Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 22
  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔpɛ Asomdwoe’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔpɛ Asomdwoe’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mma Biribiara Mmma Nkonimbo no Mmmɔ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ɔhyɛ Ɔko Ho Nkuran Anaa Asomdwoe?
    Nyan!—2002
  • ‘Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Momfa Mo Ani Nsi Nkonimbo No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 22

‘Anigye Ne Wɔn A Wɔpɛ Asomdwoe’

Wɔ 1901 mu no, wɔn a wɔn nsa kaa Nobel Asomdwoe Akyɛde a na wɔde rema nea edi kan no, ne Jean-Henri Durant, a ɔde Red Cross bae no, ne sikasɛm ho ɔbenfo Frédéric Passy. Efi saa bere no, wɔde ama mpɛn 69, na mpɛn 55 no, wɔde maa nnipa ankorankoro 71, a wɔde maa wɔn mmiako mmiako anaa wɔde maa wɔn boom, na wɔde ama akuw anaa ahyehyɛde ahorow 16 mpɛn 14. Wɔde ama akuw horow bɛboro mpɛnkoro, akuw te sɛ International Red Cross Commitee (1917, 1944, ne 1968) ne Amanaman Nkabom no Ɔsoafo Panyin a Ɔhwɛ Aguanfo ho Nsɛm so no Dwumadibea (1954 ne 1981). Ɛda adi sɛ esiane sɛ wɔannya obiara a ɔfata nti, Nobel Akyɛde Boayikuw no amfa bi amma obiara mpɛn 19.

Sɛnea obi betumi asusuw ho no, wɔn a wɔanya akyɛde yi no mu dodow no ara yɛ amanyɛfo, aban ananmusifo, anaa nnipa a wodi amammuisɛm. Nanso nsɛnkyerɛwfo, mmaranimfo, asetra mu nsɛm ho abenfo, sikasɛm ho abenfo, ne asetra mu asesɛwfo nso anya bi. Wɔde nidi a ɛte sɛɛ yi bi ama abɔde ho nyansahufo mpo a Linus Pauling a onyaa bi wɔ 1962 mu ne Andrey Sakharov a onyaa bi wɔ 1975 mu ka ho, na saara na adwumayɛfo akuw horow mu akannifo anya bi, te sɛ Lech Walesa wɔ wɔ 1983 mu. Na wɔ 1970 mu no, wɔde akyɛde no maa kuayɛ mu ɔbenfo Norman E. Borlaug.

Nyamesomni a odi kan a wɔmaa no akyɛde yi bi ne Swedenni Lutheran ɔsɔfo panyin Nathan Söderblom, a wɔpaw no wɔ 1930 mu no. Wɔ 1946 mu no, Methodistni ɔsɛnkafo a ɔnyɛ ɔsɔfo John R. Mott ne obi kyɛɛ akyɛde no, na wɔn a wodii hɔ ne nyamekyerɛfo ne nyansapɛfo Albert Schweitzer wɔ 1952 mu ne Belgiumni sɔfo Dominique Georges Pire wɔ 1958 mu. Wɔ 1964 mu no, nea wɔpaw no ne ɔmanfo hokwan ahorow ho kannifo ne Baptist sɔfo Martin Luther King, Jr.

Nanso wɔ nnansa yi mfe mu no, nyamesom renya kyɛfa kɛse wɔ wiase no asomdwoe a wɔhwehwɛ no mu. Nea ɛne eyi hyia no, nnipa baakron a wotwa to a wɔama wɔn Nobel Akyɛde no mu baasa yɛ nyamesomfo: Katolekni ɔbea kokorani Maame Teresa a ɔwɔ Calcutta wɔ 1979 mu, Anglicanfo sɔfo panyin Desmond Tutu a ofi South Africa wɔ 1984 mu, ne afe a etwaam no mu no, Budafo “onyame-hene” a wɔatwa no asu afi Tibet, Dalai Lama no.

Ɛyɛ nokware sɛ Yesu kae sɛ: “Nhyira ne apatafo.” (Mateo 5:9, King James Version) Nanso, so mmɔden a nyamesomfo​—sɛ wɔyɛ Katolekfo, Protestantfo, Budafo, anaa afoforo biara​—bɔ sɛ wɔbɛyɛ apatafo wɔ wiase yi mu no bedi nkonim anaa?

Bible no kyerɛ yɛn sɛ mprempren wiase bɔne yi a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no rennya asomdwoe a ɛtra hɔ daa da, na eyi yɛ nokwasɛm a nyamesomfo ho a wɔde ahyɛ wiase no nneɛma a wɔyɛ de boa afoforo, asetra mu nsɛm, ne amammui nsɛm mu no rentumi nsakra. Ɛdenam Ɔbɔadeɛ no Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu, “Asomdwoe Hene” no ase, a ɔde besi mprempren nniso ahorow no ananmu so no, ɛrenkyɛ na n’ankasa de asomdwoe ahyira adesamma a wogye di no.​—Yesaia 9:6, 7; 57:21; Dwom 46:9; Daniel 2:44.

Nnipa a wɔpɛ asomdwoe a wohu saa nokware yi na wɔtra ase ma ɛne no hyia no benya anigye ampa. Sɛnea New World Translation no kyerɛ Yesu nsɛm yi ase no: ‘Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena