Mmofra Bisa Sɛ. . .
So Me Ntade Da Nea Meyɛ Ankasa Adi
“YƐN mu pii ne mmea ada na yɛanom nnubɔne ahorow,” saa na abofra bi a wadi mfirihyia 14 kyerɛw kɔmaa atesɛm krataa mu ɔkyerɛwfo bi. Ɔtoaa so sɛ: “Nanso ɛnsɛ sɛ wususuw sɛ mmofra nyinaa yɛ saa. Mmofra pii nyɛ saa.”
Ebia wo nso, wubedi yaw wɔ adwene a ɛne sɛ mmofra a wonnii mfirihyia aduonu nyinaa nom wii na wɔn bra asɛe no ho. Ebia woahu sɛnea nnubɔne ne aguamammɔ aka wo nnamfonom na enti wopɛ sɛ wunya asetra kwan a eye. Esiane sɛ wompɛ sɛ wɔbɛkan wo afra saa mmofra a wonnii mfirihyia aduonu a wɔn bra asɛe yi ho nti, ebia wobɛpɛ sɛ wobu wo sɛ nipa soronko. Na sɛ́ onipa a woyɛ soronko no, ebia wobɛte nka sɛ wowɔ hokwan sɛ wopaw nea ɛsɛ sɛ wohyɛ.
Woma afoforo bu wo dɛn? Ebinom nam ntade a wɔpaw so ma afoforo nya wɔn ho adwene a ɛnteɛ bere a wonnim. Nhwehwɛmufo John T. Molloy se: “Ɔkwan a yɛfa so siesie yɛn ho nya tumi kɛse wɔ nkurɔfo a yehyia wɔn so na ɛkã sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ yɛn ho no kɛse.”
Nnipa “hwɛ ɔhonam ani de.” (2 Korintofo 10:7) Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wubebu w’ani agu nokwasɛm titiriw a ɛfa nipasu ho yi so. Enti so woda ‘nea woyɛ ankasa’ adi denam ɔkwan a wofa so siesie wo ho no so? Dɛn na ɛkyerɛ wo kwan wɔ ntade ko a wopaw no mu?
Ɛba So Nnɛ—Etwam Ɔkyena
Nsakrae horow a ɛba wɔ stae anaasɛ sɛnea wɔpam ntade mu no yɛ nea ɛnkyɛ koraa. Nea ɛba so nnɛ no taa yɛ nea ɔkyena na ne bere atwam. Wɔ mfe kakraa a atwam wɔ aman binom so no, kɔnmuade abesi nhene ahorow ananmu, ntade a wɔapaapae ho abesi ntade ntiantia ananmu, ntade a ne kɔla yɛ nketewa abesi nea ne kɔla yɛ akɛse ananmu na trɔsa a ano yɛ ketewa abesi nea ano yɛ kɛse ananmu. Bible no kyerɛkyerɛ sɛnea abrabɔ te no mu yiye sɛ: “Wi yi ase su resakra.”—1 Korintofo 7:31, New World Translation.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso so ɛyɛ bɔne sɛ wobɛyɛ nneɛma bi a aba so bi?’ Nnipa a wɔma Bible no kyerɛ wɔn kwan bebua sɛ ‘Ɛnte saa ankasa.’ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no siesiee wɔn ho te sɛ nea na ɛhɔfo no siesie wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, Bible no kyerɛ sɛ Tamar hyɛɛ atade nworannworan yuu bi, “na saa batakari no na ɔhene mmabea a wɔyɛ mmabun no hyɛ” wɔ saa bere no mu.—2 Samuel 13:18.
Nanso, ebinom bɛyɛ nkoa ma stae ahorow, na wɔyɛ basaa bere a wontumi nhyɛ ntade bi a aba so anaasɛ ɛwɔ din ahorow bi no bi no. Sɛnea abeawa bi kae no: “Wuhu atade bi a ɛyɛ fɛ a obiara hyɛ bi wɔ aguadidan bi mu na woka sɛ, ‘Mama, tɔ saa atade no bi ma me’ na ɔka sɛ, ‘Dabi, metumi apam bi wɔ fie.’ Meka sɛ, ‘Nanso wonte ase. Mepɛ saa atade yi.’”
Nnansa yi trɔsa a aba so a wɔakyerɛkyerɛw din ne nneɛma ahorow abobɔ ne nkotoku ano no kyerɛ sɛnea wɔdaadaa nkurɔfo wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Ntɛm ara saa trɔsa yi bɛyɛɛ atade a aba so kɛse. Saa trɔsa ntama a anim yɛ bruu na wɔakyerɛw wɔn a wɔde bae no din agu mu te sɛ Calvin Klein ne Gloria Vanderbilt bɛyɛɛ nea aba so. Ná ɛyɛ nea nkurɔfo asiesie wɔn ho sɛ wobetua sika a ɛkɔ soro kɛse de atɔ ntade a ɛte sɛɛ a ɛma wɔbɛyɛ te sɛ kyerɛw apon a wɔde si kwan ho bɔ nneɛma ho dawuru wɔ so a ɛnantew no, na ɛda so ara te saa nnɛ.
Dɛn ntia? “Nkurɔfo pɛ din,” saa na Eli Kaplan ka wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu. Ɔne adwumayɛkuw a wɔpam “Sergio Valente” trɔsa no panyin. Ɛnde hena ne saa Owura Valente yi a wɔakyerɛw ne din akɛseakɛse agu saa trɔsa yi nkotoku ano no? “Ɔnyɛ obi a ɔte ase,” saa na Newsweek bɔ amanneɛ. Owura Kaplan bisa sɛ: “Hena na ɔbɛtɔ Eli Kaplan trɔsa?”
Di a wubedi stae biara a ɛba so akyi no betumi ama woahwere onipa soronko a woyɛ no, ɛbɛma onipa a woyɛ ankasa no so akata. Enti mma nneɛma ho dawurubɔ ne ɛho nsɛm ahorow a wɔka no nnaadaa wo. Mmom no, susuw afotu a ɛwɔ Bible mu wɔ Romafo 12:2 no ho yiye: “Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”
Dɛn ne nea ‘Onyankopɔn pɛ a ɛsɔ ani,’ sɛ ɛba ntade a wopɛ so a? So Bible no de akwankyerɛ ahorow ma?
‘Ani a Ewu Ade ne Ntade a Ɛsɛ’
Wɔmfaa mmara ahorow denneennen bi nkyekyeree Kristofo nnɛ wɔ ntadehyɛ ho. Nanso Timoteo Nhoma a Edi Kan 2:9 hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa “ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.”
“Ntade a ɛsɛ” bɛyɛ nea ɔkwan biara so no anim da hɔ na ɛfata. “Ani a ewu ade” susuw tebea horow ne afoforo nkate ho. Ntade a wɔapam no yiye na ɛsɛ betumi ayɛ nea ɛfata ma w’adwuma, nanso ɛbɛyɛ nea ɛmfata wɔ mpoano baabi a woguare. Wɔ ɔkwan foforo so no, asuguare atade yɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛka sɛ ɛfata wɔ adwumayɛbea.
Ebinom nsusuw afoforo nkate ho, na sɛnea wɔn ankasa te nka no nkutoo na wosusuw ho. Nanso Bible no kae yɛn sɛ: “Sɛ mise ahonim a, menne wo de, na mede onii no de.” (1 Korintofo 10:29) Sɛ wo adwene mu yɛ wo naa wɔ fata a atade bi fata ho a, nsuro sɛ wubebisa w’awofo adwene wɔ ho. Wopɛ sɛ wuhu sɛ wo ntade da nea woyɛ ankasa adi!
Siesie Wo Ho Sɛnea Ɛfata
Ahosiesie a ɛfata nso betumi aboa ma afoforo ani agye wo ho. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛnea na ɛho hia sɛ Ɔhemmea Ester kɔ ne kunu a ɔyɛ ɔhene no anim ho asɛm. Ná kɔ a ɔbɛkɔ n’anim bere a ɔntoo nsa mfrɛɛ no yi yɛ bɔne kɛse! Enti Ester dii abuada na akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Onyankopɔn mmoa. Afei nso osusuw n’ahosiesie ho denam “ɔhemmea atade” a ɔhyɛe no so. Na “ɔhene no huu ɔhemmea Ester sɛ ogyina abangua so no, onyaa n’anim anuonyam.”—Ester 5:1, 2.
Ebia wo ho a wubesiesie wɔ ɔkwan a ɛfata so no bɛboa ma wɔanya wo ho adwempa bere a worehwehwɛ adwuma na wokɔ ma wobisabisa wo nsɛm, nea wɔfrɛ no borɔfo mu interview no. Nanso dɛn ne nea ɛfata? Vicki L. Baum a ɔyɛ Adwuma Nkɔso Adwumayɛbea bi kwankyerɛfo no se: “Mmea binom yɛ basaa bere a wɔrehwehwɛ adwuma na wɔkɔ ma wobisabisa wɔn nsɛm no. Wosusuw sɛ ɛte sɛnea wɔne ɔbarima bi ayɛ nhyehyɛe rebefi adi, na wosiesie wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛtwetwe akɔnnɔ so.” Nea efi mu ba? “Eyi adwuma bi ho nimdeɛ a wowɔ no fi hɔ.” Enti ɔkamfo eyi kyerɛ sɛ: “Nhyɛ ntade a wɔapaapae ho, nea ɛkyekyere wo ho anaasɛ ɛtwe adwene si biribi so anaasɛ ɛkanyan akɔnnɔ.
Ɛsɛ sɛ mmerante nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ntade a ɛsɛ bere a wɔrehwehwɛ adwuma no. Ɔkyerɛwfo John T. Molly se adwumawuranom a ɛda adi sɛ wubehyia wɔn no “anunu wɔn tirim na wɔde aduru akeka wɔn mpaboa ho. Na wɔhwɛ sɛ mmarima afoforo bɛyɛ saa.”
Ntade a ɛnsɛ betumi asɛe wo ne afoforo ntam abusuabɔ. Psychology Today twe adwene si nhwehwɛmu bi a wɔyɛe so a ɛfa mmerante ho a ɛkyerɛe sɛ “ntade a wotwa ne kɔn mu ma ɛba fam kɛse, nika, trɔsa a ɛkyekyere wɔn kɛse, anaa bɔdis a wɔmmɔ” yɛ nea ɛda adi sɛ ɔbarima bɛfa no sɛ wɔde retwetwe akɔnnɔ. Sɛnea aberante bi kae no: “Ɛyɛ me den sɛ menya mmabaa ho adwempa bere a mihu ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho no.” Bible afotu a ese yɛmfa ani a ewu ade nsiesie yɛn ho no a wubedi akyi no ma afoforo hu su horow a ɛwɔ wo mu no. So worenyɛ obi a afoforo ani gye ne ho esiane sɛnea wote wɔ wo mu no nti, sen sɛnea woasiesie wo ho no?
Ɛwom, ebia bere bi wɔ hɔ a wo ho a wobɛma ayɛ fɛ wɔ nipadua mu no te sɛ nea ɛkɔ akyiri pii. Nanso, ɛho nhia sɛ wode w’adwene nyinaa si honam fam ahosiesie so. Kae, nipa ko a woyɛ wɔ wo mu no ne nea ɛho hia. Enti ɔsomafo Petro hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmma wɔn ahosiesie nyɛ “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim”—yiw, ne wɔ afoforo anim!—1 Petro 3:4.
Enti, so wo ntade da nea woyɛ ankasa adi? Anaasɛ woreda nsɛm a ɛnteɛ wɔ wo ho adi? So woma nkurɔfo hu wo su a ɛwɔ wo mu a ɛyɛ fɛ no? Obi a ɔwɔ su a ɛyɛ fɛ no, afoforo ani begye ne ho—sɛ ne ntade nyɛ nea aba so anaasɛ nea wɔakyerɛkyerɛw nneɛma ahorow abobom no bi mpo a.
Hena na onim ntade afoforo a ɛbɛba so a ɛbɛma mmerante ne mmabaa de ahopere akɔ aguadidan ahorow mu? Nanso, wubetumi ayɛ soronko, a wonyɛ akoa mma afoforo nsusuwii bio. Nkakrankakra, ahosiesie ne abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a wukura mu no bɛma afoforo abu wo. Nea ɛsen ne nyinaa no, wubenya su a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na, wɔ ne nyinaa mu no, ɛne nea ehia ankasa, so ɛnte saa?
[Kratafa 13 mfoni]
“Mama, ɛsɛ sɛ minya saa atade yi bi”
[Kratafa 15 mfoni]
Ntade a ɛfata betumi ama afoforo abu wo kɛse