwuma pa anaa sukuupɔn mu abodin ho remma mfaso wɔ nuklea akodi mu—biribi a mmofra pii te nka sɛ ɛyɛ nea ebetumi aba no. Na sɛ wosiw ɔko ano mpo a, efi a emu retrɛw, sikasɛm ahorow a ɛresɛe, nneɛma bo a kɔ ara na ɛkɔ so yɛ den ne nneɛma afoforo a ɛyɛ hu wɔ nnɛ wiase yi mu no ma ɛyɛ te sɛ nea daakye a anidaso wom rentumi nyɛ yiye. Eyinom ne ɔhaw afoforo ama mmofra ayɛ basaa, na ɛtɔ bere bi a sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ ho no yɛ nea ɛtra so.
Asiane Ahorow a Ɛwɔ Abasamtu Mu
Ebinom adan kɔ nsa ne nnuru ahorow so. Nanso ɔkwan bɛn so na eyi boa ma wodi ɔhaw ahorow no ho dwuma? So ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ aberante anaa ababaa a nnuru anaa nsa adi ne ti benya adwuma wɔ baabi a adwuma ho yɛ den kɛse, anaasɛ ɛho bɛyɛ den ama no? So ɛbɛyɛ mmerɛw anaa ɛbɛyɛ den ama no sɛ obenya sukuupɔn mu mmeae ahorow a ani bere no?
Afoforo ama abasamtu no kwan ma akɔ so araa ma adan basabasayɛ. Nanso akyinnye bira nni ho sɛ wutumi hu sɛ eyi nso nyɛ ano aduru. Basabasayɛ, nneɛma a wɔsɛe no ne ɔkwan foforo so no amumɔyɛsɛm a wodi ma osuro a aka afoforo no yɛ kɛse, na ɛhyɛ tumidifo ahorow no ma wɔsɛe sika a ɛsom bo pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ ma mmara ne nhyehyɛe ayɛ adwuma, na wɔasiesie nneɛma ne mmeae a wɔsɛee no no.
Afoforo nso gyae koraa a wɔnyɛ ho hwee bio. Pii aba mu abu koraa, nokwarem no, wɔdɔɔso araa ma wɔ West Germany no, obi ho dɔm a odi abɛyɛ ade a ɛto so abien a ɛtaa ma mmofra wu kɛse. Nanso mmofra binom adan kɔ nyamesom so. So woasusuw ho pɛn sɛ ebia ɛhɔ na ano aduru wɔ?
Dɛn Na Nyamesom Betumi De Aboa?
Afe a etwaam, wɔ June mu no, wɔyɛɛ Evangelical Church Nhyiam a ɛto so dunkron no wɔ Hamburg, Germany. Ná asɛm a egyina so ne “Munnsuro!” Ná bɛboro nnipa a wɔbae no fã a wɔn dodow boro 100,000 yɛ mmofra. Na ɛte sɛ nea ɛha ne baabi a wɔanya hokwan fɛfɛ sɛ wɔde betie ano aduru ahorow, sɛ nyamesom wɔ bi a ɔde bɛma a. So ɔwɔ bi?
Nhyiam no ho amanneɛbɔ a atesɛm krataa bi de mae kenkan sɛ: “Na nhyehyɛe no ne ehu, ná ehu aka obiara adwene—basaa a nnipa pii ayɛ wɔ wɔn mu nyɛ nea ɛtaa da adi pefee saa . . . Ehu, abasamtu, ahotoso a wonni wɔ baabiara—na eyi wɔ Kristofo mu.” Ɛda adi sɛ saa mmofra mpempem pii no ante anidaso asɛm a na wɔrehwɛ kwan no.
Dɛn nti na na eyi te saa? Tie amanneɛbɔ yi a efi atesɛm krataa Die Welt mu no: “Nea wɔreka ho asɛm wɔ Asɔre no Nhyiam yi ase ne . . . amammuisɛm. Ɛnyɛ nyamesɛm, na mmom ho a wɔde hyem. Ɛnyɛ nea ehia wɔn ne wɔn a wɔwɔ akyi no a wobegye wɔn nkwa, na mmom mprempren asiane wɔ ha ho hu.” Wohuu wɔn ani a egye amammuisɛm ho ma ɛtra so no denam asɛm bi a ɛyɛ awerɛhow a abeawa bi de kɔfam ɔfasu bi ho no so. Ɛkenkan sɛ: “Dɛn nti na mentee Yesu ho asɛm biara yi?”
Nyamesom ahorow pii te saa. Wɔn nsɛm a wɔka no abɛyɛ amammui de sen Kyerɛwnsɛm mu de. So ɛyɛ a wususw ho, nea enti a anyamesomfo te nka sɛ wobetumi de wɔn ho agye amammuisɛm mu na wɔasiw wiase ɔhaw ahorow no ano, bere a amansɛmdifo a wɔaben de bere tenten abɔ eyi ho mmɔden na ɛnyɛ yiye no?
Sɛ amansɛmdifo, anyamesomfo ne wiase mpanyimfo afoforo ntumi mma yenya daakye mu ahotoso a, so ɛno kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ? Ɛnte saa. Sɛ saa mmofra mpempem pii a wɔkɔɔ Asɔre no Nhyiam wɔ Hamburg no san bae adapɛn kakraa bi akyi a, anka wobetumi ahu ɔkwan foforo a wɔbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma.
Ɔkwan Foforo a Wɔfa So Di Ɔhaw No Ho Dwuma
Saa bere no wɔyɛɛ nhyiam foforo wɔ Hamburg, na Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ eyi. Ɛha nso, nsɛm ho amanneɛbɔfo bi huu mmofra a “wɔn dodow kɔ anim kɛse” a wɔbae no. Nanso saa mmofra yi ante amammui ho nsɛm biara. Mmom no, nsɛm ho amanneɛbɔfo no kae sɛ: “Adansefo no . . . mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu. Wɔn fam de Onyankopɔn nniso nkutoo na ɛwɔ hɔ.” Dɛn nti na ɛte saa? Yehowa Adansefo asua biribi ankasa afi asuade a wiase abakɔsɛm ahorow nyinaa de ma no mu—sɛ onipa rentumi mfa asomdwoe ne ahotɔ mma asase so. Ɛno nti na Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene . . . a nkwagye bi nni ne mu so” no. Nanso, ɛkɔ so ka sɛ: “Nhyira ne nea . . . n’ani da [Yehowa], ne Nyankopɔn, so.”—Dwom 146:3, 5.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to Yehowa so? Efisɛ wabɔ ne tirim sɛ obedi adesamma ɔhaw ahorow no ho dwuma wɔ n’ankasa kwan so. Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so.” (Mateo 6:9, 10) Saa ahenni yi yɛ ɔsoro nniso a Onyankopɔn na ɔde asi hɔ, a ebedi asase so tumi wɔ atɛntrenee mu na ayi nsɛmmɔnedi afi hɔ. Yesu bɔɔ ho dawuru sɛ ɔkwan koro pɛ a ɛde daakye a anidaso wom bɛba. Esiane sɛ ɛda adi sɛ nnipa mmɔdenbɔ ahorow no anyɛ yiye nti, so wubetumi asusuw ɔkwan foforo bi ho?
Wo Fam De a Wobɛyɛ
Ebia wubu eyi sɛ nea enni mu. Ebia wobɛte nka sɛ Yehowa Adansefo refa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so—sɛ́ wɔretra hɔ atwɛn Onyankopɔn sɛ onni wɔn haw ahorow nyinaa ho dwuma mma wɔn. Nanso ɛno nte saa ankasa. Wɔmpɛ sɛ wɔbɛtra ase a wɔnyɛ biribiara.
Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu wiase a eye ampa no yɛ nnipa a wɔfata wiase a ɛte saa. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nokware su ahorow no nyinaa wɔ wɔn mu. Yiw, sɛ́ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nhyehyɛe no mmom no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra wɔn ankasa ho. Bio nso wɔne afoforo kyɛ anidaso a ɛne sɛ wobenya wiase a eye wɔ Onyankopɔn ahenni ase no.
Saa su yi betumi anya nkɛntɛnso ankasa wɔ mmofra so. Sɛ nhwɛso no, Giovanni de ne ho hyɛɛ fekubɔ bɔne mu bere a odii mfe dumiɛnsa rekɔ no. Ose: “Ankyɛ na misuaa sɛnea wowia baesekre ahorow ne sɛnea wobu apon ani. . . . Ansa na meredi mfe dunsia no na daa menom nnubɔne . . . nneɛma bɔne a ɛba me so wɔ ɛno akyi no ma mpɛn pii ɛyɛ me sɛ minkum me ho.”
Ɛnnɛ, Giovanni a wadi mfe aduonu asia no ho nyɛ hu, wonsuro no bio wɔ faako a ɔte no. Dɛn na ɛde nsakrae no bae? Ɔma mmuae sɛ: “Nea ɛkaa me koma kɛse ne Bible asɛm a ɛne sɛ daakye wobeyi biribiara a ɛyɛ fĩ ne bɔne afi asase so na wɔayɛ wiase nyinaa paradise no.”
Afe biara, mmofra mpempem pii yɛ nsakrae a ɛte saa ara wɔ wɔn asetra mu, esiane sɛ wosua anidaso yi ho ade nti. Na saa a wɔayɛ no aboa wiase no nso.
Ɛwom, saa gyidi yi nyi ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren no mfi hɔ koraa. Nanso ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi ho dwuma. Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ ankasa yi daakye ho hu fi hɔ. Afei nso, nnipa a wodi nokware na ɛyɛ anigye sɛ wɔne wɔn bɛyɛ ade, na wogye di sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye no bɔ mmɔden wɔ ntetee hokwan ahorow biara a abue ama wɔn no mu. Na ɛno akyi no ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobenya adwuma ayɛ sen wɔn a womunamuna anaasɛ wɔadan kɔ nnuru ahorow ne nsa so esiane abasamtu nti no.
Bere Tenten Ahe?
Sɛ nneɛma kɔ so sɛnea ɛte mprempren yi a, anhwɛ a awiei koraa no adesamma bɛsɛe wɔn ho. Enti, aka bere tenten ahe ansa na Onyankopɔn ahenni no abɛyɛ ho biribi? Ɛda adi sɛ ɛrenkyɛ.
Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa n’adamfo kumaa, na ɔne no bɔɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho nkɔmmɔ. W’ankasa kenkan n’asɛm no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”—2 Timoteo 3:1-5.
So wuhu eyi mmamu? Esiane sɛ nnɛ nkurɔfo wɔ su ahorow yi nti na ama mmofra anya daakye ho suro no. So wohyɛɛ no nsow sɛ Paulo kae sɛ su horow a ɛte sɛɛ bɛda adi kɛse wɔ nna a edi akyiri no mu, bere a edi bere a Onyankopɔn de ne ho begye adesamma nsɛm mu no anim pɛɛ no? Eyi yɛ kyerɛw nsɛm ahorow pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho begye mu nnansa yi ara no mu biako. Dɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo nsusuw asɛm no ho na wunhu kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfa asɛm yi ho no bi?
Ehu a abofra no daa no adi a yɛkaa ho asɛm wɔ mfiase hɔ wɔ television so nkɔmmɔbɔ bi mu no yɛ paara, na ntease wom. Nanso ɛnsɛ sɛ mmofra nya daakye ho suro. Wobetumi asua nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no afi Bible mu. Afei, sɛ wɔpɛ a, wobetumi ayɛ daakye bi a ɛbɛyɛ nea ahotɔ, anigye ne anidaso wom ho adwuma.
Wobetumi abenya gyidi koro no ara te sɛ Bible ɔkyerɛwfo no, ɔkae sɛ: “Aka kakra sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.
[Kratafa 13 mfoni]
So nneɛma a ɛde wo ayɛ akoa no rebɛma ayɛ mmerɛw sɛ wubenya adwuma?
[Kratafa 12 mfoni]
Sukuupɔn mu abodin bɛyɛ nea mfaso nni so wɔ nuklea akodi mu
[Kratafa 15 mfoni]
Adansefo ne afoforo kyɛ anidaso a ɛne sɛ wobenya wiase a eye wɔ Onyankopɔn ahenni ase no
[Kratafa 14 mfoni]
Nkurɔfo betumi ayɛ biribi wɔ wɔn asetra a wɔbɛma anya nkɔso ho