Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 2/8 kr. 16-19
  • Ahokyere A Nneɛma Bo A Ayɛ Den De Aba—Di Ho Dwuma Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahokyere A Nneɛma Bo A Ayɛ Den De Aba—Di Ho Dwuma Nyansam
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adeyɛ a Nyansa Nnim
  • Nsakrae Ahorow a Ebinom Yɛ
  • Kari a Wubekari Pɛ
  • Nyansa Kwan No
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?
    Nyan!—1983
  • Dɛn Na Nneɛma Bo Reyɛ Yi?
    Nyan!—1980
  • Ahotɔ​—Wobetumi Anya Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 2/8 kr. 16-19

Ahokyere A Nneɛma Bo A Ayɛ Den De Aba​—Di Ho Dwuma Nyansam

BRAZIL mmaranimfo bi kae sɛ: “Sɛ ɛkɔ so ara sɛnea ɛte yi a, bere bi bɛba a obiara rentumi nnidi. Sɛ́ anka wobemia abɔso mu mmom no, yebehu sɛ nnipa rewe wɔn abɔso.”

Brazil ahu amane wɔ nneɛma bo a ayɛ den kɛse ho nnansa yi, nanso ɛnyɛ ɛhɔ nko. Efi Iceland besi Ghana, aman pii​—sɛ́ wɔyɛ komunist, demokrase anaasɛ katabaako​—nneɛma bo a ayɛ den ahaw wɔn wɔ ɔkwan bi so. Nea abenfo ka fa nea enti a ɛte saa ho no sonsonoe, nanso ade biako yɛ nokware: Ɛsɛ sɛ obiara tra mu. Ɔkwan bɛn na wɔfa so di ho dwuma?

Wɔ adefo fam no, ebia nsakrae a wɔbɛyɛ renka wɔn pii. Nsɛm a wobisabisaa nnipa a wɔwɔ bi anaasɛ adefo wɔ Rio de Janeiro daa no adi sɛ na ebinom abrɛ akwan a wotutu kɔ amannɔne no ase na na afoforo apam wɔn mmaawa, na ebinom nso adan afi nsã a ne bo yɛ den so akɔ nea ne bo yɛ mmerɛw so. Na wɔn a wonni mmaawa a wɔbɛpam wɔn, anaasɛ wontumi ntɔ nsã a ne bo yɛ mmerɛw mpo no nso ɛ? Ɔdetɔnfo bi kae sɛ: “Wɔ nnipa a wɔn akatua sua no fam no, eyi bɛyɛ ahometew!”

Nigeriani bea bi a ɔwɔ mma baasa daa no adi kyerɛɛ atesɛm krataa kyerɛwfo bi sɛ, esiane nneɛma bo a ayɛ den nti, wagyae n’abusua aduanma mprɛnsa da koro. Mprempren ɔma wɔn aduan mprenu pɛ. Ɔkyerɛe sɛ: “Hu sɛ ɛnyɛ me nko. Ɔhaha afoforo nso [yɛ eyi].” Nokwarem no, aduan a wonya no mprenu da koro sen sɛ anka wobenya no mprɛnsa nkyerɛ ɔkɔm a ɛde wɔn. Nanso, wɔ ebinom fam no, eyi yɛ nsakrae a emu yɛ den esiane sɛnea wɔn asetra mu gyinapɛn te nti.

Ɛho ahia sɛ nnipa ɔpepehaha pii yɛ nsakrae a emu yɛ den wɔ wɔn asetra mu. Wɔyɛ wɔn ade dɛn?

Adeyɛ a Nyansa Nnim

Nneɛma bo a ayɛ den ma bebree bɔ hu. Philippine nsɛmma nhoma Panorama kae sɛ, esiane nneɛma bo a ayɛ den nti, “nneɛma abɔ nnipa ankasa wɔ ɔman no mu baabiara, na nea ɛka ho ne ehu. So yɛbɛhwere yɛn nnwuma ɔkyena? So yebetumi agyina sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ yɛn bere so no ano?” Saa ehu yi betumi ama nnipa ayɛ ade a nyansa nni mu.

Asɛm bi a ɛwɔ U.S. News de World Report mu kae sɛ: “Bere a wɔreyere wɔn ho akura wɔn asetra mu tebea horow mu a ɛmfa ho sɛ nneɛma bo ayɛ den na abu abɔ ho na nneɛma resɛe no, Amerikafo a wonni bi anaasɛ ahia wɔn no redan kɔ amumɔyɛ so.” Ɛkɔ so kyerɛ sɛ, mprempren yi, “ɔmanfo a na wodi mmara so bere nyinaa” de wɔn ho hyɛ amumɔyɛ te sɛ atoro kwan so a wɔfa de gye sika fi sikakorabea, sikadi, aguadidan mu adewia ne tow a wontua mu. Nea wɔka ne sɛ: “Ɛnonom nyɛ bɔne. Wogye dɔla kakraa bi sɛ akatua na wɔde pii tua anyinam ahoɔden anaasɛ nkanea, ɔdan ne aduan ho ka. Wɔkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ dɛn na woatew sika a wudi so?”

Amumɔyɛ a ɛte saa a wɔredan akɔ so de akwati sika a wodi a wɔbɛtew so anaasɛ wɔbɛhwɛ so yiye no nyɛ ano aduru a nyansa wom. Adewia betumi de bere tiaa mu ahotɔ ama wɔ sika fam ahokyere mu de, nanso, enyi ahokyere no mfi hɔ. Bere a woadi sika a wuwiae no awie no, ɔhaw no san ba. Sɛ wɔkyere owifo no a, aniwu anaasɛ animguase ba bɛka ne haw no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, amumɔyɛ, te sɛ afoforo a wɔtow hyɛ wɔn so ne awi a ɛrekɔ anim de bi aka basaa a nnipa ayɛ ne ehu a aka nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa asetra no ho, a ahiafo ka ho.

Salomo abɛbusɛm bi a ɛdaa ɔsoro nyansa adi, se: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nanso mpaw n’akwan mu biara.” Na ɛka dekode nti a ɛsɛ sɛ obi kwati saa kwan no ho asɛm sɛ: “Na kɔnkɔnsani yɛ Yehowa akyide, na ɔne tẽefo di atirimsɛm.” (Mmeb. 3:31, 32) Sɛ wɔbɛfa amumɔyɛ kwan so mmom no, akwan pa a wɔbɛfa so adi nneɛma bo a ayɛ den ho dwuma wɔ hɔ.

Nsakrae Ahorow a Ebinom Yɛ

Wɔ n’amanneɛbɔ a ne ti ne sɛ “Nneɛma bo a Ayɛ Den: Asetra Mu a Ayɛ Den wɔ Okyinsoromma Ketewa Bi So” (sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ Philippine atesɛm krataa Bulletin Today mu no) , Robert Fuller kae sɛ: “Te sɛ nea da biara da dwumadi ahorow de ɔbrɛ ba no, nneɛma bo a ayɛ den no yɛ sɛnkyerɛnne ma yɛn sɛ yɛnsakra yɛn kwan a yɛfa so tra ase.” Eyi te saa wɔ aman ahorow so ne ankorankoro fam.

Nnipa binom afi ase repɛɛpɛɛ wɔn asetra kwan mu hwɛ. Wɔde anibere rehwehwɛ ɔkwan a wɔfa so tra ase mu. Sɛ́ anka wɔbɛtɔ nneɛma a ne bo yɛ den no, bebree reyɛ wɔn ankasa nneɛma. Wɔ Amerika no, mmusua horow afi ase reduadua nnuan wɔ wɔn nturo mu, wɔpempam wɔn ntama ne wɔn ntade a atetew sen sɛ wɔbɛtɔ foforo, wosiesie wɔn ankasa fie nneɛma a asɛesɛe. Sɛ biribi wɔ hɔ a wobu sɛ ɛho nhia pii​—te sɛ TV​—a wontumi nsiesie a, wɔde si nkyɛn.

Wɔ Philippines no, ebinom akyerɛ sɛ wɔrebrɛ sigaretnom ne nsanom ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina nneɛma bo a ayɛ den no ano. Ɛno yɛ ɔkwan pa a wɔrefa so. Wɔkãe nso sɛ wɔbrɛ nsã dɔkɔdɔkɔ nom ase. Ɛtɔ da bi a, sɛ anka wɔbɛfa kar no, wɔnantew. Nea ɛka ho no, sɛ anka wɔbɛbɔ nea abusua de begye wɔn ani ho ka pii no, wɔne wɔn mmofra kɔnantenantew kurom. Ampa, “nneɛma a eye, sen biara wɔ asetra mu no yɛ nea wɔmmfa sika ntɔ.” Na nneɛma bo a ayɛ den no nso nka no.

Kari a Wubekari Pɛ

Yiw, nneɛma bo a ayɛ den a wubedi ho dwuma nyansam betumi aka nsakrae horow a wobɛyɛ wɔ ɔkwan a wofa so tra ase mu. Na mpɛn pii no ɛfa ɔkwan a yɛfa so susuw nneɛma ho a yɛbɛsakra no nso ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Asia asase bi so no, ɔbarima bi siee sika a ɛdɔɔso sɛ ɔde bɛtɔ mprako abien. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛn wɔn na ɔde wɔn befi mprako yɛn ase na watɔn mprako. Nanso, apontow bere bi dui wɔ n’akuraase, na esiane sɛ na odi mu wɔ hɔ nti, wɔhwɛɛ kwan sɛ obetua nnuan no fã kɛse ara ho ka. Ɔsɛee sika a ɔwɔ, na n’adwuma ketewa no​—a anka ɛbɛboa no ma watumi agyina nneɛma bo a ayɛ den ano no​—anyɛ yiye.

Wɔ saa beae koro no ara no, ɔbarima foforo kɔbɔɔ bosea fii sikakorabea sɛ ɔde retrɛw ne kuadwuma mu. Afei, mpofirim ara na ne babarima waree. Ɔredi mpɔtam hɔ amanne akyi no, ɔbarima no too ayeforohyia pon, na ɔtoo nsa frɛɛ akuraa no asefo nyinaa. Sɛ ɔyɛɛ no kakraa bi a, anka n’anim begu ase. Ɔde sika a okogye fii sikakorabea no nyinaa gyee ne nnamfonom ani, na mprempren yi, sikakorabea no de no refa mmara kwan so agye ne sika. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebia ɔbarima no afuw befi ne nsa.

Saa osuahu ahorow yi kyerɛ ɔkwan foforo a nyansa wom a wobetumi afa so adi sikasɛm mu ahokyere ho dwuma. Ebia ɛho behia sɛ wusi wo bo sɛ wurenni amanne ahorow a, ɛwom sɛ ɛnyɛ sɛ ɛyɛ bɔne ankasa de nso ne bo yɛ den, akyi.

Kari a wubekari pɛ nso ho hia wɔ asɛm foforo mu. Wɔ aman binom mu no, wɔma mmarima kwan ma wotutu akwan kɔ nsase a sika anaa agyapade wɔ so so kɔyɛ adwuma. Wotumi tra amannɔne afe anaasɛ nea ɛboro saa. Sɛ mmere mu yɛ den a, ɛyɛ den sɛ wobɛtoto saa hokwan no ase. Nanso adeyɛ a ɛte saa hia ntoboase adwene. Abusua a woagyaw wɔn wɔ akyi no ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔbarima de nea ɛboro sika ara kwa ma n’abusua. Hena na ɔbɛhwɛ ɔyere no anaasɛ ɔbɛteɛ mmofra no so bere a ɔkɔ no? Ebinom a wɔpenee saa adwuma no so no, akyiri yi wɔsan ba behui sɛ wɔn mma asɛe.

Na ɛte saa ara wɔ ɔbarima bi a wɔfaa no sɛ obi a otwa ahwerew no fam. Bere a asikre bo kɔɔ fam wɔ wiase nyinaa no, wɔtew n’akatua so na na onnya sika a ɛdɔɔso a ɔde bɛtotɔ nneɛma a ohia dapɛn biara. Ɔtee nka sɛ na ano aduru a eye sen biara ne sɛ ɔbɛbɔ bosea de afi adwuma ketewa bi ase atotɔ mmoa, nkokɔ ne nkesua atɔn. Nanso nea ɔmaa no bosea no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma dapɛn no nyinaa, na ohunahunaa no sɛ sɛ wanyɛ saa a obegye sika a ɔde abɔ no bosea no. Afei de, na ɔbarima no nni bere a ɔde bɛhwɛ n’abusua, anaa sɛ ɔbɛyɛ biribi foforo biara sɛ adwuma nkutoo. Ná adwuma a ɔbɛyɛ anya sika agye ne bere nyinaa.

Sɛ wowɔ sika fam ahokyere kɛse mu a, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wo ne nnipa a wɔwɔ osuahu na wɔn ho akokwaw a wowɔ wɔn mu ahotoso bɛbɔ nhyehyɛe a woayɛ ho nkɔmmɔ? So nea ɛwɔ w’adwene mu no nkutoo ne wo haw no ano aduru? Ɔkwan bɛn so na nnipa afoforo redi tebea no ho dwuma? Bible se: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” (Mmeb. 15:22) Akwankyerɛ horow a nyansa wom betumi aboa ma woakwati ɔhaw ahorow a ɛho nhia a wobɛkɔ mu mu.

Ebia ɔkwan ankasa a wɔfa so di nneɛma bo a ayɛ den ho dwuma ne sɛ wubenya adwene a ɛfata wɔ honam fam nneɛma ho, sɛ wubehu nea ɛho hia ne nea ɛho nhia. Ɛnkyɛe koraa na nsuyiri kɛse bi baa Philippines asase no so mmeae horow na ɛsɛee nneɛma pii. Abusua bi a ahia wɔn, bere a wohui sɛ nsu no reyiri ba no, woguan kɔforoo mango dua bi. Ɛhɔ na wofi huu nsu a ɛresen hwinhwim no sɛ ɛde wɔn fi tantan, wɔn mprako ne nkokɔ kakra rekɔ​—wɔn honam fam agyapade nyinaa. Dɛn na wɔyɛe? Wɔdaa Onyankopɔn ase sɛ na wɔda so te nkwa mu. Wɔn ani sɔe sɛ na wɔda so ara wɔ wɔn agyapade a ɛsom bo kɛse no: nkwa.

Ná wɔn afipamfo no mu biako wɔ ahonyade. Ná ɔwɔ mfuw a ɔretwɛn akɔtew ɛmo pii afi mu. Bere a nsuyiri no bae no, nnɔbae no nyinaa sɛee. Wɔ asiane anaasɛ amanehunu no akyi mpo no, ebia na ɔbarima yi da so ara wɔ ahonyade sen n’afipamfo ahiafo no, nanso na ne nneɛma a wahwere no sõ kɛse. Wantumi anni awerɛhow no so, na ɔbarima a asɛm ato no no nyaa adwenemyare.

Asiane betumi asakra yɛn asetra bere tiaa bi mu, bere a nneɛma bo a ɛyɛ den yɛ saa nkakrankakra. Nanso, nea efi mu ba, betumi ayɛ ade koro. Sɛ yebu mprempren gyinabea a yɛwɔ wɔ asetra mu no sɛ ɛsom bo pii a, yɛde yɛn ho nyinaa bɛma na yɛabɔ mmɔden akora so.

Ampa, ɛyɛ den ma nnipa a asetra mu nneɛma bi akokwaw wɔn no sɛ wobegyae ne nyinaa akyidi. Nanso, yebetumi akwati emu bebree atra ase. Nea ebia ɛka nneɛma bo a ayɛ den a yebedi ho dwuma nyansam ho ne saa a yɛbɛyɛ no mpɛn pii bere a bere kɔ so no.

Nyansa Kwan No

Ɔhene Salomo kae sɛ: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” (Ɔsɛnk. 7:12) Na Salomo wɔ nyansa ne sika pii. Enti ɛyɛ papa sɛ yesusuw adwene a na ɔwɔ wɔ sɛnea emu biara som bo ho no ho. Esiane sɛ tumi a sika wɔ sɛ “ahobammɔde” no so tew ara na ɛretew nti, nokwarem no, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yesusuw nea ɛho hia kɛse no ho​—nyansa. Mpempem pii regyina nneɛma bo a ayɛ den no ano esiane sɛ wɔde nyansa a yefi Bible mu di dwuma wɔ wɔn asetra mu nti.

Wɔ bere a eye sen biara mu mpo no, ɔsoro nyansa ye sen sika. Wɔ ɔkwan bɛn so? Esiane sɛ ɛkyerɛkyerɛ yɛn Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade nti. Bere koro no ara mu no, ɔsoro nyansa boa yɛn ma yɛte nea enti a ɔhaw ahorow pii, te sɛ nneɛma bo a ayɛ den, gu adesamma so. Ɛboa yɛn ma yɛde nneɛma a yɛda so ara wɔ no di dwuma sɛnea ɛsɛ na ɛka bere a Onyankopɔn ankasa de ne ho begye wiase nsɛm mu na wama adesamma anokwafo anya nkwa wɔ paradise a ɛrebɛn ntɛmntɛm a nneɛma bo a ayɛ den nni mu ho asɛm kyerɛ yɛn.

Nea ɛka ho no, ɔsoro nyansa kyerɛkyerɛ yɛn sɛ, mprempren mpo no, ɛmfa ho sɛnea nneɛma bo a ayɛ den anaasɛ ɔhaw afoforo mu bɛyɛ den afa, wɔn a wɔsom Onyankopɔn ma ɛne ne nokware Asɛm no hyia no, ne werɛ remfi wɔn. Sɛnea bebree betumi adi ho adanse no, ɔhwɛ wɔn so na biribiara a ɛho hia wɔ wɔn asetra mu no anhia wɔn.​—Mat. 6:25-33.

Saa ɔsoro nyansa yi gyina nimdeɛ a wohu wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu so. Sɛ nneɛma bo a ayɛ den resɛe w’asomdwoe anaasɛ ɛda adi sɛ ɛde ɔhaw ahorow bi a emu yɛ den rebrɛ wo a, yɛhyɛ wo nkuran ma woahwɛ Bible no mu na woahu sɛnea ne nyansa betumi aboa wo. Wurennya akwankyerɛ pa biara a ɛsen saa wɔ nnɛ mmere yi mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

‘Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekura wɔn asetra mu gyinabea ahorow mu no, nnipa dodow no ara redan kɔ nsɛmmɔnedi so’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Nya honam fam nneɛma ho adwempa. Hu nea ɛho hia ne nea ɛho nhia

[Kratafa 19 adaka]

‘Nnipa Pii Di Kɔm sen Bere Biara a Aba Pɛn’

New York Times bɔ amanneɛ sɛ “nnipa pii da so di kɔm wɔ wiase sen bere biara a aba pɛn.” Sɛnea nkontaabu dodow no ara kyerɛ no, bɛboro nnipa ɔpepem 500​—a ɛkame ayɛ sɛ biako wɔ baakron biara mu​—di kɔm nnɛ, sɛ wɔde toto ɔpepem 100 kosi ɔpepem 200​—a ɛyɛ biako wɔ nnipa 14 kosi 25 biara mu wɔ 1950 mfe no mu no ho a. Wɔkyerɛ sɛ nneɛma atitiriw a ɛde ɔhaw yi ba yɛ nnuan bo a ɛrekɔ soro ntɛmntɛm ne akatua a wɔtom ntɛmntɛm a wɔnkyɛ no pɛpɛɛpɛ no, ɛnyɛ aduan a enni hɔ. Times kyerɛkyerɛ mu sɛ. “Bere a aman pii​—titiriw aman afoforo a wɔrenya nkɔso ntɛmntɛm​—ne adefo a wɔwɔ saa aman no mu no tumi tɔ ade pii no, wodi nnuan pii. Eyi ma aduan bo yɛ den, na ɛno ma ɛyɛ den ma ahiafo a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔbɛtɔ aduan a ɛbɛsõ wɔn di.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena