Atɛnkyea a Ɛyɛ Ahodwiriw!
SƐ ATƐNKYEA ka wo anaa w’adɔfo bi a, so ɛnyɛ ade a ɛhaw wo kɛse? Nanso sɛ wɔyɛ afoforo mpo ade a ɛnteɛ a, ɛsɛ ɛsɛ yɛma ɛhaw yɛn. Atɛnkyea a wobu betumi adidi ɔman mũ anaa anibuei bi ase.
Wɔabu atɛnkyea a ɛyɛ ahodwiriw bi wɔ Italia supɔw a wɔfrɛ no Sardinia so. Ɛhɔ na wɔabu awarefo baanu, Giuseppe ne Consiglia Oneda fɔ wɔ wɔn babeawa a wɔdɔ no wu ho na mprempren wɔde wɔn akogu afiase. Wɔde wɔn afa ɔkwan a ɛmfata koraa so sen awudifo, ma enti nnipa a wofi aman horow so pɛ sɛ wohu mu. Bere a wohwehwɛ nokwasɛm ahorow no mu no, wubehu sɛ nea esii no yɛ sɔre a wɔsɔre tia nnipakuw kakraa bi. Afei nso ɛbrɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw aduyɛ ko a ɔpɛ fi oduruyɛfo bi hɔ anaasɛ fi ayaresabea bi ne hokwan a awofo wo sɛ wɔhwɛ wɔn mma so yiye no ase.
Oneda Abusua No
Oneda abusua no te Sarroch, kurow ketewaa bi mu wo Sardinia. Hwɛ wɔn ani ara a egyei bere a wɔwoo wɔn ba a odi kan a wɔde bere pii ahwɛ no kwan a wɔfrɛ no Isabella no December 23, 1977 mu no. Nanso ankyɛ na wofii ase dii awerɛhow kɛse. Dɛn ntia? Wɔ asram asia ntam no na wotumi hu sɛ Isabella ayɛ bosaa na na ontumi nnyin sɛnea ɛsɛ. Bere a Oneda abusua no de no kɔɔ ayaresabea no, nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ Mediterania po no ho yare bi a ɛyow mogya na aka no. Nnuruyɛfo no fii ase maa abofra no mogya; nanso yare no mu kɔɔ so yɛɛ den ara.
Wɔ saa bere yi mu no, Oneda abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible na hu a wohui sɛ da bi Onyankopɔn beyi amanehunu ne owu afi hɔ no ma wonyaa awerɛkyekye. (Adiyisɛm 21:4) Esiane sɛ wɔwɔ obu kɛse ma nkwa nti, Yehowa Adansefo pene nnɛyi aduyɛ so; wɔn mu pii yɛ nnuruyɛfo. Nanso, wogye di sɛ Bible mu nsɛm ahorow te sɛ, “Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni” bara wɔn mogya a wobegye (Genesis 9:3, 4) Afei nso, wonim sɛ asomafo a wodii kan bagua no hyɛɛ Kristofo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi aguamammɔ ne mogya ho.’ -Asomafo no Nnwuma 15:19, 20.
Wɔ Bible a wosuae no mu no Oneda abusua no tee nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ awofo fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn mma. Nã ɛyɛ nea ɛho hia wɔn yiye araa ma ɛtɔ bere bi a wɔkyen kɔm sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika a ɛdɔɔso de atɔ aduan pa ne aduru ama abofra ketewaa Isabella.
Ná lsabella Yare no Yɛ Yare Bɛn?
Ná mogya mu yare bi na aka Isabella. Eyi yɛ yare a wɔn a wɔte Mediteranea ho no pii nya fi awo mu. Mogya na wɔtaa de ma wɔn a yare yi bi ka wɔn no, nanso eyi yɛ nea wɔde sosɔ ano ara kwa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛyɛ yare a wontumi nsa. Wɔn a ebi ka wɔn no pii wu wɔ mmofraase. Nhoma bi a ɛfa mogya mu nyarewa ahorow ho kyerɛ sɛ, sɛ yare yi da ne ho adi wɔ mmofra ho—sɛnea na ɛte wo Isabella fam no—-a ɛtaa yɛ nea ɛyɛ hu “wɔ mfirihyia abien a edi kan wɔ n’asetra mu no mu.”—Trattato di Patologia Medica a wɔyɛe wɔ U. Teodori, Rome, 1976.
Sɛnea Awofo no Yɛɛ Wɔn Ade
Wɔ 1978 mu ne 1979 mfiase mu hɔ no na bere biara Oneda abusua no de Isabella kɔ Second Clinic a ɛwɔ Cagliari Sukuupon mu hɔ no, ɛwom sɛ wɔantumi ansa no yare de. Afei wɔ June mu no wosii gyinae bi a egyina Bible so. Wɔka kyerɛɛ nnuruyɛfo no sɛ wɔremfa Isabella mma mma wɔmma no mogya bio. Nanso, wɔdaa no adi pefee sɛ wobɛpene aduru foforo biara so. Oneda abusua no kɔɔ so ara yɛɛ nea wobetumi wɔ lsabella ho, na mpo wɔkɔhwɛɛ no yare wɔ nnuruyɛfo ahorow hɔ wɔ Italy kusuu fam, Switzerland, Germany ne France.
Ayaresabea no fã bi a edi ɔmanfo nsɛm ho dwuma kohuu Mmofra Asennibea no mpanyimfo na wɔkyerɛɛ Ayaresabea hɔ mpanyimfo no sɛ wonkohu apolisifo na wɔnhwɛ sɛ wɔde abofra no bɛba. Ayaresabea hɔ mpanyimfo no kohuu mpanyimfo a wowɔ Sarroch no mpɛn pii na wɔmaa ɛhɔ polisini bɛfaa abofra no. Wɔ saa kwan yi so no wohyɛɛ abeawa ketewaa Isabella maa no mogya mpɛn pii.
Nanso, efi March mfinimfini mu hɔ kosi July 2, 1980 no, Ayaresabea no mpanyimfo no powee sɛ wobɛma woakɔfa Isabella abɛyɛ no aduru. Saa bere yi mu na wɔde ɔba a ɔtɔ so abien hyiraa Oneda abusua no, abeawa a ɔwɔ ahoɔden, na ɔno nso wɔn ani gyee ne ho na wɔhwɛɛ no yiye. Afei wo July 2, 1980 mu no, polisifo no san bɛfaa Isabella kɔɔ Ayaresabea ho bio na ɛhɔ na owui bere a na wɔrema no mogya.
Atɛnkyea a Ɛyɛ Ahobow
Ebia wubesusuw sɛ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow yi so na asɛm no baa awiei. Nanso afei atɛnkyea a ɛyɛ ahobow bi fii ase. Wɔ July 5, 1980 no, wɔbɛkyeree Oneda abusua no sɛ wɔahyɛ da akum nipa—wɔadi awu! Anwonwasɛm, saa Kristofo awarefo a na wɔn babea a odi kan no wu ama wɔn werɛ ahow kɛse dedaw no na afei de wɔde asɛm foforo abɛto wɔn so sɛ ná wɔpɛ sɛ abeawa no wu no.
Wɔde awofo yi koguu afiase asram aduonu. Ɛmfa ho sɛ oduruyɛfo de amanneɛbɔ bae sɛ Giuseppe Oneda yare no, wɔpowee sɛ wobegyaa no kakra de atwɛn bere a wobedi asɛm no. Saa atirimɔdenne yi amma wɔannya ani anhwɛ wɔn babea a ɔto so abien no. Awiei koraa no wodii wɔn asɛm wɔ asennibea wɔ March 10, 1982 mu no, wobuu Oneda abusua no fɔ na wɔde wɔn koguu afiase mfirihyia dunan, na ɛno akyi no, wɔde wɔn bɛto ɔhwɛ ase mfirihyia abiɛsa. Susuw ho hwɛ—atemmu a ɛboro nea wɔde ma awudifo pii mpo so!
Nokwasɛm Ahorow Da Atɛnkyea no Adi
Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛn ani gye ahofadi ne hokwan ahorow a onipa wɔ ho nyinaa susuw nea esii wɔ ha yi ho anibere so.
Wɔ asɛm bi a wɔde kɔmaa Ɔtemmufo a ɔredi asɛm no mu no, Ayaresabea no kwankyerɛfo panyin kae sɛ: “Yɛahu mogya mu yare yi ahorow pii wɔ Ayaresabea ha (bɛyɛ 700) . Eyinom mu pii nsan mma anaa nnakoro nnakoro na wɔba. Ayaresabea no nni nnipa a wɔdɔɔso a wɔbɛhwɛ ayarefo no mpo.” Sɛ wɔma mmofra nkumaa ɔhaha pii a saa yare yi bi wɔ wɔn so san kɔ a wɔnhwɛ wɔn, na afei nso, sɛ wɔanni akwankyerɛ a asennibea no de mae wɔ Isabella ho no so ankosi a, ɛnde ɔkwan bɛn so na Oneda abusua no na ɛsɛ sɛ wobu wɔn fɔ wɔ ne wu ho? Ma wo tiboa mmua.
Wɔde nsɛm ahorow pii a efa ho baa asennibea hɔ. Nnuruyɛfo a wɔaben a asennibea no paw wɔn ma wɔhwehwɛɛ mu no kyerɛe: (1) sɛ “wɔ aduyɛ mu” no na Isabella yareno “yɛ nea wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye,” kyerɛ sɛ na wabɛn owu; (2) sɛ mogya a wode maa no wɔ adapɛn anaa asram bi mu ansa na ɔrewu no “nyɛ nea wobetumi aka ho asɛm sɛ aduyɛ ankasa a ɛbɛma yare no ano den a ɛyɛ no abrɛ ase.”
Ebia wunim nea nnuruyɛfo nso gye tom—sɛ adanse pii wɔ hɔ ɛkyerɛ sɛ mogya a wɔde ma obi taa yɛ nea asiane wom, na mpo nea efi mu ba no yɛ hu. Wɔ nnipa a saa yare yi bi yɛ wɔn ma enti wonni mogya no pii fam no, biribi a wɔfrɛ no iron bɛyɛ nea ɛdɔɔso wɔ wɔn nipadua mu, a ɛma wɔn tebea no mu bɛyɛ den kɛse denam mogya a wɔde ma wɔn no so.
Ɔbenfo Edoardo Storti kae wɔ nhwehwɛmu a ɔyɛe wɔ nea ɛmaa Isabella wui no mu sɛ: “Ɛyɛ nneɛma ahorow pii na ɛma owui: (a) ne mogya a na ɛso atew kɛse; (b) iron pii a no ɛwɔ ne nipadua afã horow bi . . . na minnye nni nso sɛ nnuru ahorow ne nnɛyi akwan horow a wɔfa so sa yare ahorow a emu yɛ den no mpo betumi ama yare no ano abrɛ ase.”
Bio nso, ɔyarefo a ne tebea te saa na ɔsan yare no koma te sɛ nea na Isabella de no te no yɛ nea mogya a wɔde ma ho nhia efisɛ ebetumi ama ne tebea no mu ɛyɛ den. nhwehwemu a wɔyɛe wɔ nea ɛde Isabella wu no bae ho daa no adi sɛ biribi a ɛte sɛɛ sii.
Esiane nokwasɛm ahorow yi nti, dɛn nti na Oneda abusua no na wɔkyerɛe sɛ wɔakum onipa? Ɔbenfo Angelo Fiori (Legal Medicine Institute of the Catholic University of the Sacred Heart in Rome Kwankyerɛfo Panyin) daa no odi sɛ: “Sɛ́ wɔbɛka sɛ yare no mu den a ɛyɛe fi awofo no suban . . . yɛ nea ntease nnim na enye.”
Nnuruyɛ ne mmara ho ɔbenfo foforo kae sɛ ka a wɔka sɛ Isabella wui esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔbɛma wɔama no mogya no “yɛ nea nyansa nnim te sɛ nea wɔbɛka sɛ obi a ɔyare a emu yɛ den abɔ no na adu baabi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no wui esiane sɛ wɔamma no vitamins nti.”
Sɛnea Ɔmanfo Ayɛ Wɔn Ade Wɔ Ho
Ɛwom sɛ wɔasan de asɛm no akɔ asennibea bio de, nanso awofo no da so ara gu afiase. Nanso nnipa pii akyerɛ sɛnea wɔn ani nnye atɛnkyea no ho.
ll Tempo March 11, 1982 de no kae sɛ “Bere a otiee asɛm no wɔ asennibea hɔ no mmaranimfo ne oduruyɛfo, Dɔkta Alessandro Bucarelli kae sɛ wɔ faako a nhwehwɛmu no akodu no yɛrentumi nka sɛ mogya a wɔamma abofra kumaa a na ɔyare no na ɛma owui.” Afei nhoma no mu asɛm no se: “Nea wɔyɛ bere nyinaa ne sɛ, sɛ asɛm bi mu nna hɔ yiye a wogyaa onipa no anaasɛ wɔyɛ nhwehwɛmu foforo: eyi de, wɔ da a emu nna hɔ no nyinaa akyi no, wɔabu wɔn fɔ.” Dɛn ntia?
Ɛyɛ nnipa a wɔpɛ atɛntrenee na wonim nokwasɛm ahorow no nwonwa sɛ wɔantie asennibea no ankasa adansefo a wɔyɛ abenfo adwene mu a na ɛyɛ wɔn naa wɔ asɛm no ho no. Dɛn nti na asennibea no powee sɛ obesusuw nhwehwɛmu foforo a ɛfa nea ɛde ne wu no bae no ho anaasɛ obetie nnipa a wɔredi wɔn asɛm no adansefo a wɔn nso yɛ abenfo no? Dɛn nti na asennibea no de n’ani sii awofo a wɔde nokwaredi ahwehwɛ ayaresa a ɛne wɔn nyamesom gyidi ahorow hyia no so? Yiw—DƐN NTIA?
ll Tempo faa Canadani mmaranimfo bi a ɔbaa asennibea hɔ asɛm kae: “Bere bi no na Asɔre Asenni Bagua no na ɛtaa wɔn a wɔnyɛ Asɔre no mufo. Mprempren de wonnyi wɔn anim pefee ntaa wɔn, nanso wɔ nokwarem no, ɛyɛ ade koro no ara. Mmofra ɔhaha pii wuwu wɔ Sardinia, wɔma ebinom mogya ebinom nso wɔ hɔ a wɔmma wɔn bi: nnuruyɛ mu nsɛm ahorow kyerɛ sɛ wonni aduru titiriw biara a etumi sa saa yare yi. Afei mmaranimfo a ogyina aban ananmu no ayɛ ne ho sɛ ɔrekyerɛ yɛn aduru, nanso na ɛno yɛ biribia ɔreyɛ de anya biribi a obegyina so abu awarefo a wodi wɔn ho ni a wɔn asɛm ara ne sɛ wɔawo abofra a yare a obiara ntumi nsa aka no no fɔ. Nokwarem no, abofra no wui bere a wɔrema no mogya a na n’awofo nnim ho hwee.”
Wɔ Turin no Stampa Sera kae sɛ: “Nea yɛhwɛ kwan mprempren ne sɛ, wɔ asɛm no a wɔbɛsan adi bio mu no wobeyi saa afobu no afi hɔ. Mfirihyia dunan wɔ afiase yɛ nea nokwarem no wonsusuw ho wɔ mmara mu mpo sɛ wɔde bɛma awudifo a wɔabu wɔn fɔ sɛ wɔakunkum nnipa baason. Wobisa sɛ, Dɛn nti na na Awudifo Asennibea a ɛwɔ Cagliari no tirim yɛ den wɔ Oneda abusua no so saa? Efisɛ afe biara saa yare yi kunkum mmofra pii wɔ Sardinia a wɔma ebinom mogya, afoforo nso wɔmma wɔn. Na awiei koraa no, ɛyɛ nwonwa sɛ wɔanyɛ anaasɛ wɔanka biribiara ankyerɛ apolisifo a asennibea no temmufo paw wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔmma abofra kumaa Isabella mogya no.”
Nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔwɔ nsase afoforo so nso bisa sɛ so ɛyɛ atɛntrenee na wobui no. El Pais a wotintim wɔ Madrid, Spain no kae sɛ na asɛm no fa “yare a wontumi nsa: thalassemia” ho, ne sɛ abofra a ɔyare bi nkwa yɛ nea “wobetumi ama atra hɔ bere tiaa bi denam mogya a wɔbɛkɔ so de ama no so.” Ɛde kaa ho sɛ: “Nea obiara nka ho asɛm ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔtemmufo no anhu saa awofo yi mmɔbɔ . . . te sɛ nea wɔde tuo na ekum Isabella sɛ awudifo a wɔahyɛ da abɔ wɔn tirim wɔ adeyɛ a ɛte saa ho. Wɔamma wɔn kwan ma wɔanyi wɔn ho ano kakra bi mpo, ade a wɔ ɔman yi mu no wɔma nnipa a wodi nsɛmmɔne kɛse no mpo ho kwan.”—March 12, 1982.
Wo Hokwan Ahorow a Wɔsɔre Tia
Ebia mmara a ɛwɔ wo man mu, te sɛ nea ɛte wɔ Italy no, kyerɛ sɛ wowɔ hokwan sɛ wokyerɛ sɛ ebia wopɛ aduyɛ bi. Ɛno yɛ nea ntease wom. Susuw nhwɛso a ɛfa nyinsɛn a woyi gu ho no ho. Sɛ́ ebia wugye di sɛ nyinsɛn a woyi gu ye anaasɛ enye no, wobɛte nka dɛn, sɛ nnuruyɛfo ma polisini ba wo fi na ɔbɛhyɛ wo anaa wo dɔfo bi sɛ ɔmma wonyi ne nyinsɛn ngu, a ɛmfa ho sɛ wompene so a?
Afei nso, wogye tom wɔ wiase nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ awofo nya ano wɔ wɔn mma ayarehwɛ mu. Sɛ awofo hu sɛ wɔn ba wɔ yare bi a wontumi nsa, na aduru bi a wɔde bɛma no bɛma wapatuw awu a, so ɛsɛ sɛ wɔma apolisifo hyɛ awofo no ma wɔpene so?
Wɔ Scotland no, A. D. Farr a ɔyɛ akwan horow a wɔfa so de mogya ma ho ɔfotufo no kyerɛw faa mogya a wɔhyɛ afoforo na wɔde ma wɔn no ho sɛ:
“Ɔman no de nkakrankakra resi gyinae ama ankorankoro. Ɛnam saa kwan yi so no aman a wɔde wɔn ho bɛyɛ nea wɔnne wɔn ho bio na ɛbɛyɛ atirimɔden de. . . . Eyi nyɛ asɛm bi a wɔka de di agoru ara kwa. Ahofadi yɛ ade a ɛsom bo ne agyapade a ɛho yɛ nã a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban yiye wɔ aman a wɔwɔ bi no so.”
Mmara a ɛwɔ Italy no ma ahofadi ho kwan sɛnea ebia Mmara a ɛwɔ wo man mu yɛ no. Nanso sɛ wobu ani gu nyamesom mu ahofadi ne hokwan ahorow a awofo wɔ so a, asiane bi sɔre a ebetumi ahaw ɔmanfo no nyinaa ahofadi ne hokwan ahorow a wɔwɔ. Eyi asi dedaw wɔ Sardinia. Kristofo awofo baanu a wɔwɔ ɔdɔ gu afiase, na wɔreyɛ wɔn ayayade sen nnipa pii a wɔhyɛ da di awu. Ɛsɛ sɛ atɛnkyea kɛse yi ma nnipa a wɔdɔ ahofadi nyinaa ho dwiriw wɔn, na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye sɛ wobehu nea ebefi asɛm no a wɔbɛsan adi bio no mu aba no. Nyan! bɛma mo aso ate asɛntitiriw yi ho asɛm.