Ɔko A Wɔde Tia Ɔyare
“AMAN a wɔbɛba daakye behu wɔ abakɔsɛm mu ara kwa sɛ na ɔyare bɔne bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no mpete,” saa na Amerika ɔmampanyin a ɔto so abiɛsa, Thomas Jefferson, kyerɛwee wɔ 1806 mu. Ná eyi yɛ krataa bi a ɔde rekamfo Britaniani oduruyɛfo Edward Jenner wɔ ɔyare yi ano aduru a wɔde bota (vaccination) a onyae ho no mu nsɛm no bi.
Nanso, nnansa yi ara wɔ 1967 mu no, wobuu akontaa sɛ ɔyare a wɔfrɛ no mpete yi akunkum nnipa 2,000,000. Nanso ɛte sɛnea ansa na 1979 redu no na ɔsa a World Health Organization (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) tui wɔ wiase nyinaa wɔ saa ɔyare bɔne yi ase a wobetu mu no redi nkonim. Awiei koraa, wɔ mfirihyia 173 akyi no, Jefferson asɛm a ɔka too hɔ no bɛdaa adi sɛ ɛyɛ nokware.
Wɔ 1928 mu no, Sir Alexander Fleming nyaa aduru a wɔde siw nyarewa ano (anti-biotic) a edi kan—ɛne penicillin. Wɔde kum bɔre ano wɔ mogya mu, na wɔde sa emũ yare a wɔfrɛ no mmanoma ne nyarewa afoforo pii. “Penicillin ho asɛm no yɛ nea ɛsen biara wɔ aduyɛ ho abakɔsɛm mu no biako,” saa na Black’s Medical Dictionary ka bere a ɛde penicillin retoto nnuru a wonyae a ɛne nea ɛmma obi nte yaw nka ne nea ekum mmoawa a wɔde nyarewa ba ho no.
Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no na ɔyare a ekunkum nnipa kɛse ne samanwaw. Chopin, Paganini, Rhodes ne nnipa afoforo pii a wogyee din yaree bi. Wɔ 1906 mu no Fransefo baanu, Clamette ne Guérin, nyaa ano aduru a eye a wɔde bota. Na wɔ 1944 mu no wonyaa ano aduru bi a wɔfrɛ no streptomycin. Ɛdenam eyinom ne nnuru afoforo a ɛboa so no, ɛkame ayɛ sɛ wɔadi samanwaw anaasɛ TB so nkonim wɔ aman horow a wɔanya nkɔso no so.
Nanso, nnɛ, TB abu so wɔ mmeae ahorow a wonnyaa nkɔso no, ne mpo wɔ aman horow a wɔanya nkɔso no bi so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛɛ a, nnipa foforo 45,000 nya yare yi bi afe biara wɔ South Africa. Mpempem pii wuwu. Bere a nnuru a ano yɛ nnam a wɔde bota wɔ hɔ a wɔde siw ntoburo anaa ntɛnkyɛm, mmubui, menetewa ne mmofrabere mu nyarewa ahorow ano no no, nyarewa ahorow yi kunkum mmofra ɔpepem pii afe biara wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no so.
Na, wɔ Atɔe fam aman horow binom so no, nyarewa afoforo anya nkɔso wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Sɛnea South Africa Medical Post kyerɛ no, nnɛ, komayare, yare a ɛma obi fã wu (stroke) ne akisikuru kunkum nnipa no mu bɛyɛ ɔha biara mu 70.
Ɛwom sɛ wɔn a nyarewa yi bɔ wɔn no mu bi tumi nya nkwa de, nanso pii bɛyɛ mmubuafo a wɔnsɔre bio koraa. Wɔ 1981 mu no, Amanaman Nkabom no kan ɔkyerɛwfo panyin Kurt Waldheim bɔɔ kɔkɔ sɛ ebedu afe 2000 no, nnipa ɔpepem 400 a wɔyɛ mmubuafo mprempren wɔ wiase no dodow betumi akɔ soro akodu ɔpepem 500. Ɛnde so eyi kyerɛ sɛ wɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a nyansahu ada no adi ne ne nkɔso ahorow no nyinaa akyi no, ɛredi nkogu ankasa wɔ ɔko a wɔde tia ɔyare no mu? Dɛn na yɛn bere yi mu nokwasɛm ahorow kyerɛ?