Nyansahu—Nokware a Adesamma Kɔ so Hwehwɛ
Nyamesom ne Nyansahu—Afrafradi a Enye
ƐTE sɛ nea mfe mpempem pii a wɔde hwehwɛ nyansahu mu nokware no ama wɔanya nnyinaso pintinn a wobegyina so ayɛ nhwehwɛmu afoforo. Nokwarem no, biribiara ntumi nsiw nkɔso foforo kwan. Nanso, The Book of Popular Science ka sɛ: “Nyansahu anni yiye wɔ mfeha a ɛto so abiɛsa, anan ne anum Y.B. mu no mu.”
Nsɛm atitiriw abien a esisii na ɛde tebea yi bae. Ná Yesu Kristo de nyamesom foforo aba wɔ afeha a edi kan no mu. Ná wɔde amammui nhyehyɛe foforo asi hɔ wɔ mfe du du pii a edi eyi anim wɔ 31 A.Y.B. mu no mu, bere a wɔhyehyɛɛ Roma Ahemman no.
Esiane sɛ na Romafo no nte sɛ Helafo nyansapɛfo a wodii wɔn anim no nti, atifi hɔ nhwehwɛmu nhoma no ka sɛ, na Romafo “dwen da biara asetra mu nsɛnnennnen ho dwumadi ho sen sɛ wɔbɛhwehwɛ nokware bi a asete nyɛ den.” Ɛnde ntease wom sɛ “wɔanyɛ mmoa kɛse amma nyansahu ahe biara.”
Nanso, Romafo no boae titiriw wɔ nyansahu mu nimdeɛ a na wɔaboaboa ano besi saa bere no a wɔde maa nkyirimma no mu. Sɛ nhwɛso no, Pliny the Elder boaboaa nyansahu mu nsɛm a wɔfrɛ no Natural History ano wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛwom sɛ na mfomso wom de, nanso ɛkoraa nyansahu mu nsɛm ahorow a anka awo ntoatoaso a ɛbaa akyiri yi nsa renka so.
Wɔ nyamesom fam no, Kristosom a na ɛretrɛw ntɛmntɛm no amfa ne ho anhyɛ saa bere no mu nyansahu ho nhwehwɛmu mu. Ɛnkyerɛ sɛ na Kristofo kasa tia nyansahu ankasa, na mmom na ade a ehia Kristofo titiriw a Kristo ankasa de sii hɔ ne sɛ wobɛte nyamesom mu nokware ase fann na wɔama atrɛw.—Mateo 6:33; 28:19, 20.
Ansa na afeha a edi kan no reba awiei no, na Kristofo awaefo afi ase de atosɛm afrafra nokware som a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔmmɔ no dawuru no dedaw. Eyi maa akyiri yi wɔde Kristosom bi a awae sii hɔ, sɛnea na wɔaka ato hɔ no. (Asomafo no Nnwuma 20:30; 2 Tesalonikafo 2:3; 1 Timoteo 4:1) Nsɛm a esisii wɔ ɛno akyi daa no adi sɛ nea edii nyamesom mu nokware a wɔpowee no akyi bae ne anibiannaso su a wonyae wɔ nyansahu mu nokware ho—ɛtɔ mmere bi mpo a, wɔkasa tia.
“Kristofo” Europa Hweree N’akanni
The World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ Mfinimfini Mmere (fi afeha 5 kosi 15) no mu no, “na nhomanimfo ani gye nyamekyerɛ anaa nyamesom ho adesua ho kɛse sen abɔde ho adesua wɔ Europa.” Collier’s Encyclopedia da no adi sɛ na “nkwagye so dua a wosii sen abɔde mu nhwehwɛmu no siw nyansahu ho nhwehwɛmu kwan mmom sen sɛ ɛbɛhyɛ ho nkuran.”
Ná Kristo nkyerɛkyerɛ renyɛ akwanside a ɛte saa. Nanso, Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ bebree, a ɔkra a wose enwu da nkwagye a wosii so dua traa so ka ho, hyɛɛ adeyɛ yi ho nkuran. Na asɔre no na ɛhwɛ adesua no dodow no ara so, na na wɔyɛ no titiriw wɔ nkokorafi ahorow mu. Nyamesom suban yi brɛɛ nyansahu mu nokware a wɔhwehwɛe no ase.
Efi Yɛn Bere yi mfiase pɛɛ no, na wobu nyamekyerɛ kɛse sen nyansahu mu nsɛm. Nnuruyɛ nkutoo ne nyansahu fã a enyaa nkɔanim a ɛfata sɛ wɔbɔ din. Sɛ nhwɛso no, Aulus Celsus, Romani aduruyɛ ho nhoma kyerɛwfo a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, a na wɔfrɛ “Romafo Hippocrates” kyerɛw nea wobu no nnɛ sɛ tete aduruyɛ nhoma. Helani odufrafo Pedanius Dioscorides, a na ɔyɛ Nero Roma asraafo no oduruyɛfo kyerɛw adufra ho nhoma titiriw bi a wɔde dii dwuma kɛse wɔ mfehaha pii mu. Bere a Galen, Helani a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no mu huu sɛnea nipadua akwaa yɛ adwuma no, onyaa aduruyɛ ho adesua ne so nkɛntɛnso fii ne bere no so besii Mfinimfini Mmere no mu.
Wɔannya nyansahu mu nkɔso bio de besi afeha 15 akyi. Ɛwom sɛ Europa nyansahufo huu nneɛma afoforo wɔ saa bere yi mu de, nanso mpɛn pii no, ɛnyɛ wɔn ankasa na wodii kan hui. Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “[Chinafo] ne wiase nyansahu awuranom a wodi kan. Na wonim sɛnea wɔde kɔmpase di dwuma, wɔyɛɛ krataa ne atuduro, [na] wotintim nhoma bere tenten ansa na Europafo rehu eyinom.”
Enti, esiane sɛ wogyaw nyansahu ho susuw wɔ “Kristofo” Europa nti, wɔn a wɔnyɛ Kristofo amammerɛ dii kan.
Nyansahu mu Nkɔso
Ebeduu afeha akron no, na Arabfo nyansahufo reyɛ nyansahu ho nsɛm mu adikanfo ntɛmntɛm. Titiriw wɔ afeha 10 ne 11 mu—bere a na Kristoman nnya nkɔanim biara—no, Arabfo no tumi yɛɛ nneɛma bebree. Wɔboae kɛse wɔ aduruyɛ, adufra, afifide, ade a wotumi so mu, nsoromma ho nimdeɛ, ne nea ɛsen ne nyinaa no, akontaabu ho nimdeɛ mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 20 no mu.) Maan Z. Madina, Arabfo kasa ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Columbia University ka sɛ Arabfo “titiriw na wɔde nnɛyi ahinasa nneɛma ho akontaabu, akontaabu a wɔde sɛnkyerɛnne ne nkyerɛwde gyina hɔ ma nneɛma dodow, ne nneɛma susuw ho akontaabu bae.”
Wɔn ankasa na wonyaa nyansahu mu nimdeɛ yi mu dodow no ara. Nanso na emu bi gyina nhyɛase kɛse a Helafo nyansapɛfo toe no so, na anwonwasɛm ne sɛ wɔnam nyamesom so na wohui.
Yɛn Bere yi mfiase mu hɔ no, Kristoman trɛw kɔɔ Persia, ne akyiri yi Arabia ne India. Wɔ afeha anum no mu no, Nestorius, Constantinople tete agya, de ne ho hyɛɛ akyinnyegye bi a ɛde mpaapaemu baa Apuei Fam asɔre no mu mu. Eyi na ɛmaa wɔtew kuw foforo a wɔfrɛ no Nestoriafo no.
Bere a Nkramosom baa wiase no mu wɔ afeha ason no mu, na efii ne ntrɛwmu ɔsatu ase no, Arabfo no nsa kaa Nestoriafo a na wɔadi wɔn so nkonim no nimdeɛ no bi ntɛm so. Sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛno, “Nestoriafo na wodii kan maa Helafo nyansahu ne nyansapɛ nyaa nkɔso denam Hela kasa a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Syriac ne afei Arabik kasa mu no so.” Wɔn ara nso na “wodii kan de Helafo nnuru kɔɔ Baghdad.” Arabfo nyansahufo fii ase gyinaa nneɛma a wosua fii Nestoriafo no hɔ so suaa nneɛma afoforo. Arabik besii Syriac kasa ananmu sɛ nyansahu kasa wɔ Arab ahemman mu, na ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ ɔkasa a wotumi de kyerɛw nyansahu yiye.
Nanso Arabfo de nimdeɛ mae te sɛ nea wonyae no ara pɛ. Bere a Moorfo kɔfaa Spain kɔɔ Europa—kɔtraa hɔ bɛboro mfe 700 no—wɔde Nkramofo amammerɛ a anya nkɔanim kɔe. Na wɔ mfe awotwe akodi a wose wɔfrɛ no Mmeamudua ho Akodi a ɛbae wɔ mfe 1096 kosi 1272 mu ho no, Atɔe Famfo mmeamudua ho akofofo no ani gyee Nkramofo anibuei a na anya nkɔanim no ho. Sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kae no, wɔsan de “nimdeɛ afoforo pii” bae.
Arabik Akontaabu a Ɛyɛ Mmerɛw
Mmoa titiriw biako a Arabfo de maa Europa ne Arabik akontaabude a wɔde sii nkyerɛwde a na Romafo no di dwuma no ananmu no. Nokwarem no, “Arabik akontaabude” yɛ din a ɛmfata. Ebia nea ɛfata yiye ne “Hindu-Arabik akontaabude.” Nokwarem no, al-Khwārizmī, afeha akron no mu Arabni akontaabufo ne nsoromma ho nimdefo kyerɛw nhyehyɛe yi ho asɛm, nanso osuaa fii India Hindufo nkontaabufo a wɔyɛe wɔ bɛboro mfe apem a na atwam, wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu no nkyɛn.
Na wonnim nhyehyɛe yi kɛse wɔ Europa ansa na akontaabufo a wagye din, Leonardo Fibonacci, (a wɔsan frɛ no Leonardo a ofi Pisa) de bae wɔ 1202 mu wɔ Liber abaci (Abacus nhoma) mu. Ɔreka nhyehyɛe yi ho mfaso ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Indiafo akontaabude akron no ne: 9 8 7 6 5 4 3 2 1. Wobetumi de saa akontaabude akron yi ne 0 sɛnkyerɛnnede . . . no akyerɛw nɔma biara. Mfiase no, Europafo annye antom ntɛmntɛm. Nanso ebeduu Mfinimfini Mmere no awiei no, na wɔagye nɔma nhyehyɛe no atom, na den a na ɛnyɛ no maa wonyaa nyansahu mu nkɔso.
Sɛ wunnye nni sɛ Hindu-Arabik akontaabude no nyɛ mmerɛw nsen Romafo de a na wɔde di dwuma kan no a, bɔ mmɔden sɛ wobeyi LXXIX afi MCMXCIII mu. So w’adwene atu afra? Ebia 79 a wubeyi afi 1,993 mu no bɛyɛ mmerɛw.
Adesua ho Anigye a Wɔsan Kanyan wɔ Europa
Adesua ho anigye kɛse a ɛrekɔ so wɔ Nkramofo mu no ano fii ase brɛɛ ase fi afeha a ɛto so 12 no mu. Nanso, wɔsan kanyan ho anigye wɔ Europa, bere a nhomanimfo akuw fii ase hyehyɛɛ sukuu a ɛte sɛ nnɛyi sukuupɔn ahorow no. Wobuee Paris ne Oxford Sukuupɔn ahorow no wɔ afeha 12 mfinimfini mu hɔ. Nea edi hɔ ne Cambridge Sukuupɔn a wobuei wɔ afeha 13 mfiase mu hɔ no, na wobuee Prague ne Heidelberg sukuupɔn no wɔ afeha 14 mu. Ebeduu afeha 19 mu no, na sukuupɔn ahorow abɛyɛ nhomasuabea atitiriw a wɔyɛ nyansahu mu nhwehwɛmu wɔ hɔ.
Mfiase no, na nyamesom wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ sukuupɔn ahorow yi so, na na adesua no dodow no ara gyina nyamekyerɛ so anaa ɛfa ho kɛse. Nanso bere koro no ara, sukuu ahorow no gyee Helafo nyansapɛ toom, titiriw Aristotle nhoma ahorow. Sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛ no, “Wɔde Mfinimfini Mmere no mu nyinaa. . . Nhomasua no . . . gyinaa ɔkwan a Aristotle faa so kyerɛkyerɛ nsɛm mu, kyekyɛɛ nneɛma mu, susuw nsɛm ho kyerɛwee, ne nsɛnnennen ho dwumadi so.”
Afeha 13 mu nhomanimfo bi a ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔde Aristotle nhomasua bɛfra Kristofo nyamekyerɛ mu ne Thomas Aquinas, a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no “Kristoni Aristotle” no. Nanso ɔne Aristotle anyɛ adwene wɔ nsɛm bi ho. Sɛ nhwɛso no, Aquinas powee nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wiase no nni mfiase no, ɔpenee nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔbɔe no so. The Book of Popular Science ka sɛ ɛdenam “gyidi a ɛne sɛ yɛn amansan no yɛ nea wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ a wobetumi agyina nsusuwii so ate ase a okuraa mu denneennen so no, ɔboae kɛse ma nnɛyi nyansahu nyaa nkɔso.”
Nanso, asɔre no mpo gyee Aristotle, Ptolemy, ne Galen nkyerɛkyerɛ no toom sɛ nokware turodoo mpɛn pii. Nhwehwɛmu nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Mfinimfini Mmere no mu, bere a na nyansahu mu nhwehwɛmu akɔ fam koraa no, na Aristotle asɛm yɛ mmara. Ipse dixit (‘Ɔno ankasa na ɔkae’) ne asɛm a mfinimfini mmere no mu nhomanimfo de kyerɛe sɛ biribi a wɔahu wɔ ‘nyansahu’ mu no yɛ nokware. Wɔ tebea ahorow yi mu no, mfomso ahorow a Aristotle dii wɔ nneɛma a wotumi so mu ne nsoromma ho nimdeɛ mu no siw nyansahu nkɔso kwan mfehaha pii.”
Oxford ɔkokorani Roger Bacon ne obi a ogyee kan nsusuwii a wɔde ho bataa dennnennen a ntease biara nnim no ho kyim. Ɛkame ayɛ sɛ Bacon a na wɔfrɛ no “mfinimfini mmere no mu nyansahufo a ɔsen biara no” nkutoo na ɔkamfo kyerɛe sɛ wɔnsɔ nneɛma ahorow nhwɛ na ama wɔahu nyansahu mu nokware ahorow. Wɔkae sɛ ɔka siei sɛ wɔbɛyɛ kar, wimhyɛn, ne po so ahyɛn a afiri twe wɔ 1269 mu, mfehaha pii ansa na wɔbɛyɛɛ saa nneɛma no.
Nanso, tumi a Bacon tumi huu ade kɔɔ akyiri ne n’adwene a emu dɔ no nyinaa akyi no, na ɛnyɛ nokwasɛm ahorow no nyinaa na onim. Ogyee nsoromma mu hwɛ, nkonyaayi, ne sɛnea wɔdan fagude ahorow sika kɔkɔɔ dii yiye. Eyi kyerɛ sɛ nyansahu yɛ nokware a wɔkɔ so hwehwɛ ampa, ade a ɛsɛ sɛ wɔsan hwehwɛ mu bere nyinaa.
Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea wogyaee nyansahu mu nhwehwɛmu yɛ wɔ afeha 14 no mu de, nanso bere a afeha 15 bɛn n’awiei no, hwehwɛ a na adesamma hwehwɛ nyansahu mu nokware no amma awiei koraa. Nokwarem no, na nea wɔbɛyɛ mfe 500 a edi hɔ no mu bebunkam nea wɔadi kan ayɛ no so. Na wiase no rebɛhyɛn nyansahu mu nsakrae titiriw bere bi mu. Na sɛnea ɛte wɔ nsakrae titiriw biara mu no, na nyansahu mu nsakrae yi benya ne nnɔmmarima, n’abɔnefo, ne nea ɛsen biara no, n’amanehunufo nso.
[Adaka wɔ kratafa 20]
Arabik Nyansahu mu Mmere Pa
Al-Khwārizmī (ɔtraa ase wɔ mfeha awotwe ne akron no mu) , lraqni akontaabufo ne nsoromma ho nimdefo; wonim sɛ ɔno na ɔde asɛmfua “algebra,” a wonya fii al-jebr a ne nkyerɛase wo Arabik kasa mu ne “nneɛma a abubu a wɔka bom” mu no bae.
Abū Mūsā Jābir ibn Ḥayyān (ɔtraa ase wɔ mfeha awotwe ne akron no mu) , fagude a wɔdan no sika kɔkɔɔ ho nimdefo; wɔfrɛ no Arabfo adufrafo agya
Al-Battānī (ɔtraa ase wɔ mfeha akron ne du no mu) , nsoromma ho nimdefo ne akontaabufo; ɔmaa Ptolemy nsoromma ho akontaabu ahorow nyaa nkɔanim, ma enti wotumi kyerɛe afe ne mmere mu nna dodow pɛpɛɛpɛ.
Ar-Rāzī (Rhazes) (ɔfraa ase wɔ mfeha akron ne du no mu) , Persiafo nnuruyɛfo a wɔagye din yiye no mu biako; ɔno na odii kan huu borɔmpete ne ntoburo ntam nsonsonoe ɔkyekyɛɛ nneɛma nyinaa te sɛ mmoa, nnuadewa, anaasɛ fagude mu akuwakuw.
Abū ‘Alī al-Ḥasan ibn al-Haytham (Alhazen) a ofi Basra (ɔtraa ase wɔ 10 ne 11 mu) , akontaabufo ne ade a wotumi so mu ho nimdefo; ɔboaa kɛse wo aniwa ho nkyerɛkyerɛ mu; ɔno na odii kan kyerɛkyerɛe mu pɛpɛɛpɛ sɛ hann a efi biribi mu ba aniwa no mu na ɛboa ma aniwa tumi hu ade.
Omar Khayyám (ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 11 ne 12 no mu) , Persiani akontaabufo, ade a wotumi so mu ho nimdefo, nsoromma ho nimdefo ne nyansapɛfo; wonim no yiye wɔ Atɔe Fam wɔ ne n’anwensɛm ahorow ho.
[Kratafa 18 mfonini]
Aristotle (atifi) no Plato (ase hɔ) nyaa nyansahu nsusuwii so nkɛntɛnso wɔ mfehaha pii mu
[Asɛm Fibea]
National Archaeological Museum of Athens
Musei Capitolini, Roma