Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Sɛ Wobetumi Asiw Akode Ano?
NNANSA YI, wiase nniso ahorow no asusuw ho sɛ wɔbɛfa akwan bi so asiw akode nketewa a wɔtɔn no sum ase no ano. Amanaman Nkabom Mmarahyɛ Bagua no nso asusuw asɛm no ho. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ, asusuw nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho, na wɔayɛ tirimbɔ ahorow. Nanso, ebinom nso ka sɛ sɛ wɔde adwene si akode nketewa a wɔtɔn no sum ase nkutoo so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔrebu ani agu wɔn a wɔtɔn akode kɛse—aban ahorow no ankasa—so.
Nokwarem no, wonhu nsonsonoe ankasa a ɛda akode a wɔtɔn no sum ase ne nea wɔma ho kwan no ntam. Akode a wɔtɔn no sum ase no pii yɛ nea bere bi na wɔntɔn no sum ase. Wɔtaa wia akode a na wɔtɔn ma asraafo ne polisifo nkutoo no kɔtɔn no sum ase. Bio nso, ɛtaa ba sɛ wɔtɔn akode ma nnipa foforo a wɔn a wɔyɛe no nnim ho hwee. Arms Control Today nsɛmma nhoma no mu asɛm bi kyerɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ aban ahorow no bɔ mmɔden kɛse sɛ wobesiw akode a emu yɛ duru a wɔtɔn no sum ase no ano, na wɔyɛ wɔn ankasa dibea wɔ akode a wɔtɔn no nnansa yi ho no mu nhwehwɛmu.” Ɛwom sɛ nnipa pii gye di sɛ bere bi bɛba a amanaman no betumi asiw akode nketewa a wɔtɔn no ano de, nanso sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Esiane sɛ aman atitiriw anum a wɔwɔ [Amanaman Nkabom ahobammɔ] bagua no mu tɔn akode ɔha mu 80 wɔ wiase nyinaa nti, ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobesiw akode tɔn no ano.”
Nea ama akode nketewa ne akode a emu yɛ duru ano a wobesiw ho haw no ayɛ kɛse ne sɛ akode a ɛte saa no yɛ nyɛ den. Bere a aman kakraa bi pɛ na wotumi yɛ akode akɛse te sɛ ntwitwiridii, wim akohyɛn, ne po so akohyɛn no, nnwumakuw bɛboro 300 na seesei wɔyɛ akode a emu yɛ duru wɔ aman bɛyɛ 50 mu. Ɛnyɛ akode pii nko na nnwumakuw a wɔyɛ atuo, a wɔn dodow renya nkɔanim no ama aman no anya, na mmom, wonya hokwan kɛse de akode ma asraafo, atuatewfo akuw, ne nsɛmmɔnedifo akuw nso.
Nsɛm a Wɔregye Ho Akyinnye Denneennen
Ɛde besi ha yi, nsɛm a yɛaka no nyinaa fa akode nketewa a wɔde di dwuma wɔ ɔmanko mu nkutoo ho. Nanso, wɔka atuo a wobegyae yɛ ho asɛm denneennen wɔ aman a asomdwoe kakra wɔ hɔ na ɔko biara nkɔ so wɔ hɔ no mu. Wɔn a wɔka denneennen sɛ wɔnhyɛ mmara mfa nsiw akode ano no kyerɛ sɛ atuo a wɔyɛ no pii no ma awudi dɔɔso. Wɔkyerɛ sɛ wɔ United States, a wɔyɛ atuo pii wɔ hɔ no, awudi pii wɔ hɔ, nanso wɔ England a wosiw atuo pii a wɔbɛyɛ ano no, awudi nni hɔ kɛse. Wɔn a wɔpene atuo yɛ so no ka no pen sɛ wɔ Switzerland no, nkurɔfo pii wɔ atuo, nanso awudi nnɔɔso wɔ hɔ.
Nea ama asɛm no ayɛ hwanyann ne sɛ nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ nnipa a ɛnyɛ atuo na wɔde kum wɔn wɔ United States no dɔɔso sen wɔn a wokunkum wɔn wɔ Europa aman pii mu no nyinaa. Nanso, nnipa a ɛnyɛ atuo na wɔde kum wɔn wɔ aman foforo so no dɔɔso sen wɔn a wokunkum wɔn wɔ United States no nyinaa.
Mpɛn pii no, akontaabu a wɔyɛ tumi boa asɛm bi a wɔka wɔ ɔkwampa so—anaa ɔkwammɔne so. Ɛdefa tuo anosiw ho no, ɛte sɛ nea asɛm biara a obi bɛka no, obi nso benya asɛm foforo aka atia. Nsɛm no yɛ hwanyann. Nanso mpɛn pii no animdefo gye tom sɛ sɛ tuo a nkurɔfo wɔ no da nkyɛn a, nneɛma pii nso de awudi ne nsɛmmɔnedi ba.
Ɔman Atuo Fekuw a ɛwɔ United States no ka bere nyinaa sɛ: “Tuo nkum nnipa; nnipa na wokum wɔn mfɛfo nnipa.” Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ ɛwom sɛ wɔyɛɛ tuo sɛ wɔde bedi awu de, nanso ɛno ankasa ntumi nkum nnipa. Ɛsɛ sɛ obi na ɔtow, sɛ ɔhyɛ da anaasɛ ɔnhyɛ da. Nokwarem no, ebia ebinom bɛka sɛ, tuo ma ɛyɛ mmerɛw sɛ nnipa bekum nnipa.
Nkrante a Wɔde Bɛbobɔ Nsɔw
Sɛnea Bible kyerɛ no, nnipa a wokunkum wɔn no nyɛ ade a wɔnam atuo a wobegye afi awudifo nsam so betumi asiw ano. Nsɛmmɔnedi yɛ asetra mu haw, ɛnyɛ ɔhaw a akode na ɛde ba. Ano aduru ankasa ne sɛ nnipa no bɛsesa wɔn su ne wɔn nneyɛe. Wɔde honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] bebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.
Eyi nyɛ biribi a entumi mma mu, sɛnea ebinom susuw no. Yesaia nkɔmhyɛ no renya mmamu nnɛ wɔ nokware Kristofo mu wɔ wiase nyinaa. Sɛnkyerɛnne kwan so akode a wɔadan no asomdwoe nnwinnade no kyerɛ ɔpɛ kɛse a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani na wɔne wɔn ho wɔn ho atra asomdwoe mu. Bere bi akyi, wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, asase sofo nyinaa bɛtra ase asomdwoe ne ahotɔ mu. (Mika 4:3, 4) Atuo nkum nnipa bio. Nnipa nkum nnipa bio. Nnwinnade a wɔde kum nnipa no nyinaa befi hɔ.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]
‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’