Mmofra Bisa Sɛ
Dɛn Nti na M’awofo Nte Me Ase?
TWA TEBEA YI HO MFONINI HWƐ.
Fida bi anwummere a abɔ nnɔnsia no, Jim a wadi mfe 17 no de n’ani kyerɛɛ abɔnten pon. Ɔkraa n’awofo sɛ “merekɔ aba!” a na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn werɛ befi sɛ wobebisa no asɛm a wɔtaa bisa no daa no.
Nanso na ɛsɛ sɛ ohu sɛ wɔremmu wɔn ani ngu so da.
Ne maame bisa sɛ, “Jimmy, bere bɛn na wobɛba?”
Jim tew gyina amonom hɔ ara. Ɔpo dodow ka sɛ, “Ɛm. . . aa . . . , mɛkyɛ kakra nti mma monntwɛn me.” Jim bue ɔpon no sɛ ɔrekɔ, nanso ansa na ɔbɛka ɔpon no atom no, ne papa teɛɛm sɛ, “James, twɛn!”
Jim tew gyina, na ne papa ne no kasa anibere so sɛ: “Wunim mmara no. Nnɔndu pɛpɛɛpɛ—ɛnsɛ sɛ ɛpa ho!”
Jim gu ahome na ɔdan n’ani kyerɛ ne papa ka sɛ, “Aa, Paapa, wunim sɛnea ɛyɛ me fɛre sɛ mɛka akyerɛ me nnamfo sɛ ɛsɛ sɛ midu fie ntɛm?”
Ne papa antie no koraa, na otĩ mu ka sɛ: “Nnɔndu pɛpɛɛpɛ—ɛnsɛ sɛ ɛpa ho!”
EBIA woafa tebea a ɛte saa mu pɛn. Sɛ́ ebia ɛfa bere a ɛsɛ sɛ wode ba fie, nnwom a wutie, wo nnamfo, anaa ntade a wohyɛ ho no, w’awofo nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsakra wɔn mmara no mu. Mfatoho bi ni:
“Bere a me maame san waree no, ne kunu no de n’ani sii dwom biara a na mebɔ so. Ewiee ase no, na ɛsɛ sɛ metow me CD nyinaa gu!”—Brandon.a
“Me maame kasa tia me sɛ minni nnamfo. Nanso sɛ meka kyerɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne obi bɔ a, nea ɔka ne sɛ, dabi, efisɛ onnim onii ko no. Ɛhyɛ abufuw paa!”—Carol.
“Me papa ne ne yere mpɛ sɛ mɛhyɛ T-Shirt a ɛkyekyere me. Na me papa mpɛ sɛ mehyɛ nika a ennu me kotodwe!”—Serena.
Sɛ wo ne w’awofo adwene nhyia a, dɛn na wubetumi ayɛ? Wubetumi ne wɔn asusuw ho? Joanne, a wadi mfe 17 ka sɛ: “Mpɛn pii no, m’awofo mpɛ sɛ wotie me.” Amy, a wadi mfe 15 ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ m’awofo mpɛ sɛ wɔbɛte m’ase a, meyɛ koom kɛkɛ.”
Nanso mpa abaw ntɛm! Ebia na w’awofo ayɛ krado sɛ wobetie wo mpo sen sɛnea wususuw.
Susuw eyi ho: Onyankopɔn mpo, sɛ nnipa ka wɔn asɛm kyerɛ no a, otie. Sɛ nhwɛso no, bere a Mose srɛɛ maa Israelfo a wɔn aso yɛ den no, Yehowa tiei.—Exodus 32:7-14; Deuteronomium 9:14, 19.
Ebia wobɛte nka sɛ w’awofo nte sɛ Onyankopɔn a ɔte asɛm ase no. Nokwarem no, ɛsono nkitahodi a ɛkɔɔ so wɔ Moses ne Yehowa ntam a na ɛfa ɔman mũ nyinaa ho no, ɛnna ɛsono sɛ woreka akyerɛ wo Maame anaa wo Papa sɛ wobɛkyɛ kakra wɔ kurom. Nanso nsɛdi bi wɔ nsɛm abien yi mu:
Sɛ wowɔ asɛmpa bi ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ tumi—wɔ ha yi, w’awofo—a, ebia wɔbɛpɛ sɛ wotie wo.
Sɛ wobetie wo a, na egyina sɛnea wobɛka w’asɛm no so! Akwan a edidi so yi betumi aboa wo ma woada wo nsɛm adi yiye:
1. Hu ɔhaw no. Kyerɛw asɛm a wo ne w’awofo adwene nhyia wɔ ho no wɔ ase ha.
․․․․․
2. Hu sɛnea wote nka. Kyerɛw asɛmfua biako fa kyerɛ sɛnea adwene a w’awofo wɔ wɔ asɛm no ho no ma wote nka—sɛ ebia ɛma wudi yaw, ɛma wo werɛ how, ɛhyɛ wo aniwu, ɛmma wunnye wɔn nni, anaa nea ɛte saa. (Sɛ nhwɛso no: Wɔ tebea a yɛde fii asɛm yi ase mu no, Jim kae sɛ sɛnea n’awofo yɛ katee wɔ bere a ɛsɛ sɛ ɔde ba fie ho no ma ɔfɛre wɔ ne nnamfo anim.)
․․․․․
3. Susuw nneɛma ho te sɛ ɔwofo. Fa no sɛ wowɔ ɔbabun bi a ne nsɛm tebea te sɛ nea wuhyiae wɔ Ɔfã 1 no. Sɛ wo na woyɛ ɔwofo a, dɛn paa na anka ɛho behia wo kɛse, na dɛn ntia? (Sɛ nhwɛso no: Wɔ tebea a yɛde fii asɛm yi ase mu no, ebia na Jim awofo suro sɛ wɔn ba no bɛkɔ akɔtɔ asiane mu.)
․․․․․
4. San susuw asɛm no ho. Bua nsɛmmisa a edidi so no:
Wohwɛ a mfaso bɛn na ɛwɔ w’awofo adwenkyerɛ no so?
․․․․․
Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ wɔn adwenkyerɛ no ho?
․․․․․
5. Wo ne w’awofo mmom nsusuw nea mubetumi ayɛ wɔ asɛm no ho ho. Sɛ wode akwan a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no di dwuma—na wususuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adaka “Nkɔmmɔbɔ Ho Nyansahyɛ Ahorow” no ho—a, wubehu sɛ wubetumi ne w’awofo adi nkitaho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Kellie ne ne maame ne ne papa di nkitaho wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Ɔka sɛ, “Sɛ wo ne wɔn yiyi nsɛm ano a, ɛrenkosi hwee, na nea wobɛyɛ biara, w’asɛm renyɛ dɛ da. Ɔkwan a mefa so ara ne sɛ me ne m’awofo bɛka ho asɛm. Mpɛn pii no, yɛn nyinaa adwene tumi hyia ma yenya yɛn ho ntease.”—g12-E 05.
Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” nsɛm a ɛba no pii wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org/ype
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.
[Adaka wɔ kratafa 24]
NKƆMMƆBƆ HO NYANSAHYƐ AHOROW
“Mfaso wɔ so sɛ wubetie wɔn sen sɛ wobɛteɛteɛm. Sɛ wutie w’awofo na wobɔ mmɔden sɛ wobɛte wɔn ase a, wɔn nso betie wo na wɔate wo ase.”—Rianne.
Kenkan Filipifo 2:3, 4.
“Wo ne wɔn nnyiyi nsɛm ano! Meyɛɛ saa mpɛn pii kosii sɛ awiei koraa no mibehui sɛ mimuaa m’ano a, anka mekwatii akasakasa ne ɛho asotwe no!”—Danielle.
Kenkan Mmebusɛm 17:27; 21:23.
“Twɛn kosi sɛ nneɛma mu bedwo, bere a wuhu sɛ w’awofo bɛpɛ sɛ wotie wo no.”—Collette.
Kenkan Mmebusɛm 25:11.
“Ɛsɛ sɛ woma w’awofo hu sɛ wubu wɔn, na sɛ wɔrekasa a, wutie wɔn yiye. Enti ansa na wobɛka sɛnea wote nka akyerɛ wɔn no, ma wɔn awerɛhyem sɛ woate nea wɔreka no, na wote ase.”—Emily.
Kenkan Mmebusɛm 23:22; Yakobo 1:19.
[Adaka wɔ kratafa 20]
ASETENAM NOKWASƐM
Ɛnyɛ nneɛma a mo adwene nhyia wɔ ho nyinaa na ɛsɛ sɛ mususuw ho. Wɔ nsɛm bi mu no, wubetumi ‘ama wo nsɛm atena wo koma mu, . . . na wayɛ komm.’ (Dwom 4:4) Abeawa bi a wɔfrɛ no Beatrice ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi na sɛ misusuw sɛnea sɛ mframa fa asɛm no so a ɛho renhia biara bio no ho a, menhaw me ho. Migyae mu ma ɛka.”
[Adaka wɔ kratafa 25]
DƐN NTI NA WUMMISA W’AWOFO?
Ɔkwan bɛn so na wo ne w’awofo siesiee mo ntam? Sɛ worenya hokwan no bio a, so anka wobɛsesa biribi? Sɛ saa a, dɛn na anka wobɛsesa?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]
NEA W’ATIPƐNFO KA
Wyndia—Mebɔ mmɔden sɛ mesusuw nsɛm ho ansa na makasa. Misusuw nea m’awofo ka ho, na mebɔ mpae ansa na maka biribi. Sɛ mihu sɛ nea mɛka no de akasakasa bɛba a, meyɛ komm kosi sɛ me bo bedwo, na ankɔfa akyinnyegye amma.
Ross—Sɛ mihu sɛ me bo reyɛ afuw a, meka kyerɛ me ho sɛ, akasakasa a ɛho nhia yi betumi asɛe m’anigye da mũ nyinaa. Eyi nti, mihu sɛ seesei me bo ntaa mfuw ntɛmntɛm te sɛ kan no.
Ramona—Mihu sɛ eye sɛ metie nea m’awofo ka bere nyinaa. Ebia na nsonsonoe kɛse biara nna wɔn nsusuwii ne me de no ntam, na nea yɛn adwene nhyia wɔ ho no nso nyɛ ade kɛse biara.