Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 8/8 kr. 19-21
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmere Ho Anohyeto Ahorow—Ɔwofo Bi Adwene
  • Ɛkyerɛ Sɛ Wodwen Wo Ho
  • Dɛn Nti na Bere a Ɛsɛ sɛ Mede Ba Fie no Yɛ Katee Saa?
    Nyan!—1992
  • Dɛn Nti Na M’awofo Yɛ Katee Wɔ Me So Saa?
    Nyan!—1985
  • Dɛn Nti Na M’awofo Nte Me Ase?
    Nyan!—1984
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 8/8 kr. 19-21

Mmofra Bisa Sɛ...

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?

“SO WƆAMA mo mu bi bere pɔtee a sɛ opue a, ɛsɛ sɛ odu fie?” Nyan! bisaa mmofra kuw bi saa. Ɛkame ayɛ sɛ mmuae a wɔn nyinaa de mae ne sɛ yiw! Nanso, na ɛno akyi asemmisa no ho mmuae sonsonoe. Yebisae sɛ: “Wususuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma wupue kosi bere bɛn?”

Monica a onnii mfe aduonu no kae sɛ: “Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nea w’awofo bɛka biara.”a Abofra bi a wɔfrɛ no Bill ne no anyɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Minsusuw sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ bere a fa bra fie. Anyɛ yiye koraa no, bere a wɔyɛ mmofra no sɛ wopue a wɔkyɛ.” Sally a onnii mfe aduonu no bɔɔ mmɔden sɛ onnyina obiara afã: “Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ woba bere biara a w’awofo hwehwɛ—bere dodow a anadwofã 8:00 bɛbɔ apa ho.” Afei Jerry a ɛte sɛ nea ɔwɔ asɛm no ho atenka a emu yɛ den sen wɔn nyinaa no nso wɔ hɔ. Ɔkae sɛ: “Sɛ anka wɔbɛkyerɛ yɛn bere pɔtee a yɛmfa nnu fie no, dɛn nti na yentumi mfrɛ wɔn wɔ telefon so nkyerɛ wɔn beae a yɛwɔ? Ɛsɛ sɛ wɔte yɛn ase.”

Sɛnea w’adwene te biara no, akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo ama wo bere ho anohyeto wɔ ɔkwan bi so. Ebetumi ayɛ mmara katee a ɛne sɛ: ‘Bedu fie anadwo 10:00 anyɛ saa a!’ Anaasɛ ebia mo awofo ama mo mu biara bere a ɔmfa mmra fie. Abeawa bi a wadi mfe 16 a Teen nsɛmma nhoma fa ne nsɛm ka no se: “Bere a wɔasusuw wɔn a me ne wɔn refi adi ne beae a yɛrekɔ ho akyi no, wɔhyɛ bere a ɛsɛ sɛ mede ba fie. Ne nyinaa gyina nnipa ne beae ko so.” Ɛtaa ba sɛ abofra a wɔde hokwan nyinaa ama no no mpo ka beae a ɔrekɔ ne bere a ɔbɛba no ho biribi kyerɛ n’awofo.

Ɛte sɛ nea wɔ mmofra pii fam no, anohyeto ahorow a wɔde ma wɔn yi nhaw wɔn pii. Nanso ebinom bu bere ho anohyeto sɛ akwanside kɛse anaasɛ ɔhaw ma obi ankasa nhyehyɛe ahorow. Nhoma Teens Speak Out a Jane Rinzler kyerɛwee no fa abeawa bi a wadi mfe 16 nsɛm ka sɛ: “Mete nka sɛ nea ebia meyɛ akokoaa a minni asetra.” Ebinom mpɛ bere anohyeto koraa esiane ahokyere a ɛma ɛba wɔn asetra mu no nti. Abeawa bi se: “Ansa na mefi fie no, ɛsɛ sɛ meka beae a merekɔ, nea me ne no rekɔ, ɔkwan a mɛfa so adu hɔ, sɛnea mɛyɛ asan aba no ho asɛm kyerɛ me maame.”

Mmere Ho Anohyeto Ahorow—Ɔwofo Bi Adwene

Dɛn nti na w’awofo ntumi mma wunni akɔneaba kɛkɛ sɛnea wopɛ? Wiɛ, susuw“anohyeto” bi a Onyankopɔn de maa Israel man no bere bi no ho. Twam afahyɛ a edi kan wɔ 1513 A.Y.B. mu anadwo no, Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Mo mu biara mmfi adi mmfi ne fi pon ano nkosi anɔpa.” (Exodus 12: 12, 22) So na Onyankopɔn reyɛ katee? Dabi. Na eyi rebɔ wɔn ho ban afi kum a Yehowa bɔfo bekum wɔn no ho!

Ɛwom sɛ ebia tebea no renyɛ nea emu yɛ den pii saa nnɛ de, nanso awofo bebree wɔ ntease pa nti a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn mma a wonnii mfe aduonu no ho ban. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ adebɔ su sɛ awofo bɛdwene wɔn mma ho. Yesu Kristo awofo ‘ho yeraw wɔn’ bere a na wonhu faako a ɔwɔ no—nso na ɔyɛ abofra a ɔyɛ pɛ! (Luka 2:41-48) W’awofo nim sɛ wonyɛ pɛ koraa. Sɛ wonyɛ ɔbofrabɔne mpo a, bere ne bere mu no wɔbɛdwene wo ho. Dɛn ntia?

Efisɛ w’awofo nim sɛnea “mmerante bere mu akɔnnɔ” mu yɛ den no yiye. (2 Timoteo 2:22) Ebia na wɔn ankasa nso anya osuahu a ɛne sɛ “abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. (Mmebusɛm 29:15) Ɛnã bi gye tom sɛ: “Minnii mfe aduonu no, na m’asõ yɛ den. Minim nea wubetumi de asie w’awofo. Enti sɛ w’awofo te mmofra a wonnii mfe aduonu ɔbrasɛe, asabow ne nnubɔnenom, anaasɛ apontow a wɔyɛ basabasa wɔ ase ho asɛm a, ebia wobesi gyinae a ɛfata sɛ wɔbɛma wo anohyeto ahorow.

Ebi nso a na w’awofo wɔ nea enti titiriw a wosusuw w’ahobammɔ ho. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a agya panyin Yakob mmabarima kyɛe wɔ Sekem mpɔtam hɔ no, Yakob ka kyerɛɛ ne ba Yosef sɛ: “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom . . . no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me.” (Genesis 37:13, 14) Na eyi nyɛ osuro ara kwa. Esiane nsɛm bi a na asisi bere bi a atwam no nti, na Sekem yɛ beae a ɛyɛ hu sɛ Yakob mma bɛkɔ hɔ!—Genesis, ti 34.

Ɛnnɛ, wiase no mu yɛ hu sen sɛnea na ɛte wɔ Bible mmere mu no—anaasɛ mpo bere a na w’awofo yɛ mmofra. Yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” a Bible hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛyɛ “mmere a emu yɛ den” no mu asen bere biara. Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “mmere a emu yɛ den no ase nso sɛ “emu yɛ hu”, “asiane wom,” “amanehunu wom,” ne “dennen.” (King James Version, Douay, English Revised Version, Moffatt) Ɛnnɛ nnipa pii “nni ahosodi,” anaasɛ wɔyɛ “basabasa. (2 Timoteo 3:1-5; Today’s English Version) Enti nsɛmmɔnedi a basabasayɛ wom a emu bi ne mmonnaatõ, ne awudi yɛ nnɛyi asetram nnebɔne a ɛwɔ hɔ ankasa no bi.

W‘awofo nim nso sɛ ade sa pii a ɛyɛ mmerɛw sɛ nsɛnnennen bɛto wo. Abeawa bi ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Asɛmmɔne betumi asi anadwo, na w’awofo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wo ho ban.” Abeawa foforo nso kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ ɔdasum pa ho a, afirikafo a wɔabobowpii wɔ kwan no so, na eye sɛ wubefi hɔ ama wɔn.”

Nanso abrabɔ ho asiane ahorow nso wɔ hɔ. Ade resã a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ anibiannaso, na basabasayɛ su ayɛ kɛse. Enti, ntease wom sɛ Bible no ka sɛ anadwo na wɔbɔ ahohwi. Wɔ Yesaia 5:11, Onyankopɔn ka sɛ wɔn a “wosi pɛ ma nsa bow wɔn” no, “wonnue.” (Fa toto 1 Tesalonikafo 5:7 ho.) Enti ebia na w’awofo suro sɛ bere dodow a wobɛkyɛ wɔ abɔnten no, dodow no ara na asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wode wo ho bɛhyɛ apontow a enye, asabow, anaasɛ aguamammɔ mu no mu bɛyɛ den. Enti sɛ woannu fie bere a w’awofo hwɛ kwan a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhaw wɔn. Na wɔfata sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nea ɛma ɛbaa saa no mu.

Abeawa bi se: “Da koro bi mɛkyɛe wɔ m’adamfo fie. Na mama nnim beae a mewɔ, enti ɔbɛhwehwɛɛ me. Ofii ase kyinkyin yɛn mpɔtam hɔ frɛɛ me din!” Ɛyɛ fɛre? Akyinnye biara nni ho. Nanso sɛnea ɛnã bi kyerɛkyerɛɛ mu no, “mibehui sɛ bere biara a [me mmabea no] bɛba fie anadwo no na misusuw sɛ bɔne bi asi.”

Ɛkyerɛ Sɛ Wodwen Wo Ho

Na sɛ ahohwibɔ su nni w’adwenem koraa ɛ? Na sɛ wo nnamfo nkyɛn kɛkɛ na wokɔ ɛ? Nokwarem no, ɛbɛyɛ yaw sɛ wɔbɛpɛ sɛ wotra fie bere a wɔma afoforo a wɔyɛ w’atipɛnfo kwan ma wofi adi no. Afei ebia ɛbɛyɛ fɛre nso sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a wo ne wo nnamfo ntumi mfi adi esiane sɛ ɛsɛ sɛ woba fie ntɛm no mu akyerɛ wɔn. Nanso sɛ wosusuw ho ankasa a, wubehu sɛ abeawa bi a ne din de Leslie asɛm no yɛ nokware. Ose: “Dɛn na worekɔ akɔyɛ [nnɔn] dumien a wuntumi nyɛ no nnɔnwɔtwe?” Wɔ ɔkwan foforo so no, so wɔrentumi nni agoru pa bere a nnipa nnae no? Ɛnde dɛn nti na wode wo ho to asiane a ɛwɔ adifi a wɔkyɛ pii wom no mu?

Asɛm foforo nso a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ: So da a wonna ntɛm no yɛ wo bere a wode di dwuma wɔ ɔkwampa so? Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Enti monhwɛ mo nantew so yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5: 15, 16) Afei, so da a wonna ntɛm no ma wo sukuu dwumadi nya nkɔso anaasɛ ɛboa wo ma wuwie wo fie nnwuma? So ebetumi asiw nsɛm a wode w‘adwene bedi akyi wɔ Kristofo nhyiam horow ase no kwan?

Awiei koraa no, wubetumi abɔ mmɔden abu wo bere ho anohyeto no sɛ ɛkyerɛ awofo dɔ. Ɔkyerɛwfo Clayton Barbeau bisa wɔ ne nhoma How to Raise Parents no mu sɛ: “Sɛ me a meyɛ wo wofo no ka kyerɛ wo sɛ, sɛ wofa nnubɔne anaasɛ wonom nsa anaa sigaret a ɛmfa me ho. Sɛ wode afiri tu mmirika a ɛmfa me ho. Sɛ wufi adi na wokyɛ a ɛmfa me ho a, dɛn na wubesusuw. . . .’ Na dɛn na mereka akyerɛ wo? Nokwarem no: na mereka akyerɛ wo sɛ, ‘mennɔ wo. Mennwene wo ho. Wo ho nhia me.’” Ampa, ɛtɔ mmere bi a ebia mmofra a wɔwɔ ahofadi sen wo no ho bɛyɛ wo anibere kakra. Nanso kae sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.”—Mmebusɛm 13:24.

W’asetra nyinaa mu no ɛsɛ sɛ wode mmara ne ahyɛde ahorow tra ase. Enti dɛn nti na wosɔre tia bere ho anohyeto ketewaa bi? Ampa, ɛtɔ mmere bi a ntease nni bere ho anohyeto mu, na asɛm bi a ɛbɛba daakye bɛboa wo na woadi saa tebea no ho dwuma. Nanso, mpɛn pii no, nyansa wom sɛ wo ne w’awofo bɛyɛ adwene na woabɔ mmɔden sɛ wobɛte wɔn nkate horow no ase. Mmebusɛm 28:7 se: “Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo.” Ebia ɛyɛ kakra a wubehu nea ababaa bi kae yi: “Na mente nea enti a na me papa ne me maame yɛ katee saa, na sɛ mipue na mekyɛ a wɔn bo fuw no ase. Mprempren m’ankasa yɛ ɔwofo, minim nea enti a ɛyɛ a, me maame twɛn me no. Efisɛ na odwen me ho!”

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din ahorow no.

[Kratafa 20 mfonini]

Mmofra bo taa fuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔba fie ntɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena