Mmofra Bisa Sɛ. . .
Sɛ M’awofo Sɔre Tia Me A, Mɛyɛ Dɛn Asom Onyankopɔn?
WƆBOROO wɔn, wohunahunaa wɔn na wosiw wɔn nneɛma ahorow ho kwan, na akyiri koraa no, wɔhyɛɛ wɔn ma wotu fii fie. Wɔn a wɔyɛɛ saa ayayade yi? Wɔn ankasa abusua mufo. Eyi ne osuahu a Kamal, Chani, ne Jaswinder a wɔyɛ anuanom mmeawa baasa a wofi India na wɔte Engiresi Aburokyiri no nyae. Ná wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo, nanso wɔn awofo—nokwarem no wɔn abusua no mufo nyinaa—sɔre tiaa atetesɛm mu ɔsom gyidi ahorow a wɔregyaw no denneennen.
Ebia wowɔ tebea a ɛte saa ara mu. Wonam Bible no sua so anya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ obi a ‘ɔsom agya no honhom ne nokware mu.’ (Yohane 4:23) Nanso, ebia na w’awofo apa abaw wɔ nyamesom ho anaasɛ wo gyidi foforo a woanya no ne nyamesom gyidi ahorow a wɔakura mu akyɛ no nhyia. Sɛnea asɛm no te biara no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ abusua mu ɔsɔretia wɔ hɔ. Yesu ankasa hyɛɛ nkɔm sɛ nokware Kristosom bɛpaapae mmusua mu. (Mateo 10:34-37) Asemmisa no ne sɛ, Ɔkwan pɔtee bɛn so na ɛsɛ sɛ wudi tebea no ho dwuma?
Kamal, Chani, ne Jaswinder kuraa Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a na wɔresua no mu pintinn. Ɛyɛ bere a wotu kɔtraa Midlands a nnwuma pii wɔ hɔ wɔ Engiresi Aburokyiri kusuu fam hɔ baabi a wɔn ankasa hwɛ wɔn ho no nkutoo na wotumi somee a obiara nhyɛ wɔn so. Nanso, ɛda adi sɛ woda so ara hye w’awofo ase wɔ mmara kwan so. Ɛnde, bere a woda so ara te fie no, den na wubetumi ayɛ de adi ɔsɔretia a efi wɔn a wodɔ wɔn hɔ no so? Bible no de nnyinasosɛm ahorow a ɛyɛ akwankyerɛ ma.
Kura Obu Mu
Bible no hyɛ yɛn nkuran wɔ 1 Petro 3:15, New World Translation, sɛ yɛmfa “odwo ne obu a emu dɔ” nka yɛn gyidi ho asɛm nkyerɛ afoforo. Nanso, ebia na w’ani gye Bible mu nokware afoforo a woresua no ho araa ma ɛbɛyɛ te sɛ nea woyɛ nhyɛso anaa apuapua wɔ wo gyidi ahorow no ho, ebia wode hyɛ w’awofo aniwu mpo. Obiara mpɛ sɛ ɔbɛyɛ te sɛ nea onnim hwee. Enti sɛ esiane nea woresua no nti wotaa teɛteɛ w’awofo so a, ɛnde hwɛ kwan sɛ wɔrennya ho adwempa.
Rita a onnii mfe aduonu a mprempren ɔwɔ Germany no ka sɛ: “Mekaa biribiara a mesuae no kyerɛɛ m’awofo wɔ hɔ ara, a na ɛno kyerɛ wɔn sɛ na nea na wɔn wogye di no nteɛ.” Nanso awofo wɔ hokwan sɛ wokura wɔn ankasa nsusuwii ne gyidi ahorow mu a obiara nkasa ntia wɔn—titiriw wɔn ankasa mma. Rita gye tom sɛ: “Ná anka ɛsɛ sɛ meda obu adi kɛse kyerɛ wɔn na mihu wɔn ankasa gyidi wɔ Onyankopɔn mu no.”
Paulo ka kyerɛɛ aberantewaa Timoteo sɛ ‘ommpoopoo n’ani nkyerɛ ɔpanyin.’ So worentumi mfa eyi nyɛ adwuma wɔ fie nso, wɔ w’awofo a wodɔ wɔn no ho?—1 Timoteo 5:1.
Tie W’awofo Asɛm
Bible no hyɛ sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm.” (Efesofo 6:1) Kay dii saa nnyinasosɛm yi akyi. Ohyiaa Yehowa Adansefo bere a na wadi mfe awotwe. Kay se: “M’awofo yɛn yɛn wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛanya afoforo ho koma so, enti wɔmaa me kwan ma misuaa Bible no na mekɔɔ nhyiam ahorow.” Wɔ ɛno mu mpo, na ɛsɛ sɛ Kay yɛ adwumaden de hwɛ sɛ nea ɔka na ɔyɛ nyinaa ka ne gyidi no ho asɛmpa.
Kay kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo bɔe no mihui sɛ, sɛ manyɛ osetiei a, ɛnyɛ sɛ m’awofo rempɛ nko na mmom wɔrenhu nso sɛ nokware no wɔ nkɛntɛnso pa wɔ me so. Enti sɛ wɔka kyerɛ me sɛ menkɔto nwura ngu, mennu fie wɔ bere pɔtee bi mu, minsuasua piano bɔ, anaa biribi foforo biara a, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ osetie sɛnea metumi. Mannyɛ nyinyiano da.”
Kay awofo ammenya ne gyidi no bi da, nanso, esiane ne osetie nti otumi dii ne gyidi no ho dwuma a wanhyia ɔsɔretia, na ɔbɛyɛɛ Kristoni a wagye asubɔ bere a odii mfe 19 no.
Wo Ne W’awofo Nni Nkitaho
Ɔhene Salomo onyansafo no kae sɛ: “Mayɛ m’agya ba, abadomaa ne ɔba koro, me na anim.” (Mmebusɛm 4:3) Yiw, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ w’awofo nnye nea wugye di no ntom no mma wɔmmɛyɛ w’atamfo. Ɛsɛ sɛ wokɔ so bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ‘ɔbabarima ankasa’ anaasɛ ɔbabea. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte yaw a emu dɔ a wɔte nka wɔ wo ho wɔ nea wobu no sɛ ɛyɛ gyidi bi a ɛmfata a wuredi akyi ho no ase. Wɔ bere koro no ara mu no, fi wo pɛ mu ka wo nkate ne nea ɛhaw wo ho asɛm kyerɛ wɔn. Ampa, esiane sɛ afei de Bible nnyinasosɛm ahorow na ɛkyerɛ wo nsusuwii kwan nti, ebia wo ne w’awofo adwene renhyia wɔ nsɛm bi ho.—1 Korintofo 2:14.
Sɛ nhwɛso no, aberantewa bi a wɔfrɛ no Alan pɛe sɛ ɔde bere pii yɛ Kristofo ɔsom adwuma. Nanso, na n’awofo pɛ sɛ ɔtoa ne kɔlege adesua so. Alan kaakae sɛ: “Mehwɛ a na misuro kakra sɛ mede gyinaesi kɛse a ɛte sɛɛ bɛkɔ m’agya anim. Enti misii gyinae sɛ meguan afi sukuu mu a obiara nnim ho hwee—na ɛno de nsɛnnennen afoforo pii bae. Ɛno akyi no na ɛsɛ sɛ meyɛ adwumaden de hyɛ yɛn ho yɛn ho mu gyidi a na yɛwɔ no mu den bere a ebia sɛ mekyerɛkyerɛɛ nea na mepɛ sɛ meyɛ no mu a, ɛwom sɛ mfiase no na anka ebetumi ayɛ den de, nanso misusuw sɛ anka obenya obu pii ama me na anka mammfa ɔhaw pii amma yɛn baanu nyinaa so saa.”
Nanso dɛn na amma Alan ampɛ koraa sɛ ɔne n’awofo bɛkasa no? Ɔka sɛ: “Ebetumi aba sɛ yebenya ɔtaa ho suro bere a yɛn awofo siw biribi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ hokwan no. Ebia yebesusuw sɛ: ‘Eyi ne nea misuaa ho ade no! Onipa sɔre tia n’agya; na n’atamfo ne n’ankasa fifo!’ (Mateo 10:35, 36) Alan suae wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so sɛ ɛho nhia sɛ wobu awofo sɛ atamfo. Mprempren otu fo sɛ: “Munni nkitaho! Ma wonhu sɛnea wote nka. Misusuw sɛ awofo pii bɛpɛ sɛ wotie—sɛ wohu sɛ nokwaredi ankasa wɔ hɔ a.”
Bere a ɛsɛ sɛ wugyina nyamesom pa nnyinasosɛm akyi pintinn no, ‘sɛ ebetumi a, wo fam de, wo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.’ (Romafo 12:18) Ɛdenam w’awofo a wobɛma wɔahu sɛnea wote nka wɔ nsɛm bi ho so no, wubetumi akwati akasakasa anaasɛ woama so atew. Nokwarem no, sɛ w’awofo ka ara sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ade bi a, mpɛn dodow a adeyɛ a ɛte saa no ntia Bible nnyinasosɛm ahorow no, tie wɔn ɔkwan biara. Sɛ́ anka wɔrennyɛ fakãã mmom no, ‘ma nnipa nyinaa nhu wo dwo.’—Filipifo 4:5.
Hwehwɛ Mfɛfo Kristofo hɔ Mmoa
Mmebusɛm 23:22 se: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na . . . mmu no animtiaa.” Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ den ama w’awofo a wonnye nni no sɛ wɔbɛte biribi a wudwen ho no ase. Sɛ nhwɛso no, abofraa bi a wɔfrɛ no John bɔɔ mmɔden sɛ ɔne n’agya besusuw Bible mu nnyinasosɛm bi ho. Dɛn na n’agya no kae? “Me de, mempɛ sɛ mede me ho bɛto Bible anaa ahyehyɛde bi so, enti wo nkutoo yɛ!”
Nanso ɛnyɛ wo nkutoo ankasa. Yesu hyɛɛ honhom fam “nuabarimanom ne nuabeanom” a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔbɛboa yɛn no ho bɔ. (Marko 10:30) Kay a yɛadi kan abɔ ne din no hui sɛ eyi yɛ nokware wɔ ne fam. Ɔka sɛ: “Me Kristofo nuabarimanom ne nuabeanom no bɛyɛɛ te sɛ m’abusuafo.” Ɛnyɛ sɛ onipa foforo bi betumi ahyɛ wo ɔwofo ankasa ananmu wɔ ɔkwan biara so a ɛmmfa ho sɛ ɔdɔ wo dɛn ara. Nanso, yenya wɔn a wɔbɛdɔ yɛn wɔ asafo no mu—nte sɛ agyanom ne ɛnanom—a wobetumi ama yɛn afotu ahorow a ɛsom bo kɛse.—Fa toto 1 Korintofo 4:15 no.
Nya Adwempa!
Yegye di sɛ, wɔ afotu a yɛde ama yi nyinaa mmoa akyi mpo no, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ wo tebea no mu yɛ den. Nanso kae: Nnipa ne nsɛm tebea horow nyinaa betumi asakra! Anuanom mmea baasa a wɔyɛ Indiafo a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no bɔ amanneɛ sɛ: “Esiane pintinn a yegyinae ne obu a yeyii adi no nti, mprempren yi yɛne abusua mũ no nyinaa wɔ abusuabɔ a anigye wom.” Engiresini abeawa bi a wɔfrɛ no Jane kyerɛw biribi a ɛte saa ara sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ midi apere mpɛn pii na meko ma nokware no, nanso mprempren yi m’awofo gye me gyidi ahorow sɛ nokware Kristoni no tom wɔ ɔkwan pa so, na mehwɛ kwan sɛ mɛbɔ asu nnansa yi ara.”
Wɔ nsɛm bi mu no, bere a awofo binom mma nhwɛso fɛfɛ no aka wɔn koma no, wɔn ankasa abɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so! Enti ebetumi ayɛ yiye sɛ wobenya obu ama nyamesom pa kwan a wofa so no na woabɛyɛ nhwɛso ama wɔn a wodɔ wɔn kɛse a wɔwɔ ofie no nso na ɛnyɛ “gyidifo” nko. (1 Timoteo 4:12) Mpaw abaw wɔ wo bo a woasi sɛ wobɛsom Onyankopɔn no mu. Fa mpaebɔ di nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ ha no akyi, na fa wo ho to Yehowa so. Odwontofo no ma awerɛhyem sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.”—Dwom 37:5.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den amu awofo a wonnye nni no sɛ wɔbɛte nea Kristoni abofra susuw no ase
[Kratafa 17 mfoni]
Saa mmeawa baasa yi gyinaa wɔn Kristofo gyidi no mu pintinn a abusuafo ɔsɔretia mfa ho