Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 6-10
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wodi Amumɔyɛsɛm wɔ Northern Ireland?
  • Nea Enti a Wodi Amumɔyɛsɛm
  • Adesamma Abusua a Ɛho Da Kwan
  • Amumɔyɛsɛm ne Amammui Adwene Horow Abien a Ɛne Ne Ho Nhyia
  • Amumɔyɛsɛm ne Bible Nkɔmhyɛ
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 6-10

Amumɔyɛsɛm​—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?

“LONDON, April 17​—Otuo a ɛtow ntɛmntɛm a wofi Libya aban ananmusifo dwumadibea tow guu nnipadɔm bi so nnɛ no kum polisini bi na epiraa nnipa 10 bere a wɔsɔre tiaa Muammar el-Qaddafi Aban no.”​—The New York Times.

“Ɛda adi pefee sɛ nnipa a na wokura atuo wɔ ɔdan na mu no tow nnipa a na wɔresɔre atia aban no tuo fii mfɛnsere a wɔabue mu . . . Otuo no kɔbɔɔ polisinibea a onkura akode biara no akyi. . . . Wɔ atirimɔdenne yi akyi dadu no, Britania aban maa awudifo na fii ɔman no mu a wɔn akode a wɔde dii awu no nso ka ho a wɔanyɛ wɔn hwee.”​—Terrorism​—How the West Can Win.

Esiane sɛ wɔn a wɔtow otuo no yɛ aban ananmusifo nti, wɔanyɛ wɔn hwee.

DƐN nti na nkurɔfo ne akuw horow di amumɔyɛsɛm? Henanom na wodi amumɔyɛsɛm tia wɔn titiriw? Dɛn na amumɔyɛsɛm ma wotumi yɛ?

Adwene biako ne sɛ amumɔyɛsɛm te sɛ ɔyare ho sɛnkyerɛnne a ebetumi akyerɛ sɛ abusua, asetra, ne amammuisɛm mu nsisi ahorow ahorow rekɔ so. Katolekfo sɔfo James T. Burtchaell kae sɛ: “Abusua ne/ anaasɛ nyamesom kuw bi a emufo nnɔɔso (ne mpɛn pii ahiafo) a wɔn ankasa pɛ sɛ wodi wɔn ho so no di amumɔyɛsɛm ahorow no mu binom: Basquefo a wɔwɔ Spain, Katolekfo a wɔwɔ Ulster, Hukfo a wɔwɔ Philippines. . . . Nniso ahorow a sɔre a nnipa no mu fã kɛse ara sɔre tia wɔn no rema agu no di amumɔyɛsɛm no bi . . . Ebi yɛ nea nnipa kakraa bi a wɔpɛ sɛ nniso no bedi wɔn nsam no di.”

Nanso so akuw a emufo nnɔɔso nkutoo nna wodi amumɔyɛsɛm? Burtchaell toa so sɛ: “Nniso ahorow ma wodi amumɔyɛsɛm ahorow bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka nniso foforo bi a ɛmpɛ sɛ ɛne wɔn bɛyɛ biako ho nsɛmmɔne, wɔatutu ase na wɔatu agu.”​—Fighting Back.

Sɛnea nnipa afoforo a wɔde ɛho nkyerɛkyerɛmu ma kyerɛ no, wobetumi agyina amammui adwene a obi wɔ no so akyerɛkyerɛ nea ɛma wodi amumɔyɛsɛm no mu wɔ ɔkwan foforo so. Ebinom ka sɛ, sɛ wosisi afoforo na wontumi mfa mmara kwan so nni ho dwuma a, basabasayɛ ba bɛyɛ ano aduru biako pɛ a wɔwɔ. Afoforo hu sɛ amumɔyɛsɛm yɛ ade a wɔyɛ de sɔre tia Atɔe Fam demokrase ahorow no a aman a wɔne wɔn nkura amammui adwene biako no na wɔhyɛ ho nkuran. Ma yɛnhwehwɛ nokwasɛm ne adwenkyerɛ ahorow no bi a ɛfa ɔhaw a emu yɛ den yi ho no mu.

Dɛn Nti na Wodi Amumɔyɛsɛm wɔ Northern Ireland?

Sɛnea Northern Ireland​—The Divided Province akyerɛwfo kyerɛ no, wɔde Britania Protestantfo a wɔn mu pii fi Scotland kɔtraa Ireland a ɛyɛ Katolekfo asase so wɔ bɛboro mfe 350 a atwam ni no mu na ɛma wonyaa amammerɛ a ɛsonsonoe, na akyiri yi ɛmaa adwuma ho bɛyɛɛ na. Saa nhoma no ka sɛ: “Protestantfo a wɔwɔ Northern Ireland no mu pii baa hɔ wɔ afeha a ɛto so 17 no mu bere a wofii adeyɛ bi a wɔfrɛ no Ulster ‘afuw’ ase wɔ 1607 mu no. Awiei koraa no, eyi na ɛmaa Engiresifo dii Ireland supɔw no so tumi koraa no.” Engiresifo tumidi yi na ɛde nitan ne basabasayɛ aba wɔ mfehaha pii a atwam ni no mu no.

Wɔtew Katolekfo Ireland Ahofadi Man (Eire) no wɔ 1921 mu, na wogyaw Protestantfo amansin atitiriw asia a ɛwɔ kusuu fam apuei no sɛ ɔman a atew ne ho na ɛbɛyɛɛ Northern Ireland. Wɔ Irelandni a ɔreko apere ahofadi fam no, adeyɛ yi na ɛpaapae Ireland mu. Efi saa bere no, IRA (Irish Republican Army) a mmara mma ho kwan no akɔ so ako sɛ ɛbɛsan aka Ireland abom biako​—ade a Protestantfo no ko tia denneennen. Dɛn ntia? Efisɛ wɔmpene so sɛ wɔbɛba abɛhyɛ nea wonim sɛ ɛyɛ ‘Katolekfo Paapa no nniso’ a ɛwɔ Dublin no ase.

Wɔaka adwene a Protestantfo kura no ho asɛm tiawa wɔ asɛm a The New York Times kae wɔ aba a wɔtowee nnansa yi wɔ Ireland sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so abara awaregyae a wɔpenee so no mu sɛ: “Amammuifo a wɔwɔ Northern Ireland a wɔsɔre tia ayɔnkofa biara a wɔne ɔman no benya no ka wɔn a wodii kan kasa tiaa abatow no sɛ ‘tumi’ a Roman Katolek Asɔre no wɔ wɔ Irish Republic so no fã bi no ho.”

Mprempren IRA no mu akyɛ abien​—officials ne Provisionals (Provos) . Sɛnea abakɔsɛm ho ɔdenimfo Thomas E. Hachey kyerɛ no, “wɔn a wɔfrɛ wɔn Officials no pɛ sɛ Ireland nyinaa a ɛyɛ amansin aduasa abien no yɛ sohyialist ɔman. . . . Wɔn a wɔfrɛ wɔn Provos no ka sɛ ɛsɛ sɛ Ireland nya federal nniso ne mmara (The Rationalization of Terrorism) Sɛnea wɔn a wɔfrɛ wɔn Provos no bu wɔn botae horow aniberesɛm no yɛ nea wɔyɛɛ ho nhwɛso wɔ 1984 mu bere a wɔde ɔtopae kɔtoo Brighton ahɔhodan mu a ɛkaa kakraa bi ma ekum Britania Ɔmampanyin Thatcher ne n’aban asoafo no.

Wɔ nsɛm a ɛfa nyamesom, amammui ne mmusua ho nyinaa akyi no, nsemmisa ahorow bi da so ara wɔ hɔ: So atirimpɔw ahorow bi a emu dɔ wɔ hɔ nti a ɛma wodi amumɔyɛsɛm? Aman a wɔwɔ tumi kɛse no ho asɛm wom kodu he?

Nea Enti a Wodi Amumɔyɛsɛm

Arab amumɔyɛfo akuw ahorow no kyerɛ sɛ nea wɔyɛ no teɛ denam adwene a wɔtwe si amane a Palestinafo aguanfo a wɔn asase a ɛne Palestina fii wɔn nsa bere a wɔtew Israel wɔ 1948 mu no hu no so. Wɔ mfe dudu pii a atwam no mu no, abufuw no ayɛ kɛse araa ma mprempren ɛnyɛ Arab amumɔyɛfo no botae ne sɛ wobenya wɔn ankasa asase nko na mmom wɔbɛyɛ biribi a ɛyɛ hu ma Yudafo no​—tɔre a wɔbɛtɔre Israelfo ase. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

Yeyii asɛm a yɛafa aka a edi so yi fii Hizballah (“Onyankopɔn Amanyɛkuw”) a ɛyɛ Shi’ite kuw bi a ɛwɔ Mfinimfini Apuei no “krataa a ɛbaa atesɛm krataa mu” no mu.

“Mprempren yɛn mma bɛkɔ so ako atia saa atamfo yi [Israel, United States, France, ne, (Lebanonfo) Phalange] kosi sɛ yebedu botae ahorow a edidi so yi ho:

“Fi a awiei koraa no Israel befi Lebanon sɛ ade a edi sɛe a wɔbɛsɛe no pasaa anim na yɛagye Jerusalem afi asraafo a wɔakɔfa no nsam.”​—Hydra of Carnage.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, “mogya adansefo” a Ayatollah Khomeini a ɔwɔ Iran, ne ne nyansapɛ anya wɔn so nkɛntɛnso a yɛafa ho asɛm afi nhoma a wɔfrɛ no Sacred Rage mu aka yi di amumɔyɛsɛm pii: “Ɛsɛ sɛ wiase no nniso ahorow hu sɛ wɔrentumi nni Nkramosom so nkonim. Nkramosom bedi nkonim wɔ wiase aman nyinaa mu na Nkramosom ne Koran no nkyerɛkyerɛ ahorow bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa.”

Adwene yi ma osi gyinae foforo yi: “Enti biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ sen sɛ yɛbɛsɛe saa nniso ahorow a aporɔw no . . . na yɛatu nniso ahorow a enye, aporɔw, ɛhyɛ nkurɔfo so na edi nsɛmmɔne no nyinaa agu. Eyi yɛ adwuma a ɛsɛ sɛ Nkramofo nyinaa yɛ.”

Ade foforo nso a ɛma amumɔyɛfo afoforo di amumɔyɛsɛm ne sohyialism a ɛma wotumi yɛ nsakrae kɛse ne kapitalism a wɔbɛsɛe no no. Ɔkyerɛwfo Jan Schreiber ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Ultimate Weapon​—Terrorists and World Order no mu sɛ: “Mpɛn pii wɔde afoforo a wotumi sisi wɔn no toto kapitalism ho na wɔde kapitalism toto fasist nniso ho sɛ ebia demokrase ama asakra anaasɛ dabi no.” Sɛnea Japanni bi a ogyina amumɔyɛsɛm akyi kae no: “Nea yɛrennye ntom wɔ wiase yi mu da ne nokwasɛm a ɛyɛ sisi a nnipa sisi afoforo a kapitalism ama aba no. Na eyi ne atirimpɔw nti a yɛpɛ sɛ yɛko no.”

Nanso nnipa afoforo hu amumɔyɛfo wɔ ɔkwan foforo so. Israel hemmɔfo Benjamin Netanyahu kyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ biribi na ɛma wodi amumɔyɛsɛm. Ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ obi paw, adebɔne a wɔpaw.” Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ amanehunu na ɛma wodi amumɔyɛsɛm na mmom basabasayɛ a wɔpɛ nti. Yebetumi ahu eyi wɔ adwene bi a wokura wɔ wiase nyinaa a ɛkyerɛ sɛ amammui adwene ne nyamesom mu botae ahorow bi pene so na ɛhwehwɛ sɛ woyi abrabɔ mu mmara ahorow nyinaa fi hɔ no mu.”​—Terrorism​—How the West Can Win.

Adesamma Abusua a Ɛho Da Kwan

Neil Livingstone a ɔyɛ amumɔyɛsɛm ho nsɛm ho ɔbenfo a ofi U.S. no kyerɛw sɛ: “Esiane sɛ yɛn wiase yi ayɛ nea nkurow akɛse pii wom ne hwanyann nti, yɛabɛyɛ nnipa a ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ akuw nketewa anaasɛ ankorankoro mpo a wɔawe ahinam so sɛ wɔbɛsɛe nnipa no mu fã kɛse no asetra anaasɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ nea wɔpɛ no bedi wɔn nsɛmmɔne.” Dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi amumɔyɛsɛm atia yɛn adesamma abusua yi? “Amumɔyɛfo a wɔn ho yɛ hu ne adesɛefo betumi asɛe nneɛma a yɛn nkwa gyina so a ɛnnɔɔso a ɛne nsu, petrol, akwantu, nkitahodi, ne ahotew nhyehyɛe no.”​—Hydra of Carnage.

Esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ nneɛma a yɛn nkwa gyina so no bɛsɛe nti, omumɔyɛfo biako betumi adi tumi te sɛ tete bere no mu asraafo dɔm. Livingstone de ka ho sɛ: “Esiane nkɔanim a wɔanya wɔ mfiridwuma mu nti . . . onipa biako betumi afa akwan horow pii so akunkum nnipa asen bere biara. Tumi a obi a ɔwɔ mfiridwuma bere yi mu wɔ no ne asraafo dɔm a na [wɔwɔ bere] a na akode a wɔde ko titiriw ne afoa, bɛmma, ne peaw mu no de yɛ pɛ. Eyi ne nneɛma atitiriw nti a amumɔyɛfo yɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mprempren wiase yi mu no mu biako.”

Ade foforo a ebetumi ama wɔadi amumɔyɛsɛm atia nnɛyi adesamma abusua no ne sɛnea nsɛm a esisi no tumi nya nkurɔfo so tumi ntɛm ara no. Television ma tumi a amumɔyɛsɛm wɔ no yɛ kɛse. Omumɔyɛfo no pɛ sɛ ɔkwan a ɔnam so no ho asɛm trɛw wɔn amanaman no mu​—na esiane nsɛm ho amanneɛbɔ nti, ne nsa tumi ka eyi!

Wɔ bɛyɛ afeha biako pɛ a atwam ni no mu no, na edi nna pii ansa na wɔatumi ate nsɛm a esisi no wɔ wiase nyinaa. Mprempren wɔte nsɛm a esisi no ntɛm ara. Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, omumɔyɛfo no betumi ahu sɛ ɔredi n’amumɔyɛsɛm no wɔ TV so. Ɔtaa hu nea nnipa a ɔredi amumɔyɛsɛm atia wɔn no reyɛ na ɔkɔ so de anifere kɛse di dwuma. Jan Schreiber kɔ so ka sɛ “ɔpɛ a omumɔyɛfo no wɔ sɛ ɔmanfo bɛte ne ho asɛm” no ayɛ “ɔkwan a otumi fa so kɛse.”

Nanso so nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a ɛma amumɔyɛsɛm tumi nya nkɔso?

Amumɔyɛsɛm ne Amammui Adwene Horow Abien a Ɛne Ne Ho Nhyia

Esiane sɛ amumɔyɛ ho nsɛm ho abenfo baanu bi nni daakye ho anidaso biara a wɔde bɛma nti, wɔkyerɛw sɛ: “Amumɔyɛsɛm rennyae. Aman nketewaa a wonni ahoɔden no ahu sɛ ebetumi ama amammuisɛm mu tumi a wɔwɔ no anya nkɔso, na wɔ di a wonni nneɛma a ɛdɔɔso nyinaa akyi no, ɛda adi sɛ wɔrennyae amumɔyɛsɛm a wɔde di dwuma sɛ adwinnade wɔ amammuisɛm ne sraadisɛm mu no.” Wɔde ka ho sɛ wɔ bere koro no ara mu no, aman ahorow bi a wɔwɔ tumi kɛse no hu sɛ mfaso wɔ afoforo a wɔnam wɔn so ko denam amumɔyɛsɛm a wodi no so no mu. “Aman akɛse a wɔwɔ ahoɔden no ahu sɛ wɔnam amumɔyɛsɛm so betumi adu wɔn botae ho a wɔrenhyia asiane biara a akwan afoforo a wɔfa so ko no de ba no.”​—Fighting Back.

Sɛ aman a wɔwɔ ahoɔden no ahu sɛ amumɔyɛsɛm betumi aboa ma wɔadu wɔn botae ahorow ho a, ɛnde so ebetumi aba sɛ eyi na ama wodi amumɔyɛsɛm ahorow bi anaa emu pii wɔ wiase nyinaa no? Jan Schreiber kyerɛw sɛ: “Nsɛm ahorow a ɛdaa adi wɔ afe apem ahankron aduoson mfe no mfinimfini mu hɔ no sii nea nnipa a wɔde adwempa rehwɛ nea ɛrekɔ so no afi bere tenten ahu a wonni ho adanse biara no so dua; sɛ amammui adwene atitiriw abien a ɛwɔ wiase no mu afa akwan horow, nea eye ne nea enye nyinaa so adaadaa wɔn atamfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so akura wɔn tumidi mu.”

Saa amammui adwene a ɛsonsonoe yi da adi wɔ ɔkasa a Rusiafo kannifo Gorbachev mae no mu bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɛda adi pefee sɛ yebetumi afa amanaman ntam abusuabɔ so ayɛ biako, sɛ ahempɔnsɛmdifo no begyae mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi abakɔsɛm mu ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ asetra mu nhyehyɛe ahorow abien no ntam ho dwuma denam sraadisɛm so no mu a.”​—A Time for Peace.

Afoforo nso hu amanaman ntam ‘agoru’ a aman abien a wɔwɔ tumi kɛse no di yi. Sɛ nhwɛso no, Robin Wright kyerɛw wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Sacred Rage no mu sɛ: “Nkramofo akofofo nso te nka sɛ United States bu Mfinimfini Apuei titiriw sɛ baabi a ɔne Rusia besi akane na abu n’ani agu tumi akɛse a ɛwɔ hɔ no so koraa. Wɔ wiase a adwene horow abien a ɛsonsonoe na ɛwom mu no, ɛnyɛ nea U.S. agye nsa a Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa ato afrɛ no sɛ onnye wɔn ntom no so.” Ɛda adi sɛ aman nketewa no bi hu wɔn ho sɛ wɔde wɔn redi dwuma te sɛ dame aba wɔ amammui adwene ho akameakame no mu.

Abenfo a wɔwɔ atɔe fam no bu amumɔyɛsɛm no mu pii sɛ akode foforo a wɔde redi dwuma de asɛe kapitalist nhyehyɛe no. Aban hemmɔfo a wɔfrɛ no Robert B. Oakley a ɔyɛ ko a wɔko tia amumɔyɛsɛm ho nsɛm ho ɔbenfo a ofi U.S. no kae sɛ: “Sɛ wɔanni amumɔyɛsɛm a ɛrenya nkɔanim no ho dwuma a, ɛbɛsɛe amammui, sikasɛm, ne sraadi nhyehyɛe a United States ne ne nnamfo de wɔn ho ato so sɛ wɔde bɛkora wɔn aman ne wɔn yiyedi so na wɔabɔ ho ban na wɔama anya nkɔso no . . . Wɔ mfe a ɛreba no mu no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ehu kɛse a amanaman ntam amumɔyɛsɛm a wodi no bɛma akɔ so no . . . a atirimɔden nniso kakraa bi na wogyina emu pii akyi anaasɛ wɔhyɛ ho nkuran no.”

U.S. aban hemmɔfo a wɔfrɛ no Robert M. Sayre kyerɛɛ n’adwene pefee sɛ: “Amammuisɛm na ɛma wodi amumɔyɛsɛm na ɛyɛ nea wɔyɛ ho nhyehyɛe . . . Aman ne akuw ahorow a wokura Marx ne Lenin amammui adwene na wodi amumɔyɛsɛm no mu pii na Rusia ne n’ahokafo a wɔwɔ Apuei Fam no boa wɔn na wɔkyekye wɔn werɛ.”​—Department of State Bulletin.

Amumɔyɛsɛm ne Bible Nkɔmhyɛ

Dɛn nti na aman abien a wɔwɔ tumi kɛse no akameakamedi ne amumɔyɛsɛm a wɔde di dwuma sɛ adwinnade no ho hia Bible asuafo titiriw? Esiane nkɔmhyɛ titiriw bi a wohu wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Daniel, ti 11 no nti. Nkɔmhyɛ no ka ntawntawdi bi a ɛrekɔ so wɔ aman abien a wɔwɔ tumi kɛse a wɔne “nifa fam hene” ne “benkum fam hene” ntam no ho asɛm. (Daniel 11:37) Wɔahu “benkum fam hene” no sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na wapow “n’agyanom anyame.” (Daniel 11:37) Wama ne ho so kɛse na odi abannennen nyame anaasɛ akode ni. Otumi ko fa mmeae ahorow a ɛhɔ yɛ den na ɔde dibea a ɔwɔ wɔ wiase no mu no si hɔ. (Daniel 11:38, 39) So “nifa fam hene” no te hɔ kwa rehwɛ bere a ne tamfo no retrɛw n’ahenni mu no?

Nkɔmhyɛ a ɛyɛ hu no ka sɛ: “Na awiei bere no mu na nifa fam hene no ne no besi anim, na benkum fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.” (Daniel 11:40) Eyi nti na mprempren ahemfo baanu no nyinaa de amumɔyɛsɛm ahorow redi dwuma wɔ wiase a wɔpɛ sɛ wodi so tumi no ho apereperedi mu no.a Daniel asɛm no kyerɛ sɛ aman abien a wɔwɔ tumi kɛse no bɛkɔ so asi akane akosi sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn akansi no aba awiei wɔ Harmagedon ko no mu.​—Adiyisɛm 16:14-16.

Nsemmisa ahorow da so ara wɔ hɔ: So onipa nkutoo betumi ama amumɔyɛsɛm aba awiei? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so ne bere bɛn? Sɛ ɛnte saa a, dɛn ntia? Yɛn asɛm a edi so yi bɛka nsemmisa yi ho asɛm.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ saa ahemfo yi ho nsɛm afoforo a, hwɛ “Wo Pɛ Nyɛ Asase So” a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii wɔ 1958 mu no mu.

[Kratafa 7 mfoni]

Adwene a ɛma wodi amumɔyɛsɛm no mu pii fa Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa awiei bere no ho no ho

[Asɛm Fibea]

Pacemaker Press Int’l, Belfast

[Kratafa 8 mfoni]

Wɔde nsɛm ho amanneɛbɔ adi dwuma kɛse wɔ amumɔyɛsɛm a wodi wɔ nnɛ bere yi mu no mu

[Asɛm Fibea]

Reuters/Bettmann Newsphotos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena