“Mmofra Bisa”—Nsɛm A Ekura Bible Mmuae Horow
EGYEE nhwehwɛmufo no mfirihyia 18 ansa na wɔretumi akyerɛ. Ɛne sɛ: Mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ dadwen kɛse ne ehu a wontumi nni so sen wɔn mfɛfo a na wɔwɔ hɔ mfirihyia 20 a atwam no.
Wɔ 1962 ne 1980 ntam hɔ no, wɔsan de nsemmisa ahorow a wɔde kɔmaa mmofra mpempem pii wɔ aman ahorow anan so no bae ma wosusuw ho. Nea efii mu bae? Mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu bɛyɛ ɔha biara mu 30 gye toom sɛ wɔwɔ ehu ahorow pii a wontumi nte ase. (Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ 1960 mfe no mu no ɔha biara mu 20 pɛ na wɔtee nka saa.) Wɔ wɔn nhoma The Adolescent—A Psychological Self-Portrait (1981) no mu no, saa nhwehwɛmufo yi, Offer, Ostrov ne Howard, de baa awiei sɛ: “Na mmofra a wɔwɔ 1960 mfe no mu nni ehu kɛse a ebunkam wɔn so. . . . Ná wɔwɔ wɔn ho mu ahotoso kɛse sen wɔn a na wɔwɔ 1970 mfe no mu no.”
Nanso ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ suro na wɔwɔ nsemmisa ahorow a anibere wom! Wɔde nsɛm a ɛbɔ ne ho abira a efi wɔn mfɛfo, awofo, akyerɛkyerɛfo ne ɔman mu no nyinaa hɔ a ɛfa nneɛma ahorow a ɛhaw wɔn te sɛ, botae ahorow wɔ asetra mu, ɔbarima ne ɔbea nna, ayɔnkofa, nyamesom ne nea ɛtete saa ho akyekyere wɔn. Pii te nka te sɛ nea Judy a wadi mfirihyia 18 tee nka no, ogye toom sɛ: “Mitumi te nka wɔ me mu, ɛbɔ abira dodo. Mekyerɛ m’adwene na obi de ne de ba bɛsesa me de no koraa. Me yam a anka matumi akura me de no mu kakra. Minnye me ho nni kɛse.”
Nyan! mu Nsɛm a Ɛboa
Wɔn a wotintim Nyan! no huu hia a ɛho hia sɛ wɔde asɛm pɔtee bi ma a ɛbɛka nnɛyi mmofra ɔhaw atitiriw no ho asɛm a emu dɔ no. Efi January 1982 no, gye biako bi a na ɛreka mmofra ho asɛm no nko, afei nea ɛba biara kura asɛm, Mmofra Bisa Sɛ . . . no. Wɔahyɛ da asiesie ma ɛde mmuae horow a ɛyɛ nokware na eye ama.
“Nsɛm ahorow yi di mo ani a ɛkɔ so ara kũ mmofra ɔhaw ho nnɛ no ho adanse,” saa na ɔkenkanfo bi a ɔwɔ anisɔ kyerɛwee. Wɔn ho a wosusuw yi da obu a nokware Kristosom wɔ ma mmofra no adi. Ɛmfa ho sɛ afoforo kaa ho nsɛm a enye no, Yesu ani sɔɔ nyamesom mu mmɔden ahorow a mmofra bɔe no na ogyee bere de hyɛɛ wɔn nkuran. (Mateo 19:13-15; 21:15, 16) Bible no wɔ afotu ahorow pɔtee ma mmofra (Hwɛ Mmebusɛm ti 1-7; Efesofo 6:1-3.) Ná saa Bible akyerɛwfo yi remmɔ mmɔden sɛ wobegye awofo asɛyɛde ahorow no ato wɔn ho so, na mmom wohuu hia a ɛho hia sɛ wɔboa mmofra ma wogyina “mmerante bere [anaa mmabaa bere] akɔnnɔ” no ano.—2 Timoteo 2:20-22.
“Ntease a Emu Dɔ”
Ababaa Daphne kyerɛwee sɛ: “Mewɔ anidaso na mebɔ mpae sɛ saa nsɛm yi rensa da. Ɛda ntease a emu dɔ a yehia na yɛde adi yɛn nkate horow a ɛtɔ da bi a ɛyɛ basaa na ɛhaw yɛn no ho dwuma adi.” Krataa foforo a efi abofra ɔkenkanfo bi hɔ se: “Me nkate te sɛ nea ɛwɔ saa nsɛm no mu no pii.”
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya saa ntease yi no, wotiee Bible kɔkɔbɔ a edi so yi: “Sɛ́ wubebua asɛm bi ansa na woatie mu no yɛ agyimisɛm ne aniwu.” (Mmebusɛm 18:13, The New English Bible) Enti, wɔabisabisa mmofra nsɛm ahorow pii wɔ aman ahorow so “atie” wɔn nkate ahorow. Afei nso, wɔasusuw nhwehwɛmu ahorow a ɛfa mmofra mpempem pii ho no ho. Wɔabɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛte nnɛyi mmofra ɔhaw, ehu ne nsusuwii ahorow no ase.
Saa ɔfã yi bɔ mmɔden sɛ ebesuasua Yehowa Nyankopɔn a ɔkae sɛ: “M’ani wɔ wo so, na metu wo fo” no. (Dwom 32:8) Ɛdenam hwɛ a ɔhwɛ ade yiye no so no, Onyankopɔn de akwankyerɛ a nyansa wom a ɛfata onipa no nsɛm tebea ma. Ɔte nea ɛma ɛba saa no ase. Saa ara na bere a ɔsomafo Paulo tee amanneɛbɔ a efi Kloe fie no, otumi de afotu pɔtee a ɛfa ɔhaw ahorow a na ɛrekɔ so wɔ saa afeha a edi kan Korinto asafo no mu no ho mae. (1 Korintofo 1:11) Saa ara nso na ɛdefa nsɛm afoforo yi ho no, abofra bi a ɔwɔ Mexico kyerɛwee sɛ: “Ɛka nneɛma a ɛyɛ paara ho asɛm. Ɛnyɛ nea ɛde ɔhaw no ba ho asɛm nko na ɛka na mmom ano aduru nso.” Nanso ano aduru bɛn na esi so dua?
Bible Mmuae Horow
“Ɛdɛn na aberante [anaa ababaa] de bɛtew ne kwan ho?” saa na odwontofo no bisae. (119:9) “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo [Onyankopɔn] nsɛm se.” Enti mmuae horow a ɛde ma no nyɛ nnipa adwene anaa osuahu ahorow a wɔaboaboa ano. Saa ɔfã no si nokware ahorow a ɛwɔ hɔ daa wɔ Bible mu no so dua.
Wɔahyehyɛ kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfa ɔhaw ahorow no ho. Wɔde asuade ahorow a efi Bible mu tõa basaa a nnɛyi mmofra ayɛ no mu. Osuahu ne nsɛm ahorow a efi mmofra hɔ yɛ nea wɔde di dwuma de kyerɛ bo a nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn a ɛte sɛɛ som na ɛkyerɛ sɛnea ebinom de redi dwuma. “Saa afotu a emu da hɔ yi yɛ nea wɔde di dwuma a ɛyɛ yiye na ɛne Bible no hyia,” saa na abofra ɔkenkanfo bi kyerɛwee.
So Ɛboa?
Nkrataa ne amanneɛbɔ ahorow pii si ɛbo a nsɛm yi som so dua. Cristina a wadi mfe 18 no kyerɛw sɛ: “Ɛwom sɛ saa ɔfã yi yɛ foforo de, nanso aboa me yiye wɔ me gyinaesi ahorow mu dedaw.”
Georgia kae sɛ: “Asɛm a na ɛfa nnamfo ho no boaa me kɛse. Misuae sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ anem dodo, na ɛsɛ sɛ mibu m’ani gu nneɛma nketenkete a ɛyɛ abufuw a ebia afoforo bɛyɛ no so.” Nea ɛka eyi ho no aberante bi kyerɛwee sɛ: “Ɛtɔ bere bi a na misuro sɛ mɛda me nkate ankasa adi, nanso m’ani gye sɛnea modan adwene kɔɔ Yesu so sɛ nhwɛsofo a ɛsɛ sɛ yedi n’akyi no ho. Asɛm no kyerɛe sɛ osui wɔ afoforo anim mpo.”
Aberantewa bi a wɔfrɛ no Paul kyerɛwee sɛ: “Na metaa yɛ nhyehyɛe ne mmabaa fi adi bere nyinaa efisɛ na misusuw sɛ ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ná minsusuw aware ho koraa. Afei mekenkanee mo Nyan! nsɛmma nhoma no. Ɛma minyaa nea eye a ɛsom bo. Magyae sɛ me ne mmabaa yɛ nhyehyɛe bom fi adi no kosi sɛ mesiesie me ho sɛ merebɛware.” Josephine, abofra a ɔwɔ New Jersey de ka ho sɛ: “Mitumi hu nyansa ne nokware ankasa a ɛwɔ asɛm a ɛfa nhyehyɛe a wɔyɛ ne aberante fi adi ho no mu no. Mitumi te m’ankasa me nkate ahorow no bi ase yiye.”
Adwinnade a Ɛsom Bo ma Obiara
Yɛwɔ anidaso sɛ awofo titiriw de nsɛm foforo yi bedi dwuma de ama wɔne wɔn mma a wɔrebɛn mpanyin afe so nkɔmmɔbɔ no anya nkɔso. Saa ɔfã yi ka nneɛma ahorow a ne ka yɛ ka nã a ebia awofo renhu sɛnea wɔne wɔn mma bɛbɔ ho nkɔmmɔ ho asɛm. Awofo pii de nea ɛba biara redi dwuma sɛ abusua dapɛn dapɛn Bible nkɔmmɔbɔ no fã dedaw. Ɛnã bi a ɔwɔ United States kyerɛwee sɛ:
“Sɛ́ ɔwofo a mewɔ mmofra baasa a wɔrebɛn mpanyin afe so no, mubetumi ahu sɛnea m’ani agye nsɛm yi ho. Minhu nsɛm a mede bɛkyerɛkyerɛ sɛnea asɛm ‘Ɔdɔ anaa Akɔnnɔ’ no som bo ma me no mu. Ɛboaa yɛn ba a wadi mfirihyia 18 no ma osii gyinae a nyansa wom sɛ ɔbɛware ‘wɔ Awurade mu nko.’” Nanso, mmɔden kɛse a awofo bɛbɔ ho hia ara. Roxana a wadi mfirihyia dunsia no kae wɔ asɛm “W’anim a Wobɛkɔ—So Nea Ɛwɔ Asetra Mu Nyinaa Nen?” no ho sɛ: “Nsɛm a ɛwom, ne nkɔmmɔ pii a me ne m’awofo bɔe no, boaa me ma misii gyinae a nyansa wom wɔ adwuma ko a mepɛ ho.”
Ɛbo a ɔfã yi som no nyɛ mmofra anaa wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so nko de. “Nnansa yi asɛm a ɛfa ‘Ɔdɔ anaa Akɔnnɔ’ ho no abue m’ani, ɛwom sɛ madi mfirihyia 61 de,” saa na ɔbea bi a ɔwɔ Australia kyerɛwee. Esiane sɛ ɔfã yi ka biribi ho asɛm a ɛka kodu ase nti, ɛde nhumu pɔtee bi ma a ebetumi aboa yiye. Wɔyɛe na aboa wo ma woate wo ho ne afoforo ase yiye, na woahu nyansa a ɛwɔ Bible afotu mu no nso.
HWƐ SƐ WOBƐKENKAN! Ɛbɛboa wo ma woadi wo haw ahorow a ɛda nsow no ho dwuma. Ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu nnyinaso a ɛyɛ den. Enti sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkan nea ɛba biara. Esiane sɛ egyina Bible no so nti, wo ankasa hwɛ sɛ ɛremmoa mma “aberante [anaa ababaa] nso [nnya] nimdeɛ ne adwempa.”—Mmebusɛm 1:4.
[Kratafa 22 adaka]
Nsɛm a Ɛbɛba Akyiri Yi Binom
● Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Adwuma?
● So Me Ntade Da Nea Meyɛ Ankasa Adi?
● Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Obu Ama Me Ho?
● Dɛn Nti Na M’awofo Nte M’ase?
● Mɛyɛ Dɛn Agyina Huammɔdi Ano?
● Dɛn Ne Adwene a Ɛkari Pɛ wɔ Agumadi Ho?
● Nyansa Wɔ Nnipa a Wonnii Mfirihyia Aduonu Aware Mu Dɛn?
● So Ɔbarima ne Ɔbea Nna Ho Abrabɔ Pa Betumi Ayɛ Yiye?
● So Mpaebɔ Yɛ Nea Ɛho Hia?
● Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne Afoforo Abɔ?
● Ahoɔfɛ Ankasa—Ɛho Hia Dɛn?
● Ɔhokwafoyɛ—Nnome anaa Nhyira?
[Box on page 23]
“Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho. Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekye wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so. Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim. Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan. Nyɛ w’ani so onyansafo, suro [Yehowa], na dan fi bɔne ho. Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne akwahosan ama wo nnompe.”—Mmebusɛm 3:1-8.