Hena na Obetumi De Asomdwoe a Enni Awiei Aba?
“Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”
KYERƐWSƐM a ɛwɔ atifi hɔ no fi Yesaia ti 2, nkyekyem 4, wɔ Bible mu. Wɔfa kaa asɛm wɔ Human Development Report 1994, a Amanaman Nkabom Nkɔsodwuma Asoɛe (UNDP) no tintimii no mu. Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ: “Ɛte sɛ nea Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi a aba awiei [wɔ 1990] no ama nkɔmhyɛ yi anya mmamu. Nanso ɛde besi nnɛ, ayɛ anidaso hunu.”
Asraafo Dodow a Wɔtew So
Ade biako a ɛbrɛ asomdwoe ho anidaso ase ne sɛ sɛ wode nsakrae a aba wɔ amanaman ntam amammui nhyehyɛe mu no toto tew a wɔatew ɛka a wɔbɔ wɔ asraadi ho so no ho a, enhyia koraa. Ɛyɛ nokware sɛ wɔatew so de. Sɛnea Amanaman Nkabom akontaabu kyerɛ no, wiase nyinaa sraadi ho ka baa fam fi dɔla ɔpepepem 995 wɔ 1987 mu beduu dɔla ɔpepepem 815 wɔ 1992 mu. Nanso dɔla ɔpepepem 815 da so ara so dodo. Ɛkame ayɛ sɛ ɛne akatua a nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa mu fã gye reyɛ ayɛ pɛ!
Ade foforo a ɛmma wɔmfa akode ngu hɔ ne adwene a wɔwɔ sɛ asraadi mu tumi betumi de ahobammɔ aba no. Enti, ɛwom mpo sɛ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no aba awiei de, nanso aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛka a wɔbɔ wɔ ɔman ahobammɔ ho no kɔ so yɛ kɛse. Bere a na James Woolsey yɛ kwankyerɛfo panyin wɔ aban asoɛe a ɛboaboa amammui, sikasɛm, ne asraadi ho nsɛm ano a ɛwɔ U.S. no, ɔka kyerɛɛ Mmarahyɛ Bagua no wɔ February 1993 mu sɛ: “Yɛakum ɔtweaseɛ kɛse bi [U.S.S.R.], nanso seesei yɛte kwae bi a awɔ ahorow a wɔn ano wɔ bɔre ayɛ mu ma mu.”
Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu nso no, wɔde ɛka a wɔbɔ wɔ asraadi ho no yi wɔn ho ano sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so siw ntua a aman a wobu wɔn sɛ ɔtweaseɛ anaa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre no betumi de aba wɔn so no ano. Amanaman Nkabom Nkɔsodwuma Asoɛe no kae sɛ nokwasɛm no ne sɛ “aman a wonnyaa nkɔso pii no ako amanaman ntam ako kakra, na pii de wɔn asraafo sisi wɔn nkurɔfo.” Nokwarem no, Amanaman Nkabom Nkɔsodwuma Asoɛe no amanneɛbɔ kyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, wu a obi betumi awu fi asetra mu ahiade a onnya (aduan pa a wonnya nni ne nyarewa a wobetumi asiw ano) mu no boro owu a ɔman foforo ntua de bɛba so mpɛn 33. Nanso sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asraafo dodow boro aduruyɛfo so mpɛn 20. Ɔkwan biara so no, asraafo ma ahobammɔ kɔ fam sen sɛ ɛbɛkɔ soro.”
Amanaman Ntam Akode Ho Aguadi
Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi bere mu no, tumi akɛse abien no tontɔn akode maa wɔn apamfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn ayɔnkofa mu den na ama wɔanya asraadi dwumadibea ahorow na wɔakɔ so akura tumidi mu. Aman pii asraafo bɛyɛɛ den. Sɛ nhwɛso no, seesei, aman 33 mu biara wɔ nteaseɛnam a wɔde di ako bɛboro 1,000.
Seesei a Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi aba awiei yi, amammui ne akodi ho nhyehyɛe a enti wɔtɔn akode no abrɛ ase. Nanso mfaso horow a ɛkanyan wɔn no mu da so ara yɛ den. Sika wom yiye! Enti bere a akode ho nhia pii wɔ aman horow mu no, wɔn a wɔyɛ no daadaa wɔn aban horow no sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na nnwuma horow ngu, na wɔn sikasɛm rensɛe no, ɛsɛ sɛ wɔkɔtɔn akode wɔ amannɔne.
World Watch nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea nyansa nnim sɛ bere a tumi akɛse no retutu wɔn nuklea aprɛm no, wɔbɔ mmɔden hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atɔn wɔn atopae ne atuo ama obiara a ɛkame ayɛ sɛ ɔbɛtɔ no denneennen.” Ne bo yɛ ahe? Sɛnea Stockholm Amanaman Ntam Ahyehyɛde a Ɛyɛ Asomdwoe mu nhwehwɛmu kyerɛ no, akode a wɔtɔnee wɔ amanaman ntam fi 1988 mu besi 1992 mfe no mu yɛ dɔla ɔpepepem 151. United States na ɛtɔn kɛse, ɛna kan Soviet Union aman no di hɔ.
Nuklea Ho Asiane Da So Wɔ Hɔ
Nuklea ho asiane nso ɛ? United States ne Soviet Union (anaa aman a ebesii n’ananmu no) de wɔn nsa hyɛɛ Nuklea Ahoɔden a Ɛnkɔ Akyiri Apam ase wɔ 1987 mu, ne Nuklea Akode a Ɛkɔ Akyiri a Wɔtew So Apam (START) mu wɔ 1991 ne 1993 mu.
START apam no baraa aprɛm a esi fam a ano kwan boro biako, na wɔhyɛe sɛ wɔnsɛe nea ɛreyɛ adu nuklea akode nyinaa mu nkyem anan mu abiɛsa ansa na afe 2003 adu. Nanso bere a Wiase Ko III ho asiane reyɛ ayera no, nuklea akode ahorow pii—a ebetumi atɔre nkwa ase afi asase so mpɛn ahorow pii—da so ara wɔ hɔ.
Akode ahorow yi nyinaa a wotutu no bɔ kwan ma wowia nuklea akode. Sɛ nhwɛso no, afe biara, Russia tutu aprɛm bɛyɛ 2,000 kora so, na wonya plutonium horow a ano yɛ den a wɔfrɛ no pits, fi mu. Egye sika ne mfiridwuma mu nyansa na wɔatumi ayɛ pit akode yi a ɛno ne ade titiriw a ɛwɔ nuklea ɔtopae mu no. Esiane sɛ pits yi hyehyɛ dade nnaka mu na mframa mfa so nti, owifo bi betumi afa ahyɛ ne kotoku mu. Sɛ basabasayɛfo bi nya pit a wɔayɛ awie dedaw yi a, obetumi de ahyɛ ade a etumi ma ɛtow mu ma ayɛ ɔtopae a ano yɛ den kɛse.
Nuklea akode ho asiane foforo a ɛhaw adwene ne trɛw a ɛretrɛw kɔ aman horow pii mu no. Aman horow anum na wonim sɛ wɔwɔ nuklea akode—China, France, Russia, United Kingdom, ne United States—na aman ahorow pii nso wɔ hɔ a wonim sɛ wobetumi de nuklea akode apete ntɛmntɛm.
Bere a aman pii nya nuklea akode no, di a obi betumi de adi dwuma no yɛ kɛse. Ntease pa bi nti na nkurɔfo suro akode a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ a wɔde bedi dwuma no. Sɛnea nhoma The Transformation of War ka no no, “ano tumi no ano yɛ den araa ma ɛma akode a ɛnkɔ akyiri bɛyɛ te sɛ ade hunu bi.”
Akode a Wɔde Begu Hɔ ne Asomdwoe
Nanso sɛ aman no sɛee wɔn akode a ɛyɛ hu a wɔde sɛe ade no nso ɛ? So ɛno de wiase a asomdwoe wom bɛba? Dabida. Asraadi ho abakɔsɛm kyerɛwfo John Keegan ka sɛ: “Efi August 9, 1945 besi nnɛ no, nuklea akode nkum obiara. Nnipa 50,000,000 a wɔawuwu wɔ akodi mu fi saa bere no yɛ nea mpɛn pii no akode a ne bo nyɛ den a wɔyɛ no pii ne akode nketewa a ne bo nnu radio ne batere a ebuu so bere koro no ara mu no na ekunkum wɔn.”
Akode a enhia mfiridwuma mu nimdeɛ ahe biara a wɔde adi dwuma nnansa yi ho nhwɛso ne nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda, ɔman a The World Book Encyclopedia (1994) ka sɛ: “Ɛhɔ nnipa no mu pii yɛ Roma Katolekfo no. . . . Mfiase sukuu ne kɔlege horow dodow no ara yɛ nea Roman Katolek ne Kristofo asɔre horow no na ɛhwɛ so.” Nanso nnipa a wobedu ɔpepem fã na nkurɔfo de nkrante kunkum wɔn wɔ Rwanda. Ɛda adi pefee sɛ, sɛ asomdwoe bɛba wiase a, biribi a ɛsen akode horow ne nuklea akode so a yɛbɛtew ho hia. Bio nso, biribi a ɛsen nkyerɛkyerɛ a wiase nyamesom de ma no ho hia.
Abusua Ntam Nitan Yɛ Kɛse
Amanaman Nkabom aguanfo soafo panyin, Sadako Ogata, kae nnansa yi ara sɛ: “Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no akyi pɛɛ na yesusuwii sɛ yebenya yɛn haw nyinaa ano aduru. Yɛanhu sɛ na ade foforo wɔ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no akyi—sɛ tumi akɛse no hyɛɛ mmara anaa wɔhyɛɛ aman a wɔhyɛ wɔn ase no so. . . . Enti seesei a Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi atwam no, yɛrehu mmusua ntam akodi a ɛrekɔ so a anidaso biara nni hɔ sɛ ebegyae a ano yɛ den a ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛbae ansa na Wiase Ko I reba no.”
Abakɔsɛm kyerɛwfo Arthur Schlesinger, a wagye Pulitzer akyɛde no kaa asɛm koro no ara sɛ: “Nitan biako besi foforo ananmu. Nsusuwii a na wɔde hyɛ Europa Apuei fam ne kan Soviet Union so no a wogyaa mu no maa wɔn a na abusua, ɔmampɛ, nyamesom, ne kasa ho nitan agye ntini wɔ wɔn mu wɔ abakɔsɛm ne wɔn adwenem no nyaa ahofadi. . . . Sɛ afeha a ɛto so 20 yi ayɛ nyansahu mu afeha a, afeha a ɛto so 21 no fi ase sɛ mmusua ntam akodi afeha.”
Sɛnea Amanaman Nkabom akontaabu kyerɛ no, 1989 ne 1992 ntam no, wodii ako ahorow 82, a emu dodow no ara kɔɔ so wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Aman horow 42 na wodii ako akɛse, na afoforo 37 na wohyiaa amammui mu basabasayɛ wɔ 1993 mu. Saa bere koro no ara na Amanaman Nkabom no—a ne sikasɛm asɛe koraa—bɔɔ mmɔden biara nanso anyɛ yiye sɛ ɛde asomdwoe bɛba wɔ ne dwumadi 17 pɛ mu. Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ adesamma dan wɔn ani hwɛ baabi foforo kɔhwehwɛ wiase a asomdwoe wom.
Nsɛnnennen a Ɛda Yɛn Anim
Sɛ anka wɔde anidaso bɛhwɛ daakye kwan no, pii kɔ so da tebea a ɛyɛ hu ho adwene adi. February 1994, The Atlantic Monthly nsɛmma nhoma no anim nsɛm no bɔ mfe dudu a edi yɛn anim ho nsɛm a wɔaka asie biako ho asɛm mua sɛ: “Aman mu tetew esiane aguanfo dodow a wofi mu ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ho hu ne asetra mu asiane nti. . . . Wodi ahiade a ɛho ayɛ nna ho ako, titiriw nsu, na akodi ankasa bɛdan nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so, bere a tumi biara nni ɔman no mu no, afowfo ne ankorankoro a wodi yiye asraafo a wɔbɔ wɔn ho ban di ako no.”
So eyi kyerɛ sɛ yentumi nnya asomdwoe a enni awiei? Dabida! Nsɛm a edi so yi kyerɛ nea enti a yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan.
[Kratafa 13 adaka]
Nyamesom—Ɛde Asomdwoe Bɛba?
Sɛ amanaman redi ako a, wiase no nyamesom gyae asomdwoe ne onuadɔ ho nkyerɛkyerɛ. Ɛdefa tebea a na ɛrekɔ so wɔ Wiase Ko I mu ho no, Britania sraani panyin Frank P. Crozier, kae sɛ: “Kristofo asɔre ahorow no na wɔhyɛ mogyahwiegu ho nkuran kɛse, na yɛde wɔn di dwuma kɛse.”
Saa ara na nyamesom afã wɔ ɔko mu te fi bere tenten. Katolek abakɔsɛm kyerɛwfo E. I. Watkin gye toom sɛ: “Ɛmfa ho sɛ ɛyɛ yaw sɛ yebegye atom no, yɛrentumi nni atoro nkyerɛkyerɛ anaa yemmu yɛn ani ngu abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, Asɔfo mpanyimfo akɔ so agyina ako a wɔn man mu nniso adi nyinaa akyi no so.” Na samufo nsɛm a ɛwɔ Vancouver, Canada, Sun mu no kae sɛ: “Ebia ɛyɛ nyamesom a wɔahyehyɛ nyinaa mmerɛwyɛ sɛ asɔre no di frankaa no akyi . . . Ɔko bɛn na wodii a wɔanka sɛ na Onyankopɔn gyina afanu no mu biara akyi?”
Ɛda adi pefee sɛ, sɛ anka ɛde asomdwoe bɛba no, wiase nyamesom ahyɛ akodi ne nnipakum ho nkuran—sɛnea nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda ma ɛdaa adi kɛse no.
[Kratafa 14 adaka]
Mfaso a Enni Akodi So
Webb Miller a ɔyɛ amannɔne sɛnkyerɛwfo no kyerɛwee wɔ ne nhoma I Found No Peace a wotintim wɔ 1936 no mu sɛ: “Ɛyɛ nwonwa kɛse sɛ ahude a ɛkɔɔ so wɔ [Wiase Ko I] mu ne emu nkwaseasɛm ne mfaso biara a ennim no annya me so nkɛntɛnso ahe biara kosii sɛ ɛbaa awiei mfe awotwe akyi.” Saa bere no, ɔsan kɔsraa beae a wodii ako wɔ Verdun a ɔkyerɛe sɛ, mmarima 1,050,000 wuwui no.
Miller kyerɛwee sɛ: “Wɔdaadaa me ne afoforo ɔpepem pii wɔ ɔko bere no mu. Nea efi Wiase Ko no mu bae ara ne akodi foforo a wofii ase. Mmarima ɔpepem awotwe ne fã wuwui kwa, ɔpepedudu pii faa ehu a enni ano mu, na ɔpepehaha pii nso faa yawdi, ahokyere, ne awerɛhow mu. Adwene a ɛnteɛ na ɛyɛ nwonwa bi na ɛmaa eyinom nyinaa bae.”
Wotintim nhoma yi mfe abiɛsa akyi na Wiase Ko II fii ase. The Washington Post kae sɛ: “Yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu akodi horow ayɛ ‘ɔko koraa’ a etia asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo nyinaa. . . . Sɛ wɔde toto ho a, ahamufo akodi a ɛkɔɔ so tete no yɛ nketewa koraa.” Sɛnea ɔbenfo bi kyerɛ no, efi 1914 mu no, nnipa ɔpepem 197 na awuwu wɔ akodi ne ɔmamfo atuatew mu.
Nanso akodi yi nyinaa ne nnipa atuatew ahorow no ntumi mfaa asomdwoe anaa anigye mmae. Sɛnea The Washington Post kae no, “ɛde besi yɛn afeha yi mu no, amammui anaa sikasɛm nhyehyɛe biara ntumi mpatae, anaa ennii ɔpepem a wɔrehu amane no ahiade ho dwuma.”
[Kratafa 15 mfonini]
Ɛna yi yɛ nnipa ɔpehaha pii a wokumkum wɔn wɔ Rwanda—a pii fi wɔn a wɔne wɔn wɔ ɔsom koro mu no biako
[Asɛm Fibea]
Albert Facelly/Sipa Press