Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 6/8 kr. 19-20
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Nkurɔfo Di Amumɔyɛsɛm?
  • Ano Aduru
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 6/8 kr. 19-20

Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

BƆS a ɛwɔ Yerusalem, aban dan a esi Oklahoma City, anaasɛ ɔdan bi a esi Moscow, yɛ nea amumɔyɛfo betumi de wɔn ani asi ne nyinaa so. Ɛwom sɛ amanyɔfo, asraafo mpanyimfo, anaa sikasɛm mu akannifo na ɛyɛ a amumɔyɛfo pɛ sɛ wɔyɛ biribi tia wɔn de, nanso mpɛn pii no ɛte sɛ nea ɛnyɛ saa nkurɔfo no na wɔn nsa ka wɔn. Wɔ nsɛm pii mu no, nnipa a wɔnam wɔn baabi—wɔn a wɔn ho nni asɛm koraa no—na amumɔyɛsɛm ma wɔn ho kyere wɔn. Ɛnde, dɛn nti na nkurɔfo di amumɔyɛsɛm?

Dɛn Nti na Nkurɔfo Di Amumɔyɛsɛm?

Amumɔyɛsɛm yɛ ade a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe, susuw ho, na wɔatumi adu wɔn botae ho. Ɛnyɛ wɔn botae ankasa ne sɛ wobekunkum nnipa na ebinom nso apirapira. Awudisɛm a ɛte saa no yɛ ɔkwan a wɔfa so du botae bi ho, ɛyɛ ɔkwan a amumɔyɛfo nam so ma nkurɔfo ho dwiriw wɔn na wɔbɔ hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛsɛe atumfoɔ no din na ama nkurɔfo ayɛ aso ama wɔn. Ma yensusuw nneɛma bi a ɛde amumɔyɛsɛm ba no ho.

Nitan. Louis J. Freeh, a ɔyɛ U.S. Asoɛe a Ɛyɛ Ɔman Nsɛm Mu Nhwehwɛmu no kwankyerɛfo, no kae sɛ: “Nitan na ɛde . . . amumɔyɛsɛm ba. Wɔn a wɔda nitan a ɛte saa adi no te wiase bi a kateeyɛ , atirisopam abu so, na nnipa pii yɛ anibiannaso wom mu.”

Nhyɛso. Stephen Bowman ka wɔ ne nhoma When the Eagle Screams mu sɛ: “Nokwarem no, kuw ne aman mu akannifo bi wɔ hɔ a wɔn nsusuwii ara ne sɛ wɔbɛtɔre mmusua foforo ase. Na ɛda adi nso sɛ abasamtu na ɛde amumɔyɛsɛm dodow no ara ba.”

Abasamtu. Urban Terrorism nhoma no samufo ka sɛ: “Mpɛn pii no . . . ade titiriw a ɛma obi di amumɔyɛsɛm no fi amammui, asetra, ne sikasɛm, mu nhyɛso a wohu sɛ entumi mma awiei no.”

Nsisi. Michael Shimoff ka wɔ ne nhoma “The Policy of Terrorism” mu sɛ: “Ɔhaw bi na ɛkɔfa amumɔyɛsɛm ba, ɛnyɛ sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wodi amumɔyɛsɛm kɛkɛ.” Ɔtoa so sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae bere nyinaa ne sɛ yebeyi asetram nsɛm ne amammuisɛm a ɛde amumɔyɛsɛm ba no afi hɔ. . . . Ade a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛko tia amumɔyɛsɛm ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden kɛse ama obiara anya ahofadi, obu, atɛmpa, ne gyinapɛn pa. Gye sɛ yetumi bɔ mmɔden kɛse a ɛte saa ansa na yɛatumi ako atia amumɔyɛsɛm koraa.”

Nneɛma a ɛde amumɔyɛsɛm ba ne ɛho abakɔsɛm ama Bible mu nokwasɛm yi ada adi: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Bible kaa su horow a ama amumɔyɛsɛm aba no ho asɛm mpo siei. Ɛka sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.”—2 Timoteo 3:1-4.

Nokwasɛm no ne sɛ ɛmfa ho sɛnea nnipa bɔ mmɔden sɛ wobedi amumɔyɛsɛm ho dwuma wɔ ɔkwampa so no, wontumi nyi nneɛma a ɛkɔfa ba no mfi hɔ koraa. Bible ka no nokwarem sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nanso, ɛmfa ho sɛ amumɔyɛsɛm ho dwuma a wobedi no boro onipa tumi so no, ɛmmoro Onyankopɔn tumi so koraa.

Ano Aduru

Wɔn a wɔadi wɔn nsɛmmɔne anaasɛ wɔahyɛ wɔn so ma wɔn abam abu no betumi anya awerɛkyekye afi Bible bɔhyɛ a edi mu yi mu: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.

Saa bɔhyɛ a efi Nyankopɔn hɔ yi bɛbam nnansa yi ara. Ne Sodifo, Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no, bɛhwɛ ma aba saa. Bible mu nkɔmhyɛ bi ka fa Kristo ho sɛ: “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.”—Yesaia 11:3, 4.

Yiw, Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, beyi amumɔyɛsɛm ne wɔn a wɔde ba nyinaa afi hɔ nnansa yi ara. Wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu no, amumɔyɛsɛm ne basabasayɛ biara befi hɔ. Saa bere no, obiara a ɔte asase so benya ahobammɔ, na obi bi renyi no hu.—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn beyi nhyɛso ne nsisi biara hɔ nnansa yi ara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena