Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
Business Week nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛne nneɛma bo a ayɛ den anya ɔko,” na ɔde kaa ho sɛ: “Na afei yɛredi nkogu wɔ saa ɔko no mu.”
“Ɔko” a yɛde tia nneɛma bo a ayɛ den yɛ nea yɛredi nkogu wɔ mu, na ɛkyerɛ sɛ wɔ mmɔden a wɔabɔ na wɔde asiw eyi kwan no nyinaa akyi no, nneɛma bo kɔ so yɛ den wɔ wiase no sikasɛm nhyehyɛe mu.
Nea afi mu aba ne sɛ, wonni awerɛhyem biara wɔ sika mu—ɛne sɛ, sika a wɔde krataa na ayɛ. Wotumi hu eyi wɔ sikakɔkɔɔ a ne bo ayɛ den no mu. Wɔ abakɔsɛm mu no, sika-kɔkɔɔ yɛ nea eye koraa a wɔde wɔn ho to so. Wobu no sɛ ɛyɛ “sika” ankasa, nea wobu no kɛse sen biara wɔ ɔhaw bere mu. Enti ɛyɛ “susuhama” bi ma sikasɛm mu tebea horow. Nea ennuu mfirihyia 10 ni a sika-kɔkɔɔ nkarii kakraa bi a ɛyɛ nkaribo biako a wɔakyem dunsia yɛ Amerika sika Dɔla 35 (¢96) . Nanso ɛkɔɔ soro koduu Amerika sika Dɔla 444 (¢1,221) wɔ 1979 mu! Eyi kyerɛ awerɛhyem koraa a wonni wɔ sika a wɔde krataa ayɛ no mu, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛnea nneɛma bo a ayɛ den no asɛe ade kɛse afa.
Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu nyinaa no na nnɛema bo nkɔ soro na ɛmma fam nso. Nanso Wiase Nyinaa Ko I akyi pɛ na ɛbɛyɛɛ nea entumi nnyina faako. Ɛno na afei Wiase Nyinaa Ko II akyi pɛ na nneɛma a wɔtɔ no aboɔden bɛyɛɛ da biara da asetra no fa. Abɛda adi pefee wɔ nnansa yi mfe no mu, enti sɛ aguadi nkɔso pii biara mpo a, nneɛma bo da so ara yɛ den.
Nneɛma bo yɛɛ den wɔ 1979 ɔsram no biako mu wɔ U.S. Amerika ma ɛboro afe a etwaam no de so bɛyɛ ɔha mu nkyem 12, ɔha mu nkyem 15 wɔ Japan, ɔha mu nkyem 18 wɔ Engiresi Aburokyiri ne nea ɛboro ɔha mu nkyem 10 wɔ France. Federal Republic of Germany a wade ne ho wɔ sikasɛm mu ɔhaw ho no nyaa ɔha mu nkyem 10 wɔ saa ɔsram no mu.
Philippines bɔɔ amanneɛ sɛ efi 1966 reba yi aduan, ntama ne pɛtro bo abɔ ho nea ɛboro mpɛn anan. Japanfo aduan titiriw a ɛyɛ ɛmo bo yɛɛ den bɔɔ ho mpɛn anum wɔ mfirihyia aduonu pɛ mu. Brazil penee so sɛ nneɛma bo a ɛyɛɛ den wɔ 1979 mu no bedu ɔha mu nkyem 40, te sɛ nea na ɛte wɔ afe 1978 mu no. Na ɛhɔ na nsɛmma nhoma Administracao e Servicos kae sɛ: “Brazilfo ɔpepem 68 ntumi nsusuw ilɛktrik dade a wɔde tow ade so a wɔbɛtɔ no mpo ho” efisɛ wɔde wɔn sika no tɔ nneɛma a ehia wɔn wɔ asetra mu.
Afrika aman horow no bi wɔ hɔ a nneɛma bo a ɛyɛɛ den wɔ hɔ no bu bɔɔ ho mpɛn abien wɔ afe pɛ mu. Israel de bɛnee afe a etwaam no de ho, na efi bere a wɔhyehyɛɛ saa ɔman no bɛyɛ mfirihyia 30 a twam no, nneɛma a wɔtɔ no bo akɔ so akɔ anim ara ma abɔ ho nea ɛboro mpɛn 50!
Tebea a ɛwɔ U.S. Amerika no yɛ nea edi nea ebetumi aba wɔ mfe pii a nneɛma bo de akɔ so akɔ soro no ho adanse. Dollar no a ɛyɛ cents 100 wɔ 1898 mu no bo a ɛsom mprempren yɛ cents 12 pɛ.
Wɔredi adwumayɛfo a wɔn bosome akatua ne nneɛma bo a ayɛ den kari pɛ no awu wɔ akwan horow abien so
Nanso so adwumayɛfo akatua nkɔɔ anim anaa? Yiw, akɔ anim. Na adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wɔn bosome akatua akɔ anim akyɛn nneɛma bo a ayɛ den no, enti wɔn asetra anya nkɔso.
Nanso eyi nte saa wɔ adwumayɛfo pii fam. Sɛ nhwɛso no, wɔ U.S. Amerika sɛɛ no, adwumayɛfo nyinaa mu fã hu sɛ nneɛma bo kɔ so yɛ den ntɛm kyɛn sika a wɔn nsa ka no, a ɛkyerɛ sɛ wɔn asetra ba fam.
Afei nso, ahiafo pii ne nnipa a wɔn akatua nkɔ anim no aka akyi wɔ nneɛma pii mu. Hyɛ oyi ho nhwɛso biako yi nsow, na eyi yɛ nea ɛfa New York kuropɔn no mu sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi a wagyae adekyerɛ ho, ɔkae sɛ:
“Me mprempren adwumayɛ pɔn akatua yɛ dɔla 4,439 afe biara [ennu nea wobu no sɛ ɛyɛ hiafo de wɔ US. Amerika no ho mpo]. Sɛ́ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛde saa sika yi bɛhwɛ yɛn ho wɔ mmɔden a yɛbɔ kɛse de kyɛe ade so no nyinaa akyi no yɛ nea yegye di sɛ ɛrenyɛ wo nwonwa.
“Yenni kar. Yenni yɛn ankasa fie. Ɔdan ketewa a yɛte mu no nyɛ yɛn dea na yɛatra ha nea ɛboro mfirihyia 35. Yɛnkɔ akwamma. Yentu kwan. Yennidi wɔ abɔnten. Nneɛma a yɛtaa tɔ yɛ nneɛma wɔatew so ne nneɛma a ehia yɛn titiriw nkutoo.
“Yɛnnom tawa. Yɛnnom nsa—ɛnyɛ beer wɔ bere bi mu mpo. Efi bere a migyaee adwumayɛ nea ɛboro mfirihyia 21 a atwam no yemfii adi nkɔhwɛɛ agorudi anaasɛ sini bi a ɛbɛn yɛn mpo da.
“Yɛnto nsa mfrɛ nkurɔfo nnye wɔn ani. Yɛntɔ akyɛde ahorow bi mma yɛn nnamfonom anaa abusuafo. Nea yɛyɛ ara ne sɛ yɛkyerɛw krataa kɔma nnipa bere a asɛm bi a ɛho hia asi wɔ wɔn asetra mu. Yɛntaa ntɔ atesɛm nkrataa bere biara bio.
“Me ne me yere nyinaa wɔ yɛn mfirihyia aduɔson mu. Yɛn mu biara ntumi nyɛ adwuma.
Wɔrepira adwumayɛfo a wɔn bosome akatua ne nneɛma bo a ɛyɛ den kari pɛ no. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma bo a ɛyɛ den didi kɔ wɔn sika no mu wɔ akwan horow abien so. Ɛnyɛ sɛ nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no brɛ sika a wɔabrɛ anya no ase nko, na mmom bosome akatua a wɔtom no nso ma adwumayɛfo tua tow akɛse, na eyi de adesoa kɛse to wɔn so. Nea efi mu ba ne sika a wontumi mfa ntɔ biribiara.
Afei nso nneɛma bo a ɛyɛ den di nnipa a wɔkyɛe wɔn sika so a wɔde wɔn sika sie wɔ sikakorabea ahorow mu no nso awu. Wɔ ɔman biako bi mu no, nsiho a sikakorabea ahorow no tua no yɛ sika a ama nneɛma bo ayɛ den no fã pɛ, enti ennu afe no awiei no na sika a ɛda sikakorabea hɔ a nsiho no nso ka ho nnu sɛnea na ɛte bere a wofii ase no. Nea ɛma eyi yɛ ade a ennye koraa ne sɛ wotua nsiho no ho tow.
Nnipa kɔ so ara de wɔn ho hyɛ ɛka akɛse mu
Sika fam ahokyere yi ama nnipa pii ade ka wɔ akwan horow so.Atirimpɔw no biako ne sɛ nnipa mpɛ sɛ wɔde sika sie ansa na wɔatɔ nneɛma a wɔhwehwɛ no. Enti wɔde wɔn ho hyɛ ɛka mu na wɔn nsa aka saa nneɛma no.
Nanso ade foforo a ɛkɔ so a ɛma saa ka yi ba ne nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den bere nyinaa nti. Nnipa pii na mprempren wɔbɔ bosea sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bekura nea wɔwɔ no mu. Na Americana Annual ma 1979 no nso kae sɛ: “Wɔn a bere bi na wɔntaa mmɔ bosea, na wɔbɔ wɔ nneɛma akɛse ho titiriw no taa hu sɛ afei de bosea a wɔbɔ no yɛ nea wɔde totɔ nneɛma a ehia wɔn wɔ asetra mu nkutoo.
Afei nso wɔn a wonhu daakye biara a ɛno nti su a wokura ne sɛ ‘momma yenni, yɛnnom na yɛn ani nnye’ no nso wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya biribiara mu anigye ansa na aka akyiri dodo. Sɛnea bere bi wɔn a wɔte saa no mu biako kae no: “Su a mikura no yɛ ɔsɛe da a ɛreba ho su.” Ebinom mpo bɔ bosea akɛse a ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wobetua ka, na eyi nso kyerɛ korɔnbɔ.
U.S. News and World Report no frɛɛ su a wokura wɔ boseabɔ no ho sɛ “asorɔkye kɛse” a ama “sikasɛm ho nimdefo koma atu.” Ɛkae nso sɛ: “Bere bi mmae a nnipa de wɔn ho ato boseabɔ sika so sɛɛ da. Na ntõtõ kakra biara a ɛbɛba wɔ sikasɛm mu no bɛma saa nnipa yi mu ɔpepem bebree abɔ ka atɔn wɔn nneɛma nyinaa.”
Dɛn nti na nneɛma bo ayɛ den yiye saa nnɛ?
Dɛn na nnɛ ɛma nneɛma bo kɔ so yɛ den wɔ mfiase nyinaa saa no? Atumfoɔ no nyinaa adwene nyɛ biako wɔ ɔhaw no ho. Wɔn mu dodow no ara pene so sɛ ɔhaw no biako fi sika pii a wɔsɛe no kyɛn sɛnea wonya ne ɛka a wɔde wɔn ho hyɛ mu na wɔde adi nea wɔsɛe no no ho dwuma. Sɛnea London Times nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ no: “Nneɛma bo a ayɛ den no yɛ dɛn koraa? . . . Ɛyɛ sikasɛm ho nimdefo no asɛmfua a wanya ama biribi a wodi tra so; sɛ́ wosɛe sika kyɛn sɛnea wo nsa ka; sɛ́ wuyi sika a ɛdɔɔso fi sika kotoku no mu kyɛn sɛnea wode hyɛ mu.”
Sɛ nniso horow sɛe sika pii kyɛn sɛnea wonya fi tow a wogyigye mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ “wɔbɔ” anaa wonya sika foforo na wɔde atua ɛka a ɛbɛda hɔ no. Harper nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Ɛka a efi sika a nniso no sɛe mu ba a wontumi mfa tow a wogyigye so ntua no yɛ nea wɔyɛ dɔla foforo de tua ka.” The Wall Street Journal no nso kae sɛ:
“Sɛ yɛbɛka a, na nea ɛde nhyɛso aba nneɛma bo so ma akɔ anim, . . . no fi sika a adɔɔso ankasa. Ɛne sɛ, nneɛma a nniso no yɛ ma wɔbɔ ka pii no ama sika a wɔhwehwɛ no adɔɔso ma enti wɔbɔ bosea na wɔde adi eyinom ho dwuma . . . ”
Eyi ho nhwɛso ne ka a Amerika aban de no. Nniso no bɔ ka afe biara wɔ mfe 18 a atwam no mu 17 mu. Egyee no mfirihyia 167 ansa na ɛka no redu dɔla ɔpepepem 100, mprempren yi saa sika dodow yi na adan ɛka a ɛbɔ afe biara! Ɛrenkyɛ na sika a ɛyɛ ɛka a ɛbɔ no dodow akodu dɔla ɔpepepepem. Na mfɛntom anaa nsiho a wogye wɔ saa ka yi ho yɛ dɔla ɔpepepem 60 afe biara, ɛka a ɛso sen biara a ɛto so abiɛsa a nniso no bɔ afe biara. Eyinom nyinaa kyerɛ sika pii a edi nneɛma ne nnwuma horow a wɔyɛ akyi, na eyi ma nneɛma bo kɔ soro, te sɛ awuɔsɔn tɔn.
Nea ama tebea no asɛe koraa ne pɛtro ho ɔhaw no. Aman kakraa bi pɛ na wonya pɛtro fi wɔn nsase mu a ɛdɔɔso kyɛn sɛnea wohia. Saa aman horow yi ayɛ biako a wɔfrɛ wɔn ho sɛ OPEC, Organization of Petroleum Exporting Countries (Aman a Wɔtɔn Pɛtro Ahyehyɛde) . Wɔama ngo a wotu fi fam no bo ayɛ den abɔ ho mpɛn 10 akyɛn sɛnea na ɛte wɔ mfirihyia du ni. Esiane sɛ nneɛma pii—pɛtro, ngo a wɔde ka adan mu hyew, plastik, ne nneɛma afoforo—yɛ nea wɔde ngo a wotu fi fam yɛ nti, ɛma wɔn bo kɔ soro saa ara.
Esiane eyi nti ama aman pii abɔ ka kɛse, na nea ama saa aman yi da so ara wɔ hɔ no fi bosea pii a wɔbɔ bio. Saa aman yi mu binom mpo ntumi mfi wɔn ankasa sika mu ntua mfɛntom a ɛka boseabɔ no ho no, na menne ɛka no ankasa mpo.
Sikasɛm ho animdefo no mu binom susuw sɛ ebia na nneɛma bo a ayɛ den no atra nea wobetumi ayɛ ho biribi
Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa adi nneɛma a ne bo yɛ den no so nkonim? Sikasɛm ho animdefo no mu dodow no ara susuw sɛ ebia na tebea no atra nea wobetumi ayɛ ho biribi. Wɔde to obi a ɔnom wee a ɔde ne ho ahyɛ mu akɔ akyiri dodo a afei de obisa pii ansa na watumi atra ase no ho. Sɛ ɔkɔ so saa a aduru no bekum no. Sɛ ogyae nso a nea ebefi nnuru a ɔde bere tenten afa yi mu aba no betwa ne nkwa so.
Sɛ nneɛma bo a ɛyɛ den no bɛba fam a, ɛnde na ɛsɛ sɛ nniso horow, adwumayɛbea ahorow ne nnipa nkorɛnkorɛ twa sika a wɔsɛe no pii no so koraa. Nanso nea eyi bɛkyerɛ ne nneɛma kakraa bi a nnipa bɛtɔ, enti adwumayɛbea ahorow nso bɛyɛ nneɛma ketewaa bi. Eyi remma nnipa nnya adwuma nyɛ, enti ahokyere nso bɛba. Sɛnea wɔahyehyɛ wiase sikasɛm ho nhyehyɛe no afa no ma ɛde sika a ɛdɔɔso boro so yɛ nneɛma pii ma wɔn a wɔhwɛ tebea no ka sɛ aka akyiri dodo sɛ wobetwa nneɛma a wɔyɛ no so a ɛremfa ɔhaw a nneɛma bo a ayɛ den de aba no ara bi mma.
[Kratafa 9 mfoni]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
1898 1979
$1 = $.12
Ɛso Ate