Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 9/8 kr. 21-24
  • Wɔasiw Owudifo Bi Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔasiw Owudifo Bi Kwan
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owudifo a Ɛsɛ Sɛ Wosuro Ho
  • Akode a Wode Kum Owudifo No
  • Wɔka no Hye Ma Ɔsɛe
  • So Ebetumi Asan Aba Bio?
  • Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa
    Nyan!—2004
  • Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi
    Nyan!—2004
  • “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”
    Nyan!—2002
  • Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 9/8 kr. 21-24

Wɔasiw Owudifo Bi Kwan

MISRAIM Farao Ramses V wui bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni. Obiara nnim nea ekum no, nanso ebesi nnɛ nyinaa n’amu a wɔahyɛ no aduru no ma ɛda adi sɛ owudifo nwonwaso bi na ekum no. Na otirimɔdenfo koro yi ara asɛe ade pii wɔ tete India, China, Greece, ne ɛkame ayɛ sɛ ɔman biara mu.

Eyi yɛ ɔyare a ano yɛ den araa ma ɛde nsakrae aba abakɔsɛm mu. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ, edii Alexander Ɔkɛseɛ no asraafo dɔm bebree no awu wɔ Indus Bon mu. Edii ɔkwantuni Cortés akyi kɔɔ Mexico, na ekunkum ɛhɔfo no araa ma anka ɛreyɛ ama ɔkatakyie no adi nkonim a ɛyɛ mmerɛw. Wɔ afeha a ɛto so 18 Europa no, ekunkum nnipa bɛyɛ 600,000 wɔ afe bi mu. Ɔtamfo bi a na wontumi nhu no na ekunkum wɔn nyinaa​—mmoawa a wɔn hwɛbea te sɛ brikisi, mpete mmoawa no.

Ɛnnɛ mmere mu mpo no, mpete din ma nnipa pii bɔ hu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1947 mu no, esiane sɛ ɛkaa nnipa 12 wɔ New York City nti, wɔsesaa ɛhɔfo bɛboro ɔpepem 6. Na wobu akontaa sɛ nnansa yi ara bɛyɛ sɛ 1967 mu no, mpete kunkum nnipa ɔpepem abien. Dɛn nti na ɔyare yi ho yɛ hu saa? So ɛho da so yɛ hu nnɛ?

Owudifo a Ɛsɛ Sɛ Wosuro Ho

Yɛn mu pii fam no, nea yɛde hu ɔyare no ara ne atwa a yebehu wɔ obi a nsisii a ɛwɔ n’anim ma ɛda adi sɛ ɔyare a edi awu no aka no pɛn no ho. Nanso nnipa pii amfi mu anka. Wɔ mmeae bi no, nnipa 2 biara a ɛkãã wɔn no mu 1 wui.

Nanso, nnipa pii fam no, ɔyare no ho sɛnkyerɛnne a ɛyɛ tan no yɛ hu te sɛ nea ekunkum nnipa pii no ara pɛ. Ɛtaa ba sɛ, wɔ adapɛn abien a onipa no benya aboawa no, na adɔɔso pii a ebetumi de nsɛnnennen ankasa aba. Atiridii a ano yɛ den yiye, awɔw befi ase ade no, afei ɛno akyi bere tiaa bi adetɔso ne afei ɛyaw a ɔte nka wɔ n’akyi dompe no mu. Ɛno akyi nna kakraa no, ade kɔkɔɔnketenkete begu ne ho, nea edi kan no n’anim, afei ne nsa ho, ne koko so, n’akyi ne afei awiei koraa no n’anan ho. Eyi kɔ so yɛ akɛse kosi sɛ ɛbɛhyɛ nsu, na ɛma ɔyarefo no hwɛbea yɛ hu. Nea ɛyɛ aniberesɛm mpo ne nipadua no akwaa a ɛho hia a ebetumi aka no no. Sɛ tumi a nipadua no wɔ a ɛde ko tia yare no antumi anyɛ n’adwuma yiye a, akwaa yi mu biako anaa dodow bi betumi asɛe na onipa no awu.

Ɛwom sɛ na wommu sɛ mpete tumi san nnipa de, nanso sɛnea na etumi kyɛ bere a enni onipa ho no kyerɛ sɛ ebetumi aka wɔn a wɔbɛn ɔyarefo no anaa wosuso ne mpasotam ne ne ntade mu no. Aboawa wudifo yi fi ɔyarefo no kuru mu na ɔfa tutuw anaa nsu mu, na etumi yɛ mmerɛw sɛ ɔbɛhyɛn onipa foforo menewam anaa ne hwenem akɔ no mu akofi n’adwuma bɔne no ase bio.

Na aduru biara nni hɔ​—na ebi nni hɔ ara​—a etumi siw mpete ano. Nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔyarefo no koma atɔ ne yam sɛnea wobetumi, na wɔma no nnuru a ebetumi abrɛ yare no a emu bɛtrɛw no ase. Na ayaresa ho anidaso a ɛwɔ hɔ ara ne tumi a ɛko tia yare a ɛwɔ nipadua no ankasa mu no. Na saa kwan no so na wonyaa nnɛyi aduruyɛ mu ade kɛse bi a wɔde nyaa akode a wɔde bɛko atia owudifo a n’ani yɛ den yi.

Akode a Wode Kum Owudifo No

Thomas Jefferson a 1806 mu no na ɔyɛ United States ɔmampanyin no kyerɛwee sɛ: “Abakɔsɛm nkutoo na ɛbɛma aman a ɛbɛba daakye ahu sɛ na ɔyare bɔne bi a wɔfrɛ no mpete wɔ hɔ.” Na ɔrekyerɛw de akamfo Edward Jenner, Britaniani akuraase oduruyɛfo bi wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so atu mpete ase a ohui no ho. Jenner aduruyɛ a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no asesa no te sɛnea afeha yi mu akwantufo nim yiye no. Mfehaha ansa na Jenner reyɛ ne nhwehwɛmu no, na nea ɛte sɛ ɔkwan koro no ara a wɔfa so de sa mpete wɔ hɔ dedaw. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bengal, India no, na ɛyɛ Shitala Mata (mpete nyamewa) no tete akɔmfo no amanne sɛ wɔbɛtwe mpete yare a emu nyɛ den mu nsu de ama nnipa a wɔte apɔw no nkakrankakra. Nea ɛtaa fi tete asesa yi mu ba ne ɔyare no bi a emu nyɛ den a wonya. Nanso sɛ nea wɔde maa no no tumi a ɛko tia yare no tumi di ɔyare no so a, ebi nyɛ no bio da.

Wɔ asiane ahorow a na ɛwɔ sɛnea wɔsa yare yi mu nyinaa akyi no, wɔde kɔɔ Europa ansa na Jenner bere no reba. Wɔ 1757 mu, bere a na Jenner yɛ abarimaa a wadi mfe awotwe pɛ no na ohuu saa amanne yi bi, bere a wɔn a wɔhwɛ no a wɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ ne ho ban afi ɔyare yi ho no de no kɔɔ “asesabea” a na abu so saa bere no mu biako no. Wɔkyekyee no de no too hɔ na wankeka ne ho sɛnea na wɔayɛ afoforo no wɔ mpa bi a sare ara kwa na egu so so. Ɛhɔ na ohuu mpete a wɔde sesa no mu yaw wɔ tete ayarehwɛfo hwɛ nkutoo ase.

Ɛwom sɛ Jenner anwu de, nanso ne ho antɔ no papa biara mfe pii. Osuahu yi titiriw nti na akyiri yi ɔde nsi hwehwɛɛ ɔkwan pa a wɔbɛfa so asesa no. Eyi ho kwan buei bere a ofii oduruyɛfo adwuma ase wɔ Sodbury akuraa a ɛwɔ England ase no. Ogyee tete akuraase bɛ bi a ese mmaawa a wokyĩ nantwi nufusu no nnya ɔyare bi a wɔfrɛ no nantwi mpete no bi da no dii. Wɔ 1796 mu, bere a ɔde mfe pii asua yare no ho ade akyi no, ɔsɔɔ nea wahu no hwɛe denam abarimaa ketewaa James Phipps a ɔhyɛɛ da de nantwi mpete mu aboawa a ano nyɛ den wɔɔ no paane no so. Na nea ɔkyerɛ ne sɛ James bɛyare kakra na ɛno akyi no mpete a edi awu no bi renyɛ no da.

Ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wɔne Jenner yɛɛ adwene. Akuraa no asefo kasa tiae sɛ ɔde ɔyare bɔne bi bɛba anaasɛ ɔbɛma mmofra a ɔsa wɔn yare no ayɛ wɔn ade te sɛ nantwi. Jenner gyinaa ne nyinaa ano, na bere a James nyaa ahoɔden a hwee anyɛ no na mmom, ɔbɛyɛɛ obi a mpete renyɛ no da no, ɛhɔnom ɔsɔretia no gyaee. Jenner yɛɛ nhwehwɛmu kosii 1798 na ɔkyerɛw nea wahu no nyinaa maa wiase mũ no nyinaa. Ne nkyerɛkyerɛ no adi nkonim. Awiei koraa no na nsa aka akode a wɔde bɛsɛe ɔyare bɔne no.

Wɔka no Hye Ma Ɔsɛe

Nyansahufo afoforo kɔɔ so yɛɛ nhwehwɛmu wɔ Jenner adwuma a ofii ase no akyi. Wonyaa akwan pa a wɔbɛfa so anya mmoawa no ne sɛnea wɔde bɛsesa na ɛmaa sɛnea akode foforo no tu mpɔn no nyaa nkɔanim. Nanso, wɔ nkɔanim no nyinaa akyi no, mpete mmoawa no kɔɔ so kum nkurɔfo. Wɔ 1966 mu mpo no, na mpete yare no wɔ aman 44 mu na abu so wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim no so ma ɛyɛ hu.

Akyiri yi wɔ saa afe no ara mu wɔ World Health Assembly a ɛto so 19 ase na awiei koraa no amanaman no sii gyinae sɛ wɔbɛbom ahwehwɛ nea wɔbɛyɛ akyere ɔyare bɔne no asɛe no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, na ɛsɛ sɛ mpete aboawa no wu bere a onni ɔdesani ho. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, na ɛsɛ sɛ ɔdesani ho nkutoo na etumi tra. Sɛ na wobetumi asiw aboawa no kwan na wamfi obi ho ankɔ ɔfoforo ho a, na ɛsɛ sɛ owu. Enti wofii mfe du a wɔde begu mpete ase ho nhyehyɛe no ase. Na nea eyi kyerɛ ne sɛ wɔbɛyɛ anidahɔ de ahwɛ sɛ ebi bɛba anaa, a nea ɛka ho ne sɛ wɔhyɛɛ amanfo sɛ ebi ba pɛ a, wɔmma wɔn aso nte, ne nnipa no nyinaa a wɔsesaa wɔn nawɔaka nsɛmmɔnedifo no ahyɛ na antumi antrɛw.

Amonom ara no na nea efii mu bae no yɛ anigye mpo wɔ aman a wonni nnuruyɛ ho nneɛma pii no mu. Sɛ nhwɛso no Afrika Atɔe ne Mfinimfini fam no, bere a aman 20 nyaa nneɛma, nyansahyɛfo ne nnuru no, wɔde mfe abiɛsa ne fã pɛ tuu ɔyare no ase. Afrika nkonimdi no nti, Asia miaa mmɔden a na ɛbɔ sɛ wobetu ase no mu. Ebeduu October 16, 1975 no, na wohuu nea etwa to a ɛno ankasa kaa obi no wɔ Bangladesh.

Nanso na eyi nyɛ nea etwa to, efisɛ wɔ 1976 mu no, na mmoawa no mu abien a wɔn ho nyɛ den mu biako da so ara wɔ Somalia. Wɔne no dii apere asram 13; nnuruyɛfo taa aboa bɔne yi twaree no kosii sɛ awiei koraa wɔ October 1977 mu no, wɔkaa no hyɛe. Onipa a ɛkaa no nea edi akyiri no yɛ ɛhɔni bi a wɔfrɛ no Ali Maow Maalin. Ali ho tɔɔ no no, mpete a n’ankasa ka obi no baa awiei. Awiei koraa no, wɔ nea aka kakraa na adu mfe 200 no, Jenner adaeso no anya mmamu. “Wɔagu mpete​—adesamma abusua no mu ɔyare bɔne a ɛyɛ hu sen biara”​—no ase awie.

So Ebetumi Asan Aba Bio?

Wɔ 1980 mu no, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ baguam sɛ wiase no ade ne ho afi mpete ho. Wɔagyae asesa a ɛyɛ ɔhyɛ no, na awo ntoatoaso foforo aba a ɛho nhia sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi aboawa no ho. Nanso, sɛ ɔyare no san ka wɔn a wɔnsesaa wɔn yi ɛ? Asasepɔn mu nyinaa sofo ase a yesuro sɛ ebetumi atɔre nti na yebisa sɛ ebetumi asan aba bio anaa no.

Ɔyare mmoawa ho ɔdenimfo a ɔwɔ Calcutta’s School of Tropical Medicine mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nneɛma abien na ebetumi ama aba saa. Biako yɛ beae a wɔyɛ ho adwuma a ebetumi afi hɔ atrɛw; nea ɛka ho no ne ɔdesani atirimɔden.”

Nea ɛkyerɛ sɛ nea edi kan no betumi asi no daa adi wɔ 1978 mu, bere a mpete nyaa owusɔre bere tiaa bi na ɛsan baa bio wɔ Birmingham, England no. Mfoninitwafo a ɔyɛ adwuma wɔ abansoro a ɛwɔ ɔdan a wɔyɛ mmoawa no ho adesua wom no atifi no nyaa yare no bi ma ɛsan ne maame a ne mfe akɔ anim no ansa na ɛrekum ɔno ankasa. Nanso Britania aban yɛɛ ntɛm siw ano na ankum nnipa afoforo. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiw saa a ɛbɛba bio no kwan no, mprempren wɔde mpete ho adesua no akɔ nhwehwɛmuyɛ mmeae abien bi pɛ a wɔwɛn hɔ yiye, biako wɔ Atlanta, Georgia, U.S.A., na nea ɛka ho no wɔ Moscow, U.S.S.R.

Ebia wubebisa sɛ ‘Dɛn nti na wontu ɔyare yi ase koraa na asiw asiane a ebetumi aba ano?’ Ɔdesani atirimɔden nti na wontumi nyɛ saa. Sɛnea mpete yɛ hu nyinaa akyi no, nkurɔfo betumi de ayɛ akode. Abakɔsɛm ama ada adi sɛ onipa betumi ayɛ saa. Wɔ afeha a ɛto so 17 no mu no, nea ɛbɛyɛ na nnipa bi anya baabi atra wɔ Amerika Kusuu fam no nti, wɔhyɛɛ da maa ɔyare no trɛw wɔ Indiafo a wɔte hɔ no mu. Nnipa pii te nka sɛ, yɛanya nkɔanim asen saa na ‘mpete akodi’ no retumi mma. Yebetumi ahwɛ kwan ara kwa sɛ eyi te saa. Yebetumi ahwɛ kwan ara kwa nso sɛ, wɔagu mpete ase koraa ampa, na esiane biribi a yennim mprempren nti ɛrensan mma bio daakye.

Esiane nea Oduruyɛfo Jenner hui nti, nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu no, yɛn anidaso ne sɛ onipa atumi atu n’atamfo mmoawa a edi awu no mu biako ase. Ɛnnɛ adwumayɛ a wɔanya ho adwinnade ne ntease a ɛsen Jenner de no rebɔ mmɔden adi nsanyare afoforo so nkonim. So ebedi nkonim? Nyansahufo kyerɛ sɛ, wɔ nkɔanim kɛse a wɔanya nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea wonnu botae no ho da. Ɛda adi sɛ ehia nyansa a ɛboro onipa de so na ɛde wiase a emu “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: magurow,” aba.​—Yesaia 33:24.

[Kratafa 23 mfoni]

Oduruyɛfo Edward Jenner adwuma no na efii mpete paane wɔ no ase

[Asɛm Fibea]

WHO photo by J. Abcede

[Kratafa 21 mfoni fibea]

WHO photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena