Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Ɛsɛ sɛ Mema Obi Hu sɛ Mahaw?
“Sɛ mehaw a, mempɛ sɛ medi kan aka ho asɛm, anyɛ saa a nkurɔfo besusuw sɛ meyɛ obi a mehaw adwene. Nanso afei mihu sɛ ɛho hia sɛ meka ho asɛm kyerɛ obi na ama manya mmoa bi.”—Alejandro, a wadi mfe 13.
“Sɛ mehaw a, menka ho asɛm nkyerɛ me nnamfo efisɛ misusuw sɛ wontumi mmoa me. Wobedi me ho fɛw kɛkɛ.”—Arturo, a wadi mfe 13.
ƐKAME ayɛ sɛ obiara haw mmere bi.a Nanso, esiane sɛ woyɛ abofra na wunni suahu pii nti, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ asetram nhyɛso ahorow bɛma w’abam abu. Nhyɛso a w’awofo, wo nnamfo, ne w’akyerɛkyerɛfo de ba wo so; honam ne nkate fam nsakrae a ɛba bere a worenyin; anaasɛ te a wote nka sɛ wonsɛ hwee esiane mmerɛwyɛ nketenkete bi nti—saa nneɛma yi nyinaa betumi ama woahaw na woadi awerɛhow.
Sɛ ɛba saa a, eye sɛ wunya obi a wobɛka akyerɛ no. Beatriz a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Sɛ mannya obi anka me haw ankyerɛ no a, misusuw sɛ anka mewu.” Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra pii kora wɔn haw so—na mpɛn pii no, nea wohu ara ne sɛ abasamtu mene wɔn. María de Jesús Mardomingo, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Madrid Aduruyɛ Adesuabea no, ka sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a mmofra a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm no yɛ wɔn a wɔyɛ ankonam. Mmofra pii a anka wɔpɛe sɛ wodi wɔn ho dɔm no kae sɛ na wonni ɔpanyin biara a wobetumi ne no adi nkɔmmɔ na wɔaka wɔn ahiasɛm akyerɛ no.
Na wo nso ɛ? So wunya obi ka w’asɛm kyerɛ no bere a woahaw no? Sɛ wunni bi a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ?
Ka Ho Asɛm Kyerɛ W’awofo
Alejandro, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, ka nea ɔyɛ bere a wahaw no ho asɛm sɛ: “Mekɔ me maame nkyɛn efisɛ waboa me kɛse fi bere a ɔwoo me no, na mewɔ ne mu awerɛhyem. Mekɔ me papa nso nkyɛn efisɛ wanya osuahu a ɛte sɛ me de no bi pɛn. Sɛ mehaw na manka ho asɛm ankyerɛ obiara a, mebotow koraa.” Rodolfo, a wadi mfe 11 no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na me kyerɛkyerɛfo bu me animtiaa, ka m’anim, enti na midi awerɛhow yiye. Ná mekɔ agyananbea kosu. Afei akyiri yi, mekaa ho asɛm kyerɛɛ me maame, na ɔboaa me ma midii me haw no ho dwuma. Sɛ manka ho asɛm ankyerɛ no a, anka mɛkɔ so adi awerɛhow.”
So woanya ɔpɛ sɛ wobɛka wo komam asɛm akyerɛ w’awofo? Ebia wote nka sɛ wɔnte wo haw no ase. Nanso saa na ɛte ankasa? Ebetumi aba sɛ wontumi nhu nhyɛso a mmofra hyia wɔ nnɛ wiase yi mu no nyinaa; nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ wonim wo yiye sen sɛnea obi foforo biara nim wo wɔ wiase yi mu? Alejandro ka sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw mma m’awofo sɛ wobehu me mmɔbɔ na wɔahu sɛnea mete nka.” Nanso, ɔka sɛ: “Minim sɛ metumi adan akɔ wɔn nkyɛn.” Mpɛn pii no, ɛyɛ a mmofra ntumi nte sɛnea wɔn awofo nim wɔn haw kodu no ase! Esiane sɛ wɔanyin na wɔwɔ suahu pii nti, mpɛn pii no wɔn na wobetumi de afotu a etu mpɔn ama—eyi te saa, titiriw sɛ wɔwɔ suahu wɔ Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma mu a.
Beatriz, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, ka sɛ: “Sɛ meka me haw kyerɛ m’awofo a, minya nkuranhyɛ na mitumi di me haw no ho dwuma.” Enti, wɔ ntease pa mu no, Bible de afotu yi ma mmofra sɛ: “Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.”—Mmebusɛm 6:20; 23:22.
Nokwarem no, sɛ wo ne w’awofo ntam abusuabɔ nyɛ papa a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi aka w’ahiasɛm akyerɛ wɔn. Sɛnea Oduruyɛfo Catalina González Forteza kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ntoaso sukuufo mu no daa no adi sɛ wɔn a wɔkae sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm no nyaa adwene bi sɛ wɔnsɛ hwee na na wɔne wɔn awofo ntam abusuabɔ nyɛ papa. Nea ɛne no bɔ abira no, mmofra a wonnya adwemmɔne a ɛte saa no taa yɛ “wɔn a wɔne wɔn awofo wɔ abusuabɔ pa.”
Enti, bɔ mmɔden kɛse sɛ wo ne w’awofo benya abusuabɔ pa. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ daa. Ka w’asetram nsɛm kyerɛ wɔn. Bisabisa wɔn nsɛm. Nkɔmmɔbɔ nketenkete a ɛte saa no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn bere a wuhyia ɔhaw a emu yɛ den no.
Ka Ho Asɛm Kyerɛ W’adamfo
Na so ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wode wo haw bɛkɔ akɔdan w’adamfo bi? Ampa, eye sɛ wubenya nnamfo a wowɔ wɔn mu awerɛhyem. Mmebusɛm 18:24 ka sɛ ‘adamfo bi wɔ hɔ a wotumi bɛn no sen onua.’ Nanso bere a atipɛnfo betumi ahu wo mmɔbɔ na wɔaboa wo no, ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi de afotu a edi mũ ama. Anyɛ yiye koraa no, wɔte sɛ wo ara; wonni suahu pii. Kae Rehabeam. Ná ɔyɛ ɔhene wɔ Bible mmere mu. Sɛ́ anka obetie mmarima a wɔwɔ suahu na wɔn ho akokwaw afotu no, otiee n’atipɛnfo de mmom. Dɛn na efi mu bae? Ɔhaw! Rehabeam hweree ne man mufo pii mmoa ne Onyankopɔn anim dom nso.—1 Ahene 12:8-19.
Ɔhaw foforo a etumi sɔre wɔ atipɛnfo mu ne kokoam nsɛm a wontumi nkora so. Arturo, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, ka sɛ: “Mmarimaa a minim wɔn no mu dodow no ara ka wɔn haw ho asɛm kyerɛ wɔn nnamfonom bere a wɔn werɛ ahow. Nanso akyiri yi, wɔn nnamfo no da biribiara adi kyerɛ afoforo na wodi wɔn ho fɛw.” Gabriela a wadi mfe dumiɛnsa no nyaa osuahu a ɛte saa ara. Ɔka sɛ: “Da bi, mihui sɛ m’adamfo bi reka me kokoam asɛm akyerɛ n’adamfo, enti manka m’ahiasɛm ankyerɛ no bio. Yiw, meka me nsɛm kyerɛ m’atipɛnfo, nanso menka nneɛma a sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo a ɛbɛhaw me yiye no nkyerɛ wɔn.” Enti sɛ worepɛ obi aka w’asɛm akyerɛ no a, ɛho hia sɛ wunya obi a ‘ɔnna afoforo ahintasɛm adi.’ (Mmebusɛm 25:9) Ɛbɛyɛ papa sɛ saa onipa a ɔte saa no bɛyɛ obi a wanyin sen wo.
Enti sɛ ntease bi nti wuntumi nnya obi a wobɛka w’asɛm akyerɛ no wɔ fie a, eye koraa sɛ wubenya adamfo bi a wobɛka w’ahiasɛm akyerɛ no, nanso hwɛ hu sɛ ɔwɔ asetram suahu ne Bible nnyinasosɛm ho nimdeɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ankorankoro bi wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu a wɔte saa. Liliana a wadi mfe dunsia no ka sɛ: “Meka m’ahiasɛm kyerɛ anuanom mmea Kristofo no bi, na mfaso aba eyi so ankasa. Esiane sɛ wɔanyin sen me nti, afotu a wɔde ma me no fata. Wɔabɛyɛ me nnamfo.”
Na sɛ wo honhom fam yiyedi nso ho reba asɛm ɛ? Ebia wo werɛ ahow araa ma woagyae mpaebɔ ne Bible akenkan. Wɔ Yakobo 5:14, 15 no, Bible no de saa afotu yi ma sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa, NW] din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na [Yehowa, NW] bɛma no so.” Mpanyimfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a wowom no mu a wɔn ho akokwaw sɛ wɔbɛboa nnipa a wɔn abam abu anaasɛ wɔyare wɔ honhom mu no. Fi wo pɛ mu ka w’asɛm kyerɛ wɔn. Bible ka sɛ saa mmarima yi te “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.”—Yesaia 32:2.
‘Fa W’adesrɛ To Onyankopɔn Anim’
Nokwarem no, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no na ɔde mmoa a ɛsen biara ma. (2 Korintofo 1:3) Sɛ woahaw a, fa afotu a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no di dwuma: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ obetie wo. (Dwom 46:1; 77:1) Mpɛn pii no, mpae a wobɛbɔ na ebetumi ama wo ho atɔ wo.
Sɛ wudi awerɛhow anaasɛ wohaw bere ne bere mu a, mma wo werɛ mmfi da sɛ mmofra foforo pii wɔ nkate a ɛte saa ara. Bere kɔ so no, saa nkate no befi hɔ. Nanso mprempren de, ɛnsɛ sɛ wode asɛm no hyɛ wo mu. Ma obi nhu sɛ biribi haw wo. Mmebusɛm 12:25 ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Ɔkwan bɛn so na wobɛfa anya saa “asɛmpa” a ɛhyɛ nkuran no? Ɛne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ obi—obi a ɔwɔ suahu, nimdeɛ, ne nyansa a efi Nyankopɔn hɔ, na wama wo awerɛkyekye ne mmoa a wuhia no.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ awerɛhodi no tra hɔ kyɛ a, ebetumi aba sɛ woanya adwenemhaw anaa honam fam yare bi a anibere wom. Wɔkamfo kyerɛ sɛ wubetumi akohu oduruyɛfo. Hwɛ asɛm “Winning the Battle Against Depression,” (Adwenemhaw So Nkonim a Wubedi), a ɛwɔ March 1, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban, a ɛyɛ yɛn nsɛmma nhoma foforo, mu no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Sɛ meka me haw ho asɛm kyerɛ m’awofo a, minya nkuranhyɛ na mitumi di ɔhaw no ho dwuma”
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Mpɛn pii no, awofo a wosuro Nyankopɔn tumi de afotu pa ma sen w’atipɛnfo