Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti Na M’awofo Nte Me Ase?
Ɔwɛn-Aban Asafo Pa,
Wɔ mfirihyia abien a atwam yi mu no ɛte sɛnea ɔhaw mpempem pii aba me so. Ɛtɔ bere bi a mete nka sɛ ɛte sɛnea merebɔ dam. Nsakrae horow afi ase reba wɔ me nipadua mu, na afei mpofirim ara m’awofo nnye me nni bio wɔ mmarimaa ho. Bere biara a mɛyɛ biribi a enye no Mama ne Papa de me toto me nuabea panyin a ɔmfra no ho, na eyi yɛ me yaw. Mekɔɔ wɔn nkyɛn ne wɔn kɔkasae, nanso wɔante sɛnea mete nka no ase. Ebia ɛho hia sɛ mekɔ baabi a anyɛ yiye koraa no ɛbɛma me nkutoo atra afe biako. Mewɔ anidaso sɛ mowɔ ɛho mmuae bi.—Abeawa a wadi mfirihyia 16.
EBIA saa ara na wo nso wo yam a anka w’awofo bɛte wo ase yiye. Ɛne sɛ, ɛyɛ nipa su sɛ ɔbɛpɛ sɛ wɔte no ase. Na sɛ wowɔ ɔhaw ahorow na w’awofo kasa tia nneɛma a wopɛ anaa wususuw sɛ ɛho hia a, wubetumi ayɛ basaa ankasa. Sɛ nhwɛso no, Robert, a wadi mfirihyia dunsia no tee nka sɛ n’agya nte no ase wɔ nnwom a ɔpɛ no mu. Ɔkae sɛ: “Nea m’agya yɛ ara ne sɛ ɔteɛm ka sɛ, Tow mu!’” Ɔkwan bɛn so na Robert fa dii tebea yi ho dwuma? “Enti metow mu na mintie no nso.”
Mmofra pii yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Ebia wɔbɛtwe wɔn ho a wɔnnka wɔn nkate horow ho asɛm nkyerɛ obi, anaasɛ wɔde wɔn ho bɛto wɔn mfɛfo so. Birgit a ɔwɔ West Germany a wadi mfirihyia 19 no kae sɛ: “Sɛ me ne m’awofo nya asɛm a, ɛyɛ a na mepɛ obi a mesu akyerɛ no ankasa, obi a ɔte me ase wɔ ɔkwan soronko so.” Nanso afoforo yɛ ade a emu yɛ den a ɛne guan a woguan fi fie. Nhwehwɛmu bi a nhwehwɛmufo Offer, Ostrov ne Howard yɛe 1981 mu a na ɛfa mmerante ne mmabaa a wɔboro 20,000 ho wɔ aman ahorow anan so no daa no adi sɛ ɛwom sɛ wɔn mu dodow no ara “anhu ɔhaw titiriw biara wɔ wɔn ankasa ne wɔn awofonom ntam” de, nanso wɔn mu ɔha biara mu 26 gye toom sɛ, “Mebɔ mmɔden sɛ merenkɔ fie mpɛn pii.” Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wonyaa mmara ho amane no mu ɔha biara mu 50 tee nka saa ara.—The Adolescent—A Psychological Self-Portrait.
Sɛ́ obi twe ne ho ankasa anaasɛ ɔnka sɛnea ɔte nka nkyerɛ obi no, nea ɛyɛ awerɛhow a ntease a enni hɔ yi de ba ne okũ a ɛba bɛda abofra ne n’awofo ntam no. Nanso so ɛyɛ nokware sɛ okũ yi ba esiane sɛ awofo nte wɔn mma a wɔrebɛn mpanyin afe so no ase ara kwa nti anaa?
“Ahoɔden” ne “Dwen”
Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wobɛpɛ sɛ wuhu na woyɛ, mprempren a worebɛn mpanyin afe so yi. Aka kakra na woafi mpanyimfo abrabɔ ase na ebia worehwɛ kwan sɛ wubenya hokwan ahorow a mpanyimfo wɔ no bi mu anigye. Mmebusɛm 20:29 se: “Mmerante [anaa, mmabaa] anuonyam ne wɔn ahoɔden.”
Saa tumi, anaa “ahoɔden” foforo a woanya yi betumi ato nhyɛase a ɛde mpaapaemu ba. Mmebusɛm no toa so sɛ: “Na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Ɛsono sɛnea mpanyimfo, te sɛ w’awofo, hu abrabɔ. Ɛwom sɛ ebia wɔte wo nkate horow no ase de, nanso wohu sɛ ɛnyɛ asetra mu osuahu biara na ɛde awiei a anigye wom ba. Nneɛma a ɛyɛ paara a wɔasua wɔ mfe pii mu (ebia denam osuahu a ɛyɛ yaw a wɔn ankasa anya so) no ama wɔagyae mmofra adwene a na wɔwɔ a wɔn ani gye ho bere a wɔyɛ mmofra no. Esiane osuahu a nyansa wom—a ɛte sɛ “dwen” yi nti—ebia wɔne wo renyɛ adwene wɔ nneɛma bi a w’ani gye ho no mu:
Sɛ nhwɛso no, Jim a onnya nnii mfirihyia aduonu no kae sɛ: “Ɛdefa sikasɛm ho no, m’awofo (ahokyere bere no mu mmofra) tee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkora sika na wɔde ayɛ nneɛma a ɛho hia.” N’awofo a wɔanya osuahu no huu hia a ɛho hia sɛ wosusuw daakye ho. “Nanso mete ase mprempren yi ara,” saa na Jim kae. “M’asetra fã a ɛho hia ni. Mepɛ sɛ mitutu akwan pii.” Yiw, ‘n’ahoɔden’ ne n’awofo “dwen” no maa okũ bɛdaa sɛnea wɔn mu biara te nka no ntam.
Saa nkate mu okũ yi betumi ayɛ kɛse wɔ nsɛm afoforo mu, te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie mu, sɛnea woyɛ w’ade wɔ ɔbea anaa ɔbarima ho, nnuru ne nsa a wode di dwuma, mmere horow a ɛnsɛ sɛ wupue, fekubɔ ahorow ne mpo wɔ fie nnwumayɛ ne su horow mu. Ebia “mmerante bere mu akɔnnɔ” horow no bɛkã wo bere a ebia wokɔ so ara bɔ mmɔden sɛ wubedi gyinapɛn horow a ɛteɛ akyi no. (2 Timoteo 2:22) Eyi betumi ama woayɛ basaa wɔ wo nkate ahorow mu. Bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛde wo ho wɔ nneɛma pii mu no, wotwentwɛn wo nan ase ara na ebia wobɛte nka sɛ w’awofo akwankyerɛ ho hia. Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu a yɛadi kan aka ho asɛm no mu sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 63 gyee asɛm yi toom sɛ, “Sɛ m’awofo yɛ katee na me bo fuw mpo a, mete nka sɛ nea wɔreyɛ no teɛ.”
Nea ɛma nkate mu okũ bɛda mmofra ne awofo ntam no dɔɔso. Nanso, mubetumi ama okũ yi afi hɔ! Hu a mubehu sɛ ntease ankasa ho hia no ne ade a edi kan.
So Mete M’awofo Ase?
“Bere a na meyɛ abofra kakra no na mete nka sɛ me na yɛ onipa a ɔyɛ ‘pɛ’ a onni mmerɛwyɛ ne nkate horow a mewɔ no bi,” saa na John kae bere a na ɔrekaakae bere a wɔwɔ hɔ ansa na n’awofo regyae aware no. Mprempren ne na rebɔ mmɔden sɛ ne nkutoo bɛhwɛ mmofra baason.
John toaa so sɛ: “Mpɛn pii me na bisa yɛn nea ɔnyɛ wɔ nneɛma ahorow bi ho. Afei da koro bi mihui sɛ n’ani atane ne ho ankasa. Misusuw ho wɔ me tirim sɛ, ‘Dɛn na ɛrekɔ so yi, onhu nea ɔyɛ ankasa.’ Afei mifii ase hui sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na onim. Mifii ase tee nka maa no kɛse fi ɛno so rekɔ, na mihui sɛ ɔte sɛ onipa foforo biara.” John nuabea a onnya nnii mfirihyia aduonu de kaa ho sɛ, “Mekae sɛ mihui sɛ ɔresu esiane sɛ bɔ a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ no nyɛ yiye nti. Afei mihui sɛ yɛanya adwene a ɛnteɛ. Ɛnyɛ biribiara na otumi yɛ, ne wɔ bere ano wɔ ɔkwan a eye so bere nyinaa. Bere a yehui sɛ ɔwɔ nkate horow na ɔno nso yɛ onipa no, ɛtwee yɛn bɛn no.”
Saa mmofra yi nyaa tema, na ɛma wonyaa abusua a emu yɛ anigye. Odwontofo no kae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Obiara rentumi! Na wo anaa w’awofo nso saa ara. 1 Petro 3:8 se: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho.”
Kae sɛ ebia w’awofo bɛte nka sɛ wonni ahotɔ wɔ tete a wobetumi atete wo yiye no mu. Ebia wɔn yam bɛhyehye wɔn wɔ abrabɔ mu asiane ne sɔhwɛ horow a wuhyia no ho na ebia wɔbɛyɛ ade ma atra so. Bere a worenyin no, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔn ho nhia, wonnɔ wɔn na wonte wɔn ase yiye.
Ebia na w’awofo wo honam fam, sika fam anaa nkate mu nsɛnnennen bi a worenhu no kɛse. Sɛ nhwɛso no, ebia na agya bi ani nnye adwuma a ɔyɛ no ho, nanso esiane n’abusua nti ɔnna saa nkate horow no adi. Bere a ne ba ka sɛ, “Merentumi nkɔ sukuu” no, sɛ anka ɔbɛte nka ama no no ebia ɔbɛka sɛ, “Dɛn na ɛhaw wo? Mo mmofra de sɛ moanya no fo!” Na so tema a wubenya no remma asɛm no ano mmrɛ ase?
“Mansusuw m’awofo haw ahorow no ho efisɛ m’ankasa mewɔ mede,” saa na abofra bi kyerɛkyerɛɛ mu. Sɛ obi yɛ aso ma wo, otie nsɛm a woworow gu hɔ no na ɔte nka ma wo a, so w’ani nnye ho? Wote nka sɛ wosom bo. Wo na anaa w’agya nso te nka saa ara. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.
Ampa eyi ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ, nanso mmoa kɛse ne eyi: “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Ɔkwan bɛn so?
Nya ‘Wɔn Ho Anigye Ankasa’
Teen nsɛmma nhoma samufo Aurora Mackey kyerɛwee sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wubebisa wo na nsɛm a ɛfa ɔne ne na abusuabɔ ho, hokwan ahorow a onyae anaasɛ wannya bere na ɔte sɛ wo no, anaasɛ nneɛma a ɔte nka sɛ na ɛwɔ hɔ a obetumi apaw nea ɔpɛ anaasɛ na ɛnte saa bere a na ɔrenyin no. Ɛtaa ba sɛ, sɛ ɔte nka sɛ w’ani gye ne nkate horow ho na wuhu nea enti a ɛte saa no bi a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obehu wo de no yiye.” Ɛte saa ara wɔ agyanom nso fam.
Ampa wurentumi nkyerɛ w’awofo nea wɔnka anaa wɔnyɛ, nanso wubetumi adi sɛnea woyɛ w’ade no so. Ɛdenam bɔ a wobɛbɔ mmɔden sɛ wubehu nhyɛso ne ɔhaw ahorow no sɛnea onipa foforo no hu no, na woagye atom sɛ yɛn nyinaa yɛ mfomso no so no, wubenya nhumu anaasɛ nimdeɛ. “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.”—Mmebusɛm 19:11.
Sɛ w’awofo nte nka mma wo a, bisa wo ho nsɛm a ɛwɔ adaka no mu no. Nsusuho a ɛte sɛɛ betumi aboa wo ma ‘woatwa mfomso ho’ na woabu w’ani agu ntease a enni hɔ no so. Eyi bɛyɛ ‘anuonyam’ wɔ wo fam na aboa ma ntease ankasa aba—na ama wo ne w’awofo ani agye.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
“Adwuma a mobɛyɛ abom wɔ fie boa pii wɔ nyin o awofo no mmu nyinaa renyin no mu. . . . Ɛdenam bɔ a mobɛbom ayɛ ade wɔ fie no so no, mmusuo horow sua pii fo nnipa nkitahodi po ho wɔ wɔn ankasa fi.”—The Cooperating Family, Eleanor Berman
[Kratafa 14 adaka]
Sɛ w’awofo nte nka mma wo a, bisa wa ho sɛ: So na ɔwofo no—
● Nte apɔw, anaasɛ so na asɛm bi haw no?
● Adi yaw wɔ biribi a nyansa nnim a meyɛe anaa mekae ho?—Mmebusɛm 12:18.
● Suro sɛ mɛtɔ ɔhaw bi mu, na so ebia ɛte saa ampa?
● Nte nea na mekyerɛ no ase ara kwa?
[Kratafa 14 adaka]
“Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu. Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.”—Mmebusɛm 9:9, 10.
[Kratafa 12 mfoni]
So w’awofo te wo ase?