Nyansahu—Nokware A Adesamma Kɔ So Hwehwɛ
Nhwehwɛmu no Fi Ase
THE WORLD BOOK ENCYCLOPEDIA se: “Obiara nnim nea odii kan huu ogya, ɔyɛɛ nkyimii, ɔyɛɛ ɛta ne bɛmma, anaa ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea owia pue na ɛkɔtɔ mu.” Nanso wohui, wɔyɛe, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu, na efi saa bere no, wiase no nte sɛ nea na ɛte no bio.
Nneɛma a wɔatumi ayɛ yi yɛ nokware a wɔakɔ so ahwehwɛ bɛyɛ mfe mpem asia ni no mfiase. Nnipa pɛ sɛ wohu nneɛma mu bere nyinaa, na wɔpɛ sɛ wonya abɔde a nkwa wom ne nea nkwa nnim a ɛwɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no ho ntease. Wɔn ani gye ho nso sɛ wɔde nea wosua bedi dwuma, na wɔyɛ saa wɔ ɔkwampa a ɛso bɛba wɔn ankasa mfaso so. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wo benya nimdeɛ a ɛyɛ awosu yi ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde bedi dwuma ayɛ ade a ɛkanyan adesamma wɔ nyansahu mu nokware a wɔkɔ so hwehwɛ no mu.
Nokwarem no, wɔamfrɛ mmɔden ahorow a wɔbɔɔ mfiase no sɛ wɔde nyansahu mu nimdeɛ bedi dwuma pa no technology (adwinni ho nyansahu) sɛnea wɔfrɛ no nnɛ no. Enti wɔamfrɛ ankorankoro a wɔbɔɔ mmɔden ahorow a ɛte saa no scientists (abɔde ho nyansahufo) nso. Nokwasɛm ne sɛ adesamma asetra mu fã kɛse no, na sɛnea nyansahu te nnɛ no nni hɔ mpo. Wɔ afeha a ɛto so 14 awiei mu hɔ, bere a Engiresini anwensɛm kyerɛwfo Chaucer de asɛmfua “science” (abɔde ho nyansahu) dii dwuma no, na nea ɔkyerɛ ara ne nimdeɛ ahorow nyinaa. Ná eyi ne asɛmfua etymology a wonya fii Latin asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sɛ́ wobehu” mu no hyia.
Mmoadoma ho Onimdefo a Odi Kan Kyerɛ Kwan No
Ɛmfa ho sɛnea wodii kan frɛɛ no no, abɔde ho nyansahu fii ase wɔ Eden turo no mu bere a nnipa fii ase yɛɛ wiase a atwa wɔn ho ahyia ho nhwehwɛmu no ara pɛ. Ansa na wɔrebɔ Hawa mpo no, wɔde ahyɛde maa Adam sɛ ɔntoto mmoa no din. Ná ɛhwehwɛ sɛ ohu wɔn su ahorow ne nneyɛe yiye na ama wama wɔn din a ɛfata. Ɛnnɛ, yɛfrɛ eyi mmoadoma ho nyansahu.—Genesis 2:19.
Adam ne Hawa ba a odi kan, Kain, ‘kyekyeree kurow bi,’ enti ebetumi aba sɛ na ɔwɔ abɔde ho nyansahu mu nimdeɛ a ɛfata na ama watumi ayɛ nnwinnade a ehia. Akyiri yi, wɔfrɛɛ Tubal-Kain, n’asefo no biako sɛ “kɔbere ne dade ade nyinaa atomfo agya.” Ɛda adi sɛ eduu saa bere no na abɔde ho nyansahu mu nimdeɛ ne sɛnea wɔde di dwuma no anya nkɔso.—Genesis 4:17-22.
Eduu bere a Misraim bɛyɛɛ wiase ahemman—nea edi kan a Bible ka ho asɛm—no, na abɔde ho nyansahu mu nimdeɛ akɔ anim araa ma Misrifo tumi sii nea wɔfrɛ no pyramid akɛseakɛse. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ “wotumi yɛɛ” pyramid ahorow yi “bere a wɔsɔɔ nneɛma pii hwɛe, na wodii mfiridwuma mu nsɛnnennen akɛse ho dwuma akyi no.” Ná nsɛnnennen yi a wobedi ho dwuma no hwehwɛ sɛ wonya akontaabu ho nimdeɛ kɛse, na ɛkyerɛe sɛ na abɔde ho nyansahu mu nimdeɛ bi wɔ hɔ.
Nokwarem no, na ɛnyɛ Misrifo nkutoo na wɔpɛ sɛ wohu abɔde ho nyansahu ho biribi. Wɔ kalenda a Babilonfo yɛe akyi no, wɔyɛɛ akontaabu ne nneɛma susuw ho nhyehyɛe ahorow nso. Apuei Fam no, Chinafo anibue boae kɛse wɔ abɔde ho nyansahu mu. Na Inkafo ne Mayafo a wɔwɔ Amerika asasepɔn so no nananom a wodi kan yɛɛ anibue bi a ɛkɔ anim, a akyiri yi ɛyɛɛ Europafo a wɔkɔhwehwɛ nsase afoforo a wɔanhwɛ kwan sɛ “nkurɔfo a wɔn ani mmuei” betumi ayɛ nneɛma a ɛte saa no nwonwa.”
Nanso, ɛnyɛ biribiara a tetefo yi yɛe mfiase no na wobu no sɛ abɔde ho nyansahu mu nokware. The World Book Encyclopedia ka kyerɛ yɛn sɛ nea ɛka nnwinnade a ɛso wɔ mfaso a Babilonfo yɛ de hwehwɛɛ abɔde ho nyansahu mu ho no, “wɔyɛɛ nsoromma mu hwɛ, a ɛnyɛ abɔde ho nyansahu ankasa nso.”a
Babilon Wɔ Baabiara
Bible asuafo fam no, tete Babilon kyerɛ atoro som. Ná wogye di wɔ nsoromma mu hwɛ a ɛkɔɔ so wɔ hɔ no mu sɛ onyame foforo bi na odi ɔsoro fã biara so. Bible, a ɛkyerɛkyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ no ka abɔde ho nyansahu mu nokwasɛm, na ɛpow atoro abɔde ho nyansahu a wɔfrɛ no nsoromma mu hwɛ no.—Deuteronomium 18:10-12; 1 Korintofo 8:6; 12:6; Efesofo 4:6.
Ná nyamesom yɛ nnipa a wodi kan asetra fa titiriw. Enti ntease wom sɛ abɔde ho nyansahu mu nimdeɛ nya nkɔso a nyamesom gyidi horow ka ho. Yetumi hu eyi titiriw wɔ nnuruyɛ ho nyansahu mu.
The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Tete nhoma ahorow a ɛka Misrifo abusua ne nnuruyɛ wɔ Tete Ahenni no mu ho asɛm da no adi sɛ na nkonyaayi ka aduruyɛ a egyina osuahu ne nnɛema a wɔahu ne ntease so ho, na na farao ahemfi nkonyaayifo panyin taa som nso sɛ ɔman no oduruyɛfo panyin.”
Wɔ Misrifo ahenni a ɛto so abiɛsa mu no, adansi ho nimdefo bi a na wonim no yiye a wɔfrɛ no Imhotep gyee din sɛ ɔyaresafo a ne ho akokwaw yiye. Owui no, annu mfe ɔha na wɔsom no sɛ Misrifo aduruyɛ nyame. Eduu afeha a ɛto so asia A.Y.B. no, na wɔama no so ayɛ no onyame titiriw bi. Britannica ka sɛ wɔ asɔredan ahorow a wɔahyira so ama no mu no, “na amanehunufo a wɔbɔ mpae a wɔda hɔ, a wogye di sɛ onyame no beyi ɔyare no ano aduru akyerɛ wɔn wɔ wɔn dae mu no ayɛ hɔ ma.”
Nyamesom adwene nyaa Misrifo ne Babilonfo ayaresafo so nkɛntɛnso kɛse. The Book of Popular Science ka sɛ: “Ɔyare ho adwene a na ɛwɔ hɔ saa bere no, ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu ne sɛ ahonhommɔne, anaa adaemone a wɔtra nipadua no mu na wɔde atiridii, ɔyare mmoawa, ahotutuw ne ɛyaw bae. Enti, na wɔtaa de nyamesom mu afɔrebɔ ahorow, dwemfa, anaa nkankye di dwuma wɔ ayaresa mu.
Bere bi akyi, wɔ mfeha a ɛto so anan ne anum A.Y.B. mu no, Helani oduruyɛfo a wɔfrɛ no Hippocrates kasa tiaa adwene yi. Wonim no yiye, esiane Hippocrates ntam a wɔda so ara bu no nnɛ sɛ egyina hɔ ma aduruyɛ mu abrabɔ ho mmara no titiriw nti. Nhoma Moments of Discovery—The Origins of Science ka sɛ na Hippocrates “ka wɔn a wodii kan ne asɔfo no sii akane de hwehwɛɛ onipa nyarewa ho nkyerɛkyerɛmu no ho” nso. Bere a ɔfaa abɔde ho nyansahu mu akwan so yɛɛ aduru no, ɔhwehwɛɛ nea ɛde nyarewa ba ankasa. Ntease ne osuahu fii ase sii nyamesom gyidi hunu ne nneɛma a wɔde adwene bu kɛkɛ ananmu.
Hippocrates nam nsonsonoe a ɔma ɛdaa aduruyɛ ne nyamesom ntam no so bɔɔ kwan a ɛbɛma wɔadu botae no ho. Nanso, nnɛ mpo wɔkae yɛn sɛ aduruyɛ fii ase wɔ nyamesom mu. Wobetumi akyerɛ sɛ n’agyiraehyɛde ankasa, Hela aduruyɛ nyame Asclepius poma a ɔwɔ kyekyere ho no fi tete ayaresa asɔredan ahorow a na wɔkora awɔ kronkron wom no mu. Sɛnea The Encyclopædia of Religion kyerɛ no, na awɔ yi gyina hɔ sɛ “tumi a wotumi yɛ nkwa ne akwahosan foforo.”
Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ Hippocrates sɛ aduruyɛ agya. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wanni mfomso wɔ abɔde ho nyansahu mu wɔ mmere horow bi mu. The Book of Popular Science ka kyerɛ yɛn sɛ “ɛte sɛ nea” ne nsusuwii ahorow a ɛnyɛ nokware no bi “ma yɛn ho dwiriw yɛn yiye nnɛ,” nanso ɛde aduruyɛ mu ahomaso ho kɔkɔbɔ ma sɛ: “Ebia aduruyɛ mu nkyerɛkyerɛ a wɔgye tom kɛse nnɛ no bɛma awo ntoatoaso bi a ɛbɛba mu nnipa ho adwiriw wɔn saa ara.”
Nkɔso a Aba Nkakrankakra
Enti, wohuu abɔde ho nyansahu mu nokware nkakrankakra, na woyiyii nokware ahorow no fii nkyerɛkyerɛ a ɛnteɛ no mu wɔ mfehaha pii mu. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi no, na ɛsɛ sɛ awo ntoatoaso biako de nea wohui no pɛpɛɛpɛ ma awo ntoatoaso a ebedi akyi aba no. Ɛda adi sɛ ɔkwan biako a wɔfaa so yɛɛ eyi ne sɛ wɔka kyerɛ afoforo, efisɛ wɔde tumi a wɔde kasa bɔɔ nnipa.—Fa toto Genesis 2:23 ho.
Nanso anka saa kwan a wɔfa so da nea wɔahu adi kyerɛ nkyirimma yi ntumi nni mu sɛnea ɛsɛ da na wɔde nokwasɛm pɛpɛɛpɛ a abɔde ne adwinni ho nyansahu mu nkɔso hwehwɛ no ama. Ɛdaa adi pefee sɛ na ehia sɛ wɔkyerɛw nsɛm to hɔ.
Wonnim bere pɔtee a nnipa fii akyerɛw ase. Nanso bere a wofii ase no, wonyaa ɔkwan bi a ɛyɛ nwonwa a wɔbɛfa so de nsɛm a afoforo betumi agyina so ayɛ ade ama. Ansa na wɔreyɛ nhoma—ebia bɛyɛ 105 Y.B. mu wɔ China—no, na wɔkyerɛw nsɛm gu nneɛma te sɛ dɔte apon, mmɛw, ne mmoa nhoma so.
Sɛ wɔanyɛ akontaabu ne nneɛma susuw ho nhyehyɛe ahorow a, anka abɔde ho nyansahu ntumi nnya nkɔanim kɛse. Ɛnonom a wɔyɛe no ho hia yiye. Bere a The Book of Popular Science reka akontaabu ho asɛm sɛ “wɔde di dwuma wɔ baabiara no,” ɛkae yɛn sɛ “ne dwumadi ahorow de abɔde ho nyansahu mu nkɔso a ɛho hia kɛse pii aba.” Akontaabu nso yɛ “adwinnade a ɛsom bo ma odufrafo, ade a wotumi so mu ho nimdefo, ɔsoro abɔde ho nimdefo, mfiridwumayɛfo ne afoforo.”
Wɔ mfehaha no mu no, nneɛma afoforo ahyɛ abɔde ho nyansahu mu nokware a wɔhwehwɛ no mu den. Nhwɛso biako ne akwantu. The Book of Popular Science kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi a otu kwan kɔ nsase afoforo so no betumi ahu sɛ nneɛma afoforo a ohu, ɔte, ɔte ne hua na ɔka hwɛ no bɛma pɛ a ɔpɛ sɛ ohu nneɛma mu no ayɛ kɛse. Obetumi abisa nea enti a nneɛma yɛ soronko koraa wɔ ɔman foforo so; na bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ nneɛma mu no, obenya nimdeɛ. Ná ɛte saa ara wɔ tete Helafo no fam.”
Yiw, Saa Helafo a Wɔwɔ hɔ Bere Nyinaa No
Sɛ wokenkan nyamesom, amammui, anaa aguadi ho abakɔsɛm a, wubehu sɛ wɔka Helafo ho nsɛm pii. Na hena na ɔntee wɔn nyansapɛfo a wɔagye din, asɛm a wonya fii Hela asɛmfua philo.so.phi’a a ɛkyerɛ “nyansa a wɔpɛ” mu no ho asɛm? Ná wonim nyansa ne nimdeɛ a Helafo pɛ sɛ wonya no yiye wɔ afeha a edi kan no mu bere a Kristoni ɔsomafo Paulo kɔɔ wɔn man mu no. Ɔkaa Epikurofo ne Stoafo anyansafo, a te sɛ ‘Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtra hɔ nyinaa no, na wonni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi’ no ho asɛm.—Asomafo no Nnwuma 17:18-21.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Helafo gyaw abɔde ho nyansahu mu nneɛma pii sen tetefo a wɔaka nyinaa. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Awiei koraa no, mmɔden a Hela nyansapɛ bɔe sɛ ɛbɛkyerɛ sɛnea amansan no te ne ne fibea de asi sɛnea amansan no te ne ne fibea ho anansesɛm ananmu no ma wohuu abɔde ho nyansahu mu nneɛma a mfaso wɔ so.
Nokwarem no, Hela anyansapɛfo binom boaa kɛse wɔ abɔde ho nyansahu mu nokware a wɔhwehwɛe mu. Wɔbɔɔ mmɔden bɔɔ wɔn adikanfo atoro nsusuwii ne nkyerɛkyerɛ no gui, na bere koro no ara mu no wogyinaa nea wohui sɛ ɛyɛ nokware no so yɛɛ ade. (Hwɛ nhwɛso ahorow wɔ adaka no mu.) Enti, wɔn a wɔn nsusuwii reyɛ ayɛ te sɛ nnɛyi abɔde ho nyansahufo de sen biara ne tete Hela anyansapɛfo no. Anwonwasɛm ne sɛ nnansa yi ara na wogyaee dwuma a wɔde asɛm “natural philosophy” (abɔde ho nyansapɛ) dii de gyinaa hɔ maa abɔde ho nyansahu afa horow no.
Bere bi akyi no, Roma Ahemman a wɔde sii hɔ foforo no bunkam Hela a wɔpɛ nyansapɛ no so wɔ amammui mu. So eyi kaa abɔde ho nyansahu mu nkɔso wɔ ɔkwan bi so? Anaa na Kristosom a ɛbɛba no de nsakrae bi bɛba? Nea ɛbɛba no bebua.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛnsɛ sɛ wɔfa nsoromma mu hwɛ, a ɛne sɛnea ɔsoro abɔde twa wɔn ho ho adesua a wogye di sɛ enya nnipa asetra so nkɛntɛnso, anaa ɛkyerɛ nea ɛbɛba daakye no sɛ ɔsoro abɔde ho nimdeɛ, a ɛkyerɛ abɔde ho nyansahu mu adesua a ɛfa nsoromma, okyinnsoroma ahorow, ne wim abɔde afoforo ho a ahonhonsɛmdi nnim.
[Adaka wɔ kratafa 23]
Helafo “Abɔde ho Nyansahufo” a Wɔtraa Ase Ansa na Kristosom Reba
NÁ THALES a ofi Mileto (afeha a ɛto so asia) , a wonim no titiriw wɔ nea ɔyɛe wɔ akontaabu ho ne ne gyidi sɛ nsu yɛ abɔde biara a wotumi so mu mu ade titiriw no, na onyaa ɔkwan bi a ɔfaa so de ahwɛyiye susuw sɛnea ɔsoro abɔde te ho, nea The New Encyclopædia Britannica ka sɛ na “ɛho hia wɔ abɔde ho nyansahu adwene a enyaa nkɔso mu no.”
The Book of Popular Science frɛ Socrates (afeha a ɛtɔ so anum) sɛ “nea onyaa ɔkwan bi a wɔfa so hwehwɛ nsɛm mu—nyansakwan a wɔfa so dwennwen nsɛm hɔ—a ɛsɛ nokware abɔde ho nyansahu kwan no yiye.”
Democritus a ofi Abdera (afeha a ɛfo sɔ anum kosi anan) boa ma wonyaa atomik ho nkyerɛkyerɛ a ɛfa amansan yi ho, ne sɛe a abɔde a wotumi so mu ntumi nsɛe ne ahoɔden a wɔkora so ho nkyerɛkyerɛ nso nnyinaso.
Plato(afeha a ɛfo so anum kosi anan) na ɔtew Atene Asuabea no sɛ sukuu a wɔyɛ nyansapɛ ne abɔde ho nyansahu mu nhwehwɛmu nnidiso nnidiso wom.
Aristotle (afeha a ɛto so anan) , abɔde a nkwa wom ho nimdefo, na ɔtew Lyceum, abɔde ho nyansahu sukuu a wɔyɛɛ nneɛma pii ho nhwehwɛmu wɔ hɔ. Bɛboro mfe 1,500 no, na wogye ne nsusuwii horow tom sen abɔde ho nyansahu nsusuwii biara, na wobuu no sɛ abɔde ho nyansahu ho nimdefo a ɔsen obiara.
Wonim Euclid (afeha a ɛto so anan) , tete akontaabufo a ogyee din sen obiara no yiye esiane “geometry” a efi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “asase susuw” mu ho nimdeɛ ano a ɔboaboae no nti.
Hipparchus a ofi Nicaea (afeha a ɛto so abien) , ɔsoro abɔde ho nimdefo ne nea ɔde “trigonometry” (nneɛma a ɛyɛ ahinasa ho akontaabu) bae no, na ɔkyekyɛɛ nsoromma mu sɛnea ne hyerɛn te, ade a wɔda so ara de di dwuma. Ɔbɔɔ kwan maa Ptolemy, afeha a ɛto so abien Y.B. mu asase ho nsɛm ne ɔsoro abɔde ho ɔbenfo, a ɔmaa nneɛma a Hipparchus hui no nyaa nkɔanim, na ɔkyerɛkyerɛe sɛ asase wɔ amansan no mfinimfini no.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Asclepius poma a ɔwɔ kyekyere ho, nkaede a ɛkyerɛ sɛ abɔde ho nyansahu annya nkɔso a nyamesom nkɛntɛnso nka ho