Mmofra Bisa Sɛ . . .
Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ Bere A Mewɔ Asɛm Bi A Emu Yɛ Den?
“MAMA huu abarimaa bi a wadi mfe 11 a wasɛn ne ho.” So eyi nyɛ atesɛm krataa mu amanneɛbɔ a ɛyɛ awerɛhow? Susuw ho hwɛ—obi a osua saa a ɔwɔ nsɛm a emu yɛ den a ontumi nhu ano. Nanso wɔbɔ amanneɛ sɛ afe biara no mmofra bɛyɛ 2,000 wɔ Amerika a wɔadi efi mfe 10 kosi 19 kunkum wɔn ho ankasa—dodow a wonim bɛyɛ mfe du a atwam ni no mmɔho. Na ɛkame ayɛ sɛ saa dodow yi mmɔho 50 bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa.
Abeawa bi a wadi mfe 16 a na ɔresusuw ho denneennen sɛ obekum ne ho no gye toom sɛ: “Na mempɛ sɛ miwu ankasa. Na mepɛ sɛ mitwa yaw no so na mifi ase bio.” Mmofra pii nsusuw ho sɛ wobekum wɔn ho. Nanso ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ wɔn mu bebree di yaw kɛse a ɛma asetra yɛ awerɛhow. Abusuabɔ pa a wɔne nkurɔfo nni (a wɔn awofo ka ho) , ahofadi a wɔpɛ sɛ wonya na wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ abrabɔ fam, ne nsɛm ahorow a wohyia wɔ sukuu no yɛ wɔn haw ahorow no mu kakraa bi. Hena nkyɛn na wɔdan kɔ bere a wuhyia nsɛm a ɛhaw adwene?
So Ɛsɛ sɛ Mehwehwɛ Mmoa Fi M’atipɛnfo Nkyɛn?
Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ sukuufo a wɔadi mfe 14 mu no, ɛdaa adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ nnipa ahorow a edidi so yi: (1) sɛ wɔyɛ mmarima a, wɔn nnamfo mmarima, (2) awofo, (3) nnamfo a ɛsono wɔn bɔbea, (4) sukuu mu afotufo ne (5) akyerɛkyerɛfo. Sɛnea nhoma Adolescence: Transition From Childhood to Maturity ka no: “Enti ɛte sɛnea mmofra taa hwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ fi wɔn nnamfonom, a ebia na wɔn nso nni nimdeɛ te sɛ wɔn ankasa, nkyɛn, anaasɛ ebia wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi nsɛm a wɔkyerɛw wɔ atesɛm nkrataa mu a ebia na mmuae no ne wɔn nsɛm pɔtee no nhyia no mu.”
Anthony yɛ obi a ɔdan kɔɔ ne tipɛnfo nkyɛn esiane asɛm bi a emu yɛ den a na ɔrehyia nti. Te sɛ mmofra pii no na ɔpɛ sɛ wogye no tom, na ɔtee nka sɛ ɔba fam sen afoforo a wɔyɛ ne tipɛnfo. Saa abofra a wadi mfe 13 yi pɛe sɛ ɔma afoforo ani gye ne ho denam ntare a aba so a ɔbɛhyɛ so. Nanso na ohia sika. Ɔne ne nnamfonom a na wɔn nso yɛ mmofra bɔɔ ho nkɔmmɔ. Dɛn na wɔkyerɛe sɛ ɔnyɛ? Wɔkyerɛɛ no sɛ onwiawia nneɛma mfi aguadi adan mu na ɔmfa sekan mmɔ nkurɔfo apoo nnye wɔn sika. Ansa na ɔrenya mfe 15 no na wɔakyere no mpɛn anan anaasɛ wada afiase bere tenten bi.
Dɛn na woahu bere a wohwehwɛ afotu fi w’atipɛnfo nkyɛn no? So ɛyɛɛ te sɛ Anthony—ma ɛde ɔhaw afoforo bae? Bible mmere mu no Ɔhene Salomo nyansafo no ba yɛɛ mfomso a ɛte saa ara. Bere a Rehobeam bedii n’agya Salomo ade wɔ ahengua no so no, ɔman no mufo srɛɛ no sɛ ɔmma wɔn adesoa nyɛ hare kakra. Nea edi kan no Rehobeam ne mpanyimfo no tuu agyina na wotuu no fo sɛ ontie ɔman no adesrɛ no. Nanso sɛ anka obedi wɔn afotu akyi no, ɔhwehwɛɛ “mmofra a wɔne no nyinii” no afotu. Wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ ɔnka sɛ, ‘me de mu bɛyɛ duru kɛse mpo!’ Nea efii mu bae: atuatew a ɛmaa Israel man no mu kyɛe abien.—1 Ahene 12:8-17.
Rehobeam hui wɔ ɔkwan a ɛyɛ den so sɛ afotu a ennyina osuahu ne nyansa so no tumi de awerɛhow pii ba. Enti, ɛnde, hena nkyɛn na wubetumi adan akɔ a ɔbɛte ase na ɔde afotu a ɛfata ama wo?
Na W’Awofo Ɛ?
Bere a wobisaa no ɔkwan a ɔnam so nyaa afotu de dii nsɛm a emu yɛ den ho dwuma bere a ɔrebɛn mpanyin afe so no, Susan antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔkae sɛ: “Me ne m’awofo bɔɔ nkɔmmɔ! Menkae bere a medan kɔɔ m’adamfo bi nkyɛn kɔhwehwɛɛ afotu. Biribiara a mibisaa m’agya ne me nã no, minyaa mmuae, bere a me sua mpo no.” Na nkɔmmɔ a ɔne n’awofo bɔ no yɛ ade a ɔyɛ daa.
Nanso ebia wubesusuw sɛ saa abusuabɔ yi yɛ nea ɛntaa mma. Ebinom te nka sɛ afotu a wobisa fi awofo nkyɛn no betumi de ɔhaw aba. Sɛ woanni akyi a, ebia awofo bo befuw. Betsy a wadi mfe 14 no de awerɛhow kae sɛ: “Sɛ mekaa ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm kyerɛɛ me maame a, ebia anka obesusuw sɛ mereyɛ saa mmom sen sɛ merebisa ho asɛm ara kwa.” Sɛnea 1981 nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ no, mmofra pii a wɔrebɛn mpanyin afe so wɔ Amerika no pɛe sɛ anka wɔn awofo betie wɔn nkyerɛkyerɛmu ansa na wɔabu atɛn.
Sɛ nhwɛso no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ne nnamfonom bi redi ne ho nseku atirimɔden so no haw Petrina a na wadi mfe 16. Petrina kae sɛ: “Mesɔre anɔpa nnɔnsia na misu wɔ asɛm no ho ara kwa. Nanso metee nka sɛ Mama rente ase. Na mampɛ sɛ mede me nsɛm a emu yɛ den haw no.”
Nanso ankyɛ Petrina hui sɛ ɔno ankasa rentumi nni ne nsɛm a emu yɛ den ho dwuma. Na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne nã. Petrina kɔɔ so sɛ: “Na ɛte sɛ nea obi ayi adesoa kɛse bi afi me so. Mama tiei na na onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ de di asɛm no ho dwuma pɛpɛɛpɛ Bere a ne nyinaa baa awiei no, mihui sɛ bere a na ɛyɛ asɛm kɛse a emu yɛ den ma me no, na wahyia bi pɛn. Ná ne suahu no ara na mihia.”
Sɛ wopɛ sɛ wuhu aduannoa, sankubɔ anaasɛ afiri bi ho dwumadi a, so worenkɔ obi a ne ho akokwaw nkyɛn? Na so ɛrenyɛ saa ara wɔ asetra mu nsɛm a emu yɛ den no fam anaa? Kae sɛ osuahu pii a w’awofo anya yɛ nea wubetumi de adi wo nsɛm a emu yɛ den ho dwuma.
Yiw, w’awofo betumi ayɛ mmoa kɛse. Hena na onim wo yiye sen wɔn? Hena na onim w’ahoɔden nanso onim wo mmerɛwyɛ ahorow sen wɔn? Hena na obetumi aboa wo bere a ɛho hia sɛ wudi afotu pa bi akyi no?
Ampa, ɛnyɛ awofo nyinaa na wɔbɔ nsɛm a emu yɛ den ho nkɔmmɔ anifere kwan so. Mpɛn pii no nea enti a ɛte saa ne sɛ nkɔmmɔbɔ nyɛ ade a motaa yɛ bere tenteenten, na afei mpofirim ara ɛho hia sɛ wodi asɛm bi a ɛho hia ho dwuma Enti di nkɔmmɔ a mobɛbɔ no bere nyinaa ho dwuma. “Fa wo koma” ma wo nã anaasɛ w’agya. Ka wo kokoamsɛm kyerɛ wɔn bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Nea ebefi mu aba ne abusuabɔ pa a ɛbɛboa wo ma wode boasetɔ adi nsɛm nketenkete ho dwuma na wode ntease ne ɔdɔ adi nsɛm a anibere wom ho dwuma nso.—Mmebusɛm 23:26.
Mmoa a Egyina Bible so a Wobɛhwehwɛ
Kay kae sɛ: “Mpofirim ara me wiase nyinaa yɛɛ basaa. Odii mfe 18 no n’awofo gyaee aware, na ɛno akyi bere tiaa no ne nuabarima koro pɛ a na wadi mfe 19 no wui wɔ kar asiane mu. Asram abien akyi no ɔtee sɛ n’agya anya akisikuru ma ɔreyɛ awu. Bere a Kay kɔsraa no no, ne na fi ninkunutwe mu pam no fii fie a na onni hwee. Ná hena nkyɛn na obetumi adan akɔ?
Bere bi a atwam ni no na Kay ayɛ Yehowa Adansefo mu biako na na n’ani asɔ mmɔborohunu a asafo no mu mpanyimfo ayi adi akyerɛ no wɔ ne mfe a emu yɛ den no mu no. Ntɛm ara ɔfrɛɛ mpanyimfo yi mu biako telefon kaa n’asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɔpanyin yi ne n’abusuafo gyee no kɔɔ wɔn fi na wosiesiee baabi maa no wɔ hɔ—ma ɔtraa hɔ bɛboro afe.
Kay kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛtɔ da bi a ɛyaw no mu yɛ den araa ma mibisa me ho sɛ: ‘Dɛn na mereyɛ? Mete ase reyɛ dɛn?’” Nanso, ɔpanyin no ne ne yere de Bible no boaa no ma ohuu hia a ehia sɛ okura abrabɔ pa mu mmom sen sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ anigyede ahorow akyidi ne ɔbrasɛe mu sɛ ɔkwan a obetumi afa so anya anigye. Mmoa a wɔde mae no ho baa no mfaso, efisɛ mprempren Kay aware a ɔwɔ anigye na ne haw ahorow no ano abrɛ ase.
Nanso ebia ɛbɛyɛ wo fɛre sɛ wobɛka nneɛma ahorow bi ho asɛm. Saa na Arlene a wadi mfe 18 no tee nka. Arlene gye toom sɛ: “Ná metaa de m’adwene kɔ mmerante so. Esiane sɛ na obiara nkyerɛ me ho anigye nti, na mehwehwɛ sɛ ɔbarima bi ani begye me ho. Nanso na mitumi hu faako a anigye a ɛte saa betumi de me akɔ—na me nuanom baasia no mu baanum awowo mpena mma. Nanso na ɛyɛ me fɛre sɛ me ne obi bɛbɔ saa nkate horow a emu yɛ den yi ho nkɔmmɔ.” Nanso asafo mu mpanyimfo no mu biako hui sɛ ɔte sɛ obi a nsɛm bi haw no, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. Ɔkyerɛɛ ne ho anigye. Ɔne ne yere ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ dapɛn biara, na ɛdenam saa mmoa yi so no otumi dii ne nkate horow no so.
Bere a Arlene susuw ho nnɛ no, ontumi nhu nea enti a wammɔ mmɔden anhwehwɛ mmoa. Bible tu fo sɛ: “Mo mu bi yare [honhom mu] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.” (Yakobo 5:14) Nanso, Arlene tee nka sɛ ɔmfata enti na\osuro sɛ ɔbɛkɔ mpanyimfo no nkyɛn. Afei afotu a ɔde ma mmofra afoforo a wɔwɔ nkate a ɛte saa ne sɛ: “Nte nka saa, efisɛ wodwen mo ho!” Sɛ Arlene annya mmoa a egyina Bible so a, anka ɛhe na ɔwɔ mprempren? Mmuae a ɔde ma ne sɛ: “Anka masan akɔka nnamfo dedaw a na mewɔ no ho, na ebia anka meyem mprempren.”
Yiw, Onyankopɔn susuw mmofra ho—osusuw wo ho! Ofi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei wɔ abusua nhyehyɛe no mu ne Kristofo asafo no mu. Sɛ wunnya nhuu asafo nhyehyɛe horow a ɛho betumi aba wo mfaso wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ faako a wote no so hɔ a, yɛto nsa frɛ wo na woayɛ saa. Yiw, nnipa wɔ hɔ a wubetumi de asetra mu nsɛm a ɛhaw adwene akɔ wɔn nkyɛn. Wo ankasa hu ahotɔ kɛse a mmoa a ɛte saa tumi de ba no.
[Kratafa 15 mfoni]
Sɛnea ɛbɛyɛ na woabɛyɛ sankubɔfo no, so wo tipɛnfo bi nkyɛn no wobɛhwehwɛ mmoa afi?