Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 1/1 kr. 3-4
  • Ahotɔ​—Wobetumi Anya Wɔ He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotɔ​—Wobetumi Anya Wɔ He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wonhu Nea Wɔbɛfa”
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Ahokyere A Nneɛma Bo A Ayɛ Den De Aba—Di Ho Dwuma Nyansam
    Nyan!—1982
  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?
    Nyan!—1983
  • Dɛn Na Nneɛma Bo Reyɛ Yi?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 1/1 kr. 3-4

Ahotɔ​—Wobetumi Anya Wɔ He?

NÁ MMOFRA baanu no werɛ ahow, wɔn aba mu abu​—na wonni adwuma nso. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, “wɔde ɔdorobɛn hyɛɛ faako a owusiw fa pue no na wɔdan ɔdorobɛn no ano baa faako a wɔtra wɔ afiri no mu no na wɔde ntamagow sisiw ntokuru a ɛdeda mfɛnsere no ho no.” Krataa a wogyawee ansa na wɔrewu no mu nsɛm ma awɔse gu obi so: “Dɛn na yɛagyaw a ɛsɛ sɛ yɛtra ase ma mprempren [a] adwuma nni hɔ mma obiara no?”

Amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛɛ kyerɛ sɛnea nkurɔfo te abasamtu nka kɛse nnɛ no. Wɔ ɔkwan bi so no, nneɛma bo a ɛkɔ soro, adwuma a wonnya nyɛ ne tow a wotua a ɛkɔ soro bere nyinaa ka yɛn nyinaa. Wɔ mmusua binom fam no ɛkyerɛ yɛ a wɔbɛma ɔyerenom ne wɔ tebea horow bi mu mpo no, mmofra no, ayɛ adwuma. Wɔ afoforo fam no, ɛkyerɛ nsakrae akɛse a wɔbɛyɛ wɔ aduan a wodi, ahomegye ne adan ho nsɛm mu. Sika a wɔde kɔto sikakorabea mpo nyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛma woanya ahotɔ, esiane nneɛma bo a ɛkɔ soro bere nyinaa no nti. Enti na Bible no hyɛ nkɔm sɛ eyi bɛyɛ “mmere a emu yɛ den” no.​—2 Timoteo 3:1-5.

Nneɛma ho a ɛyɛ nã esiane nneɛma bo a ɛkɔ soro nti no kã adefo mpo. (Adiyisɛm 6:6) Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ biribi de abɔ wɔn ho ban wɔ nneɛma bo a ɛkɔ soro no ho no, ebinom boaboa nneɛma pii ano, wɔtɔ afie ankasa, wɔhwehwɛ aman afoforo so sika anaa wodi agude ahorow a ɛsom bo ho gua. Nanso nsakrae horow a ɛba mpofirim a wɔnhwɛ kwan ma wɔn a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ eyi no mpo ho ka mu. Sɛ nhwɛso no, kae sɛnea sika kɔkɔɔ bo fi Amerika sika dɔla 875/oz baa fam koraa a ennu dɔla 650 wɔ nna kakraa bi mu, ne akyiri yi nea ennu dɔla 300 no. Enti eyi hyɛ wɔn a wɔwɔ dwetiri a wɔde di gua ahorow no ma wɔhwɛ yiye wɔ nnwuma ahorow a wɔyɛ no ho. Ɛkae yɛn Bible mu asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 5:12 no, sɛ: “Ade dodow a ɛyɛ ɔdefo de no mma onnya adaye.”​—New World Translation.

“Wonhu Nea Wɔbɛfa”

Nanso, so sikasɛm ho abenfo betumi akyerɛ yɛn kwan afi ɔhaw yi mu? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi, bere a wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma pii mu no? Sɛ nhwɛso no, aman abien a wɔbɛn ho te sɛ Britain ne France adi wɔn sikasɛm mu afotufo akɛse no afotu akyi. Nanso ɛsono sikasɛm ho nhyehyɛe horow a aman abien no mu biara di akyi koraa. Britain bɔ mmɔden sɛ ɛbɛbrɛ nneɛma bo a ɛkɔ soro no ase denam sika dodow a aban sɛe a wɔtew so ne mfɛntom kɛse a wogye no so. Nanso Franse di nneɛma bo a ɛkɔ soro no ho dwuma denam ‘ɔman no foto a ebue mu’ na asɛe sika pii sɛnea ɛbɛyɛ a nnwuma pii bɛba no so. Ɛreka akwan horow yi ho asɛm no, Time nsɛmma nhoma kae sɛ, “Ɛrentumi nyɛ nsonsonoe kɛse wɔ adwene horow abien yi mu, anaa wɔ pii ani so no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ɛbɛyɛ yiye no yɛ ade koro.”

Bible no hyɛɛ nkɔm nokwarem sɛ “amanaman ahoyeraw bɛba asase so, a wonhu nea wɔbɛfa.” (Luka 21:25, NW) Enti sɛ wiase sikasɛm mu ɔhaw ahorow ama wiase akannifo no ankasa mpo ayɛ basaa a, hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ onipa te sɛ wo betumi adi yiye wom? So afotu fibea bi, a wotumi de ho to so wɔ hɔ? So adwuma fofoforo a eye wɔ hɔ a ebetumi ama woanya daakye a ahotɔ wom?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena