Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 4/8 kr. 13-16
  • Akode Nketewa, Ɔhaw Akɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akode Nketewa, Ɔhaw Akɛse
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akode a Wɔkyerɛ Ho Anigye Kɛse
  • Atuo, Nnubɔne, ne Dɛnkyɛmmo
  • Nea Wɔde Akode Yɛ Wɔ Ɔko Akyi
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Sɛ Wobetumi Asiw Akode Ano?
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Nnɛyi Akodi Te
    Nyan!—2001
  • Hena na Obetumi De Asomdwoe a Enni Awiei Aba?
    Nyan!—1996
  • Afeha a Basabasayɛ Wom
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 4/8 kr. 13-16

Akode Nketewa, Ɔhaw Akɛse

MFE pii ni no, wɔaka nuklea akode a wobesiw ano no ho asɛm nkutoo. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ nuklea ɔtopae biako pɛ betumi asɛe kurow mũ nyinaa. Nanso, nea ɛnte sɛ akode nketewa no, wɔmfaa saa akode a ɛyɛ hu yi nnii dwuma wɔ akodi mu bɛboro mfe 50 ni.

Sraadi ho abakɔsɛm kyerɛwfo John Keegan a wagye din yiye no kyerɛw sɛ: “Efi August 9, 1945 no, wɔmfaa nuklea akode nkum obiara. Nnipa 50,000,000 a wɔawuwu wɔ ɔko mu fi saa bere no yɛ nea akode a ne bo nyɛ den a wɔyɛ no pii ne akode nketewa a ne bo nsen radio ne batere pii a wɔayɛ wɔ bere koro mu no na ekunkum wɔn. Esiane sɛ wɔntaa mfa akode a ne bo nyɛ den nni awu wɔ aman a wodi yiye mu nti, sɛ nnubɔne a wɔtɔn ne amammuisɛm mu basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ hɔ no da nkyɛn a, aman a wodi yiye no ntumi nhu ahodwiriwde a akode nketewa yi de aba no.”

Obiara ntumi nhu akode nketewa ne akɛse a ɛwɔ wiase no dodow ankasa, nanso animdefo bu akontaa sɛ akode a wɔyɛ ma asraafo no dodow betumi adu ɔpepem 500. Ɛno da nkyɛn a, atuo ɔpepedudu pii na ɛwɔ ankorankoro nsam. Bio nso, afe biara wɔyɛ akode foforo pii.

Akode a Wɔkyerɛ Ho Anigye Kɛse

Dɛn nti na akode nketewa na wɔtaa de di ako kɛse nnansa yi? Ade biako ne ntawntawdi a ɛba ne ohia a ɛwɔ hɔ no. Akodi a ɛkɔɔ so wɔ 1990 mfe mu no mu dodow no ara na esii wɔ aman a wodi hia mu—aman a wodi hia araa ma wontumi ntɔ akode akɛse. Akode nketewa ne nea emu yɛ duru no bo nyɛ den. Sɛ nhwɛso no, nnɛyi wim akohyɛn biako pɛ a ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepem 50 no betumi atɔ atuo nketewa 200,000 ama asraafo.

Ɛtɔ mmere bi a, akode nketewa ne akode a emu yɛ duru no bo wɔ fam sen saa koraa. Sɛ wɔtew asraafo dodow so a, wotumi de akode a wɔde di dwuma no ɔpepedudu pii kyɛ kwa, anaasɛ wɔde di dwuma wɔ ɔko afoforo mu. Wɔ aman bi mu no, atuo nketewa abu so araa ma wɔtɔn de gye dɔla asia pɛ anaasɛ wobetumi de agye abirekyi, akokɔ, anaasɛ ntama dedaw biako mpo.

Nanso, sɛ atuo bo a ɛwɔ fam ne bu a abu so no da nkyɛn a, ntease foforo wɔ hɔ a enti nnipa pii pɛ akode nketewa no. Etumi di awu. Tuo ketewa biako pɛ betumi atow atoa so mpɛn 300 simma biako mu. Ɛnyɛ den sɛ wɔde bedi dwuma na wɔasiesie nso. Wobetumi akyerɛ abofra a wadi mfe du pɛ ma watutu atuo nketewa yi bi asan ahyehyɛ. Abofra betumi asua sɛnea wɔtow tuo kum nnipadɔm nso ntɛm.

Ade foforo a ama nnipa pii ani gye atuo nketewa ho ne sɛ wɔayɛ no yiye na wotumi de di dwuma kyɛ. Wɔda so ara de AK-47 ne M16 atuo a wɔde dii dwuma wɔ Vietnam Ko mu no di dwuma wɔ nnɛyi akodi mu. Wɔkyerɛ sɛ atuo bi a wɔde di dwuma wɔ Afrika nnɛ no yɛ nea wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko I mu. Afei nso, ɛnyɛ den sɛ wɔde tuo behintaw atu kwan. Ɔpɔnkɔ biako pɛ betumi asoa tuo pii de akɔma asraafo kuw a wɔwɔ kwaebirentuw bi mu anaa bepɔw bi a atew ne ho so. Apɔnkɔ dodow bi betumi de atuo a ɛdɔɔso yiye akɔma asraafo kuw bi ma wɔde adi dwuma.

Atuo, Nnubɔne, ne Dɛnkyɛmmo

Wontumi nte nea enti a atuo abu so wɔ wiase no ase. Atuo bebree na wɔma kwan ma wɔde fi aman ahorow mu kɔ aman foforo so. Wɔ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no akyi no, Apuei ne Atɔe famfo nyinaa asraafo dodow so tewee, na nniso ahorow no de akode pii kyɛɛ wɔn nnamfonom anaasɛ wɔtɔn maa wɔn. Sɛnea ɔkyerɛwfo bi a ɔwɔ Asomdwoe Nhwehwɛmu Asoɛe a ɛwɔ Oslo, Norway, kyerɛ no, efi 1995 no, atuo nketewa, mfirituo, ne aprɛm, bɛboro 300,000 na United States de akyɛ. Akontaabu kyerɛ sɛ sɛ wɔde akode kyɛ a, wɔmmɔ ho ka kɛse sɛ wɔbɛsɛe no anaa wɔbɛkora so. Nhwehwɛmufo bi bu akontaa sɛ akode nketewa ne akode a emu yɛ duru a ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepepem abiɛsa na wɔde kɔ aman ahorow so afe biara.

Nanso, akode dodow no ara na wɔtɔn no sum ase. Mpɛn pii no, akode a wɔde fa sum ase no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔtɔ no ɔkwan biara so. Wɔ akodi bi a ɛkɔ so wɔ Afrika mu no, asraafo akuw atɔ akode nketewa ne nea emu yɛ duru dɔla ɔpepehaha pii, a ɛnyɛ sika na wɔde tɔe, na mmom, wɔde dɛnkyɛmmo a wogye fi aman a wotu hɔ no. The New York Times kae sɛ: “Baabi a aban no aporɔw no, atuatewfo no nhu nnipa mmɔbɔ na wotumi wia nneɛma fa ɔman no ahye so . . . Wɔnam dɛnkyɛmmo a wotu so ama ebinom abɛyɛ nkoa, adi ebinom awu, atwitwa ebinom akwaa, ama pii ahwere wɔn afie, na ɛde sikasɛm mu ahokyere aba.” Hwɛ nwonwa a ɛyɛ sɛ abohene a wɔtɔn de gye tuo no bɛdan biribi a wɔtɔn wɔ agude dan mu de yɛ ɔdɔ a ɛtra hɔ daa ho sɛnkyerɛnne!

Wotumi tɔn akode ne nnubɔne nyinaa wɔ sum ase. Mpɛn pii na nsɛmmɔnedifo akuw fa ɔkwan koro a wɔfa so tɔn tuo wɔ sum ase no so tɔn nnubɔne nso. Enti akode abɛdan sika ankasa, biribi a wɔde sesa nnubɔne.

Nea Wɔde Akode Yɛ Wɔ Ɔko Akyi

Sɛ ɔko bi ba awiei a, mpɛn pii no akode a wɔde dii dwuma no kodi nsɛmmɔnedifo nsam. Susuw nea esii wɔ Afrika anaafo fam man bi a amammuisɛm mu basabasayɛ de nsɛmmɔnedi baa hɔ no ho hwɛ. Amammuisɛm mu basabasayɛ maa nnipa bɛyɛ 10,000 hweree wɔn nkwa wɔ mfe abiɛsa pɛ mu. Bere a saa basabasayɛ no baa awiei no, nsɛmmɔnedi nso fii ase. Akameakame a ɛbaa taksi kafo ntam no kowiee “taksi kafo ntam akodi mu,” na emu no, sɛ taksi kafo bi hu sɛ hyɛntiafo bi rekɔforo obi a ɔne no di asi kar a, na ɔbɔ nsɛmmɔnedifo paa ma wɔtow wɔn tuo. Atuo a asraafo de di dwuma no pii na wɔde dii dwuma wɔ dwowtwa ne nsɛmmɔnedi foforo mu. Nnipa dodow a wɔde atuo kunkum wɔn no duu 11,000 nnansa yi, na ɛno ne nea ɛto so abien a ɛsen biara wɔ aman a akokoakoko nnim no mu.

Nim a nkurɔfo nim sɛ nsɛmmɔnedifo wɔ atuo na wɔn ho yɛ hu no ma wɔbɔ hu na wɔte nka sɛ wonni ahobammɔ. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, asikafo no tete adan a wɔabɔ ho ban kɛse, a afasu ne ban a wɔde anyinam nhama ahyehyɛ mu atwa ho ahyia na awɛmfo bɔ ho ban awia ne anadwo mu. Wɔn a wɔte aman a wodi yiye mu nso yɛ ahwɛyiye. Eyi te saa wɔ mmeae a ɔmanko biara nsii hɔ mpo mu.

Enti wɔ aman a akodi wɔ mu ne nea ‘emu dwo’ nyinaa mu no, atuo mma wonnya asomdwoe. Obiara nni hɔ a obetumi ahu nneɛma a atuo betumi asɛe no no dodow; saa ara na yentumi nhu nnipa dodow a ekunkum wɔn, wopirapira, wɔhwere wɔn adɔfo wɔ owu mu, na wɔn asetra yɛ basaa no. Nanso, yenim sɛ akode ahyɛ wiase yi ma na ne dodow no nya nkɔanim daa. Mpɛn pii no, nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene denneennen sɛ wɔnyɛ eyi ho biribi. Nanso dɛn na wobetumi ayɛ? Dɛn na wɔbɛyɛ? Eyinom ne nsɛmmisa a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

Kan Sraani Bi Te Nka sɛ ‘Wadi Nkwaseasɛm Ankasa’

Abarimaa sraani bi a odii ako wɔ ɔko a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu sɛ ɛmaa nkurɔfo danee aguanfo no asetra bɛyɛɛ basaa mpofirim wɔ kurow a ɔboa ma wodii so nkonim no mu na obedii hia kɛse. Ɔkaa sɛnea odii yaw bere a ohui sɛ ne kannifo no babarima te moto fɛfɛ bi so nenam kurom na ɔko no mu atitiriw redi nkurɔfo so tumi na wɔrepere dibea ho no. Ɔsraani no kae sɛ: “Sɛ misusuw mfe anum a midii wɔ wuram kunkum nnipa totow nkurɔfo tuo no ho a, mete nka sɛ madi nkwaseasɛm ankasa. Yɛde yɛn nkwa too asiane mu maa nnipa a ɔkyena bi wɔnkae nea ɛyɛe a wobenyaa wɔn mprempren dibea no.”

[Asɛm Fibea]

Boy soldier: Nanzer/Sipa Press

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

“Obiara Ntumi Nhintaw”

Ɛwom sɛ nnɛyi atuo no tumi di awu de, nanso edi dwuma kosi baabi. Aboba nkutoo na wɔde hyem. Entumi nkum nkurɔfo a wohintaw fasu a ɛyɛ den akyi. Sɛ ɔko ma sraani bi bɔ hu a, aboba no tumi fa baabi foforo. Wɔ tebea pa mu mpo no, aboba no akɔ akyiri ara ne mita 460.

U.S. asraafo anya “ɔhaw” a ɛtete saa ano aduru—wɔayɛ tuo foforo bi a emu yɛ den a edi atirimpɔw biara ho dwuma a wɔfrɛ no Akode a Ekum Nnipa Wɔ Akodi Mu (OICW). Ɛyɛ tuo a ɔsraani biako pɛ betumi akura, na ɛnyɛ aboba nkutoo na wɔde hyem, na mmom, aprɛm a n’akɛse yɛ milimita 20 nso. Ade foforo a ɛda nsow wɔ ho ne sɛ: Etumi kum atamfo a wohintaw fasu akɛse akyi no. Nea ɛsɛ sɛ ɔsraani no yɛ ara ne sɛ ɔde tuo no bɛkyerɛ baabi a ɔpɛ sɛ aboba no kɔ no ntɛm ara. Tuo no ankasa tumi hu beae pɔtee a ɛsɛ sɛ ɛkɔ, na sɛ wumia ade ketewaa bi a ɛbɔ aprɛm no ho so a, ɛbɛkɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ no tẽẽ akokum onipa no. Adwumakuw a ɛyɛ saa akode no nanmusini bi kae sɛ: “Dwuma soronko a edi no betumi ama U.S. asraafo akofofo no atow tuo akɔ baabiara.” Biribi a wɔayɛ na ama tuo no atumi ahu baabiara no betumi ama wɔde adi dwuma yiye wɔ sum mu mpo.

Wɔn a wɔyɛ saa tuo yi, a wɔsan kyerɛ sɛ awu a etumi di no boro M16 ne M203 aprɛm no de so mmɔho anum, no hoahoa wɔn ho sɛ “obiara ntumi nhintaw.” Enhia sɛ ɔsraani a ɔretow saa tuo yi gyen n’ani hwɛ baabi a ɔpɛ sɛ ɛkɔ no; nea ehia ara ne sɛ ɔbɛhwɛ adwinnade bi a ɛbɔ tuo no ho na watow tuo no. Sɛ nneɛma kɔ pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔahyehyɛ no a, ebedu afe 2007 no, na asraafo mpanyimfo nyinaa anya OICW no bi.

Nanso, nsɛm a akyinnyegyefo rebisa ne sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na asraafo a wɔrekyinkyin mmeae a nnipa pii wɔ ahwehwɛ atamfo no betumi de tuo no adi dwuma yiye bere a ɔmanfo a wɔn ho nni asɛm nso wɔ hɔ no? Dɛn na ɛbɛba bere a wɔtɔn OICW ma asraafo wɔ wiase nyinaa na wobetumi de adi dwuma atia wɔn ankasa nkurɔfo no? Na sɛ tuo no kodi amumɔyɛfo ne nsɛmmɔnedifo nsam a, dɛn na ɛbɛba?

[Asɛm Fibea]

Alliant Techsystems

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14]

Mpɛn pii no, wɔtɔn akode nketewa ne akode a emu yɛ duru de gye dɛnkyɛmmo ne nnubɔne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena