Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 7/8 kr. 19-21
  • Adwuma Kɛse Ne Akodi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma Kɛse Ne Akodi
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akode—Sika Ahe Na Wɔsɛe Wɔ Ho?
    Nyan!—1986
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Sɛ Wobetumi Asiw Akode Ano?
    Nyan!—2001
  • Hena na Obetumi De Asomdwoe a Enni Awiei Aba?
    Nyan!—1996
  • Akode Nketewa, Ɔhaw Akɛse
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 7/8 kr. 19-21

Adwuma Kɛse Ne Akodi

AKODE ho aguadi wɔ amanaman ntam bɛyɛɛ adwuma kɛse wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Adwumayɛ akuw a wɔyɛ nnade te sɛ Germanfo adwumayɛkuw a wɔfrɛ no Krupp ne Engiresifo adwumayɛ akuw a wɔfrɛ wɔn Vickers ne Armstrong fii ase yɛɛ akode pii. Bere a wɔn aman no mu nniso ahorow no antumi anaasɛ wɔampɛ sɛ wɔbɛtɔ akode ahorow no pii no, adwumayɛ akuw yi hwehwɛɛ mmeae afoforo a wobetumi akɔtɔn akode ahorow yi na ankyɛ na ɛbɛyɛɛ adwumayɛ akuw a agye din wɔ aman afoforo pii so.

Efi ne mfiase pɛɛ no, nkurɔfo adwene mu yɛɛ wɔn naa wɔ ye a eye sɛ wɔbɛyɛ akode ahorow a ɛte sɛɛ na wɔde akɔ aman afoforo so no ho. Alfred Nobel a ofi Sweden no huu ɔkwan a wɔfa so yɛ atuduru bi a emfi wusiw a wɔde gu tuo mu na bere a odii mfirihyia 60 no, ɔtɔɔ adwumayɛkuw bi a wɔyɛ atuo wɔ Sweden a wɔfrɛ no Bofors no. Nanso na ɔyɛ obi a n’ani nnye akodi ho na ɔno na ɔyɛɛ Nobel Asomdwoe Akyɛde a agye din no sɛ wɔde bɛma wɔn a wɔbɛbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma ayɔnkofa abɛda aman ahorow ntam no. Bere a William Armstrong wui wɔ 1900 mu no, Britaniafo atesɛm krataa bi kae sɛ: “Biribi wɔ hɔ a sɛ wususuw ho a, ɛyɛ ahodwiriw wɔ ka a wɔbɛka onipa a odwo na n’adwene mu da hɔ te sɛ Lord Armstrong ho asɛm wɔ nyansahu a wɔde sɛe ade mu ho no.”

Nanso, ankyɛ na wodii ye a enye ho adwene no so denam ɔmampɛ anaa ɛho mfaso horow a wonya ho a wosusuwii no so. Bɛyɛ wiase nyinaa ko a edi kan mfiase mu hɔ no, na wɔn a wɔtɔn akode renya sika kɛse wɔ wiase nyinaa wɔ wɔn akode no tɔn mu. Nanso saa ɔko no daa akode tɔn mu abrabɔ mu ɔhaw a anibere wom adi.

Wɔ ɔko no mu no, wɔde akode ahorow a Britaniafo ne Fransefo ayɛ ko tiaa Britania ne Franse asraafo wɔ akono. Germanfo ko tiaa Rusiafo ne Belgiumfo a na Krupp ama wɔanya akode no. Po so asraafo a na wɔka ho no mu pii de Krupp akode ahorow dii dwuma, na wɔ Jutland Ɔko no mu no, afanu no nyinaa de Krupp akode dii dwuma.

Adwumayɛ akuw horow a wɔyɛ akode no nyaa mfaso akɛseakɛse fii ɔko no mu​—ɛyɛ nea ɛdɔɔso araa ma nnipa pii susuwii sɛ wɔn na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔko no akyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mu mfaso. 1934 atesɛm krataa bi mu asɛm buu akontaa sɛ wɔ saa ɔko no mu no, sika a egyei ansa na wɔrekum ɔsraani biako biara no yɛ Amerika sika dɔla 25,000 “a emu fã kɛse no ara kɔɔ wɔn a wɔyɛ akode no kotoku mu.”​—The Arms Bazaar a Anthony Sampson yɛe.

Efi saa ɔko no so no akode ho aguadi akɔ so na ɛrekɔ so kɛse nnɛ sen bere biara. Ebinom adwenem da so ara yɛ wɔn naa wɔ ye a eye sɛ wobedi ade a edi awu yi ho gua no ho, nanso obiara nnye mfaso a ɛwom no ho kyim. “Ɔko yɛ adwuma pa bio,” saa na Wall Street akontaabufo biako kae. Bere a New York Times reka nnɛyi akodeyɛ ho nimdeɛ a akɔ anim no ho asɛm no, ɛde kaa ho sɛ: “Nea ɛsen mfiridwuma ho anwonwade no, akodeyɛ yɛ adwuma a ɛma wonya sika kɛse.”

“Akode ho aguadi no . . . rekɔ so kɛse, na Rusia adi Amerika anim sɛ́ ɔman a ɛde akode akɛse kɔ aman afoforo so kɔtɔn,” saa na Britaniafo atesɛm krataa New Scientist no sii so dua, na ɛde kaa ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ akode ahorow a Britania de kɔ aman afoforo so kɔtɔn no bɛyɛ kɛse wɔ afe biako anaa abien a ɛbɛba no mu wɔ nea Britania yɛe wɔ Falklands no akyi.”

Nokwarem, wɔ adwumayɛkuw ahorow a wɔyɛ nnɛyi akode ahorow no mpanyimfo fam no, Falklands ne Lebanon ntawntawdi ahorow no abɛyɛ te sɛ nea efi nyame so. The Guardian ka sɛ: “Europa ne Amerika akuw horow hu akwanhwɛ a ɛyɛ anigye foforo wɔ ɔko [wɔ Falklands] a ɛma wonyaa hokwan daa wɔn nneɛma ahorow a wɔretɔn adi no akyi.”

Ebia eyi da adi saa nso ma wɔn a wɔrehwehwɛ baabi a eye de wɔn sika adi gua wɔ hɔ no. Akode ho aguadifo afoforo “afi nnua adwuma no mu,” sɛnea ɛte no. Akontaabufo biako a wɔfaa n’asɛm kae wɔ The New York Times mu kae sɛ: “Wɔatɔ akode ahorow no kɛse fi bere a nsɛm yi [Falklandfo ne Lebanonfo ntawntawdi ahorow] sii no. Ɛda adi sɛ aguadifo pii ani agye eyi ho.”

Wɔ 1970 mfe no mu, a na ɔko rekɔ so wɔ Asia Kesee fam apuei no, Protestant asɔreasɔre no​—a na wɔn mu binom kasa tia ɔko no ne Amerika akode a ɛrenya nkɔso no​—ka wɔn a wɔde saa hokwan no dii akode ho gua a mfaso wom no ho. Wɔ nhomawa bi a ɛfa asɛm no ho mu no, Ɔman Asɔreasɔre Bagua no kae sɛ: “Aguadi a wohu wɔ ha no yɛ ‘adwuma kɛse’ a ɛfa akodeyɛ ne ne tɔn ho. Asɔre no dwetiri a ɛwom bɛyɛ Amerika sika dɔla ɔpepem 203 . . . aguadi ahorow yi yɛ adwuma kɛse ma asɔreasɔre no, a ɛkyerɛ nneɛma a wɔwɔ no mu nea ehia wɔn anaasɛ ɛyɛ nea ehia wɔn sen biara.”

Nea ɛma adwumayɛ akuw horow a wɔyɛ akode no ani gye titiriw ne sɛ, mpɛn pii wɔne asraafo na ɛyɛ adwuma na ɛnyɛ aguadifo. Enti mfaso horow a wonya no dɔɔso. Aman akɛse pii ayi Amerika sika dɔla ɔpepepem pii asi hɔ dedaw ama akodi ho nsɛm, enti ɛyɛ nea ɔkwan biara so no wɔn a wɔyɛ no bɛkɔ so anya sika. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ eyi yɛ nea asraafo pɛ nti, ne bo no taa yɛ nea wɔtɔn ma aguadifo no mmɔho anan anaa anum. Wɔ ne nyinaa mu no, asraafo bɛtɔ nneɛma a wɔyɛ wɔ wɔn ankasa man mu sen sɛ wɔbɛtɔ bi afi aman afoforo so, na wɔnam saa yɛ so ma aman afoforo so de ho akansi no ano brɛ ase. Wɔ pɛ a wɔpɛ akodeyɛ ho aguadi ho nhyehyɛe horow no mu no, Amerikafo akuw horow mpɛ sɛ wobehu sɛ Japanfo ne wɔn resi akane. Akodeyɛ yɛ adwuma a mfaso wɔ so ampa.

Wɔn a wogyina ɔko ho adwuma kɛse yi mfinimfini pɛpɛɛpɛ ne nnipa a wɔtɔn akode, a wɔtɔn nneɛma a ɛsɛe ade yi te sɛ adetɔnfo a wɔtɔn nneɛma wɔ afi mu no. Obi kae sɛ: “Ade kɛse a ɛfa akodeyɛ ho a wɔde toto kar yɛ ho ne sɛ ne bere twam anaasɛ ɛyɛ dedaw bere nyinaa: hokwan kɛse a enni ano a wɔde bɛtrɛw mu wɔ hɔ.”

Akode ho oyikyerɛ ahorow, faako a wɔn a wɔrebɛtɔ ne wɔn a wɔretɔn hyiam na wɔhwɛ akode foforo a wɔayɛ a aba no, redɔɔso wɔ wiase nyinaa te sɛ nneɛma foforo a aba so ho oyikyerɛ ahorow. Wɔn a wɔyɛ no reyɛ nea wɔfrɛ no awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ akode de​—mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛkɔ anim a ɛfa ka a wɔbɔ wɔ sraadi ho, nea wɔde yɛ nhwehwɛmu ahorow na wɔde nya mu nkɔso a ɛkɔ anim. Christopher Paine a ɔka Federation of American Scientist ho no frɛɛ eyi “nnaadaasɛm a asiane wom a nnipa a wɔyɛ akode ahorow no ma ɛsɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwuma bɛkɔ so.”

Nea ɛma akode ho aguadi no ba bɛyɛ nea enye no da so ara wɔ hɔ a ɛnsakrae. Efisɛ mfirihyia abiɛsa ansa na Falklands ɔko no reba no, Britaniafo tɔn po so akohyɛn ne akode afoforo a ɛboro Amerika sika dɔla ɔpepem 200 maa Argentina, na wɔsan danee akode koro no ara guu wɔn so bere a ɔko no bae no. Eyi ne ade a asiane wom a aman ahorow no ne nnwuma akɛse no nyinaa paw sɛ wɔbɛyɛ. Wɔkasa tia akode horow a wɔtɔn ma aman afoforo no denneenen. Nanso wɔkɔ so ara tɔn, a mpɛn pii ɔman nniso horow no hyɛ ho nkuran. Na eyi ma wiase no mu tra kɔ so ara yɛ nea

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Britiania tɔn akode a ne bo yɛ Amerika sika ɔpepem pii maa Argentina na wɔsan danee eyi guu wɔn so wɔ Falklands

[Kratafa 20 mfoni]

Ankyɛ na mfaso kɛse a ɛreba no dii adwene mu naayɛ a ɛfa ye a eye sɛ wɔbɛtɔn akode ho no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena