Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 4/8 kr. 21-23
  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansahu ne Onyankopɔn
  • Nyansahu ne Daakye
  • Bible no ne Daakye
  • Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Nyan!—1983
g83 4/8 kr. 21-23

Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho

“ASIANE wɔ nyansahu so dua kɛse a wosi nnɛ no mu, sɛ́ wobegye kyim sɛ nokware bi nni hɔ a ɛboro nea nyansahu ahu so no yɛ nkwaseasɛm.” Saa kɔkɔbɔ nsɛm a Vannevar Bush a ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ no nnɛyi afiri a wɔfrɛ no computer no agya de mae no aba wɔ ne bere mu. Nyansahu nni nneɛma ahorow no nyinaa ho mmuae. Nokware atitiriw wɔ hɔ a nyansahu ntumi nnu ho. Ɛne nea ɛwɔ he?

Nyansahu ne Onyankopɔn

Ɔbenfo bi a wakyɛ wɔ New York Columbia Sukuupɔn mu, Erwin Chargaff, kae bere bi sɛ “abɔde ho nyansahu nyɛ adwinnade a wɔde hwehwɛ nneɛma a wontumi nhu mu no mu; [na ɛnyɛ] n’adwuma no sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni ho.” So ɛno yɛ nokware?

Wiɛ, Albert Einstein, nyansahu mu ɔdenimfo a wagye din yiye wɔ afeha yi mu no kaa “honhom bi a ɛda adi wo Amansan yi mmara ho​—honhom bi a ɛkorɔn kɛse sen onipa de” ho asɛm. Na wɔbɔ amanneɛ sɛ nnansa yi ara Fred Hoyle, a ɔyɛ nsoromma ho ɔdenimfo a waben no abegye adi sɛ abɔde tumi bi wɔ hɔ bere a obuu akontaa sɛ wɔ nkontaabu mu no ɛrentumi nyɛ yiye sɛ nkwa bɛba amansan yi mu sesɛkwa no.

Saa nhwɛso ahorow yi kyerɛ nokware a Bible mu asɛm no yɛ kosi baabi: “Efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” (Romafo 1:20) Nanso, ná Chargaff asɛm no yɛ nokware bere dodow a nea nyansahu betumi akyerɛkyerɛ yɛn afa Onyankopɔn ho no wɔ anohyeto no. Einstein anaa Hoyle mu biara nni hɔ a otumi hu fii nyansahu mu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nneɛma hyehyɛfo wɔ hɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ Bible no mu na yekohu oniiko a Onyankopon yɛ ne nea ɛyɛ n’atirimpɔw ahorow. Nimdeɛ yi nyinaa yɛ nokware a nyansahu ntumi nnu ho.

Nyansahu ne Daakye

Afei nso, nyansahu ntumi nhu nea ɛbɛba daakye. Entumi nni kan nhu nea ebefi neaɛno ankasa de aba anaasɛ ayɛ mu aba. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔyɛɛ DDT no na wɔwɔ anidaso sɛ saa aduru foforo yi besiw mmoawa a wɔsɛe ade no ano koraa. Ɛbɛbɔ afifide ahorow ho ban na akunkum mmoawa ahorow a wɔde nyarewa ahorow te sɛ atiridii ba no. Nanso, Germanfo atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kae sɛ, saa “nhyira ma adesamma mmɔdenbɔ a na wɔns50 ho dae wɔ nnuruyɛ ho nhwehwɛmu mu” yi bɛyɛɛ “nhyira a asɛm wɔ ho mmom. . . . ” akyiri yi. “DDT nkonim a adi wɔ Germany no aba awiei.” Na ɛnyɛ Germany nko na mmom wɔ aman ahorow pii a wɔabara sɛ wɔmmfa nni dwuma bio no so nso. Nyansahu antumi anni kan anhu sɛnea ɛbɛka nkwa afoforo a onipa ka ho wɔ ɔkwammɔne so no.

Kae Alfred Nobel a ɔno na wɔde ne din ato Nobel asomdwoe akyɛde so no nso. Ná ɔyɛ onipa a ɔpɛ asomdwoe, nanso ɔno na ɔyɛɛ biribi a wɔfrɛ no dynamite a wɔde pae abo ne ade no. Dɛn ntia? Ɔkyerɛw kɔmaa n’adamfo bi sɛ: “Mepɛ sɛ meyɛ biribi anaa afiri bi a ano yɛ den kɛse a ebetumi akunkum nnipa pii na ɛdenam saa yɛ so no asiw ɔko ano koraa.” Wiase ko ahorow abien wɔ Nobel wu akyi adi adanse sɛ nea ɔyɛe no ho anidaso no amma mu.

Na Albert Einstein nso wɔ anidaso sɛ atom bomb a wɔbɛyɛ a na egyina ne nkyerɛkyerɛ ahorow so titiriw no beyi ɔko ho asiane no afi hɔ daa. Nanso wɔda so ara reko ɔko ahorow a ɛyɛ hu, na anibuei no akodu baabi a abɛn nuklea akodi pɛɛ a wosuro sɛ obi de ne nsa bɛkɔ akɔka biribi na ɛde asɛm aba. Bere tiaa bi ansa na ɔrewu no, wɔkyerɛ sɛ Einstein kae sɛ: “Sɛ ná minim a anka mɛyɛ obi a ɔyɛ nkrado.”

Ɛyɛ awerɛhow na ɛyɛ yaw sɛ nyansahu a ama nnipa ɔpepepem pii asetra anya nkɔso no ama wɔanya kwan a onipa bɛfa so asɛe n’ankasa ho nso. Sɛ́ nyansahufo betumi akyerɛ nea ɛbɛba daakye nkutoo a! Mmom wɔrentumi, nanso Bible no yɛ saa.

Bible no ne Daakye

Susuw bere a atwam no mu nhwɛso ahorow kakraa bi ho, faako a Bible no aka nea na ɛrebɛba ho asɛm ato hɔ pɛpɛɛpɛ no. Wɔ Bible no fã a ɛne Daniel nhoma a wɔkyerɛwee wɔ Babilon Ahemman no bere so wɔ afeha a ɛto so asia AYB mu no mu no, wɔkyerɛw nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ Persia ne afei Hela bedi Babilon akyi sɛ wiase tumi ahorow. Afei ɛka too hɔ sɛ wɔbɛpaapae Hela Ahemman kɛse no mu ayɛ no tumi nketewa anan, na ɛkyerɛkyerɛɛ Roma ahemman a ɛte sɛ dade a ebedi hɔ no mu pefee (Daniel 7:1-8; 8: 3-8, 20-22) Ne nyinaa bae sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no.

Nkɔmhyɛ a ɛfa daakye ho a ɛyɛ anigye no fa Tiro kurow a na ɛda Israel kusuu fam no ho. Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ Nebukadnezar bɛsɛe Tiro na ɔkaa eyi faa sɛnea n’awiei bɛyɛ ho: “Mɛpra ne dɔte afi mu, na mayɛ no ɔbotan firefire. Na wɔatotow w’abo ne wo nnua ne wo dɔte agu nsu mu. Ma nsu bebree abɛkata wo so.” (Hesekiel 26:4, 12, 19) So eyi bae?

Yiw, ɛbae. Ɔsɛee Yerusalem no akyi bere bi no, Ɔhene Nebukadnezar sɔre tiaa Tiro na odii so nkonim. Nanso kurow no anyera koraa. Emufo no guan kɔɔ supɔw bi a ɛbɛn mpoano so, na ɛhɔ na wɔkɔbɔɔ wɔn ho ban. Afei, bɛyɛ mfirihyia ahasa akyi no, Aleksanda ɔkɛseɛ no bɛtow hyɛɛ nea na saa bere no abɛyɛ Tiro kurow a ɛwɔ supɔw so no so. Senea ɛbɛyɛ a n’asraafo no betumi atoa supɔw no sofo no, ɔfaa abo ne nnua ne ade a ɛyɛ amanfode wɔ kurow dedaw no mu no totow guu po no mu de nyaa kwan kɔɔ kurow a ɛwɔ supɔw no so no so. Enti, sɛnea wɔkaa ho asɛm ankasa a ɛyɛ nwonwa no, nkɔmhyɛ no nyaa mmamu. Wɔpraa tete kurow Tiro mu dɔte no fii hɔ, na wɔtotow n’abo, ne nnua ne ne dɔte guu nsu mu.

Nea ɛyɛ nwonwa kɛse mpo ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Yesu Kristo ho no. Ɛnyɛ berea ɔbɛba sɛ Mesia no nkutoo ho asɛm na Bible no ka too hɔ na mmom nneɛma a ɔbɛyɛ nso, ne mpo owu ko a obewu. Ná Yesu asetra nyinaa yɛ nkɔmhyɛ ahorow a wodii kan kyerɛwee mfirihyia ɔhaha pii no mmamu.​—Daniel 9:24-27; Yesaia 53:3-9; 61:1, 2.

Ɛnnɛ mpo, Bible asuafo tumi hu nkɔmhyɛ mmamu ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ mprempren amammuisɛm ahorow mu. (Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ Mateo 24:7-15 ne Luka 21:25-28.) Na bere a wɔkenkan Paulo nsɛm a ɛwɔ Timoteo nhoma a etia abien ti abiɛsa nkyekyem baako kosi anum no, wohu wiase yi abrabɔ a ɛresɛe no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nokware. Bio nso Bible no hyɛ yɛn daakye ho nkɔm.

Ɛhyɛ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔbɛfa so adi wiase no mprempren amansɛmdi mu ɔhaw ahorow no ho dwuma ho nkɔm. Ɛreka nnɛyi wiase sodifo ahorow asidi no ho asɛm no, ese: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”​—-Daniel 2:44.

Ntease ahorow pii wɔ hɔ a enti yebetumi agye saa bɔhyɛ no adi, a ne titiriw ne sɛ, ebesi mprempren, nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no nyinaa aba mu. Nanso susuw nea ɛkyerɛ no ho. Eyi kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn ahenni bɛma asase yi nyinaa anya nniso biako pɛ, na abesi ɔmampɛ ne akodi nniso ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu. Soronko bɛn ara na eyi bɛyɛ!

Ade biako ne sɛ, amansɛmdifo remfa nyansahu mu nkɔso ahorow no nni dwuma mfa nsɛe ade bio. Afei nso, saa ahenni yi bɛyɛ ahoɔden nnwuma koro no ara a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no bi. Wɔnam nyansahu so tumi tu ɛtɛ, nanso entumi mma obi a wɔwoo no onifuraefo nhu ade. Yesu yɛɛ saa. (Yohane 9:1-12) Wɔnam nyansahu so tumi de nneɛma ahorow yɛ nipadua no akwaa horow bi, nanso entumi mma nsa anaa nan a awu nsan nyɛ yiye. Yesu yɛɛ saa. (Mateo 12:10-13) Nyansahu anya nkɔso kɛse wɔ nnɔbae ahorow a ama adɔɔso na wonya no pii no mu. Nanso Yesu de abodoo anum ne mpataa abien maa nnipa a wɔboro mpemnum di mee. (Mateo 14:15-21) Wɔnam nyansahu so nso tumi ma obi a nsu afa no anaa ɔyare no koma san nya nkwa-sɛ wɔn nsa ka no ntɛm a. Nanso Yesu nyanee ɔbarima bi a na wawu nnanan!​—Yohane 11:3.9, 43, 44..

Ebia nea ɛyɛ nwonwa kɛse mpo ne tumi a Yesu nkyerɛkyerɛ nyae wɔ nkurɔfo so no. Saul a na ɔyɛ asɔretiafo kɛse no na ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo a na ɔwɔ abodwokyɛre no. Petro, ɔpofoni a na onni boasetɔ no bɛyɛɛ ɔsomafo a ne ho akokwaw a asɛyɛde hyɛ ne nsa. Nnipa a wɔn bra asɛe bɛyɛɛ wɔn a wobu bra pa. Mmusua ahorow bɛyɛɛ nea ɔdɔ wom kɛse. Ankorankoro a na wofi aman a wɔne wɔn ho wɔn ho nka koraa mu bɛyɛɛ anuanom wɔ gyidi no mu. Nsakrae ahorow yi yɛ nea nyansahu ahoɔden ntumi nnu ho koraa.

Enti, bere a nyansahu tumi ma asetra yɛ anigye wɔ akwan horow pii so no, Onyankopɔn tumi betumi ayɛ pii asen saa. Na wɔ Onyankopɔn ahenni ase no, yɛbɛte saa tumi no nka kɛse. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:4.

Dabi, onipa rensan nkɔ bere bi a na onni nyansahu mu nimdeɛ biara no mu. Mmom no, bere a wade ne ho afi nneɛma bɔne ahorow a nyansahu ntumi nyi mfi hɔ nanso Onyankopɔn beyi afi hɔ no ho no, onipa betumi de nyansahu mu nimdeɛ a ɛfata a atwam, nea ɛwɔ hɔ mprempren ne daakye de nyinaa adi dwuma ma ɛho aba no mfaso daa. Yɛn ani sɔ nea nyansahu ayi no adi akyerɛ adesamma no. Nanso ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ nokware bi wɔ hɔ a nyansahu ntumi nnu ho a Onyankopɔn ama yɛn nsa aka, na ɛde mfaso ahorow a ɛtra hɔ daa brɛ wɔn a wɔhwehwɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena