Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 6/1 kr. 6-7
  • Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho
    Nyan!—1983
  • Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nyansahu​—Nokware A Adesamma Kɔ So Hwehwɛ
    Nyan!—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 6/1 kr. 6-7
Nyansahufo bi wɔ nhwehwɛmu dan mu reyɛ nhwehwɛmu

ASƐM A ƐDA SO | NYANSAHU ABƐSI BIBLE ANANMU ANAA?

Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu

Nnansa yi, kuo bi a wɔnnye Onyankopɔn nni akyerɛw nwoma pii akyekyɛ de rebɔ dawuru sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nnipa pii adwene akɔ saa nwoma ahorow yi so, na akyinnyegye a akɔfa aba deɛ, ɛnyɛ asɛm ketewa. Wei nti, amemene ho nimdefo David Eagleman ka sɛ: “Asɛm no yɛ akenkanfo bi ahi . . . na wɔte nka sɛ nyansahufo adwene yɛ wɔn sɛ wɔnim biribiara.” Afei ɔtoaa so sɛ: “Nyansahufo ankasa deɛ, bere nyinaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu na wɔahu nneɛma foforo.”

Nsoromma ho nimdefo bi de afidie rehwɛ wim

Ɛyɛ nokware, efi tete bɛsi nnɛ, nyansahufo a wɔaben paa atumi anya abɔde ho nsɛmmisa pii a na ɛkyere wɔn adwene no ho mmuaeɛ. Nanso, ebinom yɛɛ mfomso akɛse akɛse bere a wɔreyɛ nhwehwɛmu no. Sɛ yɛka nyansahufo akukudam a wɔaba pɛn a, yɛntumi nyi Isaac Newton mfi mu. Ɔkyerɛɛ sɛ, tumi a ɛtwe ade ba fam no na ɛka okyinnsoromma, nsoromma, ne nsoromma kuo ahorow no bom ma ɛyɛ amansan no. Ɔno na ɔyɛɛ biribi a wɔfrɛ no calculus; ɛno na wɔgyinaa so yɛɛ kɔmputa, wimhyɛn, ne nuklea ho nneɛma. Nanso, Newton san bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ nsoromma mu, na wafa ahonhonsɛmdi so ayi nkonyaa ama nnade bi adan sika kɔkɔɔ.

Mfe bɛboro 1,500 ansa na Newton reba no, na Greece nsoromma ho nimdefo a wɔfrɛ no Ptolemy de ani kann ayɛ nsoromma ho nhwehwɛmu. Sɛ edu anadwo a, na ɔde n’ani di okyinnsoromma ahorow no akyi wɔ wim, na na ɔnim sɛnea wɔyɛ asase mfonini yie. Nanso na ɔgye di sɛ asase na ɛyɛ amansan no mfinimfini. Okyinnsoromma ho nimdefo Carl Sagan kyerɛw faa Ptolemy ho sɛ: “Ná n’asɛm no yɛ atoro, nanso nkurɔfo gye toom bɛyɛ mfe 1,500. Wei kyerɛ sɛ obi a ɔwɔ biribi ho nimdeɛ paa mpo no, ɛnyɛ ne nsɛm nyinaa na yɛbɛtumi de yɛn ho ato so.”

Nyansahufo bi rekenkan Bible

Ɛnnɛ nso, ɔhaw koro no ara na nyansahufo rehyia. Enti bere bi bɛba a wɔbɛhu amansan no ho nsɛm nyinaa? Ɛwom, nyansahu anya nkɔanim na yɛanya so mfaso deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ biribiara na nyansahufo bɛtumi ahu. Nyansahufo Paul Davies kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ amansan no mu akɔsi ase.” Saa nsɛm no yɛ nokware turodoo; onipa biara rentumi nhu abɔde mu nwie da. Enti sɛ obi ka sɛ nyansahufo bɛtumi anya biribiara ho nkyerɛkyerɛmu a, ɛnneɛ yɛbɛtumi aka sɛ ɔnnim nea ɔreka.

Ɛda adi sɛ Bible ma yɛn nsa ka nea nyansahu ntumi mma yɛnnya

Bible ka sɛnea abɔde yɛ nwonwa no ho asɛm sɛ: “Hwɛ! Yeinom yɛ [Onyankopɔn] nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛboro nnipa adwene ne wɔn ntease so. Ampa, asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛwee bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no da so ara yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “O hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmuo mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!”—Romafoɔ 11:33.

Akwankyerɛ a Nyansahu Ntumi Mma Yɛnnya

Nyansahu ma yɛnya abɔde ho nimdeɛ, nanso Bible ma yɛnya akwankyerɛ ne nnyinasosɛm a ɛboa ma yɛne afoforo tena asomdwoe mu, na ɛsan ma yɛnya anigye ne akomatɔyam nso. Ma yɛnhwɛ nsɛm a edidi so yi.

  • Nsa agyiraehyɛde a ɛkyerɛ sɛ gyae

    Awudisɛm a Wɔsi Ano

    Nya obu ma nkwa

    “Nni awu.”—Exodus 20:13.

    “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudini.”—1 Yohane 3:15.

    Yɛ obi a ɔpɛ asomdwoe

    “Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na di akyire.”—Dwom 34:14.

    “Wɔdua tenenee aba wɔ asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ.”—Yakobo 3:18.

    Twe wo ho firi awudisɛm ho

    “Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛfoɔ mu, na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, ne kra kyiri no koraa.”—Dwom 11:5.

    “Mma w’ani mmmere ɔsɛmmɔnedifoɔ, na mfa n’akwan biara. Yehowa kyiri nkontomponi.”—Mmebusɛm 3:31, 32.

  • Abusua bi

    Abusua mu Anigye

    Tie w’awofo

    “Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu, na yei na ɛtene: ‘Di wo papa ne wo maame ni’; na ɛno ne mmara a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu: ‘Na asi wo yie, na woatena ase akyɛ wɔ asase so.’”—Efesofoɔ 6:1-3.

    Tete wo mma yie

    “Monnhyɛ mo mma ahometeɛ, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa ntenesoɔ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofoɔ 6:4.

    “Monnhyɛ mo mma abufuo na wɔn abam ammu.”—Kolosefoɔ 3:21.

    Dɔ wo hokafo na bu no

    “Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ mma ne kunu.”—Efesofoɔ 5:33.

  • Dua

    Abɔde a wɔbɔ ho ban

    Bible kaa tete Israelfo a na wɔsɛe abɔde no ho asɛm sɛ: “Asase no sotefoɔ ama ho agu fĩ . . . Wɔn a wɔte soɔ no di fɔ.” (Yesaia 24:5, 6) Onyankopɔn ne wɔn a wɔahyɛ da resɛe asase no bɛdi; ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Wɔremfa wɔn ho nni.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena