Mmofra Bisa Sɛ . . .
Hena Na Obetumi Aboa Me Ma Madi Me Nsɛnnennen Ho Dwuma?
“WƆWOO onipa maa ɔhaw.” Saa na ɔbarima Hiob a na wahaw no kae bɛyɛ mfirihyia mpem anan a atwam ni. (Hiob 5:7) Ebia w’asetra nyɛ awerɛhow sɛ Hiob de no. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ wo so ne wo haw ne nsɛnnennen ahorow.
Bere a wobisabisaa Amerikafo mmofra bi sɛ, “Dɛn ne mo haw kɛse?” no, wɔn mu pii kyerɛe sɛ wɔn haw fi sukuu, awofo, sikasɛm, nnamfo, ne wɔn nuanom. Na wo nso ɛ? So worehyia atipɛnfo nhyɛso, sika ho haw, anaa sukuu ho nsɛnnennen bi? So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyina honam ne nkate mu nsakrae ahorow a onyin de ba no ano? So wo daakye ho nsɛm haw wo?
Bere a wudwennwen saa nsɛnnennen yi nyinaa ho no, ɛyɛ mmerɛw sɛ dadwen ne haw bɛhyɛ wo so. Nokwarem no, sɛ woanka ɔhaw ahorow a ɛtete sɛɛ ho asɛm ankyerɛ obiara a, wubehu sɛ woatew wo ho afi afoforo ho. (Fa toto Mmebusɛm 18:1 ho.) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wobɛfa adi w’ankasa wo nsɛnnennen ho dwuma? So ɛho hia ankasa sɛ wo nkutoo wudi ho dwuma?
Dabi, efisɛ wo nsɛnnennen—ɛmfa ho sɛnea ne kɛse te no—nyɛ soronko. Bere a Ɔhene Salomo suaa nnipa nneyɛe ho ade yiye wiei no, ɔkae sɛ “ade foforo biara nni hɔ owia ase.” (Ɔsɛnkafo 1:9) Yiw, afoforo ahyia nsɛnnennen a ɛtete sɛ wo de no ara, na wɔadi so nkonim. Enti ɛnsɛ sɛ wo nkutoo wudi nneɛma ho dwuma bere nyinaa; ɛtɔ da bi a wubetumi anya mmoa afi onipa bi a wadi bi ho dwuma pɛn hɔ. Sɛ worekɔ beae bi a wunnim hɔ a, so wommɔ mmɔden nhwehwɛ akwankyerɛ mfi onipa bi a wakɔ hɔ pɛn nkyɛn? Asɛm no ne sɛ, Hena nkyɛn na wobɛkɔ akogye mmoa a ɛte saa?
Atipɛnfo—So Wɔne Afotu Pa Fibea?
Mmofra pii ne wɔn atipɛnfo susuw wɔn nsɛnnennen ho. Abofra Anita kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛtɔ da bi a misusuw sɛ nsakrae ahorow a ɛba m’asetra mu no yɛ soronko. Mibisa me ho sɛ, ‘So obi foforo fa saa tebea yi mu bi?’ Meka wɔ me tiri mu sɛ ebia ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ mete nka saa.” Ebia wobɛte nka sɛ obi a ɔne wo bɔ tipɛn bɛte wo ase na ebia obi a wanyin—titiriw ɔwofo—bɛkasa atia wo.
Ebia w’atipɛnfo benya ntease, tema, ne ahummɔbɔ ama wo, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ama wo afotu pa. Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ mu no, “nnipa a wɔanyinyin . . . nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Bible no bua sɛ: “Ɛdenam dwuma a wɔde adi akyɛ so,” na nea ɛde ba ne osuahu! (Hebrifo 5:14; The New English Bible) Bere a wonni osuahu a ɛte saa no, ɛyɛ den sɛ mmofra “nyansa ne wɔn nsusuwii” betumi adu mpanyin de ho. (Mmebusɛm 3:21) Enti asiane wom sɛ wubetie wo yɔnko abofra afotu. Mmebusɛm 11:14 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase.”
Awofo a Wosuro Onyankopɔn Mmoa
Mpanyimfo tumi de akwankyerɛ a ɛfata ma. Ɔtreneeni Hiob kaa no saa kwan yi so sɛ: “So ɛnyɛ nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu?” (Hiob 12:12; New World Translation) Wɔn a wɔfata a wobetumi aboa wo yiye wɔ eyi mu ne w’awofo a wosuro Onyankopɔn no. Ade biako ne sɛ, wonim wo yiye sen onipa foforo biara. Esiane sɛ wɔahyia tebea ahorow ankasa a worehyia mprempren no bi pɛn nti, wobetumi ayɛ pii de aboa wo ma woakwati ɔhaw. Bere a na Salomo rekasa sɛ ɔwofo no, otuu fo sɛ: “Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu. Na adenim pa na mekyerɛ mo.”—Mmebusɛm 4:1, 2.
Susuw Ghanani aberante bi a wɔfrɛ no Samuel asɛm no ho hwɛ. Bere a na ɔwɔ ntoaso sukuu no, ɛho behiae sɛ osi gyinae sɛ ebia ɔbɛtoa ne nhomasua so anaasɛ ɔde Yehowa Adansefo bere nyinaa som adwuma no bɛyɛ n’adwuma. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na biakoyɛ wɔ m’abusua no mu na yedi nkitaho nti, ná ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ me ne m’awofo bɛka ho asɛm.” Samuel awofo hyɛɛ no nkuran wɔ bere nyinaa som adwuma no ho—adwuma a ɔkɔ so nya mu nkɔso. Samuel hyɛ mmofra nkuran sɛ wɔmma wɔn awofo mmoa wɔn wɔ wɔn nsɛnnennen ho dwumadi mu efisɛ “wɔwɔ asetra mu osuahu pii na ebia na wɔahyia nsɛnnennen a ɛte saa ara pɛn . . . na wobetumi ama yɛn haw no fã biara ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata.”
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, sɛnea ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi mu no, mmofra dodow no ara hia wɔn awofo akwankyerɛ—wɔ nsɛm te sɛ nnuru, sukuu, ne ɔbarima ne ɔbea nna ho mpo.
‘M’awofo Nte M’asɛm Ase!’
Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, mmofra pii twe wɔn ho fi wɔn awofo ho bere a wɔadu mpanyin mfe so no. Ebinom te nka te sɛ abarimaa bi a ɔkaa eyi no: “Mebɔ mmɔden ka sɛnea me ho yeraw me wɔ me sukuu adesua ho ne susuw a misusuw sɛ saa sukuu no mu adesua yɛ den dodo ho asɛm kyerɛ m’awofo, nanso nea wɔka ara ne sɛ meyɛ akwadworɔ na ɛsɛ sɛ meyere me ho sua ade.” Kristoni abeawa bi a ɔwɔ Afrika kaa ne haw ho asɛm saa ara sɛ: “Minim me komam sɛ mewɔ nsɛnnennen pii a mihia ho mmoa, nanso misuro sɛ meka a m’awofo rente m’ase.”
Ɛyɛ ampa sɛ ɛtɔ mmere bi a awofo a wosuro Onyankopɔn mpo tɔ sin. Ebia wɔbɛyɛ wɔn ade ma atra so wɔ nneɛma ho, ebia wɔrentie wo, anaa wɔbɛkasa atia wo mpo. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokwati wɔn wɔ w’asetra mu. Awofo a na wɔnyɛ pɛ na wɔtetee Yesu Kristo. Nanso, Bible no kyerɛ sɛ Yesu ‘brɛɛ ne ho ase maa wɔn.’ Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn nkɛntɛnso boaa no ma ‘onyinii nyansa . . . ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’—Luka 2:51, 52.
So worenya w’awofo nyansa ne wɔn suahu mu mfaso? Sɛ ɛnte saa a, susuw nea wɔaka wɔ nhoma a wɔato din Adolescence a Eastwood Atwater kyerɛwee no mu ho: “Sɛ mmofra a wɔadu mpanyin mfe so atipɛnfo benya wɔn so nkɛntɛnso kɛse a, mpɛn pii no na ɛkyerɛ sɛ biribi atoto wɔ ɔwofo ne abofra no abusuabɔ mu sen wɔn ani a egye wɔn atipɛnfo ho ara kɛkɛ.” Abusuabɔ bɛn na wo ne w’awofo wɔ? (Galatifo 6:5) So ebetumi aba sɛ wo ne wɔn agyae nkɔmmɔbɔ nnansa yi? Ɛnde dɛn nti na wonyɛ nea wubetumi biara mfa mma nneɛma nyɛ yiye?a Eyi yɛ nea Salomo ka ho asɛm sɛ ɛma obi yɛ ‘ɔbabarima pa’ anaa ɔbabea pa ma n’awofo no fã.—Mmebusɛm 4:3.
Bere bi, na Ghanani abofra bi a wɔfrɛ no Malcolm a mprempren ɔte United States susuw sɛ n’awofo nte ne nsɛm tebea ase. Nanso wɔkɔɔ so de wɔn asetra mu osuahu ne Onyankopɔn Asɛm mu kasakyerɛ horow maa no. Malcolm kyerɛw wɔ ne krataa bi a ɔde kɔmaa n’awofo nnansa yi mu sɛ: “Minim sɛ bere bi a atwam no na yɛn adwene nhyia wɔ nsɛm ho. Nanso sɛ mesan susuw nsɛm ho a, na sɛnea munyaa m’asoɔden ho koma na moyɛɛ dinn penee me gyinaesi ahorow bi so no yɛ me nwonwa. Nokwarem no, minim nea ɛkɔ so wɔ afie afoforo mu, na akyinnye biara nni ho sɛ Bible no maa [yɛn de] no yɛɛ soronko. Meda mo ase da mo ase.”
W’ankasa Hwehwɛ Nyansa a Wode Bedi Dwuma!
Sɛ anka ebesi wo nyin ho kwan no, ebia w’awofo akwankyerɛ a wubegye atom no bɛyɛ ɔkwan a wonam so benyin anya ahokokwaw ntɛm. Bere kɔ so no, wo nso w’ani betumi ‘atew anya nimdeɛ, na woatumi asusuw nsɛm ho yiye.’ (Mmebusɛm 1:4) Wubenya nimdeɛ a wode besusuw nsɛnnennen ho na woasisi gyinae ahorow a ɛfata.
Ampa, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔwɔ awofo a wosuro Onyankopɔn. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobɛka sɛ worentie w’awofo asɛm esiane sɛ wɔnyɛ Kristofo nti. Wɔda so ara yɛ w’awofo, enti ɛsɛ sɛ wudi wɔn ni. (Efesofo 6:1-3) Afei nso, sɛ woma wɔn kwan a, wubehu sɛ wobetumi ama wo afotu pa a wubetumi de adi dwuma. Sɛ wuhia honhom mu akwankyerɛ a, bɔ mmɔden susuw ho kyerɛ Kristofo asafo no muni bi a wowɔ ne mu ahotoso. Ɛrenyɛ den mma wo sɛ wubenya obi a wanyin a osuro Onyankopɔn a obefi ntease ne ahummɔbɔ mu atie wo yiye.
Kae nso sɛ, Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔde ne honhom no bɛboa wɔn a wobisa no na ahyɛ wɔn den. (Luka 11:13) Yehowa ayɛ nsɛm a ɛsom bo a wo nsa betumi aka afi Bible no ne Bible sua nhoma ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim mu ho nsiesie. Saa nsɛm yi (“Mmofra Bisa Sɛ”) aboa mmofra mpempem pii ama wɔanya wɔn nsɛnnennen ho mmuae a wotumi de di dwuma! Ɛdenam nhwehwɛmu a wobɛyɛ so no, ebia w’ankasa wubetumi adi wo nsɛnnennen pii ho dwuma.—Mmebusɛm 2:4.
Nokwarem no, nsɛnnennen a wohyia yɛ asetra fã. Nanso ɛboa ma wonya adwempa sɛnea odwontofo no nyae no. Ɔkyerɛw sɛ: “Eye ma me sɛ me ho hiaa me, na ama masua w’ahyɛde.” (Dwom 119:71, NW) Yiw, nsɛnnennen ho dwuma a wubedi betumi atete wo. Nanso enhia sɛ wo nko ara wudi ho dwuma. Hwehwɛ mmoa. Mpɛn pii no, wohwehwɛ ara a, wo nsa bɛka.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛbɛyɛ a wubenya eyi ho nyansahyɛ ahorow a ɛboa no, hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintmii no ti 2.
[Kratafa 25 mfonini]
Ebia awofo akwankyerɛ a wubegye atom no bɛyɛ ɔkwan a wonam so benyin anya ahokokwaw ntɛm