Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 10/8 kr. 30-31
  • Ano Aduru a Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ano Aduru a Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛba Daakye
  • Sum Ase Akode—Ɛyɛ Asiane Ankasa Kodu He?
    Nyan!—2002
  • Nuklea Akodi—Yebetumi Akwati?
    Nyan!—2004
  • Afeha a Basabasayɛ Wom
    Nyan!—2002
  • “Bere Bɔne Ho Akwanhwɛ”
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 10/8 kr. 30-31

Ano Aduru a Wɔhwehwɛ

EFI 1972 no, aman bɛboro ɔha yɛɛ amanaman ntam apam a wɔde bɛbara akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase a wɔbɛyɛ, ɛho dwumadi, ne boa a wɔbɛboa ano agu hɔ. Saa apam yi a wɔfrɛɛ no Mmoawammoawa ne Awuduru Akode Ho Nhyiam (Biological and Toxin Weapns Convention [BTWC]) no, ne nea edi kan koraa a ɛbaraa akode pɔtee bi nyinaa. Nea ɛtɔɔ sin wɔ ho ne sɛ antumi ankyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahu sɛ aman no redi akwankyerɛ no so.

Ɛyɛ den sɛ wobehu sɛ aman bi nyɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase, esiane sɛ wobetumi de nyansakwan ne nimdeɛ koro no ara a wɔde di asomdwoe ho atirimpɔw no ayɛ akode a ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase. Saa mmoawammoawa ho nimdeɛ a “wɔde di dwuma akwan abien so” yi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde akode behintaw adufra adan akɛse ne adan a wɔyɛ nhwehwɛmu wom ma ayɛ sɛ nea wɔde redi dwuma a asɛm biara nni ho de aboa ɔmanfo.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nhwehwɛmu ho nsɛnnennen ho dwuma no, aman horow mu ananmusifo no fii ase kaa amanaman ntam apam a aman no nyinaa bɛhyɛ bɔ sɛ wobedi so ho asɛm wɔ 1995 mu. Bɛboro mfe asia ne akyi no, wodwennwen akwan pɔtee a wobetumi afa so ahwɛ sɛ aman horow no bedi BTWC no so. Wɔ December 7, 2001 no, adapɛn abiɛsa nhyiam a 1972 apam no mufo 144 kɔe no kowiee hooyɛ mu. Ná asɛnnennen no ne sɛ United States ampene nyansahyɛ titiriw a wɔbɛfa so ahwɛ sɛnea wɔredi BTWC so no so. United States kyerɛe sɛ sɛ́ wɔbɛma wɔn a wɔnyɛ wɔn man mufo kwan ma wɔabɛhwehwɛ wɔn asraadi ne mfiridwuma mmeae no bɛpa wɔn ho ntama akyerɛ akwansrafo.

Nea Ɛbɛba Daakye

Mmoawammoawa ho nimdeɛ betumi ama nneɛma pa ne nneɛma bɔne pii aba. Mfiridwuma mu nimdeɛ titiriw—nimdeɛ a ɛfa nnade ho, atopae, afiri a ɛde fango yɛ adwuma, wim akwantu, ɛlɛtrɔnik—ɛnyɛ asomdwoe nko nti na wɔyɛ eyinom nyinaa, na mmom, nitan nso nti. So eyi bɛyɛ nokware afa mmoawammoawa nimdeɛ nso ho? Pii gye di sɛ saa asɛm no ho mmuae yɛ yiw.

U.S. Ɔman Ahobammɔ Ahyehyɛde kae wɔ ne 1999 amanneɛbɔ mu sɛ: “Ankorankoro ne afei kuw ahorow . . . benya tumi ne ahoɔden, na pii nso bekura nneɛma a ɛsɛe ade kɔ akyiri yiye mu. . . . Wɔde amammɔfo ne ankorankoro kuw a ebedi tebea pɔtee ho dwuma bere tia mu pii besisi hɔ, a ɔsom mu nsiyɛ na ɛtaa kanyan wɔn, kuw a gyidi a ayɛ sɛ ntease nnim, anaa menasepɔw dɛw wɔ wɔn mu. Seesei amumɔyɛfo betumi anya mfiridwuma a kan no na aman akɛse pɛ na wɔwɔ na wotumi de di dwuma no ho kwan na wɔde ntua aba mmeae a nnipa dodow wɔ no.”

Ɛwom sɛ yennim nea ebesi daakye a ɛda yɛn anim pɛɛ no de, nanso yenim nea ɛwɔ Onyankopɔn adwenem ma adesamma. Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a nnipa a wɔwɔ asase so ‘bɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.’ (Hesekiel 34:28) Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa saa bɔhyɛ a awerɛkyekye wom no ho a, hu Yehowa Adansefo anaa kyerɛw kɔma address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nhwehwɛmufo reyɛ akwan a wɔbɛfa so adwudwo “anthrax” ano

[Asɛm Fibea]

Photo courtesy of Sandia National Laboratories

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Akode a Ɛtɔre Abɔde a Nkwa Wom Ase Nhyiam, November 19, 2001, Switzerland

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Donald Stampfli

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Bible no hyɛ bere bi a obiara ‘bɛtra ase dwoodwoo’ ho bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena