Mmofra Bisa Sɛ. . .
Dɛn Nti Na M’awofo Yɛ Katee Wɔ Me So Saa?
Woka sɛ woanyin enti wubetumi afi adi a womma fie ntɛm dapɛn no awiei. Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ woba fie ntɛm.
Wopɛ sɛ wokɔhwɛ sini foforo a mmofra nyinaa reka ho asɛm no. Wɔka kyerɛ wo sɛ worentumi nkɔhwɛ.
Woka sɛ woahyia mmofra bi a w’ani gye wɔn ho a wopɛ sɛ wo ne wɔn fi adi. Wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wohu wo nnamfo no ansa.
SƐ WOYƐ obi a onnii mfe aduonu a, ɛto bere bi a wote nka sɛ w’awofo aka wo ahyɛ wɔ asetra mu. Ɛte sɛ nea “Dabi, wuntumi” na edi “mepɛ sɛ” biara a woka akyi. Abeawa biako kae sɛ: “Bere a na minnii mfe aduonu no, m’awofo fii ase de anohyeto ahorow pii maa me, te sɛ ba a mɛba fie wɔ ɔdasum ho. Ɛyɛɛ me yaw ankasa.”
Ɛte sɛ nea w’asetra fã biara nni ho a w’awofo ‘aniwa a wopɛ sɛ wode hwɛ biribiara’ mu no nhu. Billy a wadi mfe 18 nwiinwii sɛ, “Me papa bisa me ɔkwan a mefa so nya sika ne faako a midi sika no wɔ. Sɛ me na mapɛ me sika a, mete nka sɛ ɛsɛ sɛ me na misi sɛnea medi sika no ho gyinae.” Asɛm bi a ɛte sɛ eyi haw Debbie a wadi mfe dunum no: “Me papa pɛ sɛ ohu faako a mewɔ bere nyinaa ne bere a mɛsan aba fie. Awofo pii yɛ saa. So ɛsɛ sɛ wohu biribiara? Ɛsɛ sɛ wɔma minya ahofadi kɛse.”
Sɛ yɛbɛka no yiye a, anyɛ yiye koraa no, mmofra pii nya bere a ɛfata de yɛ nea wɔpɛ na ɛda adi sɛ wo nso woka ho. Nanso ɛtɔ bere bi a ɛte sɛ nea w’awofo werɛ fi sɛ worenyin na wobu wo sɛ woyɛ akokoaa sen obi a onnii mfe aduonu. Ɛhe na te a wɔte nka sɛ wɔbɛbɔ wo ho ban yi fi ba?
“Ahoyeraw”
Akyinnye biara nni ho sɛ, bɛyɛ bere tenten ni a woahu sɛ, te a wote nka sɛ wobɛbɔ obi ho ban no yɛ adwuma a ɛka yɛ a obi yɛ ɔwofo no ho. Sɛ ɛnyɛ nea mama ne papa ani abere sɛ wobɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya atade ahyɛ anaa aduan adi a, ɛnde na wɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ wo, atete wo, yiw, na wɔrebɔ wo ho ban. Na sɛ w’awofo yɛ Kristofo a, wobu Bible ahyɛde a ese ‘monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no aniberesɛm. (Efesofo 6:4) Enti anigye a wowɔ wɔ wo ho no nyɛ biribi a woyi no adi wɔ bere ne bere mu. Wobebu ɔkwan a wɔfa so tete wo no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Na sɛ ɛte sɛ nea biribi rema wo yiyedi ho aba asɛm a, ɛhaw wɔn. .
Susuw Yesu Kristo awofo ho. Bere bi, bere a wɔakɔsra Yerusalem no, wogyaw no hɔ kɔɔ fie a wonnim. Bere a wohui sɛ ɔnka wɔn ho no, wɔde mmɔdenbɔ—sɛ ɛnyɛ basaayɛ mpo a—hwehwɛɛ no nnansa! Na bere a awiei koraa “wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm” no, Yesu maame kae sɛ “Ɔba adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo.” (Luka 2:41-48) Afei sɛ Yesu awofo yɛɛ basaa a, susuw sɛnea mpɛn pii ɛsɛ sɛ w’awofo haw wɔn ho wɔ wo ho no ho!
Ahoɔden ne Osuahu a Edi Asi
Ntease foforo nti a w’awofo pɛ sɛ wɔbɔ wo ho ban ne nokwasɛm a ɛne sɛ sɛnea wohu wo, wo nnamfo ne wiase a yɛte mu yi yɛ soronko koraa wɔ sɛnea wuhu no no ho. Sɛnea Salomo kae bere bi no, mmofra wɔ “ahoɔden” pii. (Mmebusɛm 20:29) Wohu wiase no sɛ ɛyɛ nea hokwan ahorow a ɛbɛma woahwehwɛ wɔn dom akyɛde ahorow mu na wɔama anya nkɔso wom. Nanso wɔ saa yɛ mu no, wɔmfa atɛmpa nni dwuma bere nyinaa esiane sɛ wonni “nimdeɛ” na wɔn ‘ani ntewee’ nti. (Mmebusɛm 1:4) Ɛwom sɛ ebia mpanyimfo nni “ahoɔden” de, nanso mpɛn pii wohu wiase no denam osuahu so. Wonim asetra mu asiane ahorow na wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma ‘adebɔne pare wo honam.’—Ɔsɛnkafo 11:10.
Fa bere a ɛsɛ sɛ woba fie ho ntawntawdi a ɛmma awiei da no sɛ nhwɛso. Ebia worenhu nea enti a ɛsɛ sɛ wode anohyeto ma wɔ saa kwan yi so. Nanso so woasusuw nsɛm ho te sɛ nea w’awofo susuw no? Nhoma The Kid’s Book About Parents akyerɛwfo a wɔka sukuu ne mfe ho asɛm no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Wogye tom sɛ: “Yenim sɛ ɛhaw awofo na wɔn bo fuw, sɛ mmofra amma fie wɔ bere a wɔahyɛ wɔn no mu a.”
Nokwarem no, saa mmofra yi kyerɛw nneɛma a wɔahyehyɛ a wɔato din sɛ “nsusuwii ahorow a ɛnyɛ nokware a ɛkɔ so wɔ awofo tirim wɔ nea wɔn mma reyɛ bere a wamma fie wɔ bere a ɛsɛ mu no ho.” Nea ɛka nneɛma ahorow a wɔahyehyɛ yi ho ne nneɛma ahorow te sɛ ‘nnubɔne a wɔnom, kar akwanhyia a woanya, mmeae horow a wodi agoru wɔ hɔ a wɔnenam, hwɛ a wɔkɔhwɛ ɔbrasɛe sini, wii a wɔton, mmonnaa a wɔreto wɔn anaasɛ di a woredi wɔn nsɛmmɔne, afiase a wɔde wɔn akɔto ne gu a wogu abusua no anim ase.
Sɛ wofa no aniani ara kwa a, ɛte sɛ nea ɛyɛ ahometew sɛ awofo binom nya adwene horow a ɛte saa. Woka de hoahoa wo ho sɛ ‘mɛrenyɛ nneɛma a ɛte saa da.’ Nanso so ɛnyɛ nokware sɛ mmofra pii—ebia wo mfɛfo sukuufo mu binom—reyɛ nneɛma ahorow a ɛte saa?Enti so ɛsɛ sɛ wudi yaw wɔ nyansahyɛ a ɛkyerɛ sɛ ba woremma fie ntɛm ne fekuw a enye a wobɔ betumi ahaw wo no ho? Ɛdɛn, Yesu awofo mpo pɛe sɛ wohu faako a ɔwɔ!
Te W’awofo Nkate Horow Ase
Ampa, ebia ɛte sɛ nea ɛnyɛ w’awofo anohyeto nyinaa na ntease wom. Mmofra binom ka mpo sɛ suro a wɔn awofo suro sɛ biribi bɛyɛ wɔn no fi wɔn mu ahotoso a wonni. Nanso ntease ahorow wɔ eyi mu. Bible no ka aberantewaa bi a wɔfrɛ no Benyamin ne sɛnea nsɛm tebea horow maa ɛho hiae sɛ ɔne ne nuabarimanom tu kwan kɔ Misraim no ho asɛm. Dɛn na ne papa yee? Bible no ka sɛ: “Na Yosef ne nua Benyamin de, Yakob ansoma no anka ne nuanom no ho ankɔ, na ose: ebia abew bi bɛbew no.”—Genesis 42:4.
Na Benyamin yɛ obi a wanyin a ɔwɔ ne mfe 30 mu. Na ɛrenyɛ den sɛ ne bo befuw wɔ bu a wobuu no wɔ saa kwan yi so no ho. Dɛn nti na “abew bi” bɛyɛ biribi a ebeyi ne hu asen ne nuabarimanom mpanyimfo du no? Nanso ɛdaa adi sɛ ɔtee ne papa nkate horow no ase. Na Benyamin ne Yakob yere a ɔdɔ no, Rahel, ba a ɔto so abien. Owui bere a na ɔrewo no no, (Genesis 35:17, 18) Enti wubetumi ahu ɔdɔ kɛse a na Yakob wɔ ma ne ba yi no! Bio nso na Yakob anya adwene a ɛnteɛ sɛ ‘abew bi abew’ ɔne Rahel ba foforo a ɔne Yosef. Ɛwom sɛ ebia na ɛnyɛ nsusuwii ara kwa de, nanso anyɛ yiye koraa no, na ntease bi wɔ nea Yakob yɛe no mu.
Ebia ɛtɔ bere bi a, ɛte sɛ nea w’awofo yɛ wɔn ade tra so wɔ wo ho ban a wɔbɔ no mu. Nanso kae sɛ wɔde mmere ne ahoɔden pii ayɛ wo ho adwuma. Nyin a worenyin ho adwene—ne awiei koraa fi a wubefi wɔn nkyɛn mpo—no, bɛhaw w’awofo na ɛma ehu ka wɔn.a Ɔwofo biako kyerɛw sɛ: “Mprempren me babarima biako pɛ no anya mfe dunkron na mintumi nnyina adwene a ɛne sɛ obefi me nkyɛn akɔ no ano.”
Yiw, ebia nyin a worenyin no te sɛ biribi a enye a ɛkae w’awofo sɛ wɔreyɛ mpanyimfo na ɛte sɛ nea wɔn adwuma sɛ awofo no reba awiei (ɛwom sɛ ɛnte saa ankasa de!) . Ɔwofo biako kae sɛ: “Mfiase no wususuw sɛ woabɔ wo bra awie na afei wobebu wo sɛ mfaso nni wo so.”
Enti su a awofo binom wɔ ne sɛ wobesiw wɔn mma kwan anaasɛ wɔbɛyɛ katee wɔ wɔn so. Ɛbɛyɛ mfomso ankasa sɛ wobɛyɛ ade wɔ tebea yi ho ma atra so. Ababaa biako kae sɛ: “Bere a na minnii mfe 18 no na me ne me maame ka yiye. . . . [Nanso] bere a merenyin no yefii ase hyiaa ɔhaw ahorow. Na mepɛ sɛ minya ahofadi kakra nanso ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ eyi bɛma yɛn abusuabɔ no ho aba asɛm. Ɔno nso fii ase sɛ ɔbɛka me ahyɛ kɛse na nea meyɛe wɔ ho ne sɛ mekɔɔ so twee me ho kɛse. Mprempren mihu sɛ mfomso no bi fi me.” Eye sɛ ‘mubehuhu ama mo ho’ na moabɔ mmɔden sɛ mobɛte mo awofo ase. (1 Petro 3:8) Abeawa bi a wɔfrɛ no Kathy kyerɛ mu sɛ saa a ɔyɛe no ‘boaa no ma osusuw n’awofo ho kɛse.’
Wo nso eye sɛ wubesusuw w’awofo ho kɛse na moabɔ mmɔden sɛ mobɛte mo ho mo ho ase. Kae sɛ ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔwɔ awofo a wosusuw wɔn ho kɛse na wɔn yiyedi ho hia wɔn. Na sɛ wɔyɛ wɔn a wosusuw wo ho a, ma w’ani nnye. Ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wo.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ nsɛm ahorow a ɛfa asɛm a ɛne “Bere a Wonyinyin na Wofi Fie—Nɛa Enti a Ɛyɛ Den kɛse Ma Awofo Sɛ ‘Wɔbɛma Wɔakɔ’” ho a ɛwɔ August 8, 1983 Nyan! mu no.
[Kratafa 30 mfoni]
Mmofra pii a wonnii mfe aduonu te nka sɛ wɔn awofo aka wɔn ahyɛ