Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 10/8 kr. 25-29
  • Sum Ase Akode—Ɛyɛ Asiane Ankasa Kodu He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sum Ase Akode—Ɛyɛ Asiane Ankasa Kodu He?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbara Akode a Ɛtɔre Abɔde a Nkwa Wom Ase
  • Mfiridwuma Mu Akwanside Ma Amumɔyɛfo
  • Amanneɛbɔ a Enye
  • Mmoawammoawa a Wɔayɛ a Ɛde Yare Ba
  • “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Amumɔyɛsɛm Te Nnɛ
    Nyan!—2001
  • Ano Aduru a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—2002
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 10/8 kr. 25-29

Sum Ase Akode—Ɛyɛ Asiane Ankasa Kodu He?

MMƆDEN a wɔbɔ sɛ wɔde yare bedi awu wɔ ɔko bere mu no nyɛ ade foforo. Wɔ afeha a ɛtɔ so 14 mu, wɔ Europa apuei fam no, wɔtow afunu a ɔyaredɔm akunkum wɔn faa kuropɔn a wɔaka wɔn ahyɛ mu no afasu so. Wɔ asɛm foforo bi a esii wɔ mfe 400 akyi mu no, Britaniafo mpanyimfo hyɛɛ da de kuntu a mpete ahyɛn mu maa Amerika Indiafo bere a wɔyɛɛ nhyiam bi a wɔde bɛma asomdwoe aba wɔ Franse ne India Akodi no mu no. Eyi kanyan nsanyare a ɛno ne ade titiriw a ɛmaa Indiafo no gyaee ɔko no. Nanso, afeha a ɛtɔ so 19 awiei mu ansa na wɔrehu sɛ mmoawa na wɔde nsanyare ba. Saa ntease yi daa akomatusɛm foforo a ɛfa yare a wobetumi de ayɛ akode ho adi.

Ɛwom, aduruyɛ ne nyansahu nkɔanim nso ama wɔatumi ayeyɛ nnuru ne nnuru a wɔde siw nyarewa ano. Eyi ama wɔatumi asa nyarewa pii asiw ebinom nso ano. Nanso, wɔ saa nkɔanim yi nyinaa akyi no, nsanyare da so ara yɛ ɔtamfo a ɔyɛ den, a ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 17 afe biara—bɛyɛ 50,000 da biara da. Ɛyɛ tebea bi a ɛhaw adwene yiye: Bere a mmarima ne mmea a wɔwɔ nimdeɛ atu wɔn ho ama sɛ wobedi nyarewa a ɛhaw nnipa so nkonim no, afoforo a wɔwɔ nsi ne nyansa saa ara de wɔn adwene asi nnipa so nkonim a wobedi denam yare so.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbara Akode a Ɛtɔre Abɔde a Nkwa Wom Ase

Bɛboro mfe 25 ni no, United States, ne kan Soviet Union, ne aman foforo pii de yɛɛ wɔn botae denneennen sɛ wɔbɛyɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase. Nanso, wɔ 1972 mu no amanaman no penee so sɛ wɔbɛbara saa akode no. Nanso, aman binom kɔɔ so dii ho dwuma yɛɛ ho nhwehwɛmu wɔ kokoam, boaa mmoawammoawa a edi awu pii ano siei, a akwan a wɔbɛfa so de adi dwuma ka ho.

Dɛn ankasa na ɛmaa wɔbaraa saa akode no wɔ mmara kwan so? Sɛnea na wosusuw wɔ 1970 mfiase no, ɛmfa ho sɛ mmoawammoawa akode tumi di awu kɛse no, na ɛnyɛ akode a ano yɛ den wɔ akono. Ade biako ne sɛ nea efi mu ba no nsi amonom hɔ ara—egye bere ansa na nsɛnkyerɛnne no ada adi. Ade foforo nso ne sɛ ne mpɔntu gyina mframa ne wim tebea mu nsakrae so. Bio nso, aman pii hui sɛ sɛ ɔman biako de akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase di dwuma tia ɔman foforo a, ebetumi aba sɛ ɔman a wɔde dii dwuma tiaa no no nso de wɔn akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase anaa nuklea atopae a wɔaboaboa ano no bɛtɔ wɔn so were. Awiei koraa no, nnipa pii tee nka sɛ ɛyɛ akyide koraa sɛ wɔbɛhyɛ da de abɔde a nkwa wom bedi wɔn mfɛfo nnipa dɛm anaasɛ wɔakum wɔn.

Ɛda adi sɛ ntease horow yi mu biara nni hɔ a ebetumi ama nnipa a nitan rehuruw wɔn bo na wɔpɛ sɛ wobu wɔn ani gu abrabɔ ho gyinapɛn so no agyae saa akode no yɛ. Wɔ wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wobekunkum nnipa basabasa no fam no, wɔn ani gye akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase ho kɛse paa. Wobetumi ayɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase wɔ kokoam de adi dwuma. Wobetumi akata otuafo no ho nsɛm so, na sɛ wonim otuafo no mpo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtɔ amumɔyɛfo dwumadi nhyehyɛe a ɛwɔ ananmusifo wɔ aman pii mu no so werɛ. Afei nso, mmoawammoawa awudi ntua a ɛyɛ n’ade wɔ ɔkwan a aniwa nhu so, na ɛyɛ n’ade nkakrankakra no betumi ama ehu akyekyere nnipa. Nnɔbae anaa nyɛmmoa so ntua betumi de aduankɔm anaa sikasɛm ho nsɛnnennen aba.

Ade foforo a ɛhyɛ akodeyɛ a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase ho nkuran ne ɛho ka a ɛwɔ fam koraa no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa ka a wɔbɔ wɔ akode ahorow a wɔde kunkum ɔmanfo a wonni ahobammɔ a wɔte beae a ne kɛse ne ne tenten yɛ kilomita biako ho no adi. Wobuu akontaa sɛ ka a wɔbɔ wɔ akode a ɛnyɛ atomik a wɔde di dwuma ho no yɛ dɔla 5,000, nuklea akode, dɔla 2,000, mframa bɔne akode, dɔla 1,500, ne akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase, dɔla 2.50.

Mfiridwuma Mu Akwanside Ma Amumɔyɛfo

Akwansosɛm a ɛwɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ka sɛ amumɔyɛfo akuw bi asɔ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase ahwɛ. Nanso, nsonsonoe kɛse da akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase a wɔsɔ hwɛ ne sɛnea wɔde di dwuma tow hyɛ afoforo so nkonimdi mu no ntam.

Sɛ amumɔyɛfo anaa amumɔyɛfo ahyehyɛde bedi nkonim a, ɛsɛ sɛ wotumi di mfiridwuma mu akwanside a ɛnna fam so. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ amumɔyɛfo no nya mmeae pii a wobenya ɔyare mmoawa nketenkete a edi awu no afi. Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wohu sɛnea wɔkora mmoawa nketenkete no so pɛpɛɛpɛ ne sɛnea wɔbɔ ho ban. Nea ɛto so abiɛsa no, ɛsɛ sɛ wohu ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ no bebree. Sɛ wotumi tow mmoawammoawa nketenkete no ketewaa bi a aniwa ntumi nhu wɔn yiye ma etumi du ne botae ho pɛpɛɛpɛ a, ebetumi adi awu paa ara ma asɛe afum nnɔbae, mmoakuw, anaa kuropɔn a nnipa wom. Nanso, mmoawammoawa ntumi nyinaa tebea a ɛwɔ nhwehwɛmu dan akyi no ano yiye. Nokwarem no, mmoawammoawa no fã ketewaa bi pɛ na wotumi du nnipa dodow a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn no nkyɛn, enti wobehia dodow pii ansa na wɔatumi adi ntua a ɛyɛ hu ho dwuma.

Akwanside afoforo pii nso wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ omumɔyɛfo no hu kwan a ɔbɛfa so a mmoawa no renwu na ano akɔ so ayɛ den bere a wɔreyi afi beae a wɔde asie de rekɔ beae a wobegyae mu no. Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔbɛhwete mmoawa no ma atumi adi dwuma yiye. Eyi hwehwɛ sɛ ɔbɛhwɛ ma sɛnea mmoawa no kɛse te no adu botae no ho, na ɛdɔɔso sɛ ɛbɛfa beae kɛse bi a ebetumi atra beae hɔ akyɛ na atumi asan nnipa bebree. Egyee U.S. kuw bi a wɔanya ntetee kɛse a wɔde yɛ mmoawammoawa a wɔde di ako ho nhwehwɛmu no mfe du ne akyi ansa na wɔretumi ahyehyɛ ɔkwan a edi mu a wɔbɛfa so atow mmoawammoawa akode. Sɛ wogyae mmoawammoawa a aniwa nhu no gu ahum mu a, owia ne wim tebea horow tumi ma wowuwu. Enti, mmoawammoawa a wɔde wɔn bɛyɛ akode no hwehwɛ sɛ wonya nimdeɛ a emu dɔ fa sɛnea mmoawa no yɛ wɔn ade bere a wɔwɔ mframa mu no ho.

Sɛ wususuw mfiridwuma mu akwanside ahorow a ɛwɔ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase mu ho a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛho ntua kakra bi pɛ na amumɔyɛfo asɔ ahwɛ. Nea ɛka ho no, nnipa kakra bi pɛ na nea wɔsɔ hwɛe no ma wɔtotɔe. Nnansa yi, nkrataa a wɔde anthrax asɛw mu kum nnipa anum wɔ United States. Ɛno yɛ awerɛhosɛm de, nanso wɔn a wɔtotɔe no sua sen nea anka ebefi ɔtopae ketewaa anaa otuo mpo a wɔde bedi dwuma mu aba. Nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ efi 1975 no, wɔ wiase nyinaa ntua mu ɔha mu 96 a wɔde ɔtopae anaa mmoawammoawa dii dwuma wom mu no, nnipa a wowui anaa wopirapirae no mmoro abiɛsa.

Bere a Britania America Ahobammɔ Amanneɛbɔ Bagua no huu nsɛnnennen a ɛwɔ mmoawammoawa ntua a wɔde bedi dwuma ma ayɛ yiye mu no, ɛkae sɛ: “Ɛwom sɛ aban ahorow hyia ahunahuna bebree fa ɔtopae ne mmoawammoawa amumɔyɛsɛm ho, nanso nhwehwɛmufo pii gye di sɛ asiane a ɛne sɛ wobetumi atɔre nnipa dodow ase wɔ hɔ de, nanso ɛyɛ den sɛ ebesi.” Ɛwom sɛ wɔnhwɛ kwan kɛse sɛ ebesi de nanso nea ebefi ntua a ɛte saa mu aba no betumi ayɛ hu yiye.

Amanneɛbɔ a Enye

Ɛde besi ha yi, yɛaka nsɛm pa a ɛyɛ anigye ho asɛm: Mfiridwuma mu nsɛnnennen ne abakɔsɛm nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ den sɛ mmoawammoawa ntua a ɛsɛe ade besi. Sɛ wɔbɛka no tiawa a, asɛm a enye no ni: Abakɔsɛm ntumi mma yenhu nea ebesi daakye biara. Ɛwom sɛ wodii nkogu kɛse paa ara wɔ ntua a atwam mu de, nanso ebia wobetumi adi nkonim wɔ daakye de mu.

Ehu aka nkurɔfo. Amumɔyɛfo a wɔredɔɔso asi wɔn bo sɛ wobekunkum nnipa pii. Ɛnyɛ nkɔanim nkutoo na amumɔyɛfo anya wɔ mfiridwuma mu na mmom amumɔyɛfo kuw ahorow bi wɔ sika ne nsaanodwuma a wotumi de toto aban ahorow bi de ho.

Ɛkame ayɛ sɛ ɛnhaw animdefo sɛ amanaman de wɔn akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase rema amumɔyɛfo kuw. Nhwehwɛmufo biako kae sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea nniso ahorow yɛ atirimɔden, anuonyampɛ, na amamuisɛm adi wɔn ti no, wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde akode a ɛnyɛ atomik de bɛma amumɔyɛfo akuw a wonnya so tumi biara; nniso ahorow no betumi anya adwene sɛ wɔbɛsɔ saa akode no ahwɛ kan, nanso ebetumi aba sɛ wɔde bedi dwuma wɔ ahunahuna kwan so sen sɛ wɔde bedi ako ankasa.” Nea ɛhaw animdefo ne sɛ ebia amumɔyɛfo kuw bɛfa nyansahufo atua wɔn sika kɛse ama wɔayɛ adwuma ama wɔn.

Mmoawammoawa a Wɔayɛ a Ɛde Yare Ba

Nkɔanim a wɔanya wɔ mmoawammoawa nimdeɛ mu nso yɛ asɛm a ɛyɛ hu. Nyansahufo wɔ nimdeɛ dedaw a wɔde bɛyɛ nsakrae wɔ mmoawa a ɛde yare ba mu ma wɔadi awu asen biara, nanso ano siw bɛyɛ mmerɛw ama wɔn. Wobetumi afa awosu mu nneɛma so asakra mmoawa a aniwa nhu wɔn ma ayɛ awuduru. Wobetumi asakra abɔde a nkwa wom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati gyinapɛn a wɔde hwehwɛ nneɛma mu no. Bio nso, wobetumi ahyehyɛ mmoawa nketenkete ma wɔatumi ako atia nnuru a ekum ɔyare mmoawa, ne nnuru a wɔde siw ɔyare ano. Sɛ nhwɛso no, nyansahufo a wɔwae fii kan Soviet Union ho no kyerɛ sɛ, wɔayɛ ɔyaredɔm bi a etumi ko tia nnuru a ekum ɔyare mmoawa 16.

Wɔhwɛ kwan sɛ daakye nkɔso a wobenya wɔ mmoawammoawa ho nimdeɛ ne awosu mu nneɛma mu no bɛtrɛw nea wɔbɛpaw mu. Nyansahufo betumi atu akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase bebree awosu nhyehyɛe afra na wɔasan ahyehyɛ anaa wama no su foforo—a edi awu na ɛyɛ den sen biara, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ na wɔde adi dwuma. Wobetumi asakra no ma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka ne nkɛntɛnso ho asɛm asie na wɔadi so. Wobetumi ahyehyɛ mmoawa a wɔde yare ba ma wɔn nkwammoaa apaapae ayɛ dodow bi wɔ bere a wɔahyehyɛ mu na wɔawuwu—wobedi awu na afei wɔayera.

Sɛ wɔanhwɛ a, wobewiawia wɔn ho nso ayɛ akode a ɛwɔ ahoɔden soronko daakye. Sɛ nhwɛso no, akode a edi dwuma pɔtee bi betumi adi nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ankasa dɛm—sɛ anka yare pɔtee bi bɛka obi no, nyarewa pii betumi aka onii no. Sɛ ɔyare mmoawa a edi awu te sɛ AIDS yi ne ho adi a, ɛbɛyɛ dɛn na wubehu sɛ ne farebae yɛ awosu mu nsakrae anaa awosu mu nneɛma a wɔakyinkyim no wɔ ɔtamfo bi nhwehwɛmu dan mu?

Mfiridwuma mu nkɔso asesa akwan a nnipa a wɔwɔ sraadi mu fa so susuw nneɛma ho. U.S. po so asraafo panyin biako kyerɛwee sɛ: “Afei na wɔn a wɔyɛ akode no afi ase sɛ wɔbɛhwehwɛ nsakrae akɛse a mmoawammoawa akode ho nimdeɛ betumi de aba mu. Ɛyɛ aniberesɛm sɛ wobehu sɛ nea wɔbɛyɛ daakye no dɔɔso sen nea abɛsen kɔ.”

[Adaka wɔ kratafa 26]

Dɛn ne Mmoawammoawa Akodi?

Asɛmfua “mmoawammoawa akodi” kyerɛ boa a wɔboapa de nyarewa ka nnipa, mmoa, anaa afifide. Wɔn botae ne sɛ wɔbɛma yare aka nnipa a wɔde wɔn ani asi wɔn so no denam yare mmoawa so. Saa mmoawa yi bu bɔ ho (ebinom yɛ awuduru), na bere kɔ so no yare no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi. Akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase bi de nipaduam mmerɛwyɛ ba, afoforo nso de owu ba. Wobetumi de afoforo nso adi dwuma atow ahyɛ nnɔbae so asɛe no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Nsɛm A Ɛho Hia A Ɛfa Akode A Ɛtɔre Abɔde A Nkwa Wom Ase Ho

Anthrax: Nsanyare a ɛma mpɔmpɔ bobɔ nnipa ne mmoa na wɔn ho tutu akuru. Sɛ anthrax yɛ obi a ebetumi ayɛ sɛ ɔpapu. Nna dodow bi akyi no, nsɛnkyerɛnne no kɔ anim dan ɔhome a emu yɛ den a entumi nsi so na ɛyɛ abotutraso. Mpɛn pii no anthrax a ne su te sɛɛ yi de owu ba.

Wɔ nnipa a wɔwɔ beae a anthrax asi no, wobetumi de aduru a ekum ɔyare mmoawa asiw ne san ano. Ɛho hia sɛ wɔyɛ ho aduru ntɛm; nan ase twentwɛn tew hokwan a wɔde benya nkwa no so.

Ɛyɛ den sɛ anthrax bɛtrɛw afi obi so akɔ ɔfoforo so na ebia ɛrentumi nsi koraa.

Wɔ afeha 20 ne fã ɛto so abien mu no, aman dodow pii de anthrax yɛɛ akode, a United States ne kan Soviet Union ka ho. Aman dodow a wosusuw sɛ wɔwɔ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase no akɔ soro fi 10 wɔ 1989 mu akodu 17 wɔ 1995 mu. Wonhu aman yi mu dodow a wɔde anthrax redi dwuma. Akontaabu bi a U.S. aban no de too gua kyerɛ sɛ, sɛ wɔpete anthrax a emu duru yɛ kilogram 100 gu kuropɔn bi so a ebetumi adi awu sɛ hydrogen ɔtopae.

Botulism: Ɔyare a ɛma obi ntini dwudwo, a nea ɛde ba ne aduan a wɔamfa ansie yiye na mmoawammoawa a wɔwɔ bɔre bam. Sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi anya yare a efi aduan yi bi mu ne sɛ obehu nneɛma abien abien anaa n’ani so bɛyɛ no wusiwusi, n’ani akyi nam a ɛsram so, ne kasa a emu nna hɔ, ade mene a ɛyɛ no den, ne n’anom a ɛwo. Ntini a efi w’abati so besi wo nan ase nyinaa yɛ mmerɛw. Ahome ntini a edwudwo betumi de owu aba. Botulism ntrɛw mfi obi so nkɔ ɔfoforo so.

Sɛ wɔde aduru a ɛko tia bɔre no di ho dwuma ntɛmpa a, ɛtew nsɛnkyerɛnne no ano den ne owu a ebetumi afi mu aba no so.

Botulinum bɔre yɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase a wɔpɛ titiriw, ɛnyɛ nim a wonim sɛ edi awu kɛse nti, na mmom, sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ na wɔde akokɔ mmeae nti. Nea ɛka ho no, wɔn a ɛka wɔn no hia ɔhwɛ a ɛkɔ akyiri paa yiye. Wosusuw sɛ aman pii reyɛ botulinum bɔre de adi dwuma sɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase.

Ɔyaredɔm: Nsanyare a ano yɛ den a mmoawammoawa bi de ba. Nsɛnkyerɛnne a edi kan da adi wɔ mpafe ɔyaredɔm ho ne atiridii, tipae, mmerɛwyɛ, ne waw. Birimbɔ ne ahoɔhyew a ano yɛ den bedi hɔ, na sɛ wɔamfa aduru a ekum ɔyare mmoawa anni dwuma ntɛm a, owu betumi afi mu aba.

Ɔyare no trɛw fi obi so kɔ ɔfoforo so denam ntasu a ɛsosɔ so.

Wɔ afeha a ɛto so 14 mu no, ɔyaredɔm kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 13 wɔ China ne ɔpepem 20 kosi 30 wɔ Europa wɔ mfe anum mu.

Wɔ 1950 ne 1960 mu no, United States ne kan Soviet Union nyinaa hwehwɛɛ akwan a wɔnam so bɛtrɛw mpafe ɔyaredɔm mu. Nyansahufo mpempem na wogye di sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔyaredɔm a wɔde yɛɛ akode no ho dwumadi mu.

Mpete: Nsanyare a ano yɛ den a ɔyare mmoawa na ɛde ba. Nsɛnkyerɛnne a edi kan no bi ne atiridii a ano yɛ den, ɔbrɛ, tipae, ne akyitutuw. Akyiri no, pɔmpɔ bobɔ na ɛhyehyɛ mogyasufene. Nnipa abiɛsa a ɛbɔ wɔn mu biako wu.

Wotuu mpete ase wɔ wiase nyinaa wɔ 1977 mu. Mpete adusesa nhyehyɛe baa awiei wɔ 1970 mfe no mfinimfini mu. Wontumi nhu sɛ ebia wɔn a wɔyɛɛ wɔn aduru ansa na saa bere no reba no nkwaadɔm tumi ko tia yare no anaa. Wonni ayaresa a wɔagye atom sɛ etumi sa mpete.

Ɔyare no trɛw fi obi so kɔ ɔfoforo so denam ntasu a yare wom a ɛsosɔ so. Ntama anaa mpa so tam a yare no asɛe mu betumi atrɛw ɔyare mmoawa no mu.

Efi 1980 mu no, Soviet Union yɛɛ nhyehyɛe a wɔde yɛ mmoawa a wɔde mpete ba bebree, na wɔyɛɛ no sɛnea wobetumi de ahyɛ aprɛm a wotumi tow kɔ aman a ɛwowɔ akyirikyiri mu. Wɔbɔɔ mmɔden nso sɛ wɔbɛyɛ mmoawa a wɔde mpete ba no bi a wɔn ho yɛ den kɛse na ɛsan nnipa ntɛmntɛm pii.

[Mfonini]

“Anthrax” mmoawa ne ntapé nkuruwankuruwa

[Asɛm Fibea]

Fibea: U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano, Johns Hopkins Asoɛe a Wɔyɛ Abɔde a Nkwa Wom Ho Bammɔ Ho Nhwehwɛmu Ma Ɔmanfo.

Obi a Anthrax ayɛ no: CDC, Atlanta, Ga.; anthrax mmoawa: ©Dr. Gary Gaugler, Photo Researchers; yare a ɛma obi ntini dwudwo mmoawa: CDC/Courtesy of Larry Stauffer, Oregon Ɔman Akwahosan Nhwehwɛmu Dan Ma Ɔmanfo

Ɔyaredɔm mmoawa: Copyright Dennis Kunkel Microscopy, Inc.; mpete ɔyare mmoawa: ©Meckes, Gelderblom, Eye of Science, Photo Researchers; obi a mpete ayɛ no: CDC/NIP/Barbara Rice

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Nnansa yi, nkrataa a wɔde “anthrax” asɛw mu maa ehu kaa nkurɔfo

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Axel Seidemann

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Nnuru ne mmoawammoawa atopae a wofi wim tow a wɔsɛee no wɔ Gulf Ko no akyi

[Asɛm Fibea]

AP Photo/MOD

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena