Dɛn Na Nneɛma Bo Reyɛ Yi?
ƆBARIMA bi ne ne yere kogyinaa nuaba ne mfum nnuan ahorow a wɔtɔn wɔ aguadidan bi mu no anim sɛ wɔrekɔtɔ nneɛma kakraa bi. Nea ɔtɔn ade wɔ aguadidan no mu no gyee Amerika sika $10 (¢27.50) a awarefo baanu yi de tuaa nneɛma a wɔatɔ no ka no, na ɔno nso de Amerika sika 40 cents (¢1.10) dan wɔn akyi. Ɔyere no a na ɔrehwɛ nsesa a ɛdɔɔso kwan no teɛɛm sɛ: “Oo, Awuraa sika a wode dan yɛn akyi no nyɛ saa! Yɛmaa wo $10 (¢27.50) .” Ɔdetɔnfo no maa mmuae sɛ: Ɛno ARA ne wo nsesa no. Nneɛma a wotɔe no bo yɛ $9.60 (¢26.40) !”
Okunu no faa kotoku ketewaa a nneɛma no wom no kurae wosow ne ti a onnye nea akɔ so no nni, na ɔrenwiinwii ka sɛ: “Dɛn koraa mpo na nneɛma bo reyɛ yi?”
Sɛ wotɔ kɔ aguadidan mu kɔtɔ ade a, ɛnde na wunim sɛnea nneɛma pii bo ayɛ: soro ara na nneɛma bo rekɔ. Ɛyɛ nokware, nneɛma bo akɔ so akɔ soro mfe pii, titiriw efi Wiase Nyinaa Ko Il mu reba yi. Nanso nneɛma bo no nyɛɛ denneennen te sɛ nea ayɛ wɔ nnansa yi no.
Saa ara nso na tebea no nyɛ nea ɛfa aman kakraa bi pɛ ho. Saa ɔhaw yi da wiase mu no nyinaa so a wonnyi ɔman bi mfi mu, a Komunist aman a wɔhwɛ wɔn sikasɛm so yiye no mpo ka ho. Na eyi yɛ soronko efisɛ bere bi mmae a nneɛma bo ayɛ den wɔ amanaman nyinaa mu wɔ bere koro no ara mu sɛnea ɛte yi da.
Mmom, nneɛma bo a ɛreyɛ den yi nhaw nnipa a wɔwɔ sika no pii. Wobetumi atua bi aka ho. Nanso nnipa a wɔdɔɔso wɔ wiase no mu no nyɛ asikafo, na wɔn mu pii rehu amane wɔ nneɛma bo a ɛrekɔ soro no nti.
Mpɛɛpɛɛmu a wɔyɛ wɔ aman horow nyinaa mu no kyerɛ sɛ nea nnipakuw hu sɛ ɛyɛ ɔhaw kɛse a ɛda wɔn so ne nneɛma bo a ɛreyɛ den. Wɔte nka sɛ wɔakɔhyɛ afiri bi a emia wɔn mu a ɔkwan biara nni ho a wɔbɛfa mu afi. Okununom pii yɛ adwuma boro sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaasɛ wɔhwehwɛ adwuma a ɛto so abien ka nea wɔyɛ dedaw no ho. Ɔyerenom pii nso yɛ adwuma mprempren; wɔn a wɔboro fa yɛ adwuma wɔ nsase horow binom so. Eyi nya nkɛntɛnso wɔ abusua asetra so, efisɛ atirimpɔw ahorow a ɛma abusua sɛe no mu biako ne ko a wɔko wɔ sika ho no.
Ɔyere bi a ɔyɛ Amerikani dii awerɛhow kae sɛ: “Ɛyɛ a misusuw yiyedi a ɛbɛba wɔ yɛn asetra mu no ho? Nanso bere a ɔresusuw ‘yiyedi’ no ho no, na afoforo nso resusuw ɔkwan a wɔbɛfa so afi mu no ho. Obi a ɔka afiri wɔ Brazil kae sɛ: “Me koma retu nnansa yi wɔ asetra mu den a ayɛ ma ntease nnim no nti. Ɛte sɛnea ɔkwan bi nni hɔ a wɔbɛfa so afi mu.” Nea ɛnyɛ na wɔ saa asase no so ne okunu a ɔyɛ nnwuma horow abien, ɔde nnɔnhwere 12 yɛ adwuma da koro, annafua asia wɔ dapɛn mu. Ne yere nso kyerɛkyerɛ adepam na ɔyɛ adwuma sɛ ɔdepamfo wɔ fie. Wɔkae sɛ: “Abusua sohwɛ kɔ so yɛ den.” Wɔ nokwarem no, ɔpon-ano-hwɛfo bi a ɔwɔ Brazil kae sɛ: “Yentumi nhu sɛ yɛwɔ nkwa mu anaasɛ yɛwɔ asetra mu ara kwa.”
Ɛnsɛ sɛ wosusuw sɛ tebea’yi te saa wɔ aman a wonnyaa nkɔso no pɛ mu. Wɔ U.S. Amerika no, ɔbea bi a ofi Atlanta de nnɔnhwere 40 yɛ adwuma dapɛn biara sɛ obi a ɔbɔ afoforo ti nhwi, ne afei sɛ ɔsomfo wɔ dapɛn no awiei mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ manyɛ nnwuma horow abien a ɔkɔm bekum me; ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so atua me dan ka.” Tebea a ɔwom no nyɛ soronko pii biara.
Wɔbɔɔ amanneɛ faa Afrika man bi ho sɛ nea edidi so a ɛrekɔ so no fi nneɛma bo a ɛreyɛ den nti: “Nnipa pii na afei de wɔredan wɔn ho kɔ korɔnbɔ, adewia, adanmude a wogye ne ɔkwan biara a wobetumi afa so anya sika so na wɔde atɔ nea wobenya adi da mu no mu.”
Wɔ aman a wɔanya nkɔso yiye te sɛ Jepan mu no, nnipa bɛyɛ sɛ 100 kum wɔn ho wɔ asram ason pɛ mu esiane ɔhaw horow a efi sarakin (aboodede boseabɔ) nti. Saa nkurɔfo yi de wɔn ho ahyɛ ɛka mu, wɔbɔ bosea a ne mfɛntom yɛ akɛse na wontumi ntua sika no bio. Wontumi nnyina asetra ano enti wokum wɔn ho.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Arthur M. Schlesinger, Jr., ka faa tebea a ɛwɔ sikasɛm ho no ho sɛ: “Adidi ne ɔnom atwam.” Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔsakra bere a na wodi yiye kɛse a ebiara ne no nsɛ no ma nteɛso, afɔrebɔ ne asetra a wɔabrɛ no ase.”
Ɔkyerɛwfo bi paee mu kae wɔ France sɛ: “‘Adesamma abusua foforo’ ho dae a wɔsoe na wɔde hyɛɛ bɔ sɛ wobenya nneɛma pii adi wɔ 1960 mfe no awiei mu na wɔbɔɔ ho dawuru pii wɔ 1970 mfe no mfiase mu no ayera esiane sɛ nneɛma bo a ayɛ den no adidi akɔ sika a wɔde tɔ ade mu wɔ France no nti.” Saa ara nso na na wɔ U.S. Amerika no, Encyclopedia Americana Annual a ɛyɛ 1979 de no kae sɛ: “Nnipa aka sɛ, Amerika adaeso no adan dagyabɔ.”
Citicorp a ɛyɛ sikakorabea kɛse bi a ɛwɔ U.S. Amerika no kae sɛ: “Nokwasɛm a ɛnyɛ dɛ no ne sɛ, sɛ wɔhwɛ ma nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den wɔ aman horow pii so no kɔ so saa ara a, awiei no nea ebefi mu aba no bɛkɔ akyiri akyɛn nea wosusuw ho kyerɛkyerɛ te sɛ nea ɛho nhia, sɛ sikasɛm no.”
Yiw, nneɛma bo a ɛyɛ den a wɔnhwɛ nni ho dwuma no betumi akyerɛ pii akyɛn sɛ nnipa wɔ ade ketewaa bi pɛ di. Ebetumi asɛe ɔman mu asetra. Wɔ nokwarem no, asɛe aman horow sikasɛm nhyehyɛe. Saa bere yi de nneɛma bo a ɛyɛ den no yi wiase mu no nyinaa ho hu, na ɛnyɛ sikasɛm ho nhyehyɛe no nkutoo, na mmom nea ebefi amammui ne kwasafo nhyehyɛe mu nneɛma mu aba no nso.
Nneɛma bo ayɛ den akodu ɛhefa mprempren? Dɛn nti na ɛba saa? Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho? Ne nyinaa bɛkɔ akowie wɔ ɛhefa?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Sɛ manyɛ nnwuma horow abien a ɔkɔm bekum me”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7 ]
Sikasɛm nhyehyɛe ho nimdefo bi kae sɛ, “Adidi ne ɔnom bere atwam”