Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 3-4
  • Amumɔyɛsɛmdi—Akodi A Ɛkɔ So Wɔ Ɔman Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛsɛmdi—Akodi A Ɛkɔ So Wɔ Ɔman Mu
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Omumɔyɛfo anaasɛ Ahofadi ho Ɔkofo?
  • Amumɔyɛfo Akwan Horow
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 3-4

Amumɔyɛsɛmdi​—Akodi A Ɛkɔ So Wɔ Ɔman Mu

EFI bere a wɔkoo Wiase Ko I no, atubrafo nheman akɛseakɛse agu. Aman afoforo a wofi mu kyekyeree no di tumi ho aperepere. Ntawntawdi ne akameakame a emu yɛ den kɔ so wɔ wɔn mu, na wɔdan fi amammui ne asetra ho adwene a ɛkɔ akyiri dodo biako so kɔ foforo so. Latin America yɛ beae a akodi rekɔ so wɔ aman a ɛwɔ hɔ no mu. Fa Afrika asase mfonini a wɔyɛe wɔ 1914 mu no toto nnɛ Afrika asase mfonini ho. Atubrafo nheman akɛseakɛse no afi hɔ. Nea abesi ananmu ne aman ahorow bɛboro 30, na emu pii wɔ hɔ a ntawntawdi ahorow rekɔ so wom.

Bere a akodi a ɛkɔ so wɔ aman horow mu no mu kɔ so yɛ den no, osuro no mu bɛyɛ den kɛse sɛ ebia aman horow no mu bɛpaapae na asɛe koraa. Bere a wɔredi n’asɛm wɔ Israel no, Japanni Red Army omumɔyɛfo no ka kyerɛɛ nnipa a wɔde no akotwa no sɛ: “Yenim [sɛ akodi a ɛkɔ so wɔ aman horow mu no] mu bɛyɛ den kɛse asen aman ne aman ntam akodi ahorow.”

Omumɔyɛfo anaasɛ Ahofadi ho Ɔkofo?

‘Onipa a ɔyɛ omumɔyɛfo ma obi no yɛ ahofadi ho ɔkofo ma onipa foforo.’ Amumɔyɛfo a wɔn ani gye benkum fam nniso ho no de wɔn nsa kyerɛ George Washington so. So wanni asraafo a wɔyɛ ɔman anidanfo anim antu Britaniafo nniso angu? Red Army Kuw no okyigyinafo bi a na wɔredi n’asɛm a ɛfa ne nkwa ho wɔ West Germany asennibea bi no kae sɛ: “Ná George Washington yɛ omumɔyɛfo. Sɛ́ wɔbɛka obi ho asɛm sɛ ɔyɛ omumɔyɛfo no yɛ asɛm a nidi wom.”

Wɔ Amerikafo fam no, sɛ́ wobɛka George Washington ho asɛm sɛ na ɔyɛ omumɔyɛfo no yɛ nea ɛkyerɛ atua a wotew. Nanso Amerikafo kaa Fidel Castro ho asɛm bere bi sɛ ɔyɛ ahofadi ho ɔkofo a ɔyɛ ɔkokodurufo. Ɛno yɛ bere a ɔne asraafo dɔm bi a wɔahyɛ da atete wɔn dii katabaakofo Batista asraafo so nkonim no. Akyiri yi esiane nniso a ɔde sii hɔ no nti, Amerikafo buu Castro sɛ ɔte sɛ ɔman anidanfo a wɔtow ɔtopae kum Czar Alexander II na wɔde Rusiafo ɔman Anidan no sii hɔ no.

Ebinom hu ade a ɛyɛ abufuw bi wɔ amumɔyɛsɛmdi mu a ɔmanfo de ba wɔn ho so. Afoforo nso hu sɛ ɛyɛ anibuei mu ɔhaw​—akuw horow, akɛse anaa nketewa, a wɔn ani abere denneennen sɛ wɔbɛyɛ amammui, sikasɛm, ne mpo nyamesom nhyehyɛe yi anaa eyi foforo.

Amumɔyɛfo Akwan Horow

Omumɔyɛfo a ɔwɔ hɔ nnɛ no bɔ korɔn, ɔhyew nneɛma, ɔtotow atopae ahorow, ɔkyere nkurɔfo sie na okunkum nnipa nso. Wɔ ɔno fam no, ne nneyɛe no nyɛ nsɛmmɔnedi ankasa, sɛnea ɛte no. Ohu sɛ ɔreyɛ nea aman ahorow de yɛ wɔn ho wɔn ho wɔ ɔko bere mu no. Ne nneyɛe no yɛ ɔko nneyɛe. Ɔko tia asetra ho nhyehyɛe bi.

Sɛnea ɛte no, ɔde ne ho kɔbɔ nnamfo a wɔpɛ mogyahwiegu ho. Wɔyɛ wɔn ade wɔ kokoam. Wodi nsɛmmɔne na woguan. Wɔyɛ nnipa a wɔfa wɔn ma wɔkɔko, ɔman ase tutufo. Ɛtɔ bere bi a wɔn dodow yɛ kɛse araa ma wɔdan asraafo dɔm. Wɔn ho hu ka aman ahorow ma wɔde wɔn ho hyɛ akodi, ntua ne atirimmɔdenne ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na Amanaman Nkabom no bɛkyerɛw abakɔsɛm a ɛfa nnɛyi Lebanon nkutoo ho​—nea abɛyɛ beae a Palestinafo, Siriafo ne Israelfo di ako no? Na, fa no sɛ wɔayi asraafo a womfi hɔ no nyinaa afi ɔman no mu, ɔkwan bɛn so na Lebanon bɛfa aka akuw ahorow a wɔwɔ ɔman no mu a wɔne Maronifo Kristofo, Sunni, Shite ne Druze Nkramofo a wɔadi afra no abom? So basabasa a kuw biako yɛ de tia ɔfoforo no yɛ amumɔyɛsɛmdi? Mmuae no gyina oniiko a wubisa no no so.

Sɛ́ wobɛka nea amumɔyɛsɛmdi ayɛ de asesa ɔkwan a na aman ahorow nam so ho asɛm no yɛ nea ɛbɛma ɛho ahia sɛ wususuw wiase abakɔsɛm wɔ mfirihyia 50 a atwam no mu ho kakra. Nneɛma ahorow a ɛkyerɛ sɛ amumɔyɛsɛmdi mu retrɛw a ɛyɛ nea asɔretiafo a wɔwɔ aman no mu ne akyi na ɛhyɛ ho nkuran na wodi ho dwuma no ma asemmisa a ɛyɛ hu bi sɔre wɔ wiase akannifo adwene mu: Dɛn na “akodi a ɛkɔ so wɔ ɔman mu” no bɛkyerɛ ama aman horow no?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

‘Yenim sɛ akodi a ɛkɔ so wɔ aman horow mu no mu bɛyɛ den kɛse asen aman ne aman ntam akodi ahorow’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena