Akode—Sika Ahe Na Wɔsɛe Wɔ Ho?
SIKA a amanaman no sɛe wɔ sraadi ho nnɛ no yɛ nwonwa. Ɛyɛ nea nyansa nso nnim sɛ wuhu sɛ wobu sika a ɛte sɛɛ a wɔsɛe wɔ akode ho no sɛ ɛho hia kɛse sen nneɛma a adesamma hia titiriw no a. Bible no kaa “awiei bere” yi ho asɛm siei sɛ “ɔhene” (anaasɛ nniso) bi de ne “sika” ne ‘n’abohene’ (nneɛma anaasɛ ahonyade a ɔwɔ) bedi “abannennen nyame” (sraadisɛm) nĩ. Nniso afoforo nso besuasua no. Mpɛn pii sika a wɔsɛe wɔ akode ho a wonsusuw ho yi mma ɔmanfo nnya nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka mpo no. Ɛma nneɛma ho yɛ nã na nkurɔfo kɔ so to santen wɔ aguadidan ahorow anim.—Daniel 11:35-38.
Hwɛ sika a wɔsɛe wɔ akode ho a wɔkaa ho asɛm wɔ Fransefo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Plus a wotintimii wɔ March 30, 1985 mu wɔ Montreal, Canada no mu no.
◻ Wɔ anibu biako biara mu no, wiase amanaman no sɛe (U.S.) dɔla bɛboro 37,000 wɔ akode ho.
◻ Nnipa bɛboro ɔpepem 50 yɛ nnwuma a ɛfa akodeyɛ ho.
◻ Wɔ United States no, wɔsɛe dɔla biako biara a wɔde yɛ nhwehwɛmu no mu sɛnt 62 wɔ sraadi ho nhwehwɛmu ho na wɔsɛe sika a aban no sɛe no nyinaa mu ɔha biara mu 27 wɔ ahobammɔ ho; wɔ Switzerland mpo no, wɔsɛe sika a aban no sɛe no nyinaa mu bɛboro ɔha biara mu 25 wɔ ahobammɔ ho.
◻ Wɔ aman 12 a wɔtɔn akode pii no mu no, Rusia ne United States tɔn akode no nyinaa mu ɔha biara mu 73, France tɔn ɔha biara mu 9 na Canada tɔn sraadi ho nneɛma bɛyɛ dɔla ɔpepepem 1.3 wɔ 1984 mu.
Aman ahorow a wɔde ka kɛse a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobetua bosea ahorow a wɔakogye afi aman afoforo nkyɛn no ka aman a wɔsɛe sika pii wɔ akode ho no ho.
◻ Wɔ ka bɛboro dɔla ɔpepepem 350 a aman a wɔwɔ Latin America de sikakorabea ahorow a ɛwɔ Atɔe Fam no mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔsɛe mu dɔla ɔpepepem 90 wɔ sraadi ho.
◻ Peru a ɛde ka bɛyɛ dɔla ɔpepepem 13 no sɛee dɔla ɔpepepem 4 wɔ akode ho wɔ 1983 mu.
◻ Sika a aman a wɔwɔ Central America a wɔreko no sɛe wɔ sraadi ho no kɔɔ anim ɔha biara mu 50 wɔ 1979 ne 1983 mfe no ntam.
◻ Sɛ wususuw sikasɛm tebea ne nneɛma bo a ɛrekɔ soro ntɛmntɛm wɔ nsase bi so no ho a, sika a obiara tua de boa sraadi no yɛ nwonwa: Argentina, $210; Chile, $120; Venezuela, $67; Mexico, $19; Brazil, $17.
Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ ne ahotɔ kɛse a yebenya sɛ anka wobegyae sika pii a wɔsɛe wɔ akode ho no a! Nanso amanaman no ankasa rennyae. Yehowa a ɔne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no na obetumi ama wɔagyae na ɔbɛyɛ saa nso. Ne bɔhyɛ a ɛbɛbam ni: “Ɔrema akodi agyae wɔ asase so nyinaa,” yiw, “Ɔma akodi ba awiei wɔ wiase nyinaa” na “ɔde ogya hyew ɔko ho mfiri” mpo.—Dwom 46:9; The Psalms for Today a R. K. Harrison yɛe.
Saa nsɛm yi yɛ nea wotumi de ho to so na ɛyɛ nokware efisɛ “asomdwoe Nyankopɔn no” rentumi nni atoro!—Romafo 16:20; Hebrifo 6:18; Adiyisɛm 21:1-5.
[Box on page 16]
“Ɛnna lsrael nkurow mufo befifi adi akɔto akode no mu gya ahyew, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛse, ta ne agyan ne mporibaa ne mpeaw, no wɔde ayɛ nnyina asɔ mfe ason; na wɔrenkɔ wuram anyina, na wɔrentwa ebi mfi kwae mu, na akode no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn, na wɔafow wɔn a wɔfow wɔn no, [Yehowa] Nyankopɔn asɛm ni.”—Hesekiel 39:9, 10.