Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 3/8 kr. 11-20
  • Nhoma Ma Nnipa Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma Ma Nnipa Nyinaa
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkurɔfo Hwehwɛ Atirimpɔw wɔ Asetra Mu
  • Nkurɔfo Pɛ sɛ Wohu Nokware No
  • Nkurɔfo Pɛ sɛ Woyi Ɔdɔ Adi Kyerɛ Wɔn
  • Nkurɔfo Pɛ Asetra a Anigye Wom
  • Mmoa ma Obiara
  • So Yehowa Adansefo Gu Nkurɔfo Aware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 3/8 kr. 11-20

Nhoma Ma Nnipa Nyinaa

Efi Germany “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

SO NSONSONOE kɛse bi da Spainni ne Indiani ntam? anaa Afrikani ne Yugoslaviani ntam? Ampa, ɛsono kasa a wɔka na ɛsono mmeae horow a wofi. Nanso, sɛnea ɛte no, sɛ wohwɛ mu yiye paa a, wubehu sɛ nsonsonoe kɛse biara nna wɔn ntam ankasa. Wɔn nyinaa yɛ nnipa, a wɔwɔ ɔhaw ne ahiade ahorow koro no ara.

Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, mmarima ne mmea a wofi nsase ahorow pii so abɛtra Germany, na nsonsonoe ahorow a ɛda wɔn ntam no de nsakrae ahorow ne ɛtɔ bere bi a ɔhaw kakra​—abɛka Germanfo tebea no ho. Nanso, Yehowa Adansefo ahu sɛ saa ahɔho yi mu pii gye Bible nkrasɛm koro no ara a Germanfo ankasa mpem dudu pii agye atom dedaw no tom.

Nkurɔfo Hwehwɛ Atirimpɔw wɔ Asetra Mu

Sɛ wubisa Spainni muchacho (abarimaa) nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛ onyin a, mpɛn pii nea ɔbɛka ne sɛ: “Obi a ɔne nantwi ko!” Saa na Ubaldo kae, na bere a, onyinii no, ɛno ara na ɔbɛyɛe​—obi a ɔne nantwi ko. So onyaa anigye?

Dabi, efisɛ ɛho hia sɛ onipa a n’adwene mu da hɔ biara nya atirimpɔw wɔ asetra mu. Nantwi a wɔne no ko amma Ubaldo annya atirimpɔw a ɛte sɛɛ, na wɔ ne fam no na ɛno yɛ aniberesɛm. Ɔbɛyɛɛ basaa. Na ose: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho, a ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na mmom mpɛn anan!” Eye sɛ anyɛ yiye.

Awiei koraa no, Yehowa Adansefo baa Ubaldo nkyɛn na wɔtwee n’adwene sii nhoma a ɛde atirimpɔw wɔ asetra mu ankasa ma no so. Ohui sɛ mmarima ne mmea nya anigye ankasa bere a wɔde wɔn nkwa som Onyankopɔn na wotwiw bɛn no, no nkutoo. Afei nso osuaa Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛka adesamma nyinaa abom wɔ trenee nniso ase no ho ade. (Daniel 2:44) Saa anidaso no ho asɛm a ɔka kyerɛ afoforo no ma onya anigye. Mprempren ɔte Germany na ɔreboa afoforo ma wɔanya atirimpɔw wɔ asetra mu.

Biribi foforo nso a nnipa a wɔn adwene mu da hɔ hwehwɛ ne nokware no. Na eyi bɛyɛɛ asɛm a emu yɛ den maa Afrikani abarimaa bi.

Nkurɔfo Pɛ sɛ Wohu Nokware No

Afrika yɛ asase a ɛsõ a ohia wɔ so kɛse. Nanso ɛnyɛ obiara a ɔwɔ hɔ na odi kɔm. Sɛ, nhwɛso no, John nyinii wɔ Ghana. Ná n’agya wɔ mma bebree nanso na otumi hwɛ wɔn nyinaa. Nanso, na biribi ho kɔm de John. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yɛannya nyamesom ho nkyerekyerɛ biara wɔ fie, nanso na metaa susuw Onyankopɔn ho. Mifii ase hwehwɛɛ no. Ɛtɔ bere bi a midi me nnamfo a wɔyɛ Katolekfo akyi kɔ asɔre sɛ ebia mehu no wɔ hɔ a.” Nanso ɔkwa.

John tu kɔɔ Germany, na ɛhɔ na ne “kɔm” no mu bɛyɛɛ den kɛse. Ose: “Ná metaa susuw Onyankopɔn ho bere a me nkutoo wɔ hɔ. Na mehwehwɛ n’akwankyerɛ.” Akyiri yi Yehowa adansefo Kristofo kɔsraa John, na wɔkyerɛe sɛ wɔne no besua Bible no. So onyaa aduan a na ɔpɛ no? Yiw. Ose Bible no kyerɛkyerɛɛ no “nokware Nyankopɔn no ne ɔkwan a ɛde kɔ daa nkwa mu” no ho ade.​—Dwom 83:18; Luka 10:27, 28; Romafo 6:23.

Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, adwene ho abenfo ahu ade titiriw a onipa hia no biako: ɔdɔ. So ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi wɔ nnɛ wiase a biribiara mfa obiara ho yi mu?

Nkurɔfo Pɛ sɛ Woyi Ɔdɔ Adi Kyerɛ Wɔn

Nevriye ne ne kunu, Umberto, susuw eyi ho. Nevriye yɛ Turkeyni, ɛwom sɛ wɔwoo no wɔ Bulgaria de. Ne kunu yɛ Italiani. Ná ɔbarima no yɛ Katolekni na na ɔbea no yɛ Kramoni. Ná fie no nso wɔ ne haw ahorow.

Umberto ne Nevriye nso te Germany. Nanso bere bi Umberto kɔsraa obusuani bi wɔ Italy a na ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ná yɛakɔ mpoano. Mpofirim ara me busuani no kae sɛ: ‘Nnipa baanu a wɔwɔ nohoaa rekenkan saa nhoma a akyi yɛ ahabamono no yɛ Yehowa Adansefo.’ Ɛyɛɛ me nwonwa. Mibisaa no sɛ: ‘Wobɛyɛ dɛn atumi ahu?’ Ná nnipa no yɛ Germanfo, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ nsɛm a wɔka no ase mma no. Mede ehu kɔɔ wɔn nkyɛn na mibisaa wɔn sɛ ebia wɔyɛ Yehowa Adansefo. Wobuae sɛ: ‘Yiw, na wo nso ɛ?’ Mekae sɛ: ‘Dabi, na mmom me nua a ɔwɔ ha no yɛ bi.’ Ntɛm ara, wɔyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu te sɛ nea wonim wɔn ho wɔn ho mfe pii. Ɛyɛ biribi a me werɛ mfii da.” Yiw, ɔdɔ a Kristofo yi nya ma wɔn ho wɔn ho, ɛwom sɛ na wonhyiae da mpo no kaa Umberto. Osuaa Bible no, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako, a ne yere, Nevriye, ka ho. Afei Umberto de anigye ka sɛ: “Ɛnnɛ me ne me yere ne yɛn babarima a wadi mfirihyia dumien no yɛ abusua biako.” Dɛn ntia? Efisɛ, wɔda nea wosua fii Bible mu no ho ase, na mprempren wɔsom Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ma wɔn, na wɔne nnipa a woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho bom som ɔsom a egyina ɔdɔ so.​—1 Yohane 4:16; Yohane 13:35.

Nkurɔfo Pɛ Asetra a Anigye Wom

Biribi foforo nso wɔ hɔ a yɛn nyinaa pɛ a ɛfa ɔdɔ a yehia no ho. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ani gye. Nanso, wɔ pii fam no, ɛnyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw.

Jusuf ne ne yere, Safija, hui sɛ ɛte saa. Wɔwoo Jusuf wɔ Yugoslavia, a ɔyɛ Gypsyni, nanso mprempren ɔte Germany. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ná nea yɛhwehwɛ ne sɛ yɛn abusua asetra no bɛyɛ nea biakoyɛ wom. Nanso sɛ́ mɛhwɛ m’abusua no mmom no; mibenyaa su horow a enye. Mpɛn pii no ná m’abusua no nnya nea wobedi. Sɛ́ metua dan no ka mmom no, mede me sika tow kyakya. Mpɛn pii memma fie kosi anɔpa nɔnnan, na mɛba no na m’abow a minkura kaprɛ koraa. Me babarima panyin, Began, ka kyerɛɛ me bere bi sɛ: ‘Papa, sɛ wunni fie a mepɛ paa!’”

Ɛda adi sɛ, esiane Jusuf suban nti, na n’abusua no nni anigye. Nokwarem no, na ne yere, Safija, yɛ mmɔbɔ yiye. Bere a onhu nea ɔnyɛ no, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ biribi: aduru a wɔde kum nkura​—a ɔbɛma Yusuf anom!

Nanso, afei abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Wɔn babarima, Began nyaa nkɔso ntɛmntɛm na bere a wadi mfirihyia dunum no, ɔbɛyɛɛ Kristoni a wagye asubɔ. Jusuf ho dwiriw no wɔ obu a abofra yi yii adi kyerɛɛ no no ho. Ose: “Mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ agya pa.” Ɔne ne yere nyinaa suaa Bible no kosii sɛ wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔagye asubɔ. Nea afi mu aba?

“Efi bere a me ne me yere bɔɔ asu no, yɛn abusua no asetra ayɛ nea anigye ne biakoyɛ wom. Obiara nsa ka nea obedi ne nea ɔbɛnom. Obiara hyɛ atade pa. Yɛnne ka biara. Ɛho nhia sɛ me yere yɛ adwuma bio. Yɛn fie hɔ tew na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.”

Yiw, na abusua yi hia Bible no ampa. Na Dusan nso saa ara, efisɛ na Dusan ɔhaw ahorow no mpo yɛ den kɛse. Dɛn na ebetumi ayɛ yaw asen aware a anigye nni mu? Na, aware ahorow abien a anigye nni mu nso ɛ​—anaa abiɛsa mpo, a ne nyinaa ansa na ɔredi mfirihyia dunsia nso ɛ? So ɛno betumi ayɛ yiye? Yɛbɛma Dusan akyerɛkyerɛ mu. Dusan nso yɛ obi a mprempren ɔte Germany, nanso wɔwoo no wɔ Rumania.

Ose: “Bere a midii mfe du pɛ na m’awofo fii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a mɛware, efisɛ ɛyɛ yɛn amanne sɛ awofo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ aware ho nhyehyɛe ma wɔn mma bere a wɔadi mfe dumiɛnsa anaa dunan.” N’awofo hwehwɛɛ yere maa no, nanso esiane sɛ na Dusan yɛ abofra nti, wɔantumi amfa aware no anhyɛ mmara ase. Nanso, wɔ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa fam no, ná ɛyɛ nhyehyɛe a ɛkyekyere wɔn ara.

Mfiase no ara na nneɛma fii ase sɛee, na Dusan kyerɛ nea enti a ɛbaa saa: “Yɛka asɛm bi sɛ, sɛ ɔbarima anhwe ne yere wɔ adaduanan a edi kan wɔ aware mu no mu a, ɛbɛma ɔbea no adi ne so. Mebɔɔ mmɔden sɛ medi saa afotu yi akyi, nanso asram anum akyi pɛ na ogyaw me hɔ kɔe. Bere a midii mfirihyia dunan no mewaree bio. Misusuwii sɛ afei de ɛbɛyɛ yiye, nanso na ɛno mpo kyɛn. Me yere a ɔto so abien no nso gyaw me hɔ. Midii mfirihyia dunsia no, mewaree bio.”

Ná anka ɛte sɛnea aware a ɛto so abiɛsa yi bewie te sɛ abien a edi kan no ara, kosii sɛ wɔtwee Dusan ne ne yere adwene baa afotu a Onyankopɔn de ma awarefo nyinaa wo Bible mu no so: “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:33) Dusan ne ne yere de Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi dii dwuma. Ɛyɛɛ yiye!

Mmoa ma Obiara

Sɛ́ ɛhe ara na obi fi no, Bible no yɛ nhoma a eye ma no. Emu na Onyankopɔn bua yɛn nsemmisa ahorow no na ɔma yɛn nneɛma a ɛho kɔm de yɛn a ɛka aduan ho no. (Mateo 4:4) Te sɛ Ubaldo no, yebetumi anya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu. Te sɛ John no, yebetumi ahu nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no. Te sɛ Nevriye ne Umberto no, yebetumi ate Onyankopɔn ne mfɛfo Kristofo dɔ no nka. Na te sɛ Jusuf, Safija ne Dusan no, yebetumi anya anigye ankasa.

Yehowa Adansefo atumi aboa nnipa ahorow a ɛsono wɔn amanne ne kasa yi ma wɔanya mfaso kɛse afi Bible no mu. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo nso. Onyankopɔn de mmoa a ɔde maa wɔn no bɛma wo nso. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa, yɛn nyinaa yɛ anuanom mmarima ne mmea wɔ adesamma abusua kɛse mu.​—Asomafo no Nnwuma 17:26.

[Kratafa 19 mfoni]

Ná anidaso biara nni Spainni a ɔne nantwi ko yi asetra a anigye wom no mu, kosii sɛ . . .

[Kratafa 20 mfoni]

Ehu kɛse kaa Yugoslaviani yi ne n’abusua araa kosii sɛ . . .

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena