Ɔhyɛ Ɔko Ho Nkuran Anaa Asomdwoe?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ
Afe biara, wɔde Nobel akyɛde no ma ankorankoro anaa ahyehyɛde ahorow a wɔaboa kɛse ma nnipa adi yiye wɔ nneɛma pii mu no. Bere bɛn na wɔhyɛɛ adeyɛ yi ase, na ɔkwan bɛn so na ɛfa wiase asomdwoe a wɔhwehwɛ ho?
NE DIN bata adesamma yiyedi ho, nanso ɔnam akode a ɔtɔnee so nyaa ne ho. Ɔne hena? Alfred Bernhard Nobel, Swedenni mfiridwumayɛfo ne odufrafo no. Wɔakamfo Nobel wɔ ne mmɔborohunu ho, nanso wɔafrɛ no “owu ho guadini.” Dɛn ntia? Efisɛ Nobel na ɔyɛɛ adepaeduru [dynamite], na ɔnam atopae a edi awu a ɔyɛ tɔnee so nyaa ne ho wɔ n’asetra mu.
Nanso, bere a Nobel wui wɔ afe 1896 mu akyi no, wohuu biribi a ɛyɛ ahodwiriw. Ne samansew kyerɛe sɛ wonyi dɔla ɔpepem 9 nsi hɔ na wɔmfa mfaso a ɛbɛba ho no nkyɛ ankorankoro a wɔbɔɔ mmɔden wɔ abɔde a aniwa hu ho nimdeɛ, adufra, nnuruyɛ, nhomakyerɛw, ne asomdwoe ho afe biara.
Mfiase no, nnipa pii adwenem yɛɛ wɔn basaa. Dɛn nti na oguadini a ɔtɔn atopae ani begye ho kɛse sɛ ɔbɛbɔ ayamyefo ne wɔn a wɔyɛ asomdwoe ho adwuma mpo aba so? Ebinom susuwii sɛ Nobel ahonim haw no wɔ adesɛe ho dwuma a odii wɔ n’asetram no ho. Nanso, afoforo bɛtee nka sɛ Nobel yɛɛ asomdwoe ho adwuma wɔ n’asetra nyinaa mu. Nokwarem no, ɛte sɛ nea na osusuw sɛ sɛ wɔyɛ akode a etumi di awu pii a, ɛbɛma wɔagyae akodi. Wɔkyerɛ sɛ ɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo bi sɛ: “Ebia m’adwinnan no de akodi bɛba awiei ntɛm asen mo mmarahyɛ bagua ahorow no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛda a ɛbɛba sɛ asraafo akuw abien betumi atɔre wɔn ho ase wɔ anibu biako mu no, ebia ehu bɛka aman a wɔn ani abue nyinaa ma wɔagu wɔn asraafo akuw.”
So Nobel asɛm no baa mu? Asuade bɛn na wonyae wɔ afeha a ɛbae wɔ Nobel wu akyi no mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
“Mɛpɛ sɛ mɛyɛ ade anaa afiri a ɛwɔ tumi a ɛyɛ hu a ebetumi asɛe ade pii ma enti ɛremma ɔko ntumi mma bio da”—ALFRED BERNHARD NOBEL
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]
Page 2: Missile: U.S. Navy photo; building rubble: UN PHOTO 158178/J. Isaac; page 3: Nobel: © Nobelstiftelsen