Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 5/8 kr. 4-8
  • Afeha a Basabasayɛ Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afeha a Basabasayɛ Wom
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhyɛ Ɔko Ho Nkuran Anaa Asomdwoe?
    Nyan!—2002
  • Hena na Obetumi De Asomdwoe a Enni Awiei Aba?
    Nyan!—1996
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
  • Akode Nketewa, Ɔhaw Akɛse
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 5/8 kr. 4-8

Afeha a Basabasayɛ Wom

NÁ Alfred Nobel wɔ gyidi sɛ sɛ aman nya akode a edi awu kɛse a ebetumi de asomdwoe aba. Anyɛ yiye koraa no, amanaman betumi aboaboa wɔn ho ano ntɛm na wɔde ɔsɛe a ɛyɛ hu aba otuafo biara so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi bɛyɛ ade a ɛremma ɔko ntumi mma.” Sɛnea Nobel adwene kyerɛ no, ɔman biara nni hɔ a wonim nyansa a wɔbɛka ntɔkwaw bere a wonim sɛ nea ebefi mu aba no bɛhaw wɔn ankasa no. Nanso, dɛn na ɛdaa adi wɔ afeha a etwaam no mu?

Nobel wu akyi bɛyɛ mfirihyia 20 na Wiase Ko I sii. Wɔde akode foforo a edi awu, a nea ɛka ho ne atuo a ɛtotow ntoatoaso, mframa a edi awu, akode a ɛtotow gyaframa, ntwitwiridii, wimhyɛn, ne po ase akohyɛn dii dwuma wɔ ɔko yi mu. Wokunkum asraafo bɛyɛ ɔpepem du, na wopirapiraa bɛboro ɔpepem aduonu. Atirimɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko I mu no maa asomdwoe ho asɛm ho behiaa nkurɔfo bio. Eyi na ɛma wɔhyehyɛɛ Amanaman Apam no. U.S. Ɔmampanyin Woodrow Wilson, a odii akoten wɔ eyi mu no na onyaa Nobel Asomdwoe Ho Akyɛde no wɔ afe 1919 mu.

Nanso, anidaso biara a na ɛwɔ hɔ sɛ akodi bɛba awiei koraa no yɛɛ ɔkwa bere a Wiase Ko II sii wɔ afe 1939 mu no. Ná ɔko yi yɛ hu sen Wiase Ko I no wɔ akwan pii so. Wɔ saa ko yi mu no, Adolf Hitler trɛw Nobel adwinnan a ɛwɔ Krümmel no mu ma ɛbɛyɛɛ Germany adwinnan akɛse a ɛsen biara a wɔyɛ akode wom no mu biako, a na adwumayɛfo bɛboro 9,000 na wɔwom. Afei, wɔ ɔko no awiei no, Aman a wɔko tiaa Germany no nam atopae a wofi wimhyɛn mu totowee, a na ɛboro atopae apem no so sɛee Nobel adwinnan no koraa. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Nobel ankasa adwenkyerɛ a ɛfa akodeyɛ ho na ɛboa maa wɔyɛɛ saa atopae no.

Ɛnyɛ wiase nyinaa akodi abien no nko na ɛkɔɔ so wɔ Nobel wu akyi afeha biako no mu, na mmom akodi nketewa pii nso. Akode buu so saa bere no, na emu bi bɛyɛɛ nea ɛsɛe ade kɛse mpo. Susuw akode a wɔde adi dwuma mfe pii fi bere a Nobel wui no ho hwɛ.

Akode nketewa. Akodiawuo, atuo, atopae nketewa, atuo a ɛtotow ntoatoaso, mfiri a wɔde totow atuo, ne akode nketewa foforo. Akode nketewa bo, ɛso kora, ne ne tow mpo nyɛ den.

So saa akode yi a wɔanya​—ne huna a ehunahuna ɔmanfo​—no asiw ɔko ano? Dabida! Wɔ Bulletin of the Atomic Scientists mu no, Michael Klare kyerɛwee sɛ, saa akode nketewa no abɛyɛ “adwinnade titiriw a wɔde di dwuma wɔ akodi a akɔ so wɔ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi akyi no dodow no ara mu.” Nokwarem no, akode nketewa na wɔde akunkum nnipa wɔ akodi a akɔ so nnansa yi no mu ɔha mu 90 mu. Nnipa bɛboro ɔpepem anan na wɔde saa akode yi kunkum wɔn wɔ 1990 mfe no mu nkutoo. Mpɛn pii no, mmabun a wonnyaa asraafo ntetee biara na ɛnhaw wɔn sɛ wobebu akodi mu mmara so no de akode nketewa di dwuma.

Atopae a wɔde hyehyɛ fam. Eduu afeha a ɛto so 20 no awiei no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a na atopae a wɔde hyehyɛ fam di nnipa bɛyɛ 70 dɛm anaasɛ ekunkum wɔn da biara! Na wɔn mu dodow ara nyɛ asraafo. Mpɛn pii no, wɔmfa atopae a wɔde hyehyɛ fam nni dwuma sɛ nea wɔde bekunkum nkurɔfo na mmom sɛ wɔde bedi wɔn a epirapira wɔn yayaayaw no dɛm na wɔde ayi wɔn hu.

Nokwarem no, wɔabɔ mmɔden pii wɔ mfe kakra a abɛsen mu sɛ wobeyiyi atopae no afi fam. Nanso, ebinom ka sɛ sɛ woyi ɔtopae biako biara a, wɔde 20 foforo hyehyɛ fam, na ebetumi aba sɛ atopae no ɔpepem 60 na ɛhyehyɛ fam wɔ wiase nyinaa. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atopae a ɛhyehyɛ fam ntumi nhu nsonsonoe a ɛwɔ ɔsraani nan a etia so ne abofra a ɔredi agoru de mu no mmaa wonhuu hia a ehia sɛ wogyae akode a ɛyɛ hu yi yɛ ne dwuma a wɔde di no.

Nuklea akode. Nuklea akode a wɔayɛ no ama ayɛ yiye nea edi kan sɛ wobetumi asɛe kuropɔn bi nyinaa wɔ anibu bi mu a asraafo nni ako biako mpo. Sɛ nhwɛso no, susuw adesɛe a ɛyɛ hu a esii bere a wɔtotow atɔm atopae guu Hiroshima ne Nagasaki wɔ afe 1945 mu no ho hwɛ. Hann a na ano yɛ den yiye no maa nnipa binom ani furae. Hann mu ntutuw no kɔɔ afoforo mu. Ogya ne ɔhyew kunkum nnipa pii. Nnipa a wowuwui wɔ nkuropɔn abien yi mu no ano si bɛyɛ 300,000!

Ɛwom sɛ, ebinom bɛka sɛ saa nkuropɔn no a wɔde atopae sɛee no no siw nnipa pii a sɛ wɔkɔɔ so de atuo dii ako no a anka wobekunkum wɔn no ano. Nanso, bere a nkwa pii a wɔhweree no maa nnipa ho dwiriw wɔn no, ebinom fii ase de adwene bae sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe nsiw akode a ɛyɛ hu yi yɛ ne ne dwumadi ano. Nokwarem no, nnipa pii fii ase suroe sɛ nnipa anya tumi a ɔde bɛsɛe ne ho.

So nuklea akode a wɔyɛe no ama asomdwoe aba? Ebinom ka sɛ yiw. Wɔtwe adwene si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔmfaa akode a tumi wom yi nnii ako bɛboro mfirihyia aduonum ni no so. Nanso, Nobel adwene a ɛne sɛ akode a ɛsɛe ade pii a wɔbɛyɛ no bɛma akodi agyae no mmaa mu, efisɛ wɔkɔ so de atuo di ako. Nuklea Nhyehyɛe Ho Boayikuw no ka sɛ, ɛno akyi no, wɔayɛ nuklea akode mpempem pii krado a wobetumi atow no bere biara. Na saa bere yi a amumɔyɛsɛm haw adwene kɛse yi, nnipa pii suro nea sɛ nuklea akode kodi “amumɔyɛfo” nsam a ɛbɛba no. Bere a ɛwɔ “atumfoɔ” nsam mpo no, asiane wɔ hɔ sɛ sɛ mfomso bi si a, wiase nyinaa betumi akɔ nuklea asiane mu. Ɛda adi pefee sɛ, ɛdefa akode a ɛsɛe ade ho no, ɛnyɛ asomdwoe a Nobel hwɛɛ kwan sɛ ɛbɛba no ni.

Mmoawammoawa ne awuduru a wɔde di ako. Wɔde yare mmoawa a wɔn ho yɛ hu te sɛ mmoawa a wɔde yare a wɔfrɛ no anthrax anaa mpete ba no di dwuma. Mpete yɛ hu yiye efisɛ etumi san ntɛmntɛm. Na awuduru a wɔde di ako te sɛ mframa a edi awu nso wɔ hɔ. Awuduru yi gu ahorow, na ɛwom sɛ wɔabara mfirihyia pii ni de, nanso eyi mmaa wonnyaee dwuma a wɔde di no.

So akode a ɛyɛ hu yi ne asiane a ɛde ba no ama nnipa ayɛ wɔn ade sɛnea Nobel kae no​—sɛ “ehu bɛma wɔagyae akodi na wɔagu wɔn asraafo kuw no”? Dabida, mmom no ahyɛ ehu no mu den sɛ wobetumi ato saa akode yi da bi​—a wɔn a wonni ho nimdeɛ mpo ka ho. Bɛboro mfirihyia du a atwam no, U.S. Akode Sohwɛ ne Akode a Wobeyi Afi Hɔ Asoɛe no kwankyerɛfo kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wobetumi ayɛ awuduru a wɔde di ako wɔ baabi a wosiesie mfiri biara, obiara a wasua adufra ho ade kakra wɔ ntoaso sukuu mu no betumi ayɛ bi.”

Akyinnye biara nni ho sɛ wodii ako a ɛsɛe ade yiye wɔ afeha a ɛto so 20 no mu sen bere foforo biara a abɛsen kɔ mu. Saa bere yi a yɛwɔ afeha a ɛto so 21 mfiase no, ɛte sɛ nea asomdwoe ho anidaso yɛ nnaadaasɛm kɛse mpo​—titiriw efi bere a amumɔyɛfo ntua sii wɔ New York Kuropɔn ne Washington, D.C., September 11, 2001 no. Steven Levy kyerɛwee wɔ Newsweek nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ obiara nni hɔ a obetumi aka sɛ wɔremfa nyansahu mu nimdeɛ pii a wɔanya yi nyɛ nneɛma bɔne.” Ɔde kaa ho sɛ: “Hena na ɔwɔ sɛnea wobedi saa tebea no ho dwuma no ho adwene bi? Nnipa taa de wɔn adwene di nneɛma a wosusuw sɛ ɛbɛma nkɔso akyi na wobisabisa ho nsɛm akyiri yi de kyerɛ sɛ wɔnte ase. Bere a yɛmpɛ sɛ yebesusuw Amumɔyɛsɛm ho no, yɛyɛ nneɛma a ebetumi de aba.”

Ɛde besi nnɛ no, abakɔsɛm ama yɛahu sɛ atopae ne akode a ɛyɛ hu a wɔyɛe no mmaa wiase yi mmɛn asomdwoe. Ɛnde, so wiase asomdwoe yɛ adaeso ara kwa?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Sɛnea Wodwudwoo Nitroglycerin Ano

Italiani dufrafo Ascanio Sobrero na ohuu nitroglycerin, fam ngo bi a emu yɛ duru a wɔde yɛ ɔtopae no wɔ afe 1846 mu. Ɛdaa di sɛ na aduru no yɛ hu. Aduru no toe maa nhwehwɛ a ɛbobɔe no bi twaa Sobrero anim kɛse, na awiei koraa no, ogyaee aduru no ho adwuma yɛ. Afei nso, na aduru no ho haw bi wɔ hɔ a Sobrero antumi anhu ano: Sɛ wohwie gu fam na wɔde asae bɔ so a, aduru no fã a wɔde asae no bɔ no nkutoo na ɛtow, na ɛnka ngo no fã a aka no.

Nobel huu ɔhaw no ano bere a ɔyɛɛ ɔtopae ketewaa bi a etumi ma foforo a ɛdɔɔso tumi tow no. Afei wɔ afe 1865 mu no, Nobel yɛɛ dade topae​—ɔtopae ketewaa bi a dwetɛ nsu a etumi sɔ gya wom na wɔde hyɛɛ ade a nitroglycerin wom mu na afei wɔde gya toom ma ɛtowee.

Nanso, na nitroglycerin ho adwuma da so yɛ hu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1864 mu no, nitroglycerin ɔtopae bi a ɛtowee wɔ Nobel adwumayɛbea a ɛwɔ Stockholm kurotia no kunkum nnipa baanum​—a na Nobel nuabarima kumaa, Emil, ka ho. Ebubuu Nobel adwinnan a ɛwɔ Krümmel, Germany, no mprenu. Afei nso, na nkurɔfo de fam ngo no gu kanea mu de twiw mpaboa ho, na na wɔde bi gugu teaseɛnam ntwahonan mu​—na epiraa wɔn kɛse. Sɛ wɔde repaapae mmepɔw mpo a, na fam ngo a aboro so no bi tumi sian kɔhyehyɛ ntokuru mu na ɛde asiane ba akyiri yi.

Wɔ afe 1867 mu no, Nobel de aduru bi a wɔfrɛ no kieselguhr, a enturuturuw na emu nyɛ duru fraa fam ngo no ma ɛbɔɔ atɔwatɔw yɛɛ den. Nobel too din dynamite (adepaeduru) a efi Hela asɛmfua dynamis a ɛkyerɛ “tumi” mu. Ɛwom sɛ akyiri yi Nobel yɛɛ atopae a ano yɛ den pii de, nanso wobu adepaeduru no sɛ nneɛma a ɔyɛe a ɛho hia sen biara no biako.

Nokwarem no, wɔde Nobel atopae dii dwuma horow nso a na ɛmfa akodi ho. Sɛ nhwɛso no, wɔde dii dwuma titiriw bere a wɔretwa St. Gotthard asase ase kwan (1872-82) no, nsu ase abotan a wɔpaapaee wɔ New York Apuei Asubɔnten mu (1876, 1885) no, ne Corinth Canal a ɛwɔ Greece a wotui (1881-​93) no mu. Nanso, efi bere a wɔyɛɛ adepaeduru no, egyee din ntɛmntɛm sɛ adwinnade a wɔde sɛe ade a edi awu.

[Mfonini]

Colombia polisi adwumayɛbea a adepaeduru asɛe no

[Asɛm Fibea]

© Reuters NewMedia Inc./CORBIS

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Wɔde akode a edi awu foforo dii dwuma wɔ Wiase Ko I mu wɔ Nobel wu akyi bɛyɛ mfirihyia 20

[Asɛm Fibea]

U.S. National Archives photo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Wɔn a atopae a wɔde hyehyɛ fam adi wɔn dɛm wɔ Cambodia, Iraq, ne Azerbaijan

[Nsɛm Fibea]

UN/DPI Photo 186410C by P.S. Sudhakaran

UN/DPI Photo 158314C by J. Isaac

UN/DPI Photo by Armineh Johannes

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nuklea Nhyehyɛe Ho Boayikuw no ka sɛ, wɔayɛ nuklea akode mpempem pii krado a wobetumi atow no bere biara

[Asɛm Fibea]

UNITED NATIONS/PHOTO BY SYGMA

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nnipa huu sɛnea awuduru a wɔde di ako yɛ hu kɛse no bere a wɔde nea wɔfrɛ no “sarin” dii dwuma wɔ keteke kwan a ɛda asase ase wɔ Tokyo wɔ 1995 mu no

[Asɛm Fibea]

Asahi Shimbun/Sipa Press

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

UN/DPI Photo 158198C by J. Isaac

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena