Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 1/8 kr. 4-6
  • Mogya a Wɔde Ma Ade a Wofi Bere Tenteenten Agye Ho Kyim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mogya a Wɔde Ma Ade a Wofi Bere Tenteenten Agye Ho Kyim
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfitiase Haw Ahorow No
  • Mogya a Wɔde Ma ne Akodi
  • Mogya a Wɔde Ma Mu Nyarewa Ahorow
  • Ɔhaw Foforo: Mogya a HIV Yare Mmoawa Wom
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Adɛn Nti na Munnye Mogya?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Nyan!—2000
g00 1/8 kr. 4-6

Mogya a Wɔde Ma Ade a Wofi Bere Tenteenten Agye Ho Kyim

“Sɛ afei na wɔrebegye mogya atom sɛ aduru foforo a, anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛma ho kwan.”—Oduruyɛfo Jeffrey McCullough.

WƆ 1667 awɔw bere mu no, wɔde ɔbarima bi a wabɔ dam a wɔfrɛ no Antoine Mauroy kɔmaa Oduruyɛfo Jean-Baptiste Denis, a na wagye din a na ɔhwɛ Ɔhene Louis XIV a ɔwɔ France no. Na Denis wɔ Mauroy adwenemyare no ho “aduru” a ɛfata—osusuwii sɛ sɛ ɔde nantwi ba mogya ma ne yarefo no a ebetumi ama ne ho atɔ no. Nanso Mauroy ho antɔ no. Nokwarem no, bere a ɔde nantwi ba mogya maa no ne mprenu so no, ne ho tɔɔ no. Nanso ankyɛ na Franseni barima yi san bɔɔ dam, na ankyɛ na owui.

Ɛwom sɛ akyiri yi, wobehui sɛ awuduru bi na ekum Mauroy de, nanso nantwi ba mogya a Denis de maa no no maa akyinnyegye a emu yɛ den sɔree wɔ France. Awiei koraa no, wɔbaraa nantwi ba mogya a na wɔde ma nkurɔfo no wɔ 1670 mu. Wɔ bere bi mu no, England Mmarahyɛ Bagua, Italia aban, ne pope mpo baraa adeyɛ yi. Wɔ mfe 150 a edi hɔ mu no, wɔamfa mogya amma nkurɔfo bio.

Mfitiase Haw Ahorow No

Mogya a wɔde ma ayarefo wɔ ayaresa mu san yii ne ti wɔ afeha a ɛto so 19 mu. Nea ɔsan kɔfa bae ne awo ho duruyɛfo James Blundell a ofi England no. Esiane sɛ Blundell huu ɔkwan a edi mu ne nnwinnade a ɛfata a otumi de yɛɛ nhwehwɛmu—ne ka a ɔkae sɛ nnipa mogya nkutoo na wobetumi de ama onipa foforo no—nti otumi maa ɔmanfo no ani begyee mogya a wɔde ma ho bio.

Nanso wɔ 1873 mu no, Oduruyɛfo F. Gesellius a ofi Poland nam nhwehwɛmu soronko a ɔyɛe no so maa mogya a wɔde ma no ano brɛɛ ase: ayarefo a wɔmaa wɔn mogya no mu fa dodow no ara wuwui. Bere a wobehuu eyi no, nnuruyɛfo a wɔagye din no fii ase kasa tiaa mogya a wɔde ma no. Afei, wɔsan gyaee mogya a na wɔde ma nkurɔfo no.

Afei wɔ 1878 mu no, Franseni Oduruyɛfo Georges Hayem behui sɛ saline yɛ aduru a wobetumi de asi mogya ananmu. Nea ɛnte sɛ mogya no, na asiane biara nni saline a wɔde si mogya ananmu no mu, na entumi nna na na etumi yɛ adwuma yiye wɔ nipadua no mu. Enti wofi ntease mu gyee saline a Hayem hui no toom de dii dwuma kɛse. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na nnipa pii san gyee mogya a wɔde ma no toom. Dɛn ntia?

Wɔ 1900 mu no, Austriani Oduruyɛfo Karl Landsteiner a ɔyɛ nipadua mu yare ahorow mu nhwehwɛmu no behuu mogya akuw ahorow no, na ohui sɛ mpɛn pii no mogya kuw bi ne ɔfoforo nhyia. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mogya a wɔde maa nkurɔfo bere bi a atwam no de ɔhaw pii bae! Saa bere yi, na wobetumi asiw ɔhaw no ano denam hwɛ a wɔbɛhwɛ ahu sɛ mogya a wɔde bɛma ɔyarefo bi no ne ne de hyia so. Nimdeɛ a ɛte saa no maa nnuruyɛfo nyaa awerɛhyem wɔ mogya a wɔde ma no mu bio—wɔ Wiase Ko I no ara mu.

Mogya a Wɔde Ma ne Akodi

Wɔ Wiase Ko I mu no, na wɔde mogya ma asraafo a wɔapirapira no kwa. Nokwarem no, mogya da ntɛmntɛm, ma enti bere bi a atwam no, na wontumi mfa mogya mfi baabi foforo nkɔ akono. Nanso, wɔ afeha 20 mfiase mu no, Oduruyɛfo Richard Lawisohn a ɔwɔ Mount Sinai Ayaresabea a ɛwɔ New York City no tumi yɛɛ aduru a ɛmma mogya nna a wɔfrɛ no sodium citrate. Nnuruyɛfo binom buu nsakrae a ɛfata yi sɛ anwonwade bi. Oduruyɛfo Bertram M. Bernheim a na wagye din wɔ ne bere so no kyerɛw sɛ: “Na ɛte sɛ nea wɔama owia agyina pɛpɛɛpɛ.”

Wɔde mogya dii dwuma kɛse wɔ Wiase Ko II no mu. Na ɔmanfo hu nsɛm te sɛ nea edidi so yi a wɔakyerɛw abobɔ mmeae ahorow, “Fa Wo Mogya Ma Mprempren,” “Wo Mogya Betumi Agye No Nkwa,” ne “Ɔde Ne Mogya Mae. Wode Bi Bɛma?” Nnipa pii de wɔn mogya mae. Wɔ Wiase Ko II mu no, mogya nkɔtoa 13,000,000 na nkurɔfo twe mae wɔ United States. Wobu akonta sɛ wɔ London no, wɔde mogya galɔn 68,500 na ɛmaa nkurɔfo. Nokwarem no, na asiane pii wɔ mogya a wɔde ma no mu, sɛnea ɛbɛdaa adi ntɛm no.

Mogya a Wɔde Ma Mu Nyarewa Ahorow

Wɔ Wiase Ko II no akyi no, nkɔso kɛse a wonyaa wɔ ayaresa mu no ma wotumi yɛɛ oprehyɛn ahorow bi a na kan no wontumi nyɛ. Enti, wobuebuee nnwuma a wɔtɔn mogya ma nkurɔfo nya mfaso dɔla ɔpepepem pii, na nnuruyɛfo gyee mogya a wɔde ma no toom sɛ nea wobetumi de ayɛ oprehyɛn.

Nanso, ankyɛ na wobehui sɛ mogya a wɔde ma no de nyarewa ahorow ba. Sɛ nhwɛso no, wɔ Korea Ɔko no mu no, nnipa bɛyɛ sɛ ɔha mu 22 a wɔmaa wɔn mogya mu nsu a wɔfrɛ no plasma no nyaa mmerɛbo mu yare—dodow a wonyaa bi wɔ Wiase Ko II mu no mmɔho abiɛsa. Wɔ 1970 mfe no mu no, U.S. Ayaresabea Ahorow a Esiw Nyarewa Ano no buu akontaa sɛ, afe biara, nnipa 3,500 na na wonya mmerɛbo mu yare na wowuwu esiane mogya a wɔde ma wɔn nti. Ebinom nso bu akontaa sɛ ɛyɛ dodow no bɛyɛ mmɔho du.

Esiane sɛ wɔyɛɛ ahwɛyiye na wɔhwehwɛɛ mogya a afoforo de mae mu nti, nnipa pii a wonyaa mmerɛbo mu yare a wɔfrɛ no hepatitis-B no so tewee. Nanso mmerɛbo mu yare foforo a ɛyɛ hu—hepatitis C—nso trɛwee kɛse. Wobu akonta sɛ Amerikafo ɔpepem anan na wonyaa yare no bi, na wɔn mu mpempem pii nya fii mogya a wɔde ma mu. Nokwarem no, nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe no maa hepatitis C no so tewee. Nanso, ebinom da so ara susuw sɛ yare a ɛtete saa betumi aba, na ansa na yebehu no na aka akyi dodo.

Ɔhaw Foforo: Mogya a HIV Yare Mmoawa Wom

Wɔ 1980 mfe no mu no, wobehui sɛ HIV ɔyare mmoawa a ɛde AIDS ba no betumi atra mogya mu. Mfiase no, na asoɛe a ɛhwɛ mogya so no mpɛ sɛ wobegye atom sɛ yare mmoawa betumi atra mogya a wɔde ma no mu. Wɔn mu pii gyee HIV yare mmoawa no ho kyim mfiase no. Sɛnea Oduruyɛfo Bruce Evatt kae no, “na ɛte sɛ obi akɔkyinkyin anhweatam so na wabɛka akyerɛ ebinom sɛ, ‘Mahu abɔde a wɔwɔ okyinnsoromma foforo so no.’ Wobetie de, nanso wonnye nni.”

Nanso, aman pii ahu ɔhaw ahorow a HIV yare mmoawa a ɛwɔ mogya mu no de aba no. Wɔ France no, wobuu akontaa sɛ nnipa 6,000 kosi 8,000 na wonyaa HIV yare mmoawa no wɔ 1982 ne 1985 mu. Wɔka sɛ nnipa dodow a wɔanya HIV yare mmoawa wɔ Afrika no ɔha mu 10 fi mogya a wɔde maa wɔn, na nnipa dodow a wɔanya AIDS wɔ Pakistan no mu ɔha mu 40 fi mogya a wɔde maa wɔn. Ɛnnɛ, esiane sɛ wotumi hwehwɛ mogya a wɔde ma mu yiye nti, HIV yare mmoawa no so atew koraa wɔ aman a wodi yiye no mu. Nanso, yare mmoawa no a wɔde san afoforo no da so ara yɛ nsɛnnennen wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso a wonni mfiri a wɔde hwehwɛ mogya mu no mu.

Nokwarem no, nnipa pii ani abegye ayaresa ne oprehyɛn a wɔmma mogya wom no ho nnansa yi. Nanso, so asiane biara nni ɛno ho?

[Adaka wɔ kratafa 6]

Mogya a Wɔde Ma—Wonni Ho Akwankyerɛ Biara

Afe biara, wɔde mogya nkɔtoa bɛboro 11,000,000 na ɛma ayarefo 3,000,000 wɔ United States nkutoo. Esiane nnipa dodow a wɔte saa a wɔma wɔn mogya no nti, ebia obi bɛka sɛ ­nnuruyɛfo wɔ mogya a wɔde ma ho akwankyerɛ pɔtee bi. Nanso, The New England Journal of Medicine ka sɛ, anwonwasɛm ne sɛ “ɔkwan a wɔfa so de mogya ma ho akwankyerɛ kakraa bi na ɛwɔ hɔ.” Nokwarem no, obiara wɔ ɔkwan a ɔfa so de mogya ma, ɛsono dodow a obiara de ma ne bere a obiara kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔde ma. Acta Anæsthesiologica Belgica ayaresa ho nhoma no ka sɛ, “sɛ wɔbɛma obi mogya anaasɛ wɔmma no no gyina oduruyɛfo no so na ɛnyɛ ɔyarefo no.” Esiane asɛm a yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ atifi hɔ no nti, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ wɔkae wɔ The New England Journal of Medicine mu sɛ “nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ akwan a wɔfa so de mogya ma no ɔha mu 66 mfata.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Wɔde mogya dii dwuma kɛse wɔ Wiase Ko II no mu

[Nsɛm Fibea]

Imperial War Museum, London

U.S. National Archives photos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena