Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 10/8 kr. 23-24
  • “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sum Ase Akode—Ɛyɛ Asiane Ankasa Kodu He?
    Nyan!—2002
  • Wɔasiw Owudifo Bi Kwan
    Nyan!—1991
  • Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa
    Nyan!—2004
  • Nsanyare Tew Si Baabi a, Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 10/8 kr. 23-24

“Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”

YƐ TEBEA a edi so yi ho mfonini. Amumɔyɛfo gyaa mpete ɔyare mmoawa wɔ kokoam guu United States sotɔɔ abiɛsa mu. Ɔyare mmoawa yi kɔ adetɔfo a wonnim nea ɛrekɔ so no ho. Ankyɛ—dapɛn ne nna kakra akyi no—nnuruyɛfo hu sɛ ɔyare no aka nnipa 20. Wɔ nna edi hɔ no mu no, ɔyare mmoawa no trɛw kɔ afoforo ho. Ehu ka obiara. Nneɛma yɛ basaa a wontumi nyɛ ho hwee. Tebea no bunkam wɔn a wɔhwɛ akwahosan so no so. Aman ahorow toto wɔn ahye mu. Sikasɛm yɛ basaa. Wɔ nnafua aduonu biako fi bere a wogyaee mpete ɔyare mmoawa a edi kan no akyi no, ɔyare no atrɛw akɔ amantam 25 ne aman foforo 10 so. Eduu saa bere no, na ɔyare no aka nnipa 16,000, na 1,000 awu. Nnuruyɛfo bu akontaa sɛ wɔ dapɛn abiɛsa foforo mu no, nnipa a ɔyare no bɛka wɔn no dodow bedu 300,000. Wɔn mu nkyem biako bewu.

Eyi nyɛ nyansahu ayɛsɛm ho sini bi a woyi kyerɛ kɛkɛ. Ná ɛyɛ kɔmputa so adeyɛ bi a wɔde rekyerɛ nea ebetumi asi bere a ɔyare a ɛte saa pae gu no. Wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu yi a animdefo kuw bi na wɔyɛe no wɔ June 2001 mu. Wɔfrɛɛ no “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ.”

Wɔ pii fam no, “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ” yi dan ahude foforo wɔ basabasayɛ a esii wɔ September 11, 2001 no akyi. Ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York Kuropɔn mu ne Pentagon a ɛwɔ Washington, D.C. so no daa no adi ankasa sɛ nnipa atirimɔdenfo ne wɔn a ɔtan ahyɛ wɔn ma asi nketekrakye sɛ wɔbɛsɛe nnipa nkwa. Bio nso, ntua no daa no adi sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtow ahyɛ United States ne ɔman foforo biara so. Yɛte wiase bi a amumɔyɛfo a wɔasi wɔn bo betumi atɔre nnipa mpempem ase prɛko pɛ.

Wɔ September 11 ntua no akyi pɛɛ no, U.S. amammuifo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo na wɔde ani sii wɔn so sɛ wɔde nkrataa a anthrax [nsanyare a ɛma mpɔmpɔ bobɔ nnipa ne mmoa na wotutu akuru], ɔyare mmoawa a wodi awu wom bɛma wɔn. Esiane sɛ ehu kaa nnipa nti, nsɛm ho amanneɛbɔfo ne animdefo bɔɔ wɔn tirim kae sɛ anhwɛ a, amumɔyɛfo de mmoawa a wodi awu kyɛn anthrax—sɛ nhwɛso no, ɔyaredɔm anaa mpete—bɛtow ahyɛ nnipa so. Ebia na “atirimɔden aman” bi reyɛ saa awude yi bebree wɔ sum ase wɔ nhwehwɛmu adan mu. Susuw nsɛm a wɔakyerɛw nnansa yi ara bi ho hwɛ:

“Wiase Aduruyɛ Fekuw ahu sɛ ehu reka nnipa pii na sɛ anhwɛ a, wɔde akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase bɛtrɛw ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ amanaman no mu. Aman nyinaa mu nnipa nkwa da asiane mu. Mmoawa a wɔde ɔyare te sɛ mpete ne ɔyaredɔm ba, ne anthrax a wogya gu no betumi asɛe ade kɛse esiane nyarewa ne owu a ɛde bɛba a ehu a ɛka nnipa no na ɛde ba no nti.”—America Aduruyɛ Fekuw.

“Esiane sɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase nte sɛ mframa bɔne nti, ɛyɛ ade wɔ nnɛɛdɛe kwan so: bere a ɔyare no yi ne ho adi no, ɛma asiane no yɛ kɛse nkakrankakra. Mfiase no nnipa kakraa bi na wɔbɛkɔ ayaresabea. Ebia ɛho nsɛnkyerɛnne no remma nnuruyɛfo nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaasɛ ebetumi asɛ nyarewa a abu so no bi. Bere a akwahosan ho adwumayɛfo behu nea ɛrekɔ so no, na aka kuropɔn mũ nyinaa.”—Scientific American nsɛmma nhoma.

“Sɛ wogyaa mpete ɔyare mmoawa no mu nnɛ a, wiase mu nnipa dodow rentumi nko ntia wɔn, na esiane sɛ nnipa a ɔyare no ka wɔn mu ɔha mu 30 taa wu nti, nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien betumi awuwu.”—Foreign Affairs nsɛmma nhoma.

‘Aman nyinaa da asiane mu. Kuropɔn mũ nyinaa betumi anya ɔyare no bi. Nnipa ɔpepepem abien betumi awuwu.’ Eyi yɛ nsɛm a ɛyɛ hu. Nanso, dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmoawammoawa ntua a ɛyɛ aniberesɛm yi betumi aba? Animdefo susuw asɛmmisa yi ho. Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo ma woate ɔsɛmpɔw ahorow bi a ɛwɔ mu ase.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Asraafo adwumayɛfo yɛ mmoawammoawa ntua ho biribi

[Asɛm Fibea]

DoD photo by Cpl. Branden P. O’Brien, U.S. Marine Corps

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena