W’awofo Ahiade Ahorow A Wubesusuw Ho
NEA ɛbɛyɛ na woatumi aboa w’awofo a wɔn mfe akɔ anim no ankasa no, ɛsɛ sɛ wuhu wɔn ahiade ahorow ne nneɛma a wɔpɛ. Anyɛ saa a, wubetumi afi adwempa mu de nneɛma ne mmoa a w’awofo nhia anaa wɔmpɛ ama wɔn, ɛwom sɛ wɔrempɛ sɛ wɔbɛka akyerɛ wo de. Sɛ ɛba saa a, mo ntam abusuabɔ a ntease nnim no de ɔhaw a ɛnsɛ bɛbrɛ wo, ne afei wɔn nso.
Dɛn na Wɔpɛ Ankasa?
Ɔbea bi a na osusuw sɛ ɛho behia da bi sɛ ɔkɔfa n’awofo ba ne nkyɛn yɛ saa ntɛm ara. Akyiri yi, ohui sɛ n’awofo betumi atra wɔn ankasa fie—na wɔn ani begye ɛno ho mmom!
Ɔbabarima bi a ɔkɔfaa n’awofo bɛtraa ne nkyɛn ka sɛ: “Memma montua sika na moatra me fie! Memma monnyɛ saa wɔ nea moayɛ ama me nyinaa akyi!” Nanso, eyi ma n’awofo te nka sɛ wɔdan no dodo. Awiei koraa no, wɔka kyerɛ no sɛ wɔbɛpɛ sɛ ɔma wɔn hokwan ma wɔn nso wɔboa wɔ ɔkwan bi so.
Abusua bi yɛ biribiara ma wɔn awofo a wɔn mfe rekɔ anim de hwɛ hu sɛ wɔn ho tɔ wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho. Akyiri yi wobehu sɛ wɔn awofo pɛ sɛ wɔn ankasa yɛ wɔn nneɛma pii.
Wɔ atifi hɔ nhwɛso ahorow yi biara mu no, na awofo no nhia mmoa a wɔde maa wɔn no na afei nso na wɔmpɛ. Ɛnyɛ den sɛ eyi besi bere a ɔbabarima anaa ɔbabea a ɔwɔ adwempa bu n’asɛyɛde a ɔwɔ no kɛse dodo anaa bere a onnim nea n’awofo hia ankasa no. Susuw ɔhaw a ɛho nhia a eyi de brɛ wɔn nyinaa. Nokwarem no, ano aduru ne sɛ wubehu w’awofo ahiade ahorow anaa nneɛma a wɔpɛ ankasa.
So ehia sɛ w’awofo tu bɛtra wo fie mprempren ankasa? So wɔwɔ ɔpɛ mpo sɛ wɔbɛyɛ saa? Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim binom pɛ sɛ wɔtew wɔn ho sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Ebia esiane sɛ wɔmpɛ sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔnkyerɛ anisɔ nti, wɔrempɛ sɛ wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn mma sɛ wɔpɛ sɛ wɔtra wɔn ara fie mu, ɛmfa ho sɛ wobehyia ɔhaw ahorow bi no. Ebia na wɔdɔ wɔn mma, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsrasra wɔn. Nanso sɛ́ wɔn mma bɛhwɛ wɔn? Dabi, wɔbɛpɛ sɛ wɔn ankasa yɛ wɔn nneɛma.
Ebia da bi ɛho behia sɛ wokɔfa w’awofo bɛtra wo fie. Nanso, sɛ saa bere no nnui na sɛ wofi nokwaredi mu pɛ sɛ wɔn ankasa tra a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma wɔn kwan ma wɔyɛ saa? So nsakrae bi a wobɛyɛ ama wɔn wɔ wɔn fie anaasɛ sra a wobɛkɔ akɔsra wɔn anaa wone wɔn bɛkasa wɔ telefon so daa no bɛma wɔatumi akɔ so atra wɔn ankasa fie? Ebia wɔn ani begye kɛse sɛ wɔte wɔn ankasa fie na da biara wɔn ankasa sisi wɔn gyinae ahorow.
Ɔbea bi kaa sɛnea n’ankasa de ahopere kɔfaa ne maame bɛtraa ne fie ho asɛm: “Bere a me papa wui no, ahummɔbɔ a yɛwɔ ma me maame maa yɛkɔfaa no baa yɛn fie. Sɛnea ɛkɔyɛe no, ɔtraa ase mfe 22 bio. Sɛ́ anka yɛbɛtɔn ne fie no, anka obetumi atra mu. Mpere wo ho nsi gyinae wɔ nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho. Sɛ wunya si gyinae a ɛte saa a, ɛyɛ den sɛ wobɛsakra no.”—Fa toto Mateo 6:34 ho.
Ebia wobɛpopo wo ti aka sɛ, ‘Na sɛ biribi yɛ m’awofo no mu biako bere a wɔte wɔn ankasa fie no nso ɛ? Sɛ Maame anaa Paapa hwe ase na opira a, m’ahonim bebu me fɔ!’ Sɛ eyi haw wo a, ɛteɛ, titiriw sɛ w’awofo ayɛ mmerɛw araa ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehyia asiane a. Nanso sɛ ɛnte saa a, bisa wo ho sɛ w’awofo na woredwen wɔn ho anaasɛ woredwen w’ankasa wo ho, kyerɛ sɛ, sɛ́ wobɛkwati afobu a ɛmfata nka a wobɛte nti.
Afei susuw sɛnea ebetumi aba sɛ w’awofo ho bɛtɔ wɔn wɔ wɔn ankasa fie asen beae foforo bi no ho. Edith M. Stern ne Oduruyɛfo Mabel Ross ka wɔ nhoma You and Your Aging Parents mu sɛ: “Nhwehwɛmu ada no adi sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ahoɔden tra hɔ na wɔn adwene tumi yɛ adwuma yiye ankasa bere a wɔte wɔn ankasa afie sen sɛ wɔwɔ baabi foforo no. Ne tiatwa mu no, nea efi mmɔden pii a ɛmfata a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔn nkwakorabere anaa wɔn mmerewabere ayɛ mmerɛw ama wɔn mu ba ara ne sɛ ɛma wɔbɔ nkwakora anaa mmerewa ntɛmntɛm.” Enti boa w’awofo ma wɔn ankasa ntra sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara, na bere koro no ara fa mmoa ne nneɛma a wohia ankasa ma wɔn. Ɛsɛ sɛ bere ne bere mu nso wosan susuw nneɛma ho na woyɛ nsakrae bere a w’awofo ahiade ahorow no dɔɔso anaasɛ ɛso tew mpo no.
Ma W’ani Nna Hɔ
Eyi nyinaa akyi no, sɛ wususuw w’awofo akwahosan ne wɔn tebea ahorow ho a, ebetumi aba sɛ nea eye sen biara a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛma wɔabɛtra wo fie. Sɛ ɛte saa a, ma w’ani nna hɔ na hu sɛ ebetumi aba sɛ wɔpɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔyɛ wɔn ankasa biribiara. Te sɛ nnipa afoforo nyinaa no, ebia wɔpɛ sɛ wɔda nsow wɔ afoforo ho, wonya wɔn ankasa dwumadi ho nhyehyɛe, ne wɔn ankasa nnamfo. Eyi betumi ayɛ nea ɛfata. Bere a ɛbɛyɛ anigye sɛ mo abusua no ne mo awofo bɛyɛ nneɛma bi abom no, ɛbɛyɛ papa sɛ dwumadi ahorow bi wɔ hɔ a wo ne w’ankasa w’abusua no nkutoo yɛ, na woama w’awofo nso ayɛ wɔn ankasa dwumadi ahorow bi. Obi a ɔde ɔhwɛ ma fi nyansam daa no adi sɛ: “Hwɛ hu sɛ wode dan mu nneɛma ne mfonini dedaw a ɛsom bo ma w’awofo besiesie dan no mu.”
Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubehu w’awofo ahiade ahorow no, wone wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Tie nea ehia wɔn na ma w’ani nna hɔ wɔ nea ebia wɔpɛ sɛ wɔka kyerɛ wo no ho. Kyerɛ wɔn nea wubetumi ayɛ ama wɔn ne nea wuntumi nyɛ, na amma wɔannya anidaso hunu ma anhaw wɔn. Obi a ɔde ɔhwɛ ma hyɛɛ nyansa sɛ: “Te nea wɔhwehwɛ fi abusua no mufo nyinaa hɔ no ase yiye. Montaa mmɔ nkɔmmɔ na ama moakwati abufuw ne menasepɔw.” Sɛ wohyɛ bɔ a ɛbɛma woadi biribi ho dwuma daa (“Mɛfrɛ wo wɔ telefon so Dwoda awia biara”; “Mɛba abɛfa wo apue dapɛn awiei biara”) a, wubetumi ama emu ada hɔ sɛ wopɛ sɛ wosɔ hwɛ kosi bere bi de hwɛ sɛ ebetumi ayɛ yiye a. Saa kwan no so no, sɛ antumi anyɛ yiye a, hokwan wɔ hɔ dedaw a wubetumi de ayɛ nsakrae.
Ɛnsɛ sɛ obi gyina nea ɛwɔ atifi hɔ no mu biara so de nidi ne mmoa a ɛfata n’awofo no kame wɔn. Nea Ɔbɔadeɛ no ka wɔ asɛm no ho no mu da hɔ. Ɛsɛ sɛ mma a wɔanyinnyin de obu, ɔhwɛ, ne mmoa ma wɔn awofo. Yesu buu Farisifo a wɔyɛ wɔn ho treneefo no fɔ sɛ wokyinkyim kyerɛw nsɛm de penee awofo a wobu ani gu wɔn so no so. Nsɛm a emu da hɔ pefee a ɛwɔ Mmebusɛm 30:17 yi kyerɛ sɛnea Onyankopɔn kyi wɔn a wɔnkyerɛ obu mma wɔn awofo no: “Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.”—Hwɛ Marko 7:9-13; 1 Timoteo 5:4, 8.
Bere a wode mmoa a w’awofo hia ma wɔn no, ebia wubehyia ɔhaw afoforo nso. Wobɛyɛ dɛn agyina eyinom ano? Asɛm a edi hɔ no de ho nyansahyɛ ahorow bi bɛma.
[Kratafa 17 mfonini]
Ɔwofo bi betumi anya anigye wɔ dwumadi ahorow bi a ɔne nnamfo ne abusuafo yɛ mu