Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 7-8
  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Ahokyere A Nneɛma Bo A Ayɛ Den De Aba—Di Ho Dwuma Nyansam
    Nyan!—1982
  • Dɛn Na Nneɛma Bo Reyɛ Yi?
    Nyan!—1980
  • Ahotɔ​—Wobetumi Anya Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 7-8

Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro​—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?

WOKƆ adidibea bi a w’ani gye hɔ kɔnom kɔfe a ne bo yɛ den dedaw. Nanso bere a woawie na worekotua ka no, wɔka kyerɛ wo sɛ bere tenten a egyee wo ma wode nomee no mu no, ɛkame ayɛ sɛ ne bo no abu abɔ ho. Ɛrentumi mma saa? Ebetumi aba, efisɛ nnipa a na wɔwɔ Germane wɔ 1920 mfe no mu no nyaa osuahu a ɛte saa​—osuahu a ɛyɛ ahodwiriw a ɛda sɛnea nneɛma bo betumi akɔ soro ntɛmntɛm adi.

Ebia nea wunim wɔ nneɛma bo a ɛkɔ soro ho no renyɛ ntɛmntɛm saa. Wɔ Argentina no nneɛma bo akɔ soro ɔha biara mu 500, na ɛyɛ aman a wɔrehu nneɛma bo a ɛkɔ soro ntɛmntɛm ho amane no mu biako. Eyi nyɛ wɔn a wosua Bible no nwonwa, efisɛ Adiyisɛm 6:6 kaa bere a da koro akatua bɛto “awi susukora” ara pɛ no ho asɛm.

Nanso te sɛ yɛn mu dodow no ara no, ebia wuntumi nhu onii anaa dekode a ɛhyɛ nneɛma bo a ɛkɔ soro no akyi. Enti ma yemmisa “abenfo” no! Yɛ adwumawuranom, amansɛmdifo ne sikasɛm ho abenfo guabɔ ho mfonini wɔ w’adwene mu. Wo na ɛyɛ wo asɛyɛde sɛ wohwɛ nhyiam no so.

Woteɛm ka sɛ: “Obiara nyɛ komm! Wiase sikasɛm nhyehyɛe no reyɛ basaa, na mo mu biako na ɛho asodi da no so! Mo mu hena na ɔbɛpɛ sɛ odi kan yi n’ano?”

Sikasɛm ho ɔbenfo no ka sɛ: “Sɛ bagua no pene so a, mɛpɛ sɛ mekyerɛkyerɛ nea aba no mu kakra.” Ose: “Nneɛma bo a ɛkɔ soro no fi mmara a edi nneɛma dodow a ɛwɔ hɔ ne dodow a nkurɔfo hwehwɛ so no. Sɛ sikakorabea ahorow no ma bosea pii a, sika a nkurɔfo kura no dɔɔso. Na, dodow a nkurɔfo wɔ sika pii no, dodow ara na wɔbɛhwehwɛ nneɛma pii. Na dodow a nneɛma pii ho hia no, dodow ara na ne bo kɔ soro. Ɛyɛ tiatia.”

Ɔbarima a ɔhyɛ atade te sɛ adwumawura no ne no nyɛ adwene, na ɔka sɛ: “Mfa asodi no nto yɛn sikakorafo so. Sɛ yɛamma bosea a, sikasɛm nhyehyɛe no nyinaa bedwiriw agu. Sɛ nkurɔfo nni sika a, wɔrentumi ntɔ adan, wɔrentumi ntɔ kar na wɔrentumi ntotɔ fie nneɛma mpo. Ɛma nnwuma ahorow kɔ fam. Aguadi kɔ fam esiane sɛ nkurɔfo yi wɔn sika fi mu nti. Na, migye tom sɛ ɛtɔ da bi a yɛma nkurɔfo sika pii dodo. Nanso aman a wotu ngo a wɔde yɛ petrol no na wɔma yenyaa saa sika no nea edi kan. Na wɔn na wɔmaa nneɛma bo kɔɔ soro esiane ngo dodow a wotu no so a wɔtewee no nti. (Afoforo kasa huhuhuhu de kyerɛ sɛ wogye tom.) Nanso wɔn a wodi sõ ankasa ne amansɛmdifo anaa amammuifo.” Ansa na ɔmansɛmdifo a ne bo afuw no betumi abue n’ano no, sikakorafo no bɔ no gu sɛ, “Yiw, mo na mode sika no nyinaa yɛ mo aban nnwuma horow. Na, esiane sɛ mode sika pii ma mo nkurɔfo nti, wɔhwehwɛ nneɛma pii bere nyinaa. Enti ɛma nneɛma bo kɔ soro!”

Ɔmansɛmdifo no se: “Fa si hɔ ara. Nea edi kan no, ɛyɛ asraafo no na bere nyinaa wɔhwehwɛ sika pii de atotɔ wɔn atuo no, ɛwom sɛ ɔtopae ahorow a ɛwɔ hɔ no dɔɔso a ebetumi asɛe wiase yi mpɛn pii de! Na merekae mo sɛ mo sikakorafo na sɛ wɔto boseabɔ ho mfɛntom mu sɛnea ɛbɛyɛ na nneɛma bo a ɛkɔ soro ntɛmntɛm no ano abrɛ ase a, moteɛteɛm.”

Sikasɛm ho nimdefo no se: “Nanso nea ɛde aba nyinaa ne sɛ ɛde wiase yi aba ahokyere mu. Na nea ɛka ho no, sɛ nneɛma bo kɔ soro a, ɛmma fam bio da. Nneɛma a wɔde yɛ nnwuma ahorow bo akɔ soro mpɛn pii. Na dɛn na adwumayɛfo bi yɛe? Sɛ́ anka wɔde sika a wɔanya no bi bɛboa adetɔfo no, wɔde wɔn sika no bɔ nneɛma afoforo a wɔayɛ ho dawurubɔ ka sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatɔ wɔn nneɛma pii!”

Adwumawura no ani abere. Ose: “Na, twɛn kakra. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi atete nneɛma so bere a adwumayɛfo bisa akatua ntom bere nyinaa no? Ɛtɔ da bi a adwumayɛfo akuw bisa akatua ntom esiane nneɛma bo a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ soro nti​—ansa na aba saa mpo! Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho sen sɛ yɛbɛtoto nneɛma mu? Afei nso, yɛma nkurɔfo nya adwuma yɛ. Enti sɛ saa ntrɛwmu no ma nneɛma bo kɔ soro a, dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?”

Saa asɛm yi de akasakasa pii ba wɔ dan mu hɔ, na wobɔ pon no so de kyerɛ sɛ wɔnyɛ komm. Woka sɛ: “Mo anoyi ahorow a mate no dɔɔso. Ebia menyɛ sikasɛm ho nimdefo, nanso mahu no pefee sɛ mo nyinaa, wɔ kyɛfa wɔ eyi mu. Mo nyinaa ka ho na saa tebea yi aba. Enti mede mo nyinaa . . . ”

Nanso wuntumi nkɔ so bio esiane biribi a wokae wɔ wo ankasa wo fam nti. W’adwene kɔ adefiri ho nkratasin a ɛwɔ wo kotoku mu ne sɛnea wode adi dwuma mmoroso no so. Wususuw nneɛma ahorow a woatotɔ esiane pɛ ara a wopɛ​—a ɛnyɛ hia a wuhia​—ne suro a wusuro sɛ nneɛma bo bɛkɔ soro nti no ho. Afei ahotoso a wowɔ sɛ ɔtemmufo no kɔ fam, na bere a woasi wo ti ase no, wuhu sɛ wo nso wudi fɔ.

[Kratafa 8 adaka]

NEA ƐDE NNEƐMA ABOƆDEN BA NO BINOM

● Adefiri Mmoroso

● Sika Pii a Aban De Di Dwuma

● Asraafo Ho Ka

● Akatua Ntom a Wɔhwehwɛ

● Petrol a Aman a Wɔwɔ Bi no Tew So

● Boseabɔ Ho Mfɛntom a Ɛkɔ Soro

● Amanaman Ntam Sikasesa Bo a Ɛkɔ Soro

● Nneɛma Pii a Nkurɔfo Hwehwɛ Sen Bere Biara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena